“Yɛyɛ Adwuma Brɛ Na Yɛpere”
“Yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.”—1 Tim. 4:10, Twi Bible Foforo.
1-3. Dɛn nti na ɛfata sɛ nnɛ Kristofo dwen suban a wokura wɔ adwuma ho no ho yiye?
W’ANI gye sɛ wobɛyɛ adwuma dennen? So w’ani sɔ mmɔdenbɔ a ɛho wɔ mfaso ne adwuma pa yɛ? Sɛ saa a, ɛnde wonte sɛ bebree a wɔwɔ ho nnɛ no.
2 Ebia woahyɛ no nsow sɛ, ɛwom sɛ nnipa a wɔyɛ anihaw atra hɔ daa de, nanso adwuma a wɔmpɛ rekɔ anim kɛse. (Mmeb. 20:4; 19:24; 2 Tes. 3:11) Yehu wɔ afotu te sɛ, ‘Mpere wo ho. Nhaw wo ho’ mu. Nea efi ase te sɛ adwumaden ara kwa a wɔmpɛ no betumi akowie adwuma koraa a wɔmpɛ mu.
3 Sɛ Kristofo no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛte nka sɛ yenni saa honhom no. Nanso ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ yɛbɛte nka sɛ eyi rentumi nka yɛn, bere a wiase nyinaa wɔ saa subammɔne a ano yɛ den saa no. Sɛ yɛpɛɛpɛɛ yɛn adwene wɔ adwuma ho no mu hwɛ bere ne bere mu a, ɛho bɛba yɛn mfaso, efisɛ adwene a yɛwɔ no betumi aka yɛn kyɛfa wɔ Kristofo dwumadi ahorow a ɛho hia Onyankopɔn no mu.
ADWUMAYƐFO A ƐSƐ SƐ YESUASUA WƆN
4. Adwuma ho hia dɛn?
4 Nnipa bebree a woahu asetra ne emu mfaso horow no aka sɛnea adwuma ho hia ho asɛm. German ɔmampanyin Karl W. von Humboldt kae sɛ: “Adwuma ho hia nnipa te sɛ aduan ne nna.” Saa nokwasɛm no ankasa ma nnipa pii hu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma a ɛho wɔ mfaso. Nanso Kristofo wɔ ntease foforo bi a enti ɛsɛ sɛ wonya adwumaden ho anisɔ. Eyi mu no, Yehowa ne Yesu Kristo yɛ nhwɛso ma yɛn a ɛsɛ sɛ yesuasua.—Efe 5:1; 1 Kor. 11:1.
5, 6. Ɛdefa adwuma ho no, nhwɛso bɛn na Yehowa ne Yesu yɛ ma yɛn?
5 Amansan nyinaaa—efi owia a ano yɛ den na ɛyɛ nwonwa no so kosi afafanto a ɛyɛ mmerɛw so—di adanse sɛ Onyankopɔn yɛ odwumayɛfo. N’abɔde a wohu nyinaa yɛ ne “nnwuma.” Afei nso, ne nkoa a ɔbɔ wɔn ho ban na ɔkyerɛ wɔn kwan daa no yɛ “nnwuma” a ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ. (Dw. 145:4-6, 10; 8:4-9) Ne Ba no nso yɛ odwumayɛfo. Ogyaw ne duadwumfo adwuma no wɔ Galilea kurom no, Yesu twaa akwansin ɔhaha wɔ owia so ne mfutuma mu kɔɔ nkuraase kɔboaa nkurɔfo—saa nyarewa, kaa asɛmpa, kyerɛkyerɛe. (Mat. 4:17, 23-25; Luka 8:1; 9:57, 58) Ɛwom sɛ na ɔyɛ pɛ de, Kristo tee ɔbrɛ ne ɔkɔm nka denam adwuma a ɔde bere tenten yɛe no so.—Mat. 21:18; Marko 1:32, 35; 6:32-34; Yoh. 4:3-6, 34.
6 Enti yebetumi agye atom sɛ Onyankopɔn anaasɛ Yesu annya ‘mpere wo ho’ suban biara. Kristo kae sɛ: “M’agya yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ.” (Yoh. 5:17) Nokwasɛm ni ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ne “nnwuma”—nea Yehowa boaa no ma ɔyɛe no—ma ɛdaa adi sɛ na ɔwɔ Onyankopɔn anim dom. (Yoh. 10:25, 38) Eyi nyɛ nea ɛmfa yɛn asetra ho. Yɛn anidaso a egyina Bible so no nyinaa mmamu gyina nea Yesu yɛe sɛ Onyankopɔn somfo mmɔdenbɔfo no so.
7. Bere a yedwen yɛn suban wɔ adwuma ho no ho no, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so yɛ saa?
7 Yɛn mu biara betumi, na ɛsɛ sɛ osusuw adwene ne suban a ɔwɔ wɔ adwuma ho no ho. Wɔ eyi mu no ɛho nhia sɛ yɛhyɛ yɛn ho katee dodo. Yɛn nyinaa wɔ nea yɛn nipadua ne yɛn nsɛm tebea horow bɛma yɛatumi ayɛ. Afei nso ɔkwan a Yesu faa so no da no adi sɛ yebetumi agye yɛn ahome, agye yɛn ani, abɔ fekuw a mfaso twa so na yɛanya nneɛma bi a ɛma awerɛkyekye a ɛfata. (Marko 6:31; Luka 5:29; 7:34; Yoh. 2:2-10; 12:2, 3) Nanso sintɔ ankasa a esi hia a ahomegye ho hia so dua no betumi ama yɛagye yɛn ahome ma aboro so, sɛnea Bible kɔkɔbɔ a ɛfa anihaw ho si so dua no. Nokwasɛm no ne sɛ, sɛnea ɔkɔm a ɛde obi ma ɔte nka sɛ aduan yɛ dɛ no, saa nso na adwumaden ma ahomegye yɛ dɛ kɛse.—Ɔsɛnk. 2:24; 5:12, 18.
8, 9. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ nsi wɔ adwumayɛ mu?
8 Asɛmfua “adwuma” betumi ama yɛadwen ɔhonam fam adwuma a yɛn mu bebree yɛ de nya nea yehia wɔ asetra mu no ho titiriw. Wɔ eyi fam no. Bible afotu kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ahonim pa ne mmɔdenbɔ yɛ saa. (Mmeb. 10:4; 22:29) Ɛsɛ sɛ eyi yɛ nokware nso wɔ yɛn fie nnwuma anaa yɛn adesua wɔ sukuu mu mpo ho, efisɛ yɛn asetra mu biribiara betumi ama nkɔso a yenya denam Kristofo nnyinasosɛm ahorow a yɛde di dwuma so no ada adi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na biribiara a moyɛ no, mumfi kra mu nyɛ adwuma, sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa, efisɛ munim sɛ Awurade nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua.”—Kol. 3:23, 24.
9 Nanso, momma yɛnnan nkɔ ɔfã titiriw biako wɔ Kristoni asetra mu so afei—Onyankopɔn a obeyi no ayɛ denam asɛnka ne kyerɛkyerɛ so. Adwuma yi ho hia, efisɛ ɛdenam ɛno so no ‘yebetumi agye yɛn ho ne yɛn atiefo nkwa.’—1 Tim. 4:16.
10, 11. Ntease titiriw ahorow bɛn na yɛwɔ a enti yɛyɛ adwuma denneennen de trɛw Kristofo gyidi no mu?
10 Hyɛ no nsow sɛ Paulo anhyɛ nyansa sɛ Kristoni mma n’ani nkũ n’ankasa nkwagye nkutoo ho. Ɛsɛ sɛ ɔma afoforo a ɔbɛboa wɔn ma wɔabegye Yesu atom sɛ Kristo na wɔasuasua onyamesompa a “ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛreba no ho bɔhyɛ” no fa ne ho. (1 Tim. 4:8) Ɔkaa nhyira yi ho asɛm akyi no, Paulo kyerɛwee sɛ:
“Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, agyenkwa no so.”—1 Tim. 4:10, Twi Bible foforo.
11 Susuw ho hwɛ. Nkwagye a efi Onyankopɔn hɔ—daa nkwa wɔ anigye mu—hokwan abue ama “nnipa nyinaa.” Nanso awiei koraa no, hefo na wobegye wɔn? Ɛyɛ “anokwafo” no nkutoo, wɔn a wonya gyidi na wɔde di dwuma no. Ɛho anisɔ a na ɔwɔ nti, ɔsomafo no anyɛ nea ɔnhaw ne ho, wantra ase sɛnea ɔpɛ, na ɛtɔ da bi na obetumi a, waka nkwagye a wobetumi anya no ho asɛm kakra akyerɛ nnipa afoforo. Dabi! Paulo ani gyee hokwan a na ɛwɔ hɔ sɛ afoforo betumi ate Kristofo asɛm no na wɔaba nkwagye kwan no ho no ho, na na ɛho hia no kɛse, na enti ‘na ɔyɛ adwuma brɛ na ɔpere.’ So saa na ‘wote nka wɔ ho? Wo ankasa susuw wo dwumadi wɔ ɔsram biako anaa asram asia a atwam no mu ho. So ɛda adi pefee ma wo—ne afoforo, a Onyankopɔn ka ho—sɛ woreyɛ adwuma denneennen, na woayere wo ho anaa?
ADWUMADEN A YƐBƐYƐ DE ATRƐW AHENNI ASƐM NO MU
12. Abusuabɔ bɛn na nnwuma ne nkwagye wɔ?
12 Kristofo nim sɛ wontumi nnya nkwa denam nnwuma bi ara kwa a wɔbɛyɛ so, te sɛ nea wɔnam ɛno so nya trenee ne nkwagye (Rom. 3:28) Nanso ɛyɛ nokware sɛ sɛ yɛwɔ nokware gyidi a, saa gyidi no bɛma yɛayɛ nnwuma bi. (Yak. 2:18-26) Enti ɛfata sɛ yɛde mpaebɔ susuw yɛn gyidi ne yɛn nnwuma ho.
13. Sɛnea Yesu kyerɛe no, dɛn na na n’asuafo bɛyɛ wɔ ne wu akyi?
13 Sɛ “yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere,” sɛnea Paulo yɛe no a, yebetumi ama nokware nkɔm a Yesu hyɛe no anya mmamu. Susuw ho hwɛ—wubetumi aboa ma Yesu asɛm no ayɛ nokware Asɛm bɛn? Nea ɔka kyerɛɛ Filipo bere a ɔsrɛe sɛ, “Kyerɛ yɛn Agya no no. (Yoh.14:8) Yesu kae sɛ:
“Nea wahu me no ahu agya no. . . . Nsɛm a meka mo no, emfi m’ankasa me tirim na me ka, na agya no a ɔte me mu no, ɔno na ɔyɛ nnwuma no. Nokware, nokware, mise mo: nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’agya no nkyɛn.”—Yoh. 14:9, 10, 12.
14, 15.Wɔ Yohane 14:12 no, so na Yesu kyerɛ sɛ n’akyidifo bɛyɛ anwonwade akɛse? Dɛn ntia?
14 Ɔkwan bɛn so na na Yesu asuafo bɛyɛ nnwuma akɛse asen nea ɔyɛe no? So wubetumi anya kyɛfa wɔ saa nnwuma akɛse yi yɛ mu? Bible da no adi sɛ Onyankopɔn maa Kristofo bi yɛɛ anwonwade, te sɛ adaemone a wotuu wɔn, ayarefo a wɔsaa wɔn yare, ɛne awufo a wonyan wɔn mmere bi no nso. Ná eyi bɛkyerɛ sɛ ɔne Kristofo asafo no redi dwuma na ɔrehyira wɔn. (Aso. 3:2-8; 5:12-16; 9:36-40; 16:16-18) Nanso so na saa nnwuma yi yɛ akɛse sen nea Yesu yɛe no? Ɔsaa wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa yare, na ebinom mpo de ɔsaa wɔn yare bere a wɔwɔ akyirikyiri, ɔnam anwonwa kwan so maa mpempem aduan, onyan awufo na otumi dii tumi a ɛwɔ adebɔ mu no so. (Mat. 8:5-16, 23-27; 14:14-33; Yoh. 11:39-44) Afei nso, ná anwonwa kwan so honhom akyɛde a Kristofo no binom nyae no betwam. (1 Kor.13:8-10) Enti ɔkwan bɛn so na na Kristofo bɛyɛ nnwuma akɛse asen Yesu?
15 Na Yesu aka nea n’agya hwehwɛ. Ɛnyɛ n’anwonwade ahorow no so na ɔnam yɛɛ papa a ɛso sen biara no, na mmom denam ne nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛfa Ahenni no ho no so.a (Luka 4:32, 43) Wonyan no akyi no Yesu de adwuma hyɛɛ n’akyidifo nsa sɛ ‘wɔnkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo, na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn.’ (Mat. 28:19, 20) Yiw na ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ so yɛ adansedi adwuma kɛse bi. Na ɛbɛkɔ akyiri asen Yesu asɛnka no, na wɔbɛyɛ no bere tenten de akodu nnipa pii nkyɛn. Enti, na wɔbɛyɛ nnwuma akɛse asen nea ɔyɛe no.
16. So na Yesu adwuma no bɛba awiei wɔ ne wu ne ne sorokɔ mu?
16 Na Ahenni no ho asɛnka ne kyerɛkyerɛ adwuma a Yesu yɛe no remma awiei wɔ ne wu ne ne sorokɔ mu. Efi hɔ no na ɔbɛhwɛ ma ntetee adwuma bi akɔ so, nanso na ɔbɛyɛ saa denam n’akyidifo so. Luka kɔ so ka sɛ ansa na Yesu reforo akɔ soro no ɔkaa “Onyankopɔn ahenni ho asɛm” pii kyerɛɛ n’asuafo no. (Aso. 1:3) Awiei koraa no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.”—Aso. 1:8.
17, 18. Wɔ Pentekoste da no, 33 Y.B. no, ɔkwan bɛn so na Yesu akyidifo fii ase sɛ wɔbɛma n’asɛm a ɛfa nnwuma akɛse ho no anya mmamu?
17 Ne tiaa mu no wofii ase yɛɛ nnwuma akɛse a ɛsen Yesu de no. Wɔ Pentekoste da no, 33 Y.B. no, Yesu hwiee honhom kronkron guu asuafo 120 a na wɔretwɛn wɔ Yerusalem no so. Dɛn na wɔyɛe afei? Wɔmaa aduan buu so? Wɔkyerɛkyerɛɛ kuadwuma ho asɛm? Mpo wɔ saa nnipa binom a na wɔyare no yare? Dabi, wofii ase kasae, na wɔkaa “Onyankopɔn adekɛse” ho asɛm. (Aso. 2:1-11) Afei ɔsomafo Petro de adansedi kɛse a ɛkanyan mae na mpempem a wotiee no no gyee Yesu toom.
18 Na ɛbɛyɛ adwuma a ɛyɛ den sɛ wɔbɛbɔ gyidifo a wɔdɔɔso saa asu saa da no. Ebetumi aba sɛ wɔkyekyɛɛ wɔn mu kɔɔ ataree ahorow ho wɔ kurow no mu baabiara. Eduu anwummere no, ɛda adi sɛ asuafo no buu nea wɔyɛe no ho akontaa, efisɛ kyerɛwtohɔ no ka sɛ ‘wɔn a wɔde fɛw gyee asɛm no na wɔbɔɔ wɔn asu no bɛyɛ akra mpensa.’ Fi bɛyɛ 120 kosi bɛboro 3,000 (ɔha mu nkɔanim bɛboro 2,500) da koro. (Aso. 1:15; 2:41) Nokwarem no, na wɔafi ase reyɛ nnwuma akɛse asen nea Yesu yɛe no.
19. So na eyi yɛ adwuma ma asomafo no anaasɛ asafo mu mpanyimfo nkutoo?
19 Nanso ebia nnɛyi Kristofo bi bɛte nka sɛ, ‘Menyɛ Petro anaasɛ Paulo. So ɛnyɛ wɔn ne nnipa a na wɔbɛyɛ nnwuma akɛse asen Yesu?’ Ɛno yɛ asemmisa a ɛfata. Asomafo no Nnwuma no kyerɛ sɛ asomafo no, asɛmpakafo atitiriw ne honhom mu mpanyimfo a na wɔwɔ asafo no mu ano de wɔn ho hyɛɛ Ahenni asɛnka adwuma no mu ampa. Nanso hyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm a Luka kae yi nsow: “Ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so; na wɔn nyinaa pete kɔɔ Yudea ne Samaria asase so, gye asomafo no nko.” (Aso. 8:1) Na dɛn na saa Kristofo a wɔapete, mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea yi yɛe? “Ɛnna wɔn a wɔapete no kyinkyinii kɔkaa asɛmpa no.” (Aso. 8:4) Yiw, wɔn nyinaa kaa asɛmpa no.
20. Dɛn nti na ɛho hia ma yɛn mprempren sɛ yesusuw kyɛfa a yebenya wɔ Yohane 14:12 mmamu mu no ho?
20 Nnɛ nokware Kristofo kɔ so yɛ asɛnka ne kyerɛkyerɛ a Yesu hyɛɛ ase na wɔn nuanom mmarima ne mmea a wɔtraa ase afeha a edi kan no mu no toaa so no. Nanso nsɛm a ɛresisi mprempren a ɛrema Bible nkɔmhyɛ nya mmamu kyerɛ yɛn sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn de mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei, na ama mprempren “ahenni ho asɛmpa” a wɔka no aba awiei. (Mat. 24:14) Enti, yɛn mu biara betumi abisa sɛ, ‘So merenya kyɛfa kɛse nnɛ wɔ adwuma titiriw a Yesu kaa ho asɛm wɔ Yohane 14:12 no mu anaa? So mereyɛ adwuma denneennen na meyere me ho? Sɛ adwuma yi ba awiei a, so me koma bɛtɔ me yam sɛ minyaa mu kyɛfa yiye anaa?
AHE NA ONYANKOPƆN HWƐ KWAN?
21-23. Nhwehwɛmu bɛn na yebetumi ayɛ wɔ yɛn tebea ahorow ho?
21 Bere a yenya kyɛfa a edi mu wɔ Kristofo asɛnka adwuma no mu no, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow a edi mũ a ɛfa yɛn fifo, abusuafo, adwuma anaasɛ sukuu ho no so. (1 Tim. 5:8) Na Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛte afobu nka bere a yedi saa asɛyɛde ahorow no ho dwuma no; ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa anigye so. Nanso ɛtɔ da bi a yebetumi abu yɛn bere ne nnwuma ahorow ho akontaa.
22 Yɛn mu bebree betumi anya mfaso afi kari a yɛbɛkari pɛ wɔ yɛn ho mu a yɛbɛpɛɛpɛɛ ne yɛn ho so a yɛbɛhyɛ no mu. Ebia nneɛma bebree a ɛho nhia ansa na yɛanya asetra a ɛfata a yebeyi afi hɔ no betumi aboa.
23 Ɛnsɛ sɛ obiara yɛ katee wɔ nea afoforo yɛ wɔ eyi ho no ho. Nea ɛho hia titiriw ne sɛ yɛbɛyɛ nhwehwɛmu sɛ ebia yɛn ankasa kyerɛ anisɔ kɛse ma yɛn afa wɔ nnwuma akɛse a yɛbɛyɛ asen nea Yesu yɛe no mu.
24. Dɛn nhwɛso na okunafo hiani bi yɛ maa yɛn?
24 Ebia yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa, ɛwom sɛ ɛnnɔɔso te sɛ nea ɔfoforo ahoɔden ne ne nsɛm tebea ahorow ma otumi yɛ no de. Nanso ɛnyɛ dodow no na wogyina so bu ntɛn. Kae asɛm pa a Yesu kae wɔ ɔbea kunafo hiani a ɔde mman abien a “ne bo sua” yii ntoboa no ho no. Na saa mman abien no yɛ da koro akatua mu nkyem 64 mu biako. Ne bo te dɛn wɔ nneɛma a ɛsom bo mu wɔ faako a wote? Nanso Yesu kamfoo nea ɔyɛe no, efisɛ “ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’asetra nyinaa, na ɔde abegu mu.” (Marko 12:41-44) Yebetumi ahwɛ anisɔ a ɛte saa nso kwan, sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa—yɛyɛ adwuma na yɛyere yɛn ho—wɔ adansedi adwuma no mu a.
25. Bere tiaa bi ansa na ɔrewu no dɛn na Maria yɛ maa Yesu?
25 Yebetumi akae bere a Lasaro nuabea Maria de ngo huamhuam a ne bo yɛ den sraa Yesu no nso. Asuafo no bi kasa tiae, efisɛ na ngo no bo yɛ denare ahasa. Sɛ home nna ne afahyɛ ahorow nka ho a, na ɛyɛ ɔbarima a ɔyɛ adwuma akatua wɔ afe mũ nyinaa mu. Akatua ahe na wo, anaa abusua no muni gye afe biara? (Yoh. 12:3-8; Mat. 20:2) Ɛdefa nea Maria yɛe no ho no Yesu kae sɛ:
“Wayɛ me ho adwuma pa. . . . Wayɛ nea ɛwɔ ne nsam; wadi kan asra me nipadua akɔ sie mu. Nokware mise mo, baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wiase nyinaa no, nea ɔbaa yi ayɛ nso, wɔbɛka de ayɛ no nkae.”—Marko 14:6-9.
26, 27. Ɔkwan bɛn so na Maria yɛɛ nhwɛso maa yɛn?
26 Hyɛ saa asɛm, “Wayɛ nea ɛwɔ ne nsam,” no nsow. Adanse biara nni hɔ sɛ ɔmaa Maria tumi ma ɔde ayɛ anwonwade ahorow; na ɔrentumi nyɛ ɔsomafo anaasɛ ɔpanyin bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no; na ebia na anka ɔrentumi mfa “asɛmpa” no ntu kwan pii. Nanso ‘ɔyɛɛ nea ɛwɔ ne nsam.’ Ntease bɛn na ɛwom? Wɔ ɔkasa binom mu no asɛm “Yɛ nea wubetumi” no kyerɛ sɛ “Nhaw wo ho; mpere wo ho.’ Nanso ɛnyɛ saa na na Yesu kyerɛ. Nokwarem no na Maria ayɛ bebree. Bible nkyerɛase ahorow bi de asɛm “Wayɛ nea obetumi nyinaa,” anaasɛ, “Wayɛ nea n’ahoɔden betumi nyinaa” adi dwuma.—C. K. Williams; W. Barclay.
27 Ne ho nyinaa a ɔde mae yi yɛ nea na Maria yɛ bere biara, ɛnyɛ biribi a esii da koro. Bere a atwam no Maria daa faako a ne koma wɔ adi denam Yesu nan ase a ɔtra tiee ne nkyerɛkyerɛ no so. (Luka 10:38-42) Afei ɔkɔɔ so gyinaa ɔsɛnkafo soronko, Yesu akyi. Na, nea ɛyɛ anigye no, Yesu de nea Maria yɛe no kaa wiase nyinaa asɛmpaka adwuma no ho, ma ɔkae sɛ baabiara a wɔbɛka “asɛmpa” no, wɔbɛkae no. Na n’ani gye asɛnka no ho. Saa na na Yesu te, de kosii ne wu mu.
28. Kristosom yɛ ɔsom bɛn, eyi kyerɛ dɛn ma yɛn?
28 So yɛte sɛ saa mmea baanu a wɔde nea wɔwɔ nyinaa mae no? So yɛn ani gye asɛnka adwuma a Yesu hyɛɛ ase bere a na ɔwɔ asase so na ɛdenam Kristofo so no wɔretoa so wɔ asase so baabiara no ho? Ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho. Onyankopɔn ani gye ho. Bere a Kristosom fii ase Pentekoste da no, 33 Y.B. no, na ɛyɛ ɔsom a edi adanse, na Onyankopɔn de ne honhom gyinaa akyi. Ɔkɔ so yɛ saa, efisɛ ɔnsakrae. Ɔyɛ “Onyankopɔn teasefo” a n’ankasa te ase na ɔde nkwa ma nokware asɔrefo nyinaa. Enti ɛsɛ sɛ nnɛyi Kristosom yɛ ɔsom a edi adanse na ɛkɔ so yɛ saa. Na Kristofo wɔ biribiara a enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumayɛfo a wɔwɔ anigye wɔ Onyankopɔn “a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo Agyenkwa no” som mu.—1 Tim. 4:10.
[Ase hɔ asɛm]
a Ahoɔdenne a Yesu yɛe no maa nnipa pii ani gyee ne ho. Nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔammehu no sɛ “Anwonwadeyɛfo” anaa biribi saa. Na mmom, titiriw no, wobehuu no sɛ “Ɔkyerɛkyerɛfo.”—Mat. 8:19; 19:16; 26:18; Marko 4:38; Yoh. 3:2.
[Kratafa 10 mfoni]
Wɔyɛɛ nea wobetumi nyinaa