Ti 30
Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Na Woatra Ase Daa
1. (a) Akwan abien bɛn na abue ama wo? (b) Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so apaw nea ɛteɛ?
YEHOWA NYANKOPƆN de biribi a ɛso nni—daa nkwa wɔ ne trenee nhyehyɛe foforo no mu—ho kwan ma wo. (2 Petro 3:13) Nanso sɛ́ wobɛtra ase saa bere no gyina Onyankopɔn apɛde a wobɛyɛ nnɛ so. Mprempren wiase bɔne yi, ne wɔn a wɔyɛ ne fã nyinaa, rebetwam akɔ, “na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Enti ɛsɛ sɛ wopaw akwan abien mu biako. Biako de kɔ owu mu, na biako nso de kɔ daa nkwa mu. (Deuteronomium 30:19, 20) Nea ɛwɔ he na wobɛfa?
2. (a) Sɛ wowɔ nokware gyidi a, dɛn na wubegye atom? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn mu ahotoso a wubenya sɛnea abofra wɔ agya a ɔwɔ ɔdɔ mu ahotoso no bɛboa wo ma woasom no?
2 Ɔkwan bɛn so na wonam kyerɛ sɛ worepaw nkwa? Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ wunya Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi. So wugye di ankasa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ “na ɔyɛ wɔn a wohwehwɛ n’akyi kwan no katuafo”? (Hebrifo 11:6) Ɛho hia sɛ wunya Onyankopɔn mu ahotoso sɛ ɔbabarima anaa ɔbabea nya agya a ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborohunu mu ahotoso no. (Dwom 103:13, 14; Mmebusɛm 3:11, 12) Bere a wowɔ gyidi a ɛte saa no, w’adwene mu renyɛ wo nãa sɛ n’afotu yɛ nea nyansa wom anaasɛ n’akwan teɛ, sɛ ɛtɔ da bi a wonte nsɛm ase nwie mpo a.
3. (a) Gyidi akyi no, dɛn bio na ɛho hia? (b) Nneɛma bɛn na ɛho hia na akyerɛ sɛ worepaw nkwa?
3 Nanso, nea ɛsen gyidi ho hia. Ɛsɛ sɛ nnwuma bi wɔ hɔ a ɛda sɛnea wote nka ankasa wɔ Yehowa ho no adi. (Yakobo 2:20, 26) So woayɛ nneɛma de akyerɛ sɛ wudi yaw wɔ nea ɛteɛ a woanyɛ wɔ mmere a atwam no mu no ho anaa? So aka wo ma woanya ahonu anaasɛ woayɛ nsakrae ma w’asetra ne Yehowa apɛde ahyia anaa? So woadan wo ho, kyerɛ sɛ, woapow ɔkwammɔne bi a ebia na anka wonam so no, na so woafi ase reyɛ nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ? (Asomafo no Nnwuma 3:19; 17:30) Nnwuma a ɛte saa bɛkyerɛ sɛ worepaw nkwa.
AHOSOHYIRA NE ASUBƆ
4. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka wo ma woyɛ Onyankopɔn apɛde? (b) Sɛ wusi gyinae sɛ wopɛ sɛ wosom Onyankopɔn a, dɛn na ɛfata sɛ woyɛ?
4 Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka wo ma wopaw nkwa denam Onyankopɔn apɛde a wobɛyɛ so? Ɛsɛ sɛ anisɔ ka wo ma woyɛ saa. Susuw ho hwɛ: Yehowa ama ayɛ yiye sɛ wobɛde wo ho afi ɔyare, amanehunu, ne owu mpo nyinaa ho! Ɛdenam ne Ba a ɔde no mae sɛ akyɛde a ɛsom bo so no, wabue ɔkwan a ɛde kɔ nkwa a enni awiei mu wɔ paradise asase so ama wo. (1 Korintofo 6:19, 20; 7:23; Yohane 3:16) Sɛ Yehowa dɔ no ka wo ma wo nso wodɔ no a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? (1 Yohane 4:9, 10; 5:2, 3) Ɛsɛ sɛ wokɔ Onyankopɔn anim wɔ Yesu din mu na woka kyerɛ no mpaebɔ mu sɛ wopɛ sɛ woyɛ ne somfo, sɛ wopɛ sɛ woyɛ ne de. Saa kwan yi so no wuhyira wo ho so ma Onyankopɔn. Eyi yɛ ade a wo ankasa woyɛ, wɔ kokoam. Obi foforo biara ntumi nyɛ mma wo.
5. (a) Bere a woahyira wo ho so ama Onyankopɔn akyi no, dɛn na ɔhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ? (b) Mmoa bɛn na wo nsa betumi aka wɔ w’ahosohyira no ho dwumadi mu?
5 Bere a woahyira wo ho so ama Onyankopɔn akyi no, ɔbɛhwɛ kwan sɛ wubedi ho dwuma. Enti ma ɛnna adi sɛ woyɛ obi a wudi w’asɛm so denam saa gyinaesi anaasɛ ahosohyira yi mu a wubekura, bere tenten a wote ase no so. (Dwom 50: 14) Sɛ wo ne Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no nantew a, mfɛfo Kristofo a wɔn ani begye sɛ wɔde nkuranhyɛ ne mmoa a efi ɔdɔ mu bɛma wo betumi aboa wo.—1 Tesalonikafo 5:11.
6. (a) Sɛ wuhyira wo nkwa so ma Onyankopɔn a, adeyɛ bɛn na ɛho hia afei? (b) Dɛn na asubɔ kyerɛ?
6 Nanso, ɛsɛ sɛ woyɛ nea ɛsen ka a wobɛka akyerɛ Yehowa kokoam sɛ wopɛ sɛ woyɛ ne de. Ɛho hia sɛ woda no adi wɔ afoforo anim sɛ woahyira wo ho so sɛ wobɛsom Onyankopɔn. Ɔkwan bɛn so na woyɛ eyi? Denam nsu mu asubɔ so. Nsu mu asubɔ a ɛte saa da no adi wɔ baguam sɛ obi ahyira ne nkwa so ama Yehowa na ɔde ne ho rema sɛ ɔbɛyɛ N’apɛde.
7. (a) Nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa Kristofo? (b) Dɛn nti na asubɔ a Yesu kaa ho asɛm no nyɛ mmofra asubɔ?
7 Sɛ́ nsu mu asubɔ yɛ ade a ɛho hia no yɛ nea nhwɛso a Yesu Kristo yɛe no da no adi. Yesu anka ankyerɛ n’Agya ara kwa sɛ waba sɛ ɔrebɛyɛ N’apɛde. (Hebrifo 10:7) Bere a ɔrebefi n’adwuma wɔ asase so sɛ Onyankopɔn ahenni ho ɔsɛnkafo no ase no, Yesu de ne ho maa Yehowa na wɔbɔɔ no asu nsu mu. (Mateo 3:13-17) Esiane sɛ Yesu yɛɛ nhwɛso no nti, ɛsɛ sɛ wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde nnɛ no gye asubɔ. (1 Petro 2:21; 3:21) Nokwarem no, Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ amanaman nyinaa asuafo na wɔmmɔ saa asuafo afoforo yi asu. Eyi nyɛ nkokoaa asubɔ. Ɛyɛ nnipa a wɔabɛyɛ gyidifo, a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsom Yehowa no asubɔ.—Mateo 28:19; Asomafo no Nnwuma 8:12.
8. Sɛ wopɛ sɛ wɔbɔ wo asu a, hena na ɛsɛ sɛ woka kyerɛ no wɔ asafo no mu, na dɛn ntia?
8 Sɛ woayɛ w’adwene sɛ wobɛsom Yehowa na wopɛ sɛ wɔbɔ wo asu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɛsɛ sɛ woka ɔpɛ a wowɔ yi ho asɛm kyerɛ Yehowa Adansefo asafo a wo ne wɔn bɔ fekuw no mu ɔhwɛfo guamtrani no. Ɔno, ne mpanyimfo afoforo a wɔwɔ asafo no mu no, ne wo bɛbobɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wuhu na woatumi asom Onyankopɔn ɔkwan pa so no ho nkɔmmɔ anigye so. Afei wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe ma wɔabɔ wo asu.
ONYANKOPƆN APƐDE MA WO NNƐ
9. Dɛn na Noa yɛe ansa na nsuyiri no reba a ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ woyɛ nnɛ?
9 Ansa na nsuyiri no reba no, Yehowa de Noa, “a ɔyɛ treneekafo,” dii dwuma ma ɔbɔɔ ɔsɛe a na ɛreba no ho kɔkɔ. Ɔtwee adwene kɔɔ ahobammɔ koro pɛ a na ɛwɔ hɔ, a ɛne adaka, no so. (Mateo 24:37-39; 2 Petro 2:5; Hebrifo 11:7) Onyankopɔn pɛ ne sɛ woyɛ asɛnka adwuma a ɛte saa ara nnɛ. Yesu ka siei wɔ yɛn bere yi ho sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba. (Mateo 24:14) Ɛsɛ sɛ afoforo hu nneɛma a woasua a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ho no, sɛ wobenya nkwa wɔ nhyehyɛe yi awiei no mu na wɔatra ase daa a. (Yohane 17:3) So ɛnka wo koma sɛ wo nso wo ne afoforo bɛkyɛ saa nimdeɛ a ɛma nkwa yi?
10. (a) Yesu nhwɛso bɛn na ɛsɛ sɛ nnipa ho dɔ ka wo ma wudi akyi? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ asɛnka adwuma no fã kɛse no ara?
10 Di Kristo nhwɛso akyi. Wantwɛn amma nkurɔfo amma ne nkyɛn, na mmom ɔkɔhwehwɛɛ wɔn a wobetie Ahenni asɛm no. Na ɔka kyerɛɛ n’akyidifo—wɔn nyinaa—sɛ wɔnyɛ saa ara. (Mateo 28:19; Asomafo no Nnwuma 4:13; Romafo 10:10-15) Bere a wɔredi Kristo akwankyerɛ ne nhwɛso akyi no, Kristofo a wodi kan no kɔɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie. Wɔde Ahenni asɛm no kɔɔ “afie afie.” (Luka 10:1-6; Asomafo no Nnwuma 20:20) Eyi da so ara yɛ ɔkwan titiriw a nokware Kristofo fa so yɛ wɔn som adwuma no wɔ yɛn bere so.
11. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn ahenni ho asɛnka no gye akokoduru, na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro? (b) Yehowa bu adwuma a yɛyɛ no dɛn?
11 Saa adwuma yi yɛ gye akokoduru. Satan ne ne wiase yi bɛbɔ mmɔden sɛ wobesiw wo kwan, sɛnea wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobesiw Kristo akyidifo a wodi kan no kwan wɔ asɛnka no ho no. (Asomafo no Nnwuma 4:17-21; 5:27-29, 40-42) Nanso ɛnsɛ sɛ wusuro. Sɛnea Yehowa gyinaa Kristofo a wodi kan no akyi na ɔhyɛɛ wɔn den no, ɔbɛyɛ saa ara ama wo nnɛ. (2 Timoteo 4:17) Enti nya akokoduru! Da no adi sɛ wodɔ Yehowa ne wo yɔnko nnipa ampa denam asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛde nkwagye ba no mu kyɛfa yiye a wunya so. (1 Korintofo 9:16; 1 Timoteo 4:16) Yehowa werɛ remfi w’adwuma, na mmom ɔbɛma wo ɛso akatua pii.—Hebrifo 6:10-12; Tito 1:2.
12. Dɛn na yebetumi asua afi Lot yere nhwɛso no mu?
12 Biribi a ɛsom bo titiriw biara nni hɔ a nhyehyɛe dedaw yi betumi de ama, enti nsusuw sɛ sɛ wotwe wo ho fi ho a na worehwere biribi. Yesu kae sɛ, “Monkae Lot yere.” (Luka 17:32) Bere a ɔne n’abusua guan fii Sodom no, n’ani beree nneɛma a na wagyaw wɔ akyiri no. Onyankopɔn huu faako a ne koma wɔ, na ɔbɛyɛɛ nkyene siw. (Genesis 19:26) Nyɛ te sɛ Lot yere! Fa w’ani si nea ɛwɔ anim, “nokware nkwa” wɔ Onyankopɔn trenee nhyehyɛe foforo no mu, no so.—1 Timoteo 6:19.
PAW DAA NKWA WƆ PARADISE WƆ ASASE SO
13. Yesu kaa gyinae a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa si no ho asɛm dɛn?
13 Nokwarem no, nneɛma abien na ɛsɛ sɛ wopaw biako. Kristo de too akwan abien a ɛsɛ sɛ wɔpaw biako ho. Ɔkae sɛ, ɔkwan no biako ‘sõ na ɛtrɛw.’ Wɔn a wɔnam saa kwan no so no tumi yɛ nea wɔpɛ. Nanso, ɔkwan foforo no yɛ “hihiaa.” Yiw, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnam saa kwan no so no di Onyankopɔn akwankyerɛ ne ne mmara horow so. Yesu kae sɛ nnipa dodow no ara fa ɔkwan a ɛtrɛw no so, na nnipa kakraa bi pɛ na wɔfa ɔkwan hihiaa no so. Ɔkwan bɛn na wobɛpaw? Wo gyinaesi mu no, ma eyi ntra w’adwene mu: Ɔkwan a ɛsõ no bɛba awiei mpofirim—wɔ ɔsɛe mu! Nanso ɔkwan hihiaa no de wo bɛkɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu tɔnn. Ɛhɔ no wubetumi anya asase yi a wobesiesie ma adan paradise fɛfɛɛfɛ no mu kyɛfa, faako a wubetumi atra ase daa wɔ anigye mu.—Mateo 7:13, 14.
14. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ ne fã na woanya nkwa akɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu?
14 Nsusuw sɛ akwan ahorow ahorow wɔ hɔ a wubetumi afa so anya nkwa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu. Ɔkwan koro pɛ na ɛwɔ hɔ. Na adaka biako pɛ na ɛwɔ hɔ a etwaa Nsuyiri no, ɛnyɛ ahyɛn bebree. Na ahyehyɛde biako pɛ—Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no—na ebetwa “ahohiahia kɛse” a ɛreba ntɛmntɛm no. Ɛnyɛ nokware sɛ ɔsom ahorow nyinaa kɔ faako. (Mateo 7:21-23; 24:21) Ɛsɛ sɛ woyɛ Yehowa ahyehyɛde no fã, yɛ Onyankopɔn apɛde, na wo nsa aka ne nhyira a ɛyɛ daa nkwa no.—Dwom 133:1-3.
15. (a) Dɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ da biara da? (b) Anidaso bɛn na ɛsen adaeso ara kwa?
15 Enti ma Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo a wahyɛ ho bɔ no mfonini ntra w’adwene ne wo koma mu yiye. Susuw akatua a ɛso nni a Yehowa Nyankopɔn de ahyɛ wo bɔ no ho da biara da—asetra a enni awiei wɔ Paradise wɔ asase so. Eyi nyɛ adaeso. Ɛyɛ nokware ankasa! Efisɛ Bible mu bɔhyɛ no bɛbam a akyinnye biara nni ho: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem . . . Sɛ wogu abɔnefo ase a wubehu.”—Dwom 37:29, 34.
[Kratafa 251 mfoni]
Hyira wo ho so ma Yehowa . . . na gye asubɔ
[Kratafa 253 mfoni]
“Kae Lot yere”
[Kratafa 254 mfoni]
Ma Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no ntra w’adwene ne wo koma mu yiye