Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 3/8 kr. 20-23
  • Yerusalem Sɛe—Kɔkɔbɔ Ma Yɛn Da Yi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yerusalem Sɛe—Kɔkɔbɔ Ma Yɛn Da Yi?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnua a Wɔasensen Ano Mfeamfeaa a Wɔde Atwa Ka
  • Aduankɔm
  • Mmara So a Wonni
  • Atoro Adiyifo
  • Wɔannyaw Ɔbo Ɔbo So
  • Na Nnɛ Nso ɛ?
  • Bible Nkɔmhyɛ Mu Gyidi Gye Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Eyi Ne Nna a Edi Akyiri No Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Josephus Beresosɛm a Ɛyɛ Anigye No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • ‘Dɛn na Ɛbɛyɛ Wo Ba ho Sɛnkyerɛnne?’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 3/8 kr. 20-23

Yerusalem Sɛe​—Kɔkɔbɔ Ma Yɛn Da Yi?

YERUSALEM! Wobetumi abɔ din yi brɛoo wɔ mpaebɔ mu, abɔ denneennen wɔ abufuw mu, anaasɛ wɔabu ani agu so wɔ amansɛmdi mu adɛfɛdɛfɛsɛm mu, nanso ɛtaa kanyan nkate a emu yɛ den. Nanso so ɛnyɛ yaw sɛ kurow a ne din no kyerɛ “Nea ɔwɔ asomdwoe [anaasɛ, “nhyɛase”] a ɛbɔ ho abien,” no ayɛ nea amanaman adi akameakame wɔ ho mfirihyia pii ni?

Yudafo, Kristofo ne Nkramofo te nka sɛ kurow no yɛ kronkron ma wɔn, na wɔyɛ ntɛm dan wɔn ani kyerɛ Bible no de gyina nea wɔka no akyi. Nanso nea ɛyɛ anigye titiriw ne nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ nkɔmhyɛ ahorow wɔ Bible no mu a ɛfa nea ɛbɛto Yerusalem ho, na saa nkɔmhyɛ ahorow yi kyerɛkyerɛ nneɛma a amanaman ani begye ho mu. So ebia na eyi fa nea ɛrekɔ so wɔ hɔ no ho mprempren?​—Mat. 24:3-22; Luka 21:5-24.

Wɔ mmuaema mu no, nea edi kan no susuw nea Bible ne abakɔsɛm ka kyerɛ yɛn a ɛfa nea ɛtoo afe a edi kan no mu Yerusalem no ho. Yesu Kristo kaa asɛm bi siei wɔ afe 33 Y.B. mu a ɛfa kurow no sɛe ne n’asɔrefi no sɛe koraa ho. Dɛn ntia?

Nna abien pɛ ansa na ɔde saa nkɔmhyɛ yi rema no na Yesu atra aboa so akɔ Yerusalem sɛ ɔde ne ho kɔma wɔn sɛ wɔn hene. Nanso ɔman no mu mpanyimfo pow no sɛ sodifo a Onyankopɔn asoma no. Akyiri no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ wobegye Onyankopɔn ahenni no afi wɔn nsam na wɔde akɔma ɔman a ɛsow n’aba. Na wɔn ankasa de ‘wobebubu wɔn, wɔbɛpɛtɛw wɔn.’​—Mat. 21:1-15, 42-46; Yoh. 19:12-15.

Abakɔsɛm mu nokwasɛm di adanse pefee sɛ Roma asraafo a wɔwɔ ɔsahene Tito ase no dii Yesu nsɛm yi ho dwuma kosii ase, ɛno akyi mfirihyia 37 pɛ, wɔ afe 70 Y.B. mu. Ɔkwan a nkɔmhyɛ yi faa so baa mu no mu ntim tiaa bɛda nneɛma bi adi akyerɛ yɛn. Emu nkyerɛkyerɛmu kakraa bi ni:

Nnua a Wɔasensen Ano Mfeamfeaa a Wɔde Atwa Ka

Wɔ sɛnea Yesu nkɔmhyɛ no baa mu nokware no, yebetumi aka nea ɔkae yi ho asɛm: “Mo atamfo de nnua a wɔasensen ano mfeamfeaa betwa woho ka, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn na wɔafi akwan horow nyinaa ahaw wo.”​—Luka 19:43, NW.

Obiara a n’adwenem yɛ no naa wɔ nea Yesu ka siei wɔ afe 33 Y.B. mu no ho no besusuw sɛ: ‘Dɛn? Sɛ wɔde nnua begye ban akwansin pii atwa Yerusalem ho wɔ abon a ɛho nantew yɛ den mu? Na atamfo a wɔbɛhaw wɔn ne nnua a wobetwa afi akyirikyiri de aba no nso ɛ? Hwɛ sɛnea ɛyɛ nkwaseasɛm sɛ obi bɛhyɛ bɔ a ɛte sɛɛ!’ Nanso dɛn na ɛbae mfirihyia 37 akyi?

Yesua fi Josephus hɔ sɛ bere a Romafo no twaa Yerusalem ho ka na wɔagye n’afasu abiɛsa a wɔfa so bɔ ɔman no ho ban no mu abien no, wɔpaa abaw. Dɛn ntia? Esiane ɔsɔretia a na emu yɛ den a na Yudafo no de hyia wɔn nti ne esiane sɛ Romafo no mu pii wuwui nti. “Pii tee ase ankasa sɛ sɛ wonni nea ɛkyɛn akode a wɔrentumi nnye Kurow no da.”​—The Jewish War, a G. A. Williamson kyerɛɛ ase, Penguin Classics Edition, 1959, p. 296.

Dɛn na Tito bɛyɛ? Aberante ɔsahene a ɔhwehwɛ anuonyam yi sii gyinae sɛ “sɛ ahoɔhare ne n’asraafo no nkwa so kora ho bɛba mfaso a na ɛsɛ sɛ ogye ban twa Kurow mu no nyinaa ho.” Ban a wobegye yi bɛyɛɛ akansi a ɛda asraafo akuw horow no ntam, eyi maa asraafo no de anigye yɛe a wɔde ammirikatu bɔɔ mmɔden sɛ wobewie na wɔn nsa aka. Dɛn na efii mu bae?

“Ban no tenten yɛ akwansin 4 1/2 . . . nanso wɔde nnansa yɛɛ adwuma yi wiei, ɛwom sɛ na anka ebegye wɔn asram pii​—ahoɔhare a wɔde yɛe no yɛ nea na ɛyɛ den sɛ wobegye adi.” Ka a wɔde “nnua a wɔasensen ano mfeamfeaa atwa.” Eyi ne nea Yesu aka ato hɔ no! Na dɛn na efii mu bae? Ɔsɛe! ma kurow no ne emu nnipa pii.

Nanso so wunim sɛ Yesu hyɛɛ nkɔm faa tebea horow a ɛbɛba a awiei no nea ebefi mu aba no bɛdan eyi? Susuw nea ɔka faa aduankɔm, mmara so a wonni bio, ne atoro adiyifo a ɛbɛba wɔ saa mfe no mu no ho.

Aduankɔm

Yesu ka siei sɛ nea ebedi Yerusalem sɛe no anim aba ne aduankɔm.​—Marko 13:8; Mat. 24:7.

Nkɔm a ɔhyɛe yi baa mu nokware. Sɛ nhwɛso no, Asomafo no Nnwuma 11:27-30 bɔ amanneɛ sɛ: “Na nna no mu no, adiyifo bi fii Yerusalem baa Antiokia. Na wɔn mu biako a ne din de Agabo sɔre nam honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbae Klaudio bere so no [41-54 Y.B.]. Na asuafo no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmiako mmiako de biribi bɛmena anuanom a wɔte Yudea no, sɛnea wɔn mu biara betumi, na wɔde ahwɛ wɔn. Wɔyɛɛ saa, na wɔde somaa Barnaba ne Saul ma wɔde kɔmaa mpanyimfo no.”

Ɛda adi pefee sɛ Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛkyerɛɛ saa ɔko no mu wɔ ne nhoma Jewish Antiquities (Book XX, Chap. 2, par. 5, Loeb Edition) no mu. Josephus kae sɛ wɔ saa bere no mu no, na Yerusalem kuropɔn no ho akyere no esiane ɔkɔm no nti, na pii rewuwu wɔ sika a wonni a wɔde bɛtɔ nea ehia wɔn nti.’

Mmara So a Wonni

Na aduankɔm yɛ ɔhaw horow a na Yesu aka asie sɛ ɛbɛba wiase ansa na Yerusalem ɔsɛe no aba no mu biako. Ɔbɔɔ din bio nso sɛ esiane mmarato a ɛbɛdɔɔso nti ɔdɔ a nipa wɔ ma ofipamfo ne nnipa afoforo no ano bedwo.​—Mat. 24:12.

Ɛwom sɛ saa mmarato yi bae wɔ Romafo wiase no afa horow de nanso ɛda adi titiriw wɔ Yudea bere a Yudafo no tee atuatew nka kɛse no. Yɛkenkan fa akuw horow a wokura akode a wodi akɔneaba wɔ Yudea aman horow no mu wɔ Roma amrado Felix bere mu (bɛyɛ 48-58 Y.B.) , “a wɔfow nnipa a wɔyɛ adefo afie, kunkum nnipa a wɔwɔ mu na wɔhyew nkuraa ahorow de kosii sɛ wɔn adammɔ adeyɛ yi hyɛn Yudea man no fa baabiara” ho asɛm. Eyi bae ansa na Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no reguan afi kurow no mu wɔ afe 66 Y.B. mu.​—The Jewish War, p. 186.

Atoro Adiyifo

Nanso ɛnyɛ ne nyinaa ni! Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ “na atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.”​—Mat. 24:11.

Wɔkae sɛ atoro adiyifo ahorow sɔree wɔ amrado Felix nniso bere mu. “Asisifo ne nnaadaafo a wɔka sɛ honhom aba wɔn so, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔde ɔman anidan bɛba denam ɛdɔm a wodi anim a wɔboapa yɛ sɛ honhom bi aka wɔn no so, na wodi wɔn anim de kɔ sare so a wɔboapa ka sɛ ɛhɔ na Onyankopɔn beyi sɛnkyerɛnne bi a ɛfa ahofadi a ɛreba no ho akyerɛ wɔn. Bere a Felix hui sɛ eyi ne atuatew sɛnkyerɛnne a edi kan no, ɔsomaa asraafo a wɔde akode pii asiesie wɔn ho ma wɔkɔ sɛee saa nnipakuw a wɔaboaboa wɔn ho ano no koraa.” (The Jewish War, p. 135) Saa atoro adiyifo yi mu biako yɛ Misraimni, sɛnea Josephus kyerɛ no. Ɛda adi pefee sɛ Roma ɔsahene a ɔkyeree ɔsomafo Paulo wɔ Yerusalem no susuwii sɛ na ɔne saa atoro diyifo no.​—Aso. 21:37, 38.

Wɔannyaw Ɔbo Ɔbo So

Mpaemuka a ɛfa Yesu nkɔmhyɛ no ho mu nea ɛyɛ soronko titiriw ne nea ɛfa Yerusalem asɔrefi no ho. Ɛnyɛ sɛ ɛbɛhwe atamfo nsam ara kwa, na mmom wɔbɛsɛe no koraa, a wɔrennyaw ɔbo ɔbo so!​—Luka 21:5, 6.

Ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ na Yerusalem asɔrefi no yɛ nea wogyina so hoahoa wɔn ho a ɛnyɛ ɛhɔ nko na wɔyɛ saa na mmom wɔ Romafo Ahemman no nyinaa mu. Herode ɔkɛseɛ a ɔyɛ ɔhene a Roma Baguafo no paw no no na ofii ase sɛ ɔbɛtrɛw mu na wasi ama ayɛ fɛ. Wobuu eyi sɛ adansi ho nimdeɛ ne mmɔdenbɔ a ɛyɛ fɛ sen biara, na wɔde wɔn a wɔadan wɔn ho Yudafo akyɛde ne afoforo a efi wiase nyinaa a na saa bere wonim no kaa adansi ho nhyehyɛe yi ho.

Josephus hoahoaa ne ho: “Sɛ wufi asɔrefi no akyi hwɛ a na ɛwɔ biribiara a ɛbɛyɛ onipa adwene anaasɛ n’aniwa fɛ. Na wɔde sika kɔkɔɔ aka ho nyinaa, na sɛ owia pae gu so a ne hyerɛn no ma obi a ɔpɛ sɛ ɔhwɛ no dan n’ani esiane sɛ ɛwowɔ n’aniwam te sɛ obi a ɔrehwɛ owia mu ankasa nti.”​—The Jewish War, p. 394.

Sɛnea na Josephus kyerɛ no, bere a ɔsahene Tito bɔɔ ɔko ho gua na osii gyinae sɛ ɔrensɛe asɔrefi no, ɛbɛyɛɛ te sɛ nea Yesu nkɔmhyɛ no remma mu. Nanso dɛn na ɛbae? Wɔ saa gyinaesi yi nyinaa akyi, bere a wogu so ko de agye asɔrefi no, Roma ɔsraani bi a onnim tow ogyatanaa kɔhwee asɔrefi hɔ, na ankyɛ na asɔrefi fɛfɛ yi nyinaa fii ase hyewee. Mmom eyi annwiri asɔrefi no abo akɛse no angu fam. So wobegyaw wɔn saa ara?

Bere a wɔagye kurow no na afei wɔahyew asɔrefi no, afei Tito “hyɛɛ wɔn sɛ wommubu kurow no ne asɔrefi no nyinaa ngu fam,” na nea wogyawee ne asraafo aban tenten ahorow bi a wɔfa so hu ɛka a Romafo no twae no. Wɔ sɛnea Yudafo no ne ɔsahene no susuw nyinaa akyi no, Yesu nsɛm no baa mu nokware!

Na Nnɛ Nso ɛ?

Bible no kyerɛ bio sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn nnɛ da yi mu no behyia ɔsɛmpɔw bi a ɛfa sodi ho. Bible mu akontaabu kyerɛ sɛ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 Y.B. mu na wɔde tumi hyɛɛ Yesu Kristo nsa wɔ ɔsoro sɛ onni adesamma nyinaa so hene.a Yehowa Adansefo nam asɛm a waka no wɔ wiase nyinaa no so ama nnipa ate gyinaesi a esi wɔn anim no.

Wiase no gye eyi so dɛn? Nnipa pii nni ho anigye? Wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no mpo no mu dodow no ara nam wɔn asetra kwan so ka sɛ: ‘Yenni sodifo biara sɛ amammui man no!

Dɛn na eyi de bɛba? Bue wo Bible na w’ankasa kenkan nea wɔakyerɛw wɔ Mateo ti 24 ne 25, Marko 13 ne Luka 21. Ɛda adi sɛ na Yesu reka nneɛma a ɔka kyerɛɛ saa wiase no ansa na Yerusalem sɛe no reba no akyerɛ yɛn awo ntoatoaso yi. Ɔko, aduankɔm, mmarato ne atoro ho nkɔm ahorow a wɔhyɛ a wɔkaa ho asɛm siei no da adi pefee, te sɛ “sɛnkyerɛnne” a Yesu de mae no mu nneɛma afoforo no. Sɛnea pɛsɛmenkominya ne awudi yɛɛ nea na ɛda adi wɔ saa tete wiase no mu no ho no, saa ara nso na ɛyɛ nokware wɔ wiase no mu nnɛ. Enti, ɔsɛe nso da yɛn anim​—ɛda hɔ ma nneɛma nhyehyɛe no nyinaa.​—Mmeb. 2:21, 22.

Nanso wɔn a wɔdɔ trenee no fam de mprempren ɔhaw horow no kyerɛ ogye a ɛbɛba. Efisɛ Yesu nso kae sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”​—Luka 21:28.

Wogye yɛn akɔ dɛn mu? Nhyehyɛe foforo a emu no wɔn a wɔdɔ trenee nyinaa betumi atra mu wɔ nokware dwoodwoo asetra mu wɔ Onyankopɔn ahenni no ase. (Luka 21:31; Mik. 4:3, 4) So akwanhwɛ a ɛte sɛɛ yɛ nea wopɛ? Sɛ ɛte saa, mprempren yi ne bere a ɛsɛ sɛ wo ne nnipa a wogye eyi di, na wosua Bible no wɔ wɔn Ahenni Asa so bere nyinaa, a wɔn ani da so sɛ wɔbɛtra ase wɔ ɔkwan a ɛnyɛ sɛ wɔn kasa, na mmom wɔn nneyɛe mpo bɛkyerɛ sɛ wogye Onyankopɔn nniso no di ankasa no bɛbɔ anan anantew.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ nhoma Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ​—ƐHE NA EFI? a Ɔwɛn-Aban Asafo no yɛe no mu.

[Box on page 23]

“Na wo, onipa ba, wo man mma keka wo ho nsɛm afasu ho ne adan no apon ano, na obi ne obi, obi ne ne nua kasa sɛ: Mommra mmetie asɛm ko a efi Yehowa hɔ ba no ɛ! Na wɔba wo nkyɛn sɛ ɔman bi ba, na wɔate wo nsɛm, nanso wɔrenni so. Na hwɛ, woyɛ wɔn sɛ dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ na onim sankubɔ yiye; na wɔte wo nsɛm de, nanso wonnni so. Na enya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wobehu sɛ odiyifo atra wɔn mu pɛn.”​—Hes. 33:30-33.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena