So Hell Yɛ Baabi A Wɔyɛ Nkurɔfo Ayayade?
EBINOM ka sɛ yiw; ebinom ka sɛ dabi; afoforo nso nnim. Wɔ mfehaha kakraa bi a atwam no mu no, na gyidi a nkurɔfo wɔ sɛ hell yɛ baabi a ogya wɔ a wɔyɛ akra a wɔnkyerɛ ahonu ayayade wɔ hɔ wɔ wɔn wu akyi no yɛ nea ɛkame ayɛ sɛ wogye tom wɔ Kristoman mu nyinaa. Ɛnnɛ nnipa pii nnye ntom na wogye nyansapɛ a ɛkyerɛ sɛ “hell wɔ asase so ha” no mmom tom. Nea ɛwɔ he na ɛyɛ nokware? So nsɛmmɔnedifo kɔ hell ankasa? So ɛyɛ baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade?
Nkyerɛkyerɛ ahorow pii wɔ hɔ a ɛfa hell ho. Na gyidi a nkurɔfo wɔ wɔ mfinimfini mmere no mu ne sɛ ɛyɛ beae bi a ɛwɔ asase ase a nnebɔneyɛfo a wɔnkyerɛ ahonu no hu amane kɛse wɔ hɔ daa. Dante a ɔyɛ anwensɛm kyerɛwfo a wagye din a wɔwoo no wɔ afeha a ɛto so 13 no mu no kyerɛwee wɔ ne nhoma The Eleven Pains of Hell no mu sɛ:
“Nnua ahorow a ɛrehyew a wɔasɛn nnipa a wɔankɔ asɔre da wɔ asetra yi mu akra wɔ so wɔ hɔ, . . .
“Fononoo a adɔ kɛse wɔ hɔ a adaemone ason gyinagyina ho repiapia abɔnefo gu mu. . . .
“Ɔhome biara nni hɔ mma akra a wɔayɛ bɔne no.”
Michelangelo yɛɛ hell bi a ɛyɛ hu saa wɔ ne mfonini . . . a ɔyɛe wɔ Vatican Sistine Asɔredan mu no mu. Wɔkae sɛ ɛmaa ehu kaa Paapa Paul III a ɔhyɛe sɛ ɔnyɛ no.
Calvin ne Luther nyinaa gyee Katolekfo adwene a ɛfa hell ho no toom. Ɛnnɛ, wɔda so ara gye hell-gya nkyerɛkyerɛ no di. New Catholic Encyclopedia no ka sɛ, “Ade titiriw a ɛwɔ hell ne ogya a entumi nnum no . . . ɛwɔ hɔ daa . . . Ɛmfa ho sɛnea ebia asɛm a ɛne ‘ogya a entumi nnum’ ne ‘daa ogya’ no kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ ntease nnim.” Billy Graham a ɔyɛ Amerikani sɛnkafo a wagye din no de ka ho sɛ: “Hell nkyerɛkyerɛ no yɛ nea wohu wɔ asɔre atitiriw no nyinaa gyidi ahorow no mu. Onyankopɔn buu hell sɛ ade a ɛwɔ hɔ ankasa ma enti Ɔsomaa ne Ba koro no baa wiase sɛ ommegye nnipa mfi hell.”
Nea aba nnansa yi ne sɛ wɔbɛtwe adwene afi nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ogya ne ayayade a wɔyɛ nkurɔfo wɔ hell no yɛ ade a ɛwɔ hɔ ankasa no so na wɔakyerɛkyerɛ mu sɛ ɛkyerɛ sɛ obi betumi ahwere Onyankopɔn anim dom daa—ade a ɛma obi nya adwenemhaw. Nanso Vatican krataa bi a wotintim wɔ 1979 mu a Paapa John Paul II maa ho kwan no san kae sɛ gyidi a ɛne sɛ abɔnefo a wɔnkyerɛ ahonu no bɛkɔ hell a ogya dɛw wɔ hɔ no yɛ nokware na ɛde kɔkɔbɔ mae wɔ adwenem naayɛ a wobenya wɔ ho no ho.
Tumi a Anya Wɔ Ateasefo So
Hell a ogya dɛw wɔ hɔ ho a nkurɔfo susuw no ama wɔanya adwenemhaw kɛse. John Bunyan a ɔne Pilgrim Progress nhoma no kyerɛwfo kyerɛwee sɛ bere a na ɔyɛ abofra a wadi mfe akron anaasɛ du no, “dae ahorow a ɛyɛ hu a osoe no,” ma osuroe “na . . . ayayade a wɔyɛ nkurɔfo wɔ hell-gya mu a ɛyɛ hu no ho a osusuwii no maa ehu kaa no.” Nnipa afoforo pii nso ahu amane wɔ saa kwan yi so. Ɔbarima bi a ofi Durban, South Africa no ka sɛ: “Bere a na meyɛ abarimaa no, misoo hell ho dae ahorow a ɛyɛ hu na na metaa su anadwo. M’awofo a na wɔpɛ m’asɛm no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekye me werɛ nanso wɔantumi.”
Bɛyɛ mfehaha pii ni no, wofi asɛnka agua so de hell-gya nkyerɛkyerɛ no ahyɛ mmofra a ɛnkyɛ na biribi anya wɔn so nkɛntɛnso no adwenem. Tumi bɛn na saa adwene yi anya wɔ nkurɔfo koma so? So ama wɔayɛ nnipa a wɔwɔ ayamye, woyi ɔdɔ kɛse ne ayamhyehye adi wɔ di a wɔne afoforo di no mu?
Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo Henry C. Lea aka sɛ nnipa a wɔde Atirimɔden Asenni no dii dwuma no tee anka sɛ “bere tiaa mu ogya betumi agye” atuatewfo no “afi daa ogya mu” akyi no, ɔkyerɛwee wɔ A History of the Inquisition of the Middle Ages no mu sɛ: “Sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Otumfoɔ ne ɔnokwafo no de asotwe a efi soro ba n’abɔde a wɔfom no so a, ɛnsɛ sɛ onipa gye teɛ a n’akwan ahorow teɛ no ho kyim na mmom ɛsɛ sɛ ofi ahobrɛase mu suasua ne nhwɛso no na odi ahurusi bere a wɔde hokwan a obenya de ayɛ saa ma no no.”
Bio nso, Spaniani abakɔsɛm kyerɛwfo Felipe Fernandez-Armesto ka sɛ: “Ɛyɛ nokware sɛ Atirimɔden Asenni no dii atirimɔdensɛm wɔ ayayade a wɔyɛɛ nkurɔfo no mu na ama wɔanya asɛm no ho adanse de; nanso ɛsɛ sɛ wɔde ayayadeyɛ mu atirimɔdenne toto nea na ɛwɔ hell a ɛretwɛn otuatewfo a wanka ne bɔne no ho.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Daa ayayade nkyerɛkyerɛ no ama asɔrekɔfo pii adan nnipa a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. ‘Billy Graham mpo gye toom sɛ “ɛyɛ Kristosom nkyerɛkyerɛ nyinaa mu nea ɛyɛ den sen biara a obi betumi agye adi.” Nanso so eyi yɛ nkyerɛkyerɛ ankasa a egyina Bible so?
So Ɛyɛ Kristofo Nkyerɛkyerɛ?
Ebia nnipa pii bɛka sɛ, ‘ɛwɔ Bible no mu.’ Bible no ka nnipa a wɔtow wɔn gu ogya mu ho asɛm. Nanso wɔtaa de sɛnkyerɛnnede ahorow di dwuma wɔ Bible no mu. Ɛnde so ogya no wɔ hɔ ankasa anaasɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de? Na sɛ ɛte saa a, egyina hɔ ma dɛn?
Sɛ nhwɛso no, Adiyisɛm ti 20 nkyekyem 15 ka sɛ: “Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔde no ahyɛ nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyene ogya tare no mu.” Nanso Adi 20 nkyekyem 14 ka sɛ: “Na wɔtow owu ne asaman [hell] kyenee ogya tare no mu.” Ɛyɛ nwonwa! So wɔbɛyɛ hell ankasa nso ayayade? Na ɔkwan bɛn so na wobetumi atow owu a ɛyɛ tebea akyene ogya ankasa mu? Adi 20 Nkyekyem 14 no fã a aka no kenkan sɛ: “Eyi [ogya tare no] ne owuprenu” no. Adiyisɛm ti 21 nkyekyem 8 tĩ asɛm yi mu. Dɛn ne “owuprenu” yi? Katolekfo Jerusalem Bible no de asehɔ asɛm a ɛfa “owuprenu” no ho yi ka ho: “Daa owu. Ogya no . . . yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de.”
Hwɛ anigye ara a eyi yɛ! Wɔbɛsɛe “hell.” Nanso hyɛ no nsow sɛ Hela asɛmfua a wɔde di dwuma wɔ ha ne Hades a sɛnea Strong Exhaustive Concordance of the Bible kyerɛ no, ɛkyerɛ “adamoa” no. So awufo nim biribi anaasɛ wɔrehu amane wɔ hell anaa Hades? Bible no buae sɛ: “Awufo de wonnim biribiara . . . efisɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni hell a worekɔ hɔ no.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 10, Katolek Douay Version.
So awufo kɔ so tra Hades? Dabi. Yesu ankasa kɔɔ Hades anaa hell, nanso ‘ne nnansa so no, wonyanee’ no, sɛnea asɔre no gyidi ne Bible kyerɛkyerɛ no. (1 Korintofo 15:4; Asomafo no Nnwuma 2:29-32; Dwom 16:10) Bio nso, ɛdenam ɔno so no, ‘owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Enti awiei koraa no Hades bɛda mpan na ɛrentra hɔ bio—‘wɔbɛtow no akyene ogya tare no mu.’
Nanso ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Dɛn nti na Adiyisɛm 20 nkyekyem 10 ka sɛ wɔbɛyɛ ɔbonsam ayayade wɔ ogya tare no mu?’ Sɛnea yɛahu no, sɛ ogya tare no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de a, ɛnde na ayayade no nso te saa.
Wɔ Bible mmere mu no, esiane sɛ na afiase so ahwɛfo taa yɛ wɔn nneduafo ayayade nti, na wɔfrɛ wɔn “ahawfo.” Wɔ ne mfatoho ahorow no mu biako mu no, Yesu kaa akoa tirimɔdenfo bi ho asɛm sɛ wɔde no ‘maa afiase so ahwɛfo’ (Hela, ba.sa.nites’, a asekyerɛ ankasa ne “ahawfo” a wɔakyerɛ ase saa wɔ nkyerɛase ahorow pii mu no) . (Mateo 18:34) Enti sɛ Adiyisɛm ka Ɔbonsam ne afoforo ho asɛm sɛ “wɔyɛɛ wɔn ayayade . . . daa daa” wɔ ogya tare no mu a, ɛkyerɛ sɛ wɔde wɔn bɛto afiase daa wɔ owuprenu a ɛne ɔsɛe pasaa no mu. Wɔka Ɔbonsam, owu a yenyaa fii Adam hɔ ne abɔnefo a wɔnkyerɛ ahonu nyinaa ho asɛm sɛ wɔbɛsɛe wɔn daa—“wɔde wɔn to afiase” wɔ ogya tare no mu.—Fa toto Hebrifo 2:14; 1 Korintofo 15:26; Dwom 37:38 ho.
Bible mu sɛnkyerɛnnede ahorow a yehu no boa yɛn ma yɛte nea Yesu kyerɛ no ase bere a ɔkaa abɔnefo ho asɛm sɛ “wɔde wɔn bɛto hell-gya mu: nea wɔn aboa nwu na ogya no nnum.” (Marko 9:47, 48) Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha a wɔakyerɛ ase sɛ “hell-gya” ne ge’en.na anaa Gehena. Na ɔbon bi a wɔfrɛ no saa wɔ Yerusalem kurow no akyi pɛɛ a na wɔtow nneɛma funu gu mu. Na ogya dɛw wɔ hɔ awia ne anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyew kurow no mu nwura no. Ɛtɔ bere bi a nea ɛka eyi ho ne nsɛmmɔnedifo a wobu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wosie wɔn anaasɛ wonya owusɔre no afunu. Na mmoawa nso wɔ obon no mu sɛ mmoa a wɔsɛe nneɛma nanso na wɔnyɛ mmoa a wɔrentumi nwu. Na Yesu reyɛ mfatoho wɔ ɔkwan a Yudafo no te ase kɛse so sɛ wɔbɛsɛe nsɛmmɔnedifo a wɔnkyerɛ ahonu no koraa. Enti Gehenna ne “ogya tare no” kyerɛ ade koro—egyina hɔ ma owuprenu a ɛne daa ɔsɛe no.
Daa ayayade nkyerɛkyerɛ no gyina ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no so. Nanso Bible no ka no pefee sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no—ɔno na obewu.” (Hesekiel 18:4, 20; hwɛ Asomafo no Nnwuma 3:23 nso.) Hell-gya ho adawurubɔfo ama nokware Nyankopɔn, Yehowa no abɛyɛ sɛ adaemone—otirimɔdenfo—mmom na ɛnyɛ sɛnea ɔte no: ɔdɔ Nyankopɔn, ‘mmɔborohunufo ne ɔdomfo . . . a na n’adɔe ye . . . na ɛdɔɔso pii, no.—Exodus 34:6.
Onyankopɔn fi ɔdɔ mu ayɛ nsiesiei a ɔde begye nnipa afi ɔsɛe mu na ɛnyɛ ayayade mu. Yesu kae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na wɔansɛe obiara a ogye no di no na mmom wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16, NW.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]
Na Asennifo no gye di sɛ ayayade kɛse a wɔyɛ abɔnefo no regye wɔn afi amanehunu kɛse a ɛsen saa mu
[Kratafa 25 mfoni]
Nnansa yi ara na ɛkame ayɛ sɛ Kristoman mufo nyinaa gye di sɛ beae bi a ɛte sɛ ha wɔ hɔ