Bible No Adwene
Awaresɛe—Ɛsɛ sɛ Wɔde Firi Anaa Ɛnsɛ sɛ Wɔde Firi?
“MOWƆ biribi tia obi a, momfa mfiri no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso afiri mo.” (Marko 11:25) Saa nsɛm a Yesu kae no de nsemmisa bi a emu yɛ den ba bere a awaresɛe ma aware bi gu no: Ɛsɛ sɛ Kristoni a ne ho nni asɛm no de firi ne hokafo no na aware no atra hɔ? Sɛ osi gyinae sɛ obegyae aware a, ɔde n’ankasa ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ reto asiane mu? Ma yɛnhwɛ sɛnea Bible no boa ma yebua saa nsemmisa yi.
Ɛsɛ sɛ Wode Firi Bere Nyinaa?
Yesu nsɛm, “mowɔ biribi tia obi a, momfa mfiri no” no kyerɛ sɛ wɔ biribiara mu—a bere a obi hokafo sɛe aware ka ho—no, ɛsɛ sɛ Kristoni de firi? Ɛsɛ sɛ wɔte Yesu asɛm no ase denam nsɛm afoforo a ɔka faa fafiri ho a yebesusuw ho no so.
Sɛ nhwɛso no, yehu fafiri ho nnyinasosɛm titiriw bi fi Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Luka 17:3, 4 no mu: “Sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakra n’adwene a, fa firi no! Na sɛ ɔfom wo mpɛn ason da koro, na ɔsan ba wo nkyɛn mpɛn ason ka sɛ: Masakra m’adwene a, fa firi no!” Nokwarem no, sɛ obi yɛ bɔne a anibere wom a, wɔhyɛ nea wɔafom no no nkuran sɛ ɔmmɔ mmɔden mfa mfiri, sɛ ɔkyerɛ nokware ahonu a. Yehowa ankasa susuw nsɛm ho saa kwan yi so; sɛ yebenya Onyankopɔn hɔ fafiri a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nokware ahonu.—Luka 3:3; Asomafo no Nnwuma 2:38; 8:22.
Nanso, eyi nso kyerɛ sɛ, sɛ ɔhokafo a wasɛe aware no ankyerɛ ahonu, na ɔpow sɛ obegye ne bɔne no ho asodi atom a, ntease wom sɛ ebia ɔhokafo a ne ho nni asɛm no paw sɛ ɔremfa mfiri no.—Fa toto 1 Yohane 1:8, 9 ho.
Fafiri—Nea Ebefi Bɔne no mu Aba Nso Ɛ?
Na sɛ ɔwaresɛefo no kyerɛ ahonu nso ɛ? Sɛ ɔkyerɛ ahonu a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wogyina so de firi. Nanso fafiri kyerɛ sɛ ɔdebɔneyɛfo no bɛde ne ho afi nea ebefi n’akwammɔne no mu aba nyinaa ho? Susuw Yehowa fafiri ahorow no bi ho.
Bere a Israelfo no tew atua bere a wotiee akwansrafo du a wɔde Kaanan asase no so amanneɛbɔ bɔne mae akyi no, Mose srɛɛ Yehowa sɛ: “Fa ɔman yi amumɔyɛ firi wɔn ɛ.” Yehowa buae sɛ: “Mede mafiri wɔn sɛ w’asɛm se no.” Ná eyi kyerɛ sɛ abɔnefo no dee wɔn ho fii nea efii wɔn nneyɛe no mu bae biara ho? Yehowa toaa so sɛ: ‘Mmarima a wɔantie me nne no nyinaa renhu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn agyanom no.’ (Numeri 14:19-23) Yehowa dii n’asɛm so; saa awo ntoatoaso a na wɔanyinyin no—gye Yosua ne Kaleb—anhu Bɔhyɛ Asase no.—Numeri 26:64, 65.
Saara na, bere a Natan kaa Ɔhene Dawid anim wɔ ɔne Bat-Seba bɔne ho no, Dawid a wanu ne ho no kae sɛ: “Mayɛ [Yehowa] bɔne.” Afei, Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “[Yehowa] nso ama wo bɔne atwam.” (2 Samuel 12:13) Ɛwom sɛ Yehowa de firii Dawid de, nanso Dawid huu ne bɔne no ho amane ne nkwa nna a aka nyinaa.—2 Samuel 12:9-14; hwɛ 2 Samuel, ti 24 nso.
Onyankopɔn fafiri ho nhwɛso horow yi si asuade titiriw bi so dua: Yɛrentumi nyɛ bɔne mfa yɛn ho nni. (Galatifo 6:7, 8) Ɛwom sɛ ɔbɔnefo a wanu ne ho no benya fafiri de, nanso ɛnkyerɛ ankasa sɛ ɔbɛfa ne ho adi wɔ nea ebefi n’akwammɔne no mu aba no ho. Eyi kyerɛ sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi de afiri ɔwaresɛefo no—anyɛ yiye koraa no, wɔ ntease a ɛne sɛ ɔbɛma abufuw denneennen no agyae mu—na bere koro no ara wasi gyinae sɛ obegyae no?
Fafiri ne Awaregyae
Wɔ Yesu som adwuma mu no, ɔkaa awaregyae ho asɛm mprɛnsa. (Mateo 5:32; 19:3-9; Luka 16:18) Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, saa nkɔmmɔbɔ yi mu biara nni hɔ a Yesu bɔɔ fafiri so. Sɛ nhwɛso no, sɛnea yehu wɔ Mateo 19:9 no, ɔkae sɛ: “Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware.” Ɛdenam ka a Yesu kae sɛ “sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti” so no, ɔkyerɛe sɛ nna mu ɔbrasɛe bɛma ɔhokafo a ne ho nni asɛm no anya hokwan, anaa Kyerɛwnsɛm mu ‘nnyinaso’ agyae aware. Nanso, Yesu anka sɛ ɛsɛ sɛ nea ne ho nni asɛm no gyae aware. Mmom, ɔkyerɛe pefee sɛ obetumi ayɛ saa.
Aware yɛ ade bi a ɛka nnipa baanu bom. (Romafo 7:2) Nanso sɛ wɔn mu biako nni nokware a, wobetumi atwa abusuabɔ no mu. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɔhokafo a ne ho nni asɛm no hyia gyinaesi abien. Nea edi kan no, ɔmfa mfiri? Sɛnea yɛahu no, ade titiriw a ɛwɔ ha ne sɛ ebia ɔwaresɛefo no akyerɛ nokware ahonu anaa ɔnkyerɛe. Sɛ awiei koraa no, ɔkyerɛ ahonu a, ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi de afiri—anyɛ yiye koraa no, ntease a ɛne sɛ ɔbɛma abufuw no agyae mu.
Gyinaesi a ɛto so abien ne sɛ, ɔnhwehwɛ awaregyae? Dɛn nti na saa nsemmisa yi bɛsɔre bere a ɔde afiri no no?a Wiɛ, na sɛ ɔwɔ ɔne ne mma ho ahobammɔ ho ahiasɛm bi, titiriw sɛ ne kunu no ayɛ wɔn ayayade bere a atwam no mu nso ɛ? Anaasɛ osuro sɛ ebia obenya ɔyare bi a wonya fi nna mu nso ɛ? Anaasɛ ebia ɔte nka sɛ esiane sɛ wadi no huammɔ nti, ontumi nnya ne mu awerɛhyem bio wɔ okunu ne ɔyere ntam abusuabɔ mu nso ɛ? Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, wobetumi ate ase sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi de afiri ɔhokafo a wafom no (wɔ ntease a ɛne sɛ ɔbɛma abufuw no agyae mu) nanso obesi gyinae ara sɛ obegyae no efisɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛkɔ so ne no atra bio. Abufuw a ɔbɛma agyae no bɛboa no ma wakɔ so abɔ ne bra. Ɛbɛboa nso ma ɔde obu kɛse ayɛ ade wɔ ɔne ɔwaresɛefo no ntam asɛm biara a ɛho behia sɛ wodi daakye no mu.
Sɛ́ ebia obi ne ne hokafo a wanni nokware begyae aware no yɛ n’ankasa gyinaesi, nea ɛsɛ sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no si bere a ɔde mpaebɔ asusuw ɛho nsɛm nyinaa ho yiye akyi no. (Dwom 55:22) Afoforo nni hokwan sɛ wɔbɛbɔ mmɔden aka ahyɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no ano anaasɛ wɔbɛhyɛ no sɛ onsi gyinae sɛ obegyae aware no anaa onnyae. (Fa toto Galatifo 6:5 ho.) Kae sɛ, Yesu anka nea ɛsɛ sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no yɛ. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ nea Yehowa ani nnye wɔn a wɔpaw sɛ wobegyina Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛfata so agyae aware no ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wɔsan nya nna mu kyɛfa a, na ɔhokafo a ne ho nni asɛm no rekyerɛ sɛ wasi gyinae sɛ ɔne ne hokafo a wafom no no asan abom. Ɔnam saayɛ so bɛsɛe Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso biara a ɔwɔ sɛ obegyae aware no.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]
Life