Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 4/8 kr. 12-13
  • So Ɛsɛ Sɛ Kristofo De Rosary Di Dwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ Sɛ Kristofo De Rosary Di Dwuma?
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Maria ne Rosary No
  • Mpaebɔ ne Rosary
  • Sɛnea Wɔkɔ Onyankopɔn Nkyɛn
  • “Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yehowa Dom No Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 4/8 kr. 12-13

Bible No Adwene

So Ɛsɛ Sɛ Kristofo De Rosary Di Dwuma?

“MARIA ne Rosary ne akwan a eye sen biara a wɔde kɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu.”​—Jean.

“Sɛ wohwehwɛ mmoa afi Maria nkyɛn a, ɔkwan a etu mpɔn a wobɛfa so ne sɛ wode Rosary bedi dwuma. Na minyaw hɔ nkɔ baabiara!”​—Kevin.

“Wɔkyerɛɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ wobɔ Onyankopɔn mpae denam Maria so.”​—Jeannine, anka ɔyɛ Katolekni ɔbea hotuafo.

So Rosary so a wɔde wɔn ho to no wɔ nnyinaso? So Onyankopɔn, Kristo anaasɛ Maria kae sɛ wɔmfa nni dwuma? Dɛn na abakɔsɛm ne Onyankopɔn Asɛm ka wɔ ho?

Nnipa pii a wɔde Rosary di dwuma no gye di sɛ adeyɛ no fi Kristosom mu. Nanso, abakɔsɛm mu adanse ahorow da no adi sɛ mpaebɔ a wɔka na wɔde nhene a wɔasina kan no fii ase ansa na Kristosom reba. Wɔ Rosary ho asɛm a World Book Encyclopedia ka mu no, ɛbɔ amanneɛ sɛ: “Nhene a wɔde bɔ mpae no fi tete na akyinnye biara nni ho sɛ Budhafo na wodii kan de dii dwuma. Budhafo ne Nkramofo nyinaa de di dwuma.” Catholic Encyclopedia ka sɛ wɔn a wɔnyɛ Kristofo de nhene a wɔde bɔ mpae dii dwuma wɔ baabiara mfehaha pii na wɔde dii dwuma bere tenten ansa na Katolek Asɔre no fii ase de Rosary dii dwuma.

Maria ne Rosary No

Wɔfrɛ Maria sɛ “Rosary Kronkron no Hemmaa.” Wɔka sɛ ɔno na otuu Katolekfo fo sɛ “Momfa Rosary Mmɔ Mpae” no. Rosary titiriw, “Ɔbaabun Maria Kronkron Rosary” no fi afeha a ɛto so 12 Y.B. mu tɔnn na edii mũ fi afeha a ɛto so 15 no mu. Rosary no ne Maria na ɛkɔ efisɛ wɔka sɛ ɔno na ɔde Rosary no bae ne nea ne ho hia titiriw wɔ mpaebɔ biara mu.

Dɛn nti na Maria ne Rosary no so na wɔtwe adwene si? Wɔ mmuaema mu no Katolek mpanyimfo de wɔn nsa kyerɛ nea ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ no no so: “Ma w’ani nnye, afenaa a wɔadom wo pii! Awurade ka wo ho.” (Luka 1:28, New American Bible) Maria gye toom sɛ kyɛfã a onyae wɔ Yesu nyinsɛn ne n’awo mu no, ɛwom sɛ ɛho hia de nanso sɛ wɔde toto dibea a ɛkorɔn a Ɔbabanin a ɔrebɛwo no no nsa bɛka no ho a, na esua koraa. Ɔbɔfo Gabriel toaa so kaa ne ho asɛm sɛ: “Ne nidi bɛyɛ kɛse na wɔafrɛ no Ɔsorosoroni no Ba. Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. . . . N’ahenni remma awiei da.”​—Luka 1:32, 33, NAB.

Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ Maria so na wɔtwe adwene si, na mmom Ɔba a ɔrebɛyinsɛn no​—Yesu, so. Ɔno na ná ɔrebɛyɛ kɛse na wadi Hene. (Filipifo 2:9, 10) Wɔanka Maria a wɔbɛyɛ no “Rosary Kronkron Hemmaa” ho asɛm biara. Nanso, wohyiraa Maria; ɔbɛyɛɛ Yesu maame.​—Luka 1:42.

Ná Maria nyɛ obi a ɔhwehwɛ anuonyam a ɔpɛ sɛ ogye din. Ná n’ani gye sɛ ɔyɛ Ɔsorosoroni no somfo a ɔbrɛ ne ho ase. N’ahobrɛase no da adi wɔ mmuae a ɔde maa ɔbɔfo Gabriel no mu: “Meyɛ Awurade afenaa.” (Luka 1:38, Jerusalem Bible) Wɔ Maria asetra nyinaa mu no, ɔma ɛdaa adi sɛ ɔyɛ ɔbea a odi ne gyidi mu nokware, obi a ɔdɔ trenee, Yesu Kristo suani nokwafo a ɔne ne mfɛfo asomfo bɔɔ mu bɔɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no mpae wɔ ahobrɛase mu. Tete Kristofo no ne Maria bɔɔ mpae, na wɔammɔ no mpae.​—Asomafo no Nnwuma 1:13, 14.

Mpaebɔ ne Rosary

Kristofo bu mpaebɔ sɛ ade a ɛsom bo kɛse sen biara a eti Ɔbɔadeɛ no hɔ​—akyɛde a ne bo yɛ den ankasa. Mpaebɔ yɛ obu kasa a wɔka kyerɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Ɛsɛ sɛ ɛda yɛn nkate ankasa ne yɛn nsusuwii adi kyerɛ no. New Catholic Encyclopedia no ka sɛ, “Ɛsɛ sɛ mpaebɔ ma obi ne Onyankopɔn ntam adamfofa da adi.” Ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn hɔ a yɛsrɛ ade no yɛ daa adeyɛ a ntease nni mu, na saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛde nsɛmfua pɔtee bi a yɛakyere agu adwenem nkutoo di dwuma bere nyinaa nso.​—Mateo 6:7, 8.

So Rosary boa wɔ mpaebɔ a ntease wom yi mu? Jeannine ka sɛ “Mo Maria ahorow” a wɔka gu Rosary so no “bɛyɛɛ ade a woti mu ka a womfi wɔn pɛ mu.” Nsɛm koro no ara a wɔka gu Rosary so no amma wammɛn Onyankopɔn. Lydia a anka ɔno nso yɛ Katolekni ɔbea hotuafo no kae sɛ: “Manhu asuade biara wɔ Rosary kan no mu. Minyaa nyamesom nhoma bi mmom kenkanee a anka mepɛ.” Mpaebɔ a wotĩ mu kenkan daa no so nni mfaso efisɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Ansa na wɔbɛfrɛ no, metie wɔn.” (Yesaia 65:24, NAB; Mateo 6:7, 8, 32) Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ani sɔ na obua adesrɛ a wɔde adwempa ka na efi komam nokwaredi mu. Rosary no ntumi mmoa obi ma ɔmmɔ komam mpae a ntease wom nkyerɛ Onyankopɔn.​—Dwom 119:145; Hebrifo 10:22.

Sɛnea Wɔkɔ Onyankopɔn Nkyɛn

Ɔkwan koro pɛ a wɔnam so kɔ “Mpaebɔ Tiefo” no nkyɛn ne sɛ wɔbɛfa Yesu Kristo so. (Dwom 65:2) Yesu kyerɛkyerɛe pefee sɛ: “Mene Ɔkwan no, Nokware ne Nkwa. Obi mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6, JB) Wɔanto nsa amfrɛ Maria sɛ onnya ntamgyinafo asɛyɛde yi mu kyɛfa. Sɛ wɔde hokwan soronko yi maa Maria a, anka akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bɛma ada adi.​—Hebrifo 4:14-16; 1 Yohane 2:1, 2.

Rosary no ne mpae a wɔakyere agu tirim a wɔka no mfi aman a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no so. Maria a wɔbɔ no mpae no tia nea Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, ‘“obi mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam [ne] so” no. Enti, Rosary no ne Maria nyɛ Onyankopɔn kwan a wɔfa so kɔ Ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena