-
Yehowa Nhyira Na Ɛyɛ ƆdefoƆwɛn-Aban—1986 | November 1
-
-
5. Ná Yesu adwene wɔ ahonyade ho ne dɛn?
5 Ná Yesu taa ka ahonyade ho asiane no ho asɛm, efisɛ ɛyɛ asiane a, obiara hyia, wɔn a wɔyɛ adefo ne wɔn a wɔnyɛ adefo. (Mateo 6:24-32; Luka 6:24; 12:15-21) Sɛ́ nea obi begyina so ahwehwɛ ne ho mu no, susuw nea Yesu kae bere bi a wɔada no adi wɔ Mateo 19:16-24; Marko 10:17-30; ne Luka 18:18-30 no ho. Dɛn nti na wunnyina mprempren na wonkenkan nsɛm yi mu biako anaa ne nyinaa?
6, 7. (a) Nkɔmmɔbɔ bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Yesu ne aberante bi ntam? (b) Ɛno akyi no, afotu bɛn na Yesu de mae?
6 Sodifo kumaa bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no sɛ “Dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” Yesu twee n’adwene sii Mmara no so de kyerɛe sɛ ɛnyɛ nea Yehowa ankyerɛ nea ɛho hia. Ɔbarima no buae sɛ wadi Onyankopɔn mmara so ‘fi ne mmofraase.’ Ná ɛte sɛ nea wasi nkwa kwan so, nanso ohui sɛ aka no biribi. Ebia na osusuw sɛ papa foforo bi ka bo, mmaninne bi, a ɛno na ɛbɛyɛ adeyɛ a etwa to a ɛma obi hyɛn ɔpon a ɛkɔ daa nkwa mu no mu. Yesu mmuae no kyerɛ pii: “Kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi!” Dɛn na esii‘? “Na ɔtee eyi no, ɛyɛɛ no awerɛhow sɛ; efisɛ ɔyɛ ɔdefo kɛse [anaasɛ, na ɔwɔ ahonyade pii].” Enti ɔbarima no gyaw no hɔ kɔe.—Luka 18: 18, 21-23; Marko 10:22.
-
-
Yehowa Nhyira Na Ɛyɛ ƆdefoƆwɛn-Aban—1986 | November 1
-
-
8. (a) Ná Yudani sodifo kumaa no te sɛ hena? (b) Ná sintɔ bɛn na ɔwɔ, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛno ho hia yɛn?
8 Ebia nea ɛbɛboa wo ma woate saa sodifo kumaa no tebea no ase ne sɛ wobɛyɛ nnɛyi nsɛso ho mfonini—Kristoni kumaa a ne ho tew a ɔwɔ Bible mu nimdeɛ pa, nea ne bra ye a ofi adefo abusua mu. Ebia w’ani bɛbere onipa a ɔte sɛɛ nnɛ. Nanso Yesu hui sɛ Yudani aberante yi tɔ sin kɛse: Ná ne sika anaa ahonyade no ho hia no dodo wɔ n’asetra mu. Enti na Yesu de saa afotu no mae no. Wutumi hu nea enti a Bible mu asɛm yi fa yɛn nyinaa ho, sɛ́ yɛyɛ adefo anaa ahiafo, no. Sika ne ahonyade betumi abɛyɛ nea ɛho hia dodo ma yɛn mu biara, sɛ́ ɛyɛ nea yɛwɔ bi dedaw anaasɛ afei na yɛpɛ sɛ yenya bi.
-