-
Asetra A Eye Sen Biara—Ɛrenkyɛ Na AbaNyan!—1981 | April 8
-
-
“NA ƆKƆM . . . BƐBA”—Mat. 24:7
Aduan a ɛdɔɔso a enni hɔ “rehaw nnipa ɔpepem bebree mprempren”! “Ɔkɔm atra hɔ bere nyinaa, nanso sɛnea ɛte nnɛ no yɛ nea afei de ɛso dodo efisɛ ɔkɔm reyɛ akum nnipa bɛyɛ ɔpepem 400.”—London “Times (1980) .
“ASASEWOSOW BƐBA MMEAEMMEAE”—Mat. 24:7
“Wɔ bere a egyee mfirihyia 1,059 (efi 856 besi 1914) no, akontaabu a wotumi de wɔn ho to so kyerɛ sɛ asasewosow akɛse 24 pɛ na ɛbae na ekum nnipa 1,973,000. Nanso yehu sɛ wɔ mfirihyia 68 pɛ mu no asasewosow 48 a aba no akum nnipa 1,600,000, efi 1915 besi 1978. . . . Yɛn awo ntoatoaso no ti nye koraa.”—Italia atesɛm krataa “11 Piccolo (1978) .
-
-
Asetra A Eye Sen Biara—Ɛrenkyɛ Na AbaNyan!—1981 | April 8
-
-
“ƆYAREDƆM BƐBA”—Luka 21:11
“Spanish Influenza nsanyare a ɛbae 1918 mu no trɛw faa asase no so kum nnipa ɔpepem 21 na efi hɔ yerae amonom hɔ ara,” na eyi ne amanneɛbɔ a “Science Digest” (1977) bɔe. Ɛde kaa ho sɛ: “Owu a ne tirim yɛ den na ɛba ntɛm mmae saa da wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu . . . sɛ saa nsanyare a etwa nnipa gu yi kɔɔ so saa ara a anka adesamma nyinaa sae wɔ asase so wɔ asram kakraa bi pɛ mu.” Wɔ ɛno akyi mpo no samee, komayare, babaso ahorow, atiridii ahorow a emu yɛ den, anifurae a efi asubɔnten ho ntummoa a wɔfrɛ wɔn nkontia (onchocerciasis) ayɛ nea ɛsan nnipa bebree; wodi nnipa dɛm na wokum ɔpepem bebree.
-