-
‘Dɛn na Ɛbɛyɛ Wo Ba ho Sɛnkyerɛnne?’Ɔwɛn-Aban—1994 | February 15
-
-
16. Dɛn na Luka 21:24 de ka Yesu nkɔmhyɛ no ho, na eyi kyerɛ dɛn?
16 Sɛ yɛde Mateo 24:15-28 ne Marko 13:14-23 toto Luka 21:20-24 ho a, yehu adanse a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛ na Yesu nkɔmhyɛ no fa nsɛm a ebesisi wɔ Yerusalem sɛe akyi nso ho. Kae sɛ Luka nkutoo na ɔkaa ɔyaredɔm ho asɛm. Afei nso, ɔno nkutoo na ɔde saa nkɔmhyɛ yi baa awiei sɛɛ: “Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere [“Amanaman mufo mmere,” King James Version] bewie du.”e (Luka 21:24) Babilonfo no tuu Yudafo hene a otwa to no fii ahengua so afe 607 A.Y.B., na ɛno akyi no, wotiatiaa Yerusalem a egyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni no so. (2 Ahene 25:1-26; 1 Beresosɛm 29:23; Hesekiel 21:25-27) Yesu kyerɛe wɔ Luka 21:24 sɛ wɔbɛkɔ so atiatia so de akosi sɛ bere bɛso ma Onyankopɔn de Ahenni bi asi hɔ bio.
-
-
‘Dɛn na Ɛbɛyɛ Wo Ba ho Sɛnkyerɛnne?’Ɔwɛn-Aban—1994 | February 15
-
-
e Nnipa pii hu sɛ Luka kyerɛwtohɔ no si biribi foforo so dua wɔ Luka 21:24 akyi. Ɔbenfo Leon Morris ka sɛ: “Yesu toa so ka Amanaman mufo bere no ho asɛm. . . . Nhomanimfo dodow no ara gye tom sɛ afei wɔdan adwene kɔ onipa Ba no ba so.” Ɔbenfo R. Ginns kyerɛw sɛ: “Onipa Ba no Ba—(Mat 24:29-31; Marko 13:24-27). ‘Amanaman mufo mmere’ no ho asɛm na wɔka de fi saa asɛm yi ase; afei [Luka] ka nea ɛbɛba daakye wɔ Yerusalem sɛe no akyi ho asɛm.”
f Ɔbenfo Walter L. Liefeld kyerɛw sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi afa no sɛ Yesu nkɔmhyɛ no kura nsɛm abien: (1) nsɛm a esisii wɔ 70 Y.B. mu a ɛfa asɔrefi no ho ne (2) nea ebesisi daakye a ɛwɔ akyirikyiri, a wɔka ho asɛm sɛ ɔsɛe a ɛyɛ hu kɛse no.” Nkyerɛase asɛm a J. R. Dummelow tintimii no se: “Ɔkasa titiriw yi mu nsɛm a asete yɛ den no pii mu bɛda hɔ bere a yehu sɛ ɛnyɛ adeyɛ biako na yɛn Awurade kaa ho asɛm na mmom abien, ne sɛ, na nea edi kan ne nea ɛto so abien no di nsɛ. . . . [Luka] 21:24 a ɛka ‘Amanaman mufo mmere no’ ho asɛm no titiriw . . . ma ɛda adi sɛ bere tenten bi a wonnim bɛda Yerusalem asehwe ne wiase awiei no ntam.”
-