Nea Onyankopɔn Ahenni Betumi Akyerɛ Ama Wo
YESU KRISTO kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra.” (Mateo 6:10) Hwɛ sɛnea wɔn a wose wɔyɛ Yesu akyidifo aka saa nsɛm no akyerɛ Onyankopɔn mpɛn pii!
Nanso, Yesu Kristo ankyerɛkyerɛ n’asuafo no kɛkɛ sɛ wɔmmmɔ mpae mmisa Onyankopɔn Ahenni. Ɔde Ahenni no yɛɛ asɛmti titiriw wɔ n’asɛnka adwuma no mu. Nokwarem no, Encyclopedia Britannica no ka sɛ “wobu” Onyankopɔn Ahenni no “sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ asɛmti titiriw.”
Sɛ Kristo akyidifo bɔ mpae bisa Ahenni no a, na dɛn ankasa na wɔrebɔ ho mpae? Dɛn na Onyankopɔn Ahenni betumi akyerɛ ama wɔne wo? Na Yesu buu no dɛn?
Sɛnea Yesu Buu Ahenni No
Na Yesu taa frɛ ne ho sɛ “onipa Ba no.” (Mateo 10:23; 11:19; 16:28; 20:18, 28) Eyi ma yɛkae asɛm a odiyifo Daniel ka faa “obi a ɔte sɛ onipa ba” ho no. Daniel kaa asɛm bi a ebesi wɔ soro daakye ho asɛm sɛ: “Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim. Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no.”—Daniel 7:13, 14.
Yesu reka bere a obenya ahenni yi ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Da a onipa Ba no bɛtra n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtra nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.” Yesu kaa bio nso sɛ: “Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu . . . wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu. . . . Eyinom [wɔn a wɔnteɛ] befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.”—Mateo 19:28; 25:31, 32, 46.
Nhengua ne mmusuakuw nyinaa ho nkɔmhyɛ ahorow yi kyerɛ sɛ Ahenni no yɛ nniso a Yesu ne n’akyidifo mu binom bɛyɛ adesamma sodifo wom. Saa nniso no benya tumi a ɛde bekum wɔn a wɔnteɛ no afi hɔ. Nanso wɔ Ahenni nniso ase no, atreneefo benya Onyankopɔn akyɛde a ɛne daa nkwa.
Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ ɔsoro nniso a wofi soro hyehyɛ. Ɛnyɛ Ahenni no ne asɔre no, na Kyerɛwnsɛm no mfa wiasefo adwene mma wɔ ho. Afei nso, nniso a Onyankopɔn de ama rentumi nyɛ biribi a ɛwɔ obi komam kɛkɛ. Esiane sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso nti, ɛnnan nyɛ biribi a ɛwɔ yɛn komam bere a yegye Kristosom tom no. Nanso dɛn nti na ebinom susuw sɛ Ahenni no yɛ komam tebea bi?
So Ahenni no Hyɛ Yɛn Mu?
Ebinom te nka sɛ Ahenni no wɔ yɛn komam esiane sɛnea Bible asekyerɛfo bi akyerɛ Luka 17:21 ase no nti. Sɛnea New International Version no kyerɛ no. Yesu kae wɔ hɔ sɛ: “Onyankopɔn Ahenni no hyɛ mo mu.”
The Interpreter’s Dictionary of the Bible ka eyi ho asɛm sɛ: “Ɛwom sɛ wɔtaa ka eyi sɛ ɛyɛ Yesu ‘nhumu’ anaasɛ ‘honhom mu asetra’ ho nhwɛso de, nanso nkyerɛase yi gyina nkyerɛase dedaw no, ‘ɛwɔ wo mu’ no so titiriw. . . . a wɔte ase ɔkwan a ɛmfata so nnɛ sɛ ‘wo’ sɛ obiakofo kabea; ‘wo’ no . . . yɛ dodow kabea (Yesu rekasa akyerɛ Farisifo no—nky. 20) . . . Ɔkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn ahenni yɛ adwenem tebea, anaasɛ obi ankasa nkwagye, ne nkyekyem yi mu nsɛm afoforo, ne sɛnea Apam Foforo no nyinaa da adwene no adi nso bɔ abira.”
New International Version no mu ase hɔ asɛm bi a ɛfa Luka 17:21 ho no kyerɛ sɛ wobetumi akyerɛ Yesu nsɛm no ase sɛ: “Onyankopɔn ahenni no wɔ mo mu.” Bible nkyerɛase afoforo kenkan sɛ: “Onyankopɔn ahenni wɔ mo mu” anaasɛ “wɔ mo ntam.” (The New English Bible; The Jerusalem Bible; Revised Standard Version) Sɛnea New World Translation of the Holy Scriptures kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn ahenni wɔ mo ntam.” Yesu ankyerɛ sɛ na Onyankopɔn Ahenni no wɔ Farisifo ahantanfo a ɔrekasa akyerɛ wɔn no komam. Mmom no, sɛ Mesia ne Ɔhene a Wɔapaw no a wɔde bere tenten atwɛn no no, na Yesu wɔ wɔn ntam. Nanso, na bere bi betwam ansa na Onyankopɔn Ahenni no aba.
Bere a Ɛbɛba
Wɔapaw Yesu Kristo akyidifo dodow bi sɛ ne yɔnko sodifo wɔ ɔsoro Mesia Ahenni no mu. Te sɛ Yesu no, wɔde nokwaredi wu ma Onyankopɔn na wonyan wɔn kɔ honhom mu asetra mu wɔ soro. (1 Petro 3:18) Ntotoho kwan so no, wosua, na wɔbɛyɛ ahene ne asɔfo 144,000 a wɔatɔ wɔn afi adesamma mu. (Adiyisɛm 14:1-4; 20:6) Yesu asomafo anokwafo no ka ne yɔnko adedifo no ho.—Luka 12:32.
Bere a Yesu rekasa akyerɛ n’akyidifo no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.” (Mateo 16:28) Anigyesɛm ne sɛ nkyekyem a edi hɔ no kyerɛ sɛ Yesu bɔhyɛ no baa mu wɔ nna kakraa bi akyi. Saa bere no ɔde n’asuafo no mu baasa kɔɔ bepɔw bi so, na ɔsakrae wɔ wɔn anim, ma enti wonyaa n’anuonyam mu a ɔwɔ ho anisoadehu. (Mateo 17:1-9) Nanso wɔamfa Ahenni no ansi hɔ saa bere no. Bere bɛn na wɔde besi hɔ?
Yesu mmebu no biako kyerɛ sɛ na wɔrenyɛ no Ɔhene Mesia ntɛm ara. Yɛkenkan wɔ Luka 19:11-15 sɛ: ‘Obuu bɛ bi, efisɛ na wabɛn Yerusalem, na wosusuwii sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti ɔkae sɛ: Ɔdehye bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye n’ahenni na wasan aba. Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkosi sɛ mɛba. Na ɛbae sɛ onyaa ahenni no na ɔsan bae no, ɔhyɛe sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na onim nea obiara adi gua anya.’
Saa nna no mu no, na ebetumi agye obi a ofi Israel rekɔ Roma akɔtwɛn wɔ saa kurow no mu kosi sɛ obenya ahenni, na wasan aba ne man mu sɛ ɔhene no bere tenten. Na Yesu ne “ɔdehye” no. Obenya tumi sɛ Ɔhene afi n’Agya nkyɛn wɔ soro, nanso wɔrensi no Ɔhene Mesia ntɛm ara. Na n’akyidifo bɛyɛ adwuma denam Ahenni no ho asɛmpa ho dawurubɔ adwuma a wɔbɛyɛ no bere tenten bi ansa na wasan aba sɛ Ɔhene no so.
Ɔkwan a Ahenni no Fa So Ba
Sɛ Onyankopɔn adɔfo bɔ mpae sɛ n’Ahenni mmra a, na dɛn na wɔrebisa? Na wɔrebisa ankasa sɛ ɔsoro Ahenni no mmɛyɛ biribi pɔtee denam nniso a nnipa ahyehyɛ a antumi anni wɔn bɔhyɛ a ese wɔde nokware asomdwoe ne yiyedi bɛba no so a ɛbɛsɛe no so. Odiyifo Daniel reka eyi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Bere bɛn na eyi bɛba?
Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ eyi bɛba wɔ wɔn a wobehu adesamma nsɛm mu basabasayɛ soronko no awo ntoatoaso mu. Yesu de “sɛnkyerɛnne” a ɛbom biako a ɛne nsɛm a ebesisi te sɛ akodi, ɔkɔm, ɔyaredɔm a ɛso bi mmae da—yiw, ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔbɛka wɔ wiase nyinaa mae wɔ ne “ba” ho.—Mateo, atiri 24, 25; Marko, ti 13; Luka, ti 21.
Yesu nkɔmhyɛ no fa nsɛm a ɛresisi mprempren—wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu no ho. Enti, ɛrenkyɛ na Onyankopɔn Ahenni de nhyira akɛse abrɛ adesamma. Wubetumi ayɛ wɔn a wobenya Ahenni nniso no mu mfaso horow no mu biako. Nanso dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛkyerɛ ama wo ne w’adɔfo?
Ahenni Nniso Nhyira Horow
Anigye bɛba asase so nyinaa. “Asase foforo,” wiase nyinaa abusua a wɔne Ahenni no mma asoɔmmerɛfo bɛtra —“ɔsoro foforo”—ɔsoro Ahenni no ase. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa.” Saa bere no anigye nkutoo na ɛbɛtra hɔ, efisɛ “na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:1-4.
Owu rentra hɔ bio. Adebɔne a ɛde awerɛhow ba yi renkunkum yɛn nnamfo ne yɛn adɔfo bio. “Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu.” (1 Korintofo 15:26) Anigye a ɛbɛtra hɔ bɛn ara ni, bere a wɔn a Onyankopɔn kae wɔn no wusɔre si ayiyɛ ananmu no!—Yohane 5:28, 29.
Akwahosan a edi mũ besi ɔyare ne mmerɛwyɛ ananmu. Wɔn a honam mu ne adwenem nyarewa haw wɔn renkɔda ayaresabea bio. Ɔyaresafo Kɛse, Yesu Kristo de bo a n’afɔrebɔ som no bedi dwuma ‘de asa amanaman no yare.’ (Adiyisɛm 22:1, 2; Mateo 20:28; 1 Yohane 2:1, 2) Nyarewa a ɔsae bere a na ɔwɔ asase so no yɛ nea ɔnam Ahenni no so bɛyɛ no ho nhwɛso.—Fa toto Yesaia 33:24; Mateo 14:14 ho.
Aduan bɛbu so. Sɛnea odwontofo no kae no, “asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) Yesaia nkɔmhyɛ no ka eyi ka ho sɛ: “Asafo [Yehowa] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsa a akyɛ, srade ne hon, nsa a wɔasɔn so.” (Yesaia 25:6) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkɔm renne asase no sotefo wɔ Ahenni nniso no ase.
Asase mũ no nyinaa bɛdan paradise. Enti Yesu bɔ a ɔhyɛɛ ɔdebɔneyɛfo a onuu ne ho yi bɛbam: “Wobɛka me ho Paradise.” (Luka 23:43) Wo nso, wubetumi anya daa nkwa wɔ asase yi so, asase a wɔayi nsɛmmɔnedi afi so na wɔadan no sɛ asase a ɛte sɛ turo a anigye wom.—Yohane 17:3.
Wɔde anidaso a ɛyɛ nwonwa yi ma adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa. Yehowa Asɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee, a ɛne Bible no de nhyira horow yi ho awerɛhyem ma. Eyi nyinaa ne nea Onyankopɔn Ahenni betumi akyerɛ ama wo.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
So wugye nea Yesu kae wɔ Onyankopɔn Ahenni ho no di?