‘Yɛayɛ Nea Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ’
SƐNEA GEORGE COUCH KA KYERƐE
Bere a yewiee anɔpa afie afie asɛnka no, me hokafo no de paanoo abien a akade hyehyem bae. Yedidi wiei no, miyii sigaret sɛ merebɛnom. Obisaa me sɛ: “Mfe ahe na woadi wɔ nokware no mu?” Meka kyerɛɛ no sɛ: “Nnɛra anadwo na mekɔɔ nhyiam a edi kan.”
WƆWOO me March 3, 1917, wɔ akuraa bi a ɛwɔ Pittsburgh, Pennsylvania, U.S.A., apuei fam kilomita 50 a ɛbɛn kurow ketewa Avonmore no ase. Ɛhɔ na m’awofo tetee me ne me nuabarimanom baanan, ne me nuabea biako.
Na yenni ɔsom mu ntetee pii. M’awofo kɔɔ asɔre bere bi, nanso wogyaee bere a na yɛyɛ mmofra no. Nanso na yɛwɔ Ɔbɔadeɛ no mu gyidi, na na yɛn abusua no de Bible mu nnyinasosɛm atitiriw di dwuma.
Ntetee a eye paa a minya fii m’awofo hɔ fa asɛyɛde ho—sɛnea wogye tom na wodi ho dwuma. Saa na na akuraase asetra te nen. Nanso na ɛnyɛ adwuma nkutoo na yɛyɛ. Na yenya agodie a ɛfata mu kyɛfa, te sɛ bɔɔl a wɔde nsa ne nnua bɔ, apɔnkɔ so tra ne asuguare. Na ohia wɔ hɔ saa bere no, nanso na akuraase asetra yɛ anigye. Yɛkɔɔ mfiase sukuu wɔ sukuu bi a ne dan yɛ biako pɛ mu na yɛkɔɔ ntoaso sukuu wɔ kurow kɛse mu.
Anadwo bi na me ne m’adamfo retu mpase wɔ kurom. Abeawa hoɔfɛfo bi fi ne fie bekyiaa m’adamfo no. Ɔde me kyerɛɛ Fern Prugh. Na ɔte bɛn beae a ntoaso sukuu no wɔ no. Mpɛn pii sɛ metwam ne fie ho a, mihu sɛ Fern wɔ afikyiri reyɛ adwuma. Nokwasɛm ni, na ɔyɛ obi a ɔpɛ adwuma, na na m’ani gye ho. Yɛfaa adamfo denneennen na yenyaa ɔdɔ maa yɛn ho yɛn ho, na yɛwaree wɔ April, 1936 mu.
Bible mu Nokware a Mihui
Ansa na wɔrebɛwo me no, na aberewa bi te kurom hɔ a na ɛhɔfo no di n’ani esiane ne som nti. Na me maame kɔsra no Memeneda biara bere a ɔrekɔ kurom akodi gua no. Na me maame siesie aberewa no fie na na ɔsomasoma no kosii sɛ owui. Migye di sɛ Yehowa hyiraa Maame efisɛ oyii adɔe kɛse adi kyerɛɛ ɔbea yi a na ɔyɛ Bible Suani no, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no.
Ɛno akyi bere bi no, me sewaa babea kumaa bi wui mpofirim. Asɔre no ankyekye me sewaa werɛ ahe biara, nanso ne fipamfo bi a ɔyɛ Bible Suani no kyekyee ne werɛ. Bible Suani no kyerɛkyerɛɛ nea sɛ onipa wu a ɛba no so mu kyerɛɛ no. (Hiob 14:13-15; Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Na eyi yɛ awerɛkyekye kɛse. Me sewaa nso kaa owusɔre anidaso no ho asɛm kyerɛɛ Maame. Eyi maa Maame ani gyei, efisɛ n’awofo wuwui bere a na osua no na na ne ho pere no sɛ obehu nea ɛba obi so wɔ owu mu. Saa suahu no ma mihuu hia a ɛho hia sɛ mede hokwan ahorow di adanse wɔ bɔnnɔ so daa.
Maame fii ase tiee radio so ɔkasa a na Joseph F. Rutherford a ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no ma Kwasida anɔpa biara no wɔ 1930 mfe no mu. Adansefo no fii ase yɛɛ afie afie asɛnka adwuma nso wɔ faako a yɛte no wɔ saa mfe no mu. Na wɔde gramofon kyɛkyɛwa bi bɔ Onua Rutherford ɔkasa a wɔakyere agu mpaawa so wɔ yɛn adiwo wɔ dua bi ase. Mpaawa so ɔkasa ahorow no ne Ɔwɛn-Aban ne Golden Age (mprempren wɔfrɛ no Nyan!) nsɛmma nhoma no maa Maame kɔɔ so nyaa anigye.
Mfe kakraa bi akyi wɔ 1938 mu no, wɔkyerɛw wɔn a wɔkra Ɔwɛn-Aban no krataa bi de too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra nhyiam titiriw bi wɔ ofie bi a na atew ne ho bɛyɛ kilomita 25 no mu. Maame pɛe sɛ ɔkɔ, enti me ne Fern ne me nuabarimanom baanu kogyaa no. John Booth ne Charles Hessler a na wɔyɛ Yehowa Adansefo ahwɛfo akwantufo no kasa kyerɛɛ yɛn nnipa bɛyɛ dumien no. Ɛno akyi no, wofii ase boaboaa kuw bi a sɛ ade kye anɔpa a wɔne wɔn bɛkɔ asɛnka no ano. Obiara ampɛ sɛ ɔne wɔn kɔ, enti Onua Hessler paw me kae sɛ, “Dɛn nti na wo ne yɛn nkɔ?” Na minnim nea wɔrekɔyɛ ankasa, nanso na minhu nea enti a ɛnsɛ sɛ meboa wɔn.
Yɛkɔɔ afie afie asɛnka kosii bɛyɛ owigyinae, na afei Onua Hessler de paanoo a akade hyehyem abien bae. Yɛtraa asɔredan no atrapoe so didii. Ɛyɛ bere a miyii sigaret no akyi na Onua Hessler hui sɛ makɔ nhyiam pɛnkoro pɛ. Ɔbaa yɛn fie ne yɛn bedidii anwummere no na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnto nsa mfrɛ yɛn afipamfo ma wommetie Bible mu asɛm. Yedidi wiei no, ɔne yɛn yɛɛ Bible adesua na ɔmaa ɔkasa kyerɛɛ nnipa bɛyɛ sɛ du a wɔbae no. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ Bible adesua dapɛn biara. Ɛwom sɛ yɛn afipamfo no ampene eyi so de, nanso me ne Fern yɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ ofie Bible adesua dapɛn biara.
Nkɔso a Minyae Wɔ Nokware no Mu
Ɛno akyi pɛɛ no, me ne Fern kɔɔ asɛnka. Na yɛte kar no akyi a na yɛsɔɔ yɛn sigaret nkyɛe bere a me nuabarima twaa n’ani ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Mahu mprempren ara sɛ Adansefo no nnom sigaret.” Ntɛm ara Fern tow ne sigaret no faa mfɛnsere mu kyenee—menom me de wiei. Ɛwom sɛ na yɛpɛ sigaret paa de, nanso yɛannom bio.
Bere a yɛbɔɔ asu wɔ 1940 mu akyi no, me ne Fern kɔɔ nhyiam kosuaa asɛm bi a na ɛhyɛ akwampae adwuma, sɛnea na wɔfrɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no, ho nkuran. Bere a na yɛrekɔ fie no, onuabarima bi bisae sɛ: “Dɛn nti na wo ne Fern nyɛ akwampae adwuma? Munni biribiara a ebesiw mo kwan.” Yɛantumi ampo nea ɔkae no, enti yɛde yɛn ho mae. Midii kan bɔɔ m’adwuma mufo amanneɛ nnafua 30, na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ akwampae adwuma.
Yɛne Ɔwɛn Aban Asafo no susuw faako a yɛbɛkɔ akɔsom no ho, na afei yetu kɔɔ Baltimore, Maryland. Yenyaa akwampaefo fie wɔ hɔ, na na ɔsram biara yetua dɔla 10. Na yɛasie sika kakra a yesusuw sɛ ebetumi ahwɛ yɛn akosi Harmagedon. (Adiyisɛm 16:14, 16) Yesusuw bere nyinaa sɛ ɛrenkyɛ koraa na Harmagedon aba. Enti bere a yefii akwampae adwuma ase no, yefii fie na yegyaee biribiara yɛ.
Yɛyɛɛ akwampae adwuma wɔ Baltimore fi 1942 kosi 1947. Na wɔsɔre tia Yehowa Adansefo adwuma denneenen wɔ saa mfe no mu. Ɛtɔ da bi a, sɛ anka yɛde yɛn kar bɛkɔ yɛn Bible asuafo fie no, yɛma obi kosi yɛn. Yɛyɛɛ saa na wɔantwa yɛn kar tae mu. Na obiara ani nnye ɔsɔretia a ɛte sɛɛ ho, nanso metumi aka sɛ na yɛn ani gye asɛnka adwuma no ho bere nyinaa. Nokwasɛm ni, na yɛhwɛ kwan sɛ yebenya anigye kakra wɔ Awurade adwuma mu.
Ankyɛ na yɛn sika a yɛwɔ nyinaa sae. Yɛn kar tae hii na yɛn ntade ne yɛn mpaboa tetewee. Ɔyare bɔɔ yɛn mprenu anaa mprɛnsa bere tenten. Na ɛnyɛ mmerɛw mma yɛn, nanso yɛannya adwene da sɛ yebegyae. Yɛanka ho asɛm mpo. Yɛtew yɛn asetram nneɛma foforo so na ama yɛatumi akɔ so ayɛ akwampae adwuma no.
Yɛn Dwumadi Ahorow a Ɛsesae
Yɛkɔɔ nhyiam wɔ Los Angeles, California, wɔ 1947 mu. Bere a yɛwɔ hɔ no, wɔde krataa a wɔde paw me ne William sɛ akwantufo a wɔkɔsrasra asafo ahorow boa wɔn maa yɛn. Yɛannya dwumadi no ho ntetee titiriw biara saa bere no. Yɛpenee so kɛkɛ. Me ne Fern de mfe ason a edi hɔ no somee wɔ Ohio, Michigan, Indiana, Illinois, ne New York. Wɔ 1954 mu no, wɔtoo nsra frɛɛ yɛn kɔɔ Gilead sukuu a wɔde tete asɛmpatrɛwfo no adesua a ɛto so 24. Mmubui yɛɛ Fern bere a na yɛwɔ hɔ no. Anigyesɛm ne sɛ, ne ho tɔɔ no koraa, na wɔma yɛkɔyɛɛ akwantu adwuma wɔ New York ne Connecticut.
Bere a na yɛresom wɔ Stamford, Connecticut no, Nathan H. Knorr a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yemmedi dapɛn awiei no wɔ ɔne ne yere Audrey nkyɛn. Wɔmaa yɛn anwummere aduan dɛdɛɛdɛ bi a wɔde nantwinam ayɛ. Na yenim wɔn dedaw, na na minim Onua Knorr yiye ma enti mihui sɛ biribi foforo wɔ n’adwenem ka yɛn fekubɔ ne adidi no ho. Akyiri yi obisaa me saa anwummere no sɛ, “So w’ani begye ho sɛ wobɛba Betel?”
Memaa mmuae sɛ: “Mintumi nhu; Minnim Betel asetra ho nsɛm pii.”
Bere a yɛde adapɛn pii dwenee ho wiei no, yɛka kyerɛɛ Onua Knorr sɛ sɛ ɔpɛ sɛ yɛba a, yɛbɛba. Dapɛn a edi hɔ no, yɛn nsa kaa krataa a ɛkyerɛɛ sɛ yɛmmra Betel April 27, 1957, yɛn ayeforohyia afe a ɛto so 21 no mu.
Ɛda a edi kan wɔ Betel no, Onua Knorr kaa nea wɔhwɛ kwan sɛ mɛyɛ kyerɛɛ me pefee. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wonyɛ ɔmansin somfo bio, na woaba ha sɛ worebɛyɛ adwuma wɔ Betel. Eyi ne adwuma a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ woyɛ, na yɛpɛ sɛ wode wo bere ne w’ahoɔden di ntetee a wunya wɔ Betel no ho dwuma. Yɛpɛ sɛ wotra ha.”
Betel Asetra so Wɔ Mfaso
Midii kan yɛɛ adwuma wɔ Nsɛmma Nhoma ne Nhoma Amenae. Bɛyɛ mfe abiɛsa akyi no, Onua Knorr frɛɛ me kɔɔ n’adwumayɛbea. Ɔka kyerɛɛ me sɛ nea enti a wɔde me baa Betel ankasa ne sɛ mɛyɛ efie adwuma. Asɛm a ɔkae no mu da hɔ, “Woaba sɛ worebɛhwɛ Betel Fie no so.”
Betel Fie no sohwɛ kaee me asuade ahorow a m’awofo kyerɛɛ me bere a na merenyin wɔ akuraa no ase no. Betel Fie te sɛ abusua asetra yiye. Ɛsɛ sɛ wosi ntade, noa aduan, hohoro nneɛma mu, to mpa, yɛ nneɛma foforo. Wɔn a wɔhwɛ fie hɔ no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Betel ayɛ beae a obi tra wɔ ahotɔ mu, beae a obetumi de ayɛ ne fie.
Migye di sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a mmusua betumi asua afi sɛnea Betel di dwuma no mu. Yɛsɔre ntɛm anɔpa de honhom fam nneɛma fi ase denam da biara Bible mu asɛm a yesusuw ho no so. Wɔhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ adwumaden na yɛama yɛn asetra akari pɛ a adagyew nnim. Betel nte sɛ nkokorafie sɛnea ebia ebinom besusuw no. Yetumi yɛ nneɛma pii esiane yɛn asetra a yɛayɛ ho nhyehyɛe nti. Nnipa pii aka sɛ ntetee a wonyae wɔ ha no boaa wɔn ma wogyee asɛyɛde ahorow toom wɔ wɔn mmusua ne Kristofo asafo no mu.
Ebia wɔbɛma mmerante ne mmabaa a wɔba Betel no ayɛ afisiesie adwuma, asi nneɛma, anaasɛ wɔayɛ adwuma wɔ nhoma tintimmea. Wiase no betumi ama yɛagye adi sɛ honam fam adwuma a ɛte saa no gu yɛn anim ase na ɛba fam. Nanso, Betel mmerante ne mmabaa ahu sɛ adwuma a ɛte saa no ho hia na ama yɛn abusua no akɔ so yiye wɔ anigye mu.
Wiase no betumi ama woanya adwene nso sɛ wuhia dibea ne anuonyam na woanya anigye ankasa. Ɛnyɛ nokware. Sɛ yɛyɛ nea wɔde ahyɛ yɛn nsa no a, na ‘yɛreyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ,’ na yenya Yehowa nhyira. (Luka 17:10) Yebetumi anya akomatɔyam ne anigye ankasa bere a yɛkae adwuma a yɛyɛ no atirimpɔw—sɛ yɛbɛyɛ Yehowa apɛde na yɛama Ahenni adwuma anya nkɔso. Sɛ yɛkae ɛno a, yebetumi anya anigye ne abotɔyam wɔ dwumadi biara mu.
Hokwan a Minyae Wɔ Nkɔso a Ɛbae Mu
Bɛboro mfe du ansa na yɛrekɔ Betel no, Onua Knorr maa ɔkasa a ɛne “Asomdwoe—So Ɛbɛtra Hɔ Daa?” wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Cleveland, Ohio, wɔ 1942 mu no ase. Ɔmaa emu daa hɔ sɛ Wiase Ko II a na ɛrekɔ so saa bere no bɛba awiei na asomdwoe bere bi bɛba a ɛbɛma yɛanya hokwan atrɛw asɛnka adwuma no mu. Wɔtew Gilead Sukuu a wɔde bɛtete asɛmpatrɛwfo ne Teokrase Ɔsom Sukuu a ɛbɛma anuanom mmarima ho akokwaw wɔ baguam ɔkasa mu no wɔ 1943 mu. Wɔyɛɛ nhyiam akɛse nso ho nhyehyɛe. Nea na ɛyɛ atitiriw paa wɔ 1950 mfe no mu no ne nea wɔyɛe wɔ Yankee Stadium, New York, no. Wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ 1950 ne 1953 mu no, meboa ma wɔyɛɛ nhyehyɛe nyaa nea wɔfrɛ no Trailer City kɛse bi a nnipa mpempem pii daa hɔ nnawɔtwe no nyinaa wɔ saa nhyiam no mu biara mu.
Wɔ saa nhyiam no ne 1958 de a na ɛso sen biara no akyi no, yenyaa Ahenni adawurubɔfo pii. Eyi kaa adwuma a yɛyɛ wɔ Betel no tẽẽ. Wɔ 1960 awiei ne 1970 mfiase no, yehui sɛ yehia asase ne adan pii a adwumayɛfo no bɛda mu denneennen. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya dabere ama yɛn abusua a ɛreyɛ kɛse no, na ɛsɛ sɛ yɛnya adan a wɔda mu, mukaase, ne adidibea apon pii.
Onua Knorr ka kyerɛɛ me ne Onua Max Larson, nhoma tintimmea sohwɛfo no sɛ yɛnhwehwɛ asase a ɛfata mma ntrɛwmu no. Bere a mekɔɔ Betel 1957 no, na yɛn abusua a emufo bɛyɛ 500 no te ɔdan kɛse biako mu. Nanso wɔ mfe a atwam no mu no, Asafo ti no totɔɔ ahɔhodan akɛse a ɛbemmɛn no siesiei—nea wɔfrɛ no Tower, Standish ne Bossert—ne adan nketewa bebree nso. Asafo ti no tɔɔ asase a Hotel Margaret si so no wɔ 1986 mu, na wɔde ɔdan fɛfɛ foforo a wosii wɔ hɔ no yɛɛ ofie maa nnipa 250. Afei, wɔ 1990 mfe no mfiase no, wosii abansoro dan a ɛtoatoa so 30 a adwumayɛfo foforo 1,000 bɛtra mu. Mprempren Brooklyn Betel no betumi ama yɛn abusua no mufo bɛboro 3,300 no dabere ne aduan.
Yɛtɔɔ asase wɔ Wallkill, New York, a efi Brooklyn Betel kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 160 no nso. Wɔ mfe pii mu, fi 1960 mfe no awiei mu hɔ no, yesisii adan a wɔtra mu ne nhoma tintimmea kɛse bi wɔ hɔ. Mprempren yɛn Betel abusua no mufo bɛyɛ 1,200 te hɔ reyɛ adwuma wɔ hɔ. Wɔ 1980 mu no, yefii ase hwehwɛɛ asase a ne kɛse bɛyɛ hɛkta 250 a ɛbɛn New York City a lɔre akwan a ɛyɛ papa nam hɔ. Nea odi yɛn anim hwehwɛ asase no serew kae sɛ: “Ɛhe na mubenya asase a ɛte saa? Munnya bi ankasa.” Nanso ade kyee no, ɔfrɛɛ yɛn kae sɛ: “Manya mo asase no.” Ɛnnɛ, wɔfrɛ no Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York. Wɔyɛ sukuu ahorow wɔ hɔ na asomfo abusua bɛyɛ 1,300 te hɔ.
Nneɛma a Masua
Mahu sɛ ɔhwɛfo pa ne obi a otumi ma afoforo ka nsɛm a mfaso wɔ so kyerɛ no. Nsusuwii pii a matumi de adi dwuma sɛ Betel fie sohwɛfo no fã kɛse ara fi afoforo hɔ.
Bere a mekɔɔ Betel no, na nnipa pii ani afi sɛnea mete nnɛ yi. Wɔn mu dodow no ara awuwu. Hena na osi wɔn a wonyinyin na wowuwu no ananmu? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ wɔn a wɔbɔ ho mmɔden paa no. Ɛyɛ wɔn a wɔwɔ ha a wɔde nokwaredi yɛ adwuma, na wɔde wɔn ho ma no.
Ade foforo a ehia sɛ yɛkae ne ɔyepa so mfaso no. Me yere Fern a medɔ no mmoa adi aboa me kɛse ma matumi ayɛ me teokrase nnwuma. Ɛyɛ okununom asɛyɛde sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔn yerenom ani gye wɔn dwumadi ho. Mebɔ mmɔden susuw biribi a me ne Fern pɛ sɛ yɛyɛ ho. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ ade a egye sika pii, mmom biribi soronko kɛkɛ. Ɛyɛ okunu asɛyɛde sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma ne yere ani agye. Bere a okunu nya ma ne yere no som bo na etwam ntɛmntɛm, enti ɛsɛ sɛ okunu no de di dwuma yiye.
Ɛyɛ me anigye sɛ mete ase wɔ nna a edi akyiri a Yesu kaa ho asɛm no mu. Eyi ne bere a ɛho hia sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Yetumi de yɛn gyidi aniwa hu sɛnea Awurade ma n’ahyɛde nya nkɔso de yɛ ahosiesie ma wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no. Sɛ mehwɛ mfe a abɛsen a mede asom Yehowa no a, mitumi hu sɛ Yehowa na ɔrekyerɛ ahyehyɛde yi kwan—ɛnyɛ nnipa. Yɛyɛ n’asomfo kɛkɛ. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi ne hɔ bere nyinaa. Sɛ ɔkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ pɛ a, ɛsɛ sɛ yetie no ntɛm ara na yɛn nyinaa bom yɛ.
Fa wo ho ma ahyehyɛde no, na wubenya asetra a abotɔyam ne anigye wom. Nea woreyɛ biara—sɛ ɛyɛ akwampae adwuma, ɔmansin dwumadi, sɛ woresom sɛ ɔdawurubɔfo wɔ asafo bi mu, woyɛ Betel anaa ɔsɛmpatrɛwfo adwuma no—di akwankyerɛ a wɔde ama no akyi na kyerɛ wo dwumadi no ho anisɔ. Yɛ nea wubetumi biara fa kyerɛ dwumadi biara ne adwuma a woyɛ wɔ Yehowa som mu daa no ho anigye. Wobɛbrɛ, na ɛtɔ da bi a wobɛyɛ adwuma ma aboro so anaasɛ wabam bebu. Saa bere no na ɛsɛ sɛ wokae nea enti a woahyira wo ho so ama Yehowa no. Ɛne sɛ wobɛyɛ n’apɛde na ɛnyɛ w’ankasa de.
Ɛmmae da sɛ makɔ adwuma da bi a m’ani annye nea meyɛe no ho. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu de yɛn ho ma Yehowa a, yɛn koma tɔ yɛn yam bere a yehu sɛ ‘yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no.’
[Kratafa 19 mfonini]
Mereyɛ akwampae adwuma wɔ Baltimore wɔ 1946 mu
[Kratafa 19 mfonini]
Me ne Fern wɔ Trailer City wɔ 1950 mu
[Kratafa 19 mfonini]
Nsɛmma Nhoma Tɔnbea
[Kratafa 19 mfonini]
Trailer City, 1950
[Kratafa 22 mfonini]
Me ne Audrey ne Nathan Knorr
[Kratafa 23 mfonini]
Ɔwɛn Aban Adesuabea a ɛbɛn Patterson, New York
[Kratafa 24 mfonini]
Me ne Fern nnɛ