Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 10/15 kr. 5-8
  • Osuro—Abu So Nnɛ Nanso Ɛntra Hɔ Daa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Osuro—Abu So Nnɛ Nanso Ɛntra Hɔ Daa!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔko Ho Suro a Ɛteɛ
  • Asase ne Nkwa a Ɛwɔ So a Wɔresɛe no Kɛse
  • Ɛbɛkɔ So Asɛe Anaa Ɛbɛyɛ Yiye?
  • Sɛnea Akodi Yɛ Mmofra Pasaa
    Nyan!—1997
  • So Aka Akyiri Sen Sɛnea Wususuw?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Wiase Awiei” Abɛn!
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Onyankopɔn Suro​—So Ɛho Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 10/15 kr. 5-8

Osuro—Abu So Nnɛ Nanso Ɛntra Hɔ Daa!

ƐNYƐ wɔn a wosua Onyankopɔn Asɛm no nwonwa sɛ osuro abu so saa. Sɛnea Yehowa Adansefo abɔ dawuru kɛse wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu no, adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ yɛte adesamma abakɔsɛm mu bere bi a wɔahyɛ no agyirae mu. Wunim sɛ osuro a abu so na ɛhyɛ no agyirae. Nanso, bere tenten bi a atwam no, Yesu hyɛɛ yɛn bere yi ho agyirae. Ná ɔrebua asomafo no nsemmisa a ɛfa ne ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe awiei, anaa “wiase awiei” ho no.—Mateo 24:3.

Nea Yesu ka siei no fã bi na ɛwɔ ha yi:

“Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so. Na asasewosow kɛse bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛba; na ahude ne nsɛnkyerɛnne akɛse befi soro aba.”—Luka 21:10, 11.

Wohyɛɛ asɛm a ɔka faa “ahude” ho no nsow? Akyiri yi, wɔ saa mmuae koro no ara mu no, Yesu kaa osuro ho asɛm titiriw bi a ɛbɛka wo ne w’adɔfo tẽẽ ɔkwan biara so. Nanso ansa na yɛbɛkɔ ɛno so no, ma yensusuw adanse foforo bi a ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri mu ho kakra.—2 Timoteo 3:1.

Ɔko Ho Suro a Ɛteɛ

Asraafo ntam akodi asɛe asase no afã pii. Sɛ nhwɛso no, Geo nsɛmma nhoma no frɛɛ abura a wotu pɛtro wom a na ɛrehyew wɔ nnansa yi Mfinimfini Apuei akodi no awiei sɛ “nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho asiane a ɛsen biara a onipa ama aba.” Akodi akunkum nnipa ɔpepedudu pii anaasɛ adi wɔn dɛm. Wɔ asraafo ne wɔn a wɔnyɛ asraafo a wowuwui wɔ Wiase Ko I mu akyi no, wokunkum nnipa ɔpepem 55 wɔ Wiase Ko II no mu. Kae sɛ, sɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wiase awiei abɛn no fã no, Yesu kae sɛ “ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.”

Yɛrentumi mmu yɛn ani ngu mmɔden a onipa abɔ sɛ ɔbɛtɔre mmusua ase—mmusuakuw anaa nkurɔfo nyinaa a wɔsɛe wɔn—no so. Armeniafo, Cambodiafo, Yudafo, Rwandafo, Ukrainefo, ne afoforo ɔpepem pii a wɔawuwu no de bi aka adesamma mogyahwiegu a ɛyɛ hu wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no ho. Nnipakum no kɔ so wɔ nsase a nyamesom mu kateeyɛ hyɛ mmusua ntam nitan ho nkuran no so. Yiw, akodi da so ara hwie nnipa mogya gu asase so.

Nnɛyi akodi di awu bere a ɔko no aba awiei mpo no. Sɛ nhwɛso no, susuw atopae a wɔde hyehyɛ fam a wɔde pete baabiara no ho. Sɛnea Human Rights Watch, ahyehyɛde a ɛyɛ nhwehwɛmu amanneɛbɔ bi kyerɛ no, “ɔtopae a wɔde ahyehyɛ fam bɛyɛ ɔpepem 100 a ɛwɔ wiase nyinaa no yɛ asiane ma nnipa a wɔnyɛ asraafo no.” Atopae a ɛte saa no kɔ so de mmarima, mmea, ne mmofra a wɔn ho nni asɛm no nkwa to asiane mu bere a ɔko no ba awiei bere tenten no. Wɔka sɛ nnipa mpempem pii na atopae a wɔde hyehyɛ fam no di wɔn dɛm anaa ekunkum wɔn wɔ aman bɛboro 60 mu ɔsram biara. Dɛn nti na wɔnyɛ nkakrankakra nyi ade a edi awu yi mfi hɔ? The New York Times kae sɛ: “Wɔde atopae pii hyehyɛ fam da biara sen nea wɔsɛe no wɔ atopae a woyiyi fi fam dwumadi mu no, enti nnipa a wowuwu no redɔɔso.”

Saa asɛm a epuei wɔ 1993 atesɛm krataa bi mu no bɔ amanneɛ sɛ saa atopae yi a wɔtɔn no abɛyɛ adwuma a ɛma “wonya dɔla ɔpepem 200 afe biara.” “Nnwumakuw ne aban adwumayɛfo bɛyɛ 100 wɔ aman 48 mu” na wɔde ɔtopae “ahorow 340 kɔ aman foforo so kɔtɔn.” Nea enye koraa no, wɔyɛ ɔtopae no bi ma ɛyɛ te sɛ abaduaba sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra ani begye ho! Hwɛ awerɛhow ara a ɛyɛ sɛ wɔhyɛ da de wɔn ani si mmofra a wɔn ho nni asɛm so di wɔn dɛm na wɔsɛe wɔn! Samufo no asɛm a wɔtoo din “Mfiri a Edi Awu Ɔpepem 100” no kyerɛe sɛ atopae a wɔde hyehyɛ fam no “akunkum nnipa pii anaa adi wɔn dɛm asen akodi a wɔde akode a wɔde awuduru yɛ, ne nuklea akode adi nyinaa.”

Nanso ɛnyɛ atopae a wɔde hyehyɛ fam no nko ne aguade a edi awu a wɔtɔn wɔ gua so. Aguadifo adifudepɛfo retɔn akode a ɛho sika si dɔla ɔpepepem pii wɔ wiase nyinaa. The Defense Monitor, a Asoɛe a Ɛhwɛ Ahobammɔ Ho Nsɛm So yɛe no, bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ mfe du a atwam mu no, [ɔman bi a agye din] de akode a ne bo yɛ dɔla Ɔpepepem 135 kɔɔ aman foforo so kɔtɔnee.” Saa ɔman a ɛwɔ tumi yi san “hyɛe sɛ wɔntɔn akode a ɛyɛ hu a ne bo si dɔla Ɔpepepem 63, asraafo nnwuma, ne wɔn ntetee wɔ aman 142 mu.” Enti wɔregu daakye akodi ne onipa amanehunu ho aba. Sɛnea The Defense Monitor kyerɛ no, wɔ “1990 mu nkutoo no, nnipa ɔpepem 5 dii ako na wɔbɔɔ wɔn ho ka boroo dɔla Ɔpepepem 50, na wokunkum nnipa mpem ahanu aduonum, a na wɔn mu dodow no ara nyɛ asraafo.” Nokwarem no, wubetumi asusuw akodi pii a wɔadi fi saa afe no mu, a ama ehu ne owu akã afoforo ɔpepem pii no ho!

Asase ne Nkwa a Ɛwɔ So a Wɔresɛe no Kɛse

Ɔbenfo Barry Commoner bɔ kɔkɔ sɛ: “Migye midi sɛ sɛ wɔanhwɛ ansiw efĩ a wɔde resɛe asase no ano a, awiei koraa no, ɛbɛma asase no abɛyɛ baabi a ɛmfata sɛ nnipa tra.” Ɔtoa so sɛ ɛnyɛ sɛ wonnim ɔhaw no ho biribi, na mmom, ɛyɛ adifudepɛ ankasa nti. Wususuw sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ trenee no bɛhwɛ saa tebea yi daa, na efĩ ho suro akɔ so ahaw yɛn? Onyankopɔn bɛma wɔn a wɔsɛe asase no abu ho akontaa, na afei, wasiesie so. Ɛno yɛ nea Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mmuae a ɔde maa asomafo no wɔ “wiase awiei” ho no fã.

Ansa na yebesusuw ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so de saa akontaabu no aba ho no, ma yɛnhwehwɛ onipa kyerɛwtohɔ mu bio. Nneɛma a onipa resɛe no fã bi kɛkɛ mpo yɛ awerɛhow: nsu yerɛyerɛ ne nnua a wofi adifudepɛ mu twa a ɛsɛe kwae no nyinaa; nuklea ho wura a wɔtow gu basabasa, awuduru, ne nsufĩ; mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a wɔresɛe no; ne nnuru a wɔde gu nhaban so ne nea wɔde kunkum mmoawa mmoawa a wɔmfa nni dwuma ɔkwampa so.

Wɔde aguadi nso sɛe asase wɔ akwan foforo so de pɛ mfaso. Wɔtow nneɛma a asɛe tɔn bebree gu nsubɔnten, ɛpo, mframa, ne dɔte mu da biara da. Nyansahufo de nnwinnade a ɛnenam wim ho wura sɛe wim nneɛma, na wonsiesie hɔ sɛnea yɛbɛka no no. Asase no rebɛyɛ beae a wɔtow nnwinnade a ɛnenam ho wura gu ntɛmntɛm. Sɛ ɛnyɛ ɔkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ asase no a ɛma etumi yɛ ne ho foforo a, anka nneɛma a nkwa wom ntumi ntra yɛn fie a ɛne asase yi so, na anka wura a onipa ankasa yɛ akum no dadaada.

Onipa sɛe n’ankasa ho mpo. Fa tawa ne nnubɔne foforo nom sɛ nhwɛso. Wɔ United States no, wɔato nnuru a ɛtete saa a wɔnom no din “ɔman no akwahosan ho haw a edi kan.” Ɛma saa ɔman no bɔ ka dɔla ɔpepepem 238 afe biara, a wɔsɛe emu dɔla ɔpepepem 34 wɔ “ayaresa a ɛho nhia [a ɛkyerɛ sɛ, anka wobetumi akwati]” ho. Ɛka ahe na wususuw sɛ wɔbɔ wɔ tawanom ho na nnipa dodow ahe na ɛma wowuwu wɔ baabi a wote no?

Biribiara ho kwan a wɔma ne asetra kwan a ɛfata ho a wɔman fi, a nnipa pii kyerɛ sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔde wɔn ho hyem no de nna mu nsanyare a ɛyɛ hu a ekowie owu mu aba, na ɛma nnipa pii wuwu ntɛm. Ɛyɛ nea wɔahyɛ no nsow sɛ kurow akɛse mu atesɛm nkrataa no afã a ɛka ayiyɛ ho asɛm no da nnipa pii a wowuwu wɔ wɔn mfe 30 ne 40 mu no adi seesei. Dɛn ntia? Mpɛn pii no, ɛnkyɛ na wɔn brasɛe no mu amanehunu ato wɔn. Nyarewa a wonya fi nna mu ne ɛho asiane foforo a anya nkɔanim saa no nso ne Yesu nkɔmhyɛ no hyia, efisɛ ɔkae sɛ ‘ɔyaredɔm bɛba mmeaemmeae.’

Nanso, ade a asɛe sen biara no ne onipa adwene ne honhom, anaa ne nneyɛe no. Sɛ wususuw adesɛe ahorow a yɛabobɔ din abesi ha no nyinaa ho a, ɛnyɛ nokware sɛ emu pii no fi adwene a ɛho agu fĩ no? Susuw basabasayɛ a adwene a asɛe de ba no ho, mmonnaato, dwowtwa, ne basabasayɛ afoforo a onipa de yɛ ne yɔnko no ho. Nnipa pii nso ahu sɛ nyinsɛn ɔpepem pii a wotu gu afe biara no yɛ adwene ne honhom fam porɔwee ho sɛnkyerɛnne.

Yehu pii nso wɔ mmofra nneyɛe mu. Awofo ne tumidi foforo a wommu no ka ho bi na mmusua mu apaapae na wobu mmara ne ahyɛde a ɛma wɔyɛ ade sɛnea ɛsɛ animtiaa. Honhom fam nneɛma a mmofra nni na ama wonni osuro pa ma tumidi no. Enti, afɔdi kɛse da wɔn a wɔrekyerɛkyerɛ adannandi, Onyankopɔn a onni hɔ ne nkyerɛkyerɛ foforo a ɛsɛe gyidi no so. Wɔn a wodi fɔ nso ne nyamesom akyerɛkyerɛfo a esiane mmɔden a wɔbɔ sɛ wobegye wɔn atom sɛ nnɛmmafo ne “wɔn a wogye wɔn tom” nti, wɔapow Onyankopɔn Asɛm no. Wɔne afoforo a wɔwɔ wiase nyansa no kyerɛkyerɛ onipa nyansapɛ a ɛbɔ ne ho abira.

Nea afi mu aba nnɛ no da adi. Ɛnyɛ ɔdɔ a wonya ma Onyankopɔn ne mfɛfo nnipa na edi nkurɔfo so, na mmom, adifudepɛ ne ɔtan. Aba bɔne a asow ne ɔbrasɛe, basabasayɛ, ne abasamtu a abu so. Nea ɛyɛ awerɛhow no, eyi ama ehu aka nnipa a wodi nokware, a osuro a ɛne sɛ onipa bɛsɛe ne ho ne okyinsoromma no ka ho.

Ɛbɛkɔ So Asɛe Anaa Ɛbɛyɛ Yiye?

Dɛn na ɛbɛba osuro so wɔ daakye a enni akyiri no? Osuro bɛkɔ so ayɛ kɛse, anaasɛ wobedi so? Ma yɛnhwɛ nea Yesu san ka kyerɛɛ n’asomafo no.

Ɔtwee adwene sii biribi a na ebesi daakye a enni akyiri so—ahohiahia kɛse no. Nsɛm a ɔkae no ni: “Na nna no mu ahohiahia akyi no, ntɛm ara na owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma befi soro ahwehwe ase, na ɔsoro ahoɔden awosow. Ɛno na onipa ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa besu, na wobehu onipa ba no sɛ ɔreba ɔsoro mmununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu.”—Mateo 24:29, 30.

Enti yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛnkyɛ na ahohiahia kɛse no afi ase. Bible nkɔmhyɛ afoforo kyerɛ sɛ ne fã a edi kan no bɛyɛ atoro som so werɛ a wɔbɛtɔ wɔ wiase nyinaa. Afei, nneɛma a ɛyɛ ahodwiriw a yɛaka ho asɛm seesei no, a ɔsoro anwonwade ahorow bi ka ho no bɛba. Dɛn na ɛbɛba nnipa ɔpepem pii so?

Wiɛ, susuw Yesu mmuae a yebenya nkɔmhyɛsɛm a ɛkɔ akyiri wom no ho kyerɛwtohɔ a ɛte sɛ ɛno no ho:

“Na nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkye a ɛrehuru no nti; na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw; efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden.”—Luka 21:25, 26.

Ɛno wɔ yɛn anim. Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na ehu a ɛte saa bɛma wɔatotɔ beraw saa bere no. Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu kae sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”—Luka 21:28.

Ɔkaa saa nkuranhyɛ nsɛm no kyerɛɛ ne nokware akyidifo no. Sɛ́ anka ehu bɛma wɔatotɔ beraw anaa wɔn bo atu no, wobenya biribi agyina so ama wɔn ti so a wonsuro, ɛmfa ho mpo sɛ wonim sɛ ahohiahia kɛse a wɔkaa ho asɛm no afi ase no. Dɛn nti na wɔrensuro?

Efisɛ Bible ka no pefee sɛ nnipa bi benya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse” yi nyinaa mu. (Adiyisɛm 7:14) Kyerɛwtohɔ a ɛhyɛ eyi ho bɔ no ka sɛ sɛ yɛka wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no ho a, yebetumi anya Onyankopɔn nsam nhyira a biribiara ne no nsɛ. Ɛde awerɛhyem a ɛne sɛ Yesu “bɛyɛn wɔn, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu” na ɛba awiei.—Adiyisɛm 7:16, 17.

Ehu a ɛka nnipa nnɛ no renka wɔn—na yebetumi aka ho—a wonya nhyira a ɛte saa no. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ wɔrensuro biribiara koraa, efisɛ Bible no da no adi sɛ osuro pa a ɛfata wɔ hɔ. Asɛm a edi so no besusuw nea eyi kyerɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ ɛka yɛn no ho.

[Kratafa 8 mfonini]

Yehowa asomfo de anigye twɛn wiase foforo a ɛreba no

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 7]

Adesɛe: Mfonini: Godo-Foto; ɔsraman: U.S. Army mfonini; nnua a ɛrehyew: Richard Bierregaard, Smithsonian Institution

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena