“Kuruwa” A Ɛsɛ Sɛ Amanaman Nyinaa Nom Wɔ Onyankopɔn Nsam
1. Wɔ nea ɛreba wɔ daakye a ɛyɛ hu no nti, asɛm bɛn na eyi ka yɛn ma yebisa fa awuduru a wɔde ma adesamma sɛ wɔnnom no ho?
BIRIBI a ɛreba a enye bɛn na yehu wɔ wiase nsɛm tebea no ho wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu sɛɛ! Sɛnea wɔn a wonim nsɛm a ɛrekɔ so no ka fa sɛnea wiase nsɛm rekɔ fa no ho nti, nea wose wɔfrɛ no “amanaman no hyɛbea” no nyɛ biribi a wɔde anigye susuw ho. Ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ awuduru bi a ɛyɛ nwene a adesamma bɛnom. Wɔ sɛnea mmɔden a adesamma bɔ sɛ wobesiw wiase amanehunu bi a ɛreba no ano no kɔ so yɛ ɔkwa nti, biribi ka yɛn ma yebisa sɛ, So Nyansa bi a Ɛkorɔn, yiw, Onyankopɔn nsa wɔ asɛm no mu anaa?
2. Ɔkwan bɛn so na asɛmti a wɔde ama wɔ Dwom 75 ne ne nkyekyem a ɛto so ason ne awotwe no de asɛm bi a ɛkyerɛ biribi titiriw ma yɛn nnɛ si yɛn anim?
2 Asɛm bi a wɔkae a ɛho hia wɔ tete dwom bi mu ba yɛn adwene mu wɔ ha. Sɛnea dwom no ti kyerɛ no, wɔde nne a wɔato no din sɛ “Nsɛe” na ɛbɛto. Israel man a nea ɔhyehyɛɛ dwom no yɛ muni no ne amanaman a ɛbemmɛn wɔn no nyinaa ansɛe ankosi daa, na mmom ɛsɔree bio wɔ Ɔsoro Sohwɛ ase. Enti yɛwɔ dwom bi a ɛfata yɛn bere yi yiye, ne nkyekyem a ɛto so ason ne awotwe no ho na yɛn ani gye mprempren, efisɛ ɛka sɛ: “Na mmom Onyankopɔn na obu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so. Na kuruwa bi wɔ Awurade [Yehowa] nsam, na emu bobesa ani fi ahuru, mfrasa ayɛ mu ma, na ohwie bi; ampa ara, ase puw mpo, asase so abɔnefo nyinaa befifew anom.”—Dw. 75:7, 8 ne atifi nkyerɛwee; afei nso hwɛ The Jerusalem Bible.
3. Sɛnea awuduru a wɔhyɛ amanaman no ma wɔnom no te no, na Yehowa bu wɔn atɛn sɛ wɔte dɛn, na ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so aguan nom a yɛne wɔn bɛnom eyi no?
3 Nea ɛwɔ “kuruwa” a amanaman nyinaa bɛnom ano wɔ daakye a ɛreba no mu no yɛ awuduru bi a ɛyɛ nwene sen biara a wɔnnom bi saa da. Asuade ahorow a yebenya afi tete abakɔsɛm ne nnɛ bere mu de mu no kyerɛ saa. Wɔ nokware a ɛyɛ sɛ ɛsɛ sɛ amanaman nyinaa nom saa awuduru a ɛto amaniamfrɛ no ma ɛbɛyɛ nokware sɛ, Onyankopɔn, “Amanaman Hene” no bu wɔn atɛn sɛ wɔyɛ “abɔnefo.” (Dw. 75:8; Yer. 10:7) Enti wɔbɛhyɛ wɔn na wɔanom “kuruwa” a ani fi ahuru a wɔde nneɛma horow afrafra mu pii no puw no ase ankasa wɔ ne nsam. Na yɛn a yɛn ani da daakye a anigye befi mu aba no so no nso ɛ? Yɛbɛyɛ dɛn aguan afi nom a yɛne amanaman a wɔabu wɔn fɔ no bɛnom “kuruwa” a awuduru wom no mu? Ɛnde ɛyɛ nea ntease wom sɛ ɛho hia sɛ yetie afotu biara a Nea ɔde “kuruwa” no bɛma amanaman no, wɔ ne bere a ɛsɛ mu no, de bɛma no, na afei yɛayɛ ntɛm ayɛ ade na ɛno saa afotu no ahyia. So yɛbɛyɛ saa anaa?
4. Tebea a na ɛyɛ hu a na ɛwɔ Yeremia nna mu no nyaa asase bɛn so nkɛntɛnso?
4 Tebea a wiase no wom nnɛ no te sɛ nea aman bɛboro 20 huu wɔn ho wɔ mu wɔ Yeremia mfe a ɛtwa to no mu no. Asase no fã a na eyi fa ho yɛ asase a ɛte sɛ twene a ɛda Afrika, Asia ne Europa ntam no. Ɛnnɛ nea yehu wɔ saa beae no ne amanaman a wofi Apuei Mfinimfini a wonya ngo a efi fam a wɔde gu mfiri mu wɔ ho no. Ɛha da so ara yɛ beae a “basabasayɛ” wɔ hɔ te sɛ nea na ɛte wɔ Yeremia nna mu no.
5. Ɔkwan bɛn na wɔafa so abu bere a Yeremia de hyɛɛ ne nkɔm a ɛwɔ ti 25 no ama yɛn?
5 Wɔ saa tete mmere no mu no, obi a wiase no betumi afrɛ no “nkɔmhyɛ mu nipa” bepuee wiase. Ne din tenten, Nebukadneser, no ase kyerɛ sɛ “Nebo Ne Nea Ɔbɔ Obi Ho Ban Fi Amanehunu Mu [anaasɛ, nea ɔbɔ ɔhye ho ban].” Saa ɔbarima a ɔyɛ nkɔmhyɛ mu nipa yi, Nabopolasar babarima no, bɛyɛɛ Babilon hempɔn wɔ afe 625 A.Y.B, mu. Saa afe no ara mu na wɔde nkɔmhyɛ bi a ɛyɛ biribi a ɛbɛba ho sɛnkyerɛnne a ɛfa ne ho mae. Ɛnyɛ nsoromma mu hwɛfo bi a ɔwɔ saa tete nsoromma mu ahwɛfo asase no so no na ɔde mae, na mmom nsoromma ahorow no Bɔfo, Yehowa, odiyifo Yeremia Nyankopɔn no. Wɔakyerɛ bere a wɔde nkɔmhyɛ no mae no ama yɛn wɔ Yeremia 25:1, 2: “Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yuda Hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a edi kan no mu a odiyifo Yeremia kae, Yuda man nyinaa ho kyerɛɛ Yerusalemfo nyinaa ni:” Yehoiakim nniso afe a ɛto so anan no yɛ afe 625 A.Y.B.
6. Dɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yeremia 25:8-14 no de ma a ɛfa mmorɔdɔma nkyerɛnkyerɛ ho anisoadehu no ho?
6 Saa nkɔmhyɛ yi dii Yeremia anisoadehu a ɛfa mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ no ho no anim bɛyɛ mfirihyia awotwe. (Yer. 24:1-3) Dɛn na nkɔmhyɛ a wodii kan de mae yi kyerɛkyerɛ fa saa anisoadehu no ho, na dɛn na ɛkae?
“Enti sɛ asafo Awurade [Yehowa] se ni: Esiane sɛ moantie me nsɛm nti, meresoma ma wɔakɔfa benkum fam mmusua nyinaa, Awurade [Yehowa] asɛm ni, na makoa Babel hene Nebukadneser, na mede wɔn maba asase yi ne ɛsotefo so, ne amanaman yi a wɔatwa ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasaa, na mama wɔadan ahodwiriwde ne fɛwdi ne daa amamfo, na mama ahosan nne ne anigye nne ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne, owiyammo nkate ne ɔkanea hann ayera wɔn mu; na asase yi nyinaa bɛdan amamfo ne ahodwiriwde, na amanaman yi asom Babel hene mfirihyia aduɔson.”
“Na sɛ mfirihyia aduɔson wie du a, mɛba mabetua Babel hene ne ɔman no, Kaldeafo asase no amumɔyɛ so ka, na madan no daa amamfo. Na mɛma me nsɛm a meka meguu asase no so no nyinaa aba mu wɔ so, ade a wɔakyerɛw nhoma yi mu a Yeremia hyɛɛ ho nkɔm guu amanaman nyinaa so no nyinaa, na amanaman bebree ne ahene akɛse de wɔn bɛyɛ nkoa, na metua wɔn wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”—Yer. 25:8-14.
“MAKOA BABEL HENE NEBUKADNESAR”
7. Hena din na ɛfata sɛ wosuro no nnɛ te sɛ Nebukadneser de no, na bere bɛn na amanaman no besuro no?
7 So ɔbarima bi wɔ hɔ a amanaman nyinaa suro no nnɛ te sɛ nea na wosuro edin Nebukadnesar no wɔ amanaman mu wɔ tete hɔ, efi Yeremia nkɔmhyɛ afe a ɛto so 23 no so rekɔ no? (Yer. 25:8) Dabi! Ɔbarima biara nni afeha a ɛto so 20 yi mu a ne din bɛkɔ nnɛ bere mu abakɔsɛm mu te sɛ tete Ɔhene Nebukadnesar. Ɛyɛ nokware, sɛ ɔsomafo Paulo kae wɔ Romafo 13:1, 6 sɛ Kristofo a wotie mmara tua wɔn tow ma “tumi a ɛwɔ anuonyam no” efisɛ eyinom yɛ “Onyankopɔn asomfo [Hela, leitourgoi] a wokura ɔsom yi mu ara.” Nanso nnɛ de, sodifo biara nni hɔ a Yehowa Nyankopɔn bɛfrɛ no “makoa” wɔ nkɔmhyɛ mu. (Yer. 25:9; 27:6) Onipa biako pɛ a wobetumi afrɛ no “akoa” a ɛbɛma saa nkɔmhyɛ a wɔnam Yeremia so de mae no abam ne Yehowa akoa a ɔso sen biara wɔ amansan nyinaa no. Oyi ne Ɔba ka wɔama no so ɔsorosoro, Yesu Kristo, a wɔde din a ɛkyɛn din biara wɔ ɔsoro ne asase so ama no no. (Yes. 32:1; Fil. 2:5-11) Ɛwom sɛ sodifo a wɔwɔ wiase nnɛ nsuro no te sɛ Nebukadnesar de, nanso wɔbɛyɛ saa wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko” a ɛreba wɔ Harmagedon no mu.—Adi. 16:13-16.
8. Dɛn nti na Yehowa frɛɛ Nebukadneser sɛ “m’akoa,” na dɛn na ɛfa no ho a wobebu no sɛ ɛyɛ mfonini ade bi a ɛfa yɛn ho nnɛ?
8 Dɛn nti na Yehowa frɛɛ Ɔhene Nebukadnesar sɛ “makoa” no? Efisɛ ɔde no dii dwuma de twee nnipa a wɔte Yuda no aso esiane sɛ wɔpowee sɛ wobetie N’adiyifo no nti. Wɔnam saa Babilon hene yi so twee aman horow a wɔbɛn wɔn no nso aso wɔ nitan mu a wɔde dii Yehowa nkurɔfo so esiane sɛ wokyi No nti. Eyi nkyerɛ sɛ na Nebukadnesar reyɛ Yesu Kristo a ɔsom Yehowa nkutoo sɛ Onyankopɔn no ho mfonini. Mmom, ɔsɛe adwuma a Nebukadneser de baa amanaman a wɔadi fɔ no so maa Yehowa no na ɛyɛ ho mfonini. Ɛyɛɛ wiase nyinaa sodi ho adwuma a Yesu Kristo, sɛ́ Yehowa Brafo Panyin no, obedi ho dwuma wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu a wɔbɛma amanaman a wɔyɛ atamfo no nyinaa adan dɔte wɔ Yehowa Akoa a ɔso sen biara no nan ase no ho mfonini. Enti saa amanaman (a Kristoman mu de nso ka ho) no yɛ saa tete aman a wɔhwee ase wɔ Babilon Wiase Tumi no anim no fã a ɛwɔ hɔ nnɛ. Ɛno nti na asɛm no yɛ nea ɛho hia titiriw ma yɛn nnɛ no.
9. Bere foforo bɛn na ɛno nso ne Yuda amamfo koraa “mfirihyia aduɔson” no fii ase, na dɛn nti na wɔantwa saa bere no mu?
9 Babilonia asraafo dɔm a wɔwɔ tumi kɛse a obi ntumi nnyina wɔn anim no maa Yuda ahenni no asase no dan amamfo ma ɛdaa hɔ mfirihyia 70. (Yer. 25:11, 12; 29:10; Dan. 9:1, 2; 2 Be. 36:17-21) Saa Yuda asase no ne Yerusalem a ɛdan amamfo koraa mfirihyia aduɔson no fii ase wɔ ɔsram a ɛyɛ Tishri twa bere mu, wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Saa asɛm a ɛyɛ hu no fa amanehunu afe a ɛsen biara, 1914 Y.B. nso ho. Wɔ ɔkwan bɛn so? Efisɛ saa afe no twa bere mu na Amanaman no “mmere nson” a efii ase bere a Yuda dan amamfo wɔ afe 607 A.Y.B. mu no mfe a ɛyɛ 2,520 no nyinaa baa awiei. (Luka 21:24; Dan. 4:16, 23, 25, 32) Saa ‘Amanaman no Bere a Wɔahyɛ’ anaasɛ Amanaman Mmere no yɛ bere tenten bi a emu no Yehowa Amansan Hene no maa wiase Amanaman no kwan na wɔadi tumi wɔ asase so a ne Mesia ahenni no mfa ne ho nhyehyɛ wɔn nsɛm mu. Bere a Nebukadneser sɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu no akyi no, wɔansan amfa sɛnkyerɛnne kwan so Onyankopɔn ahenni a na ɛwɔ asase so no ansi asase so Yerusalem bio, wɔ Dawid ahemmusua no mu, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔrentwa wiase nyinaa a Amanaman tumi horow no redi so no mu.
10. Ɛwom sɛ Kores butuw Nebukadneser ahemmusua no wɔ afe 539 A.Y.B. mu de, nanso ɔkwan bɛn so na Yuda ne aman afoforo som Babilon hene no mfirihyia 70?
10 Persiani a odii Babilon so, Kores ɔkɛseɛ no ansan amfa ahenni a ɛwɔ Dawid ahemmusua no mu no ansi Yerusalem bio. Ɛyɛ nokware sɛ odii Babilon so nkonim wɔ afe 539 A.Y.B. mu anaasɛ mfirihyia abien ansa na Yuda amamfo a ɛyɛ “mfirihyia aduɔson” no rewie du. Ɔfrɛɛ ne ho sɛ “Babilon hene” na nea edi kan no wansɛe nhyehyɛe a Babilon nniso no ayɛ ato hɔ wɔ Ɔhene Nebukadnesar ase no. Enti amanaman a Nebukadnesar dii wɔn so no kɔɔ so som “Babilon hene” no mfirihyia 70. Nea edii kan a ɔyɛe wɔ Yuda amamfo mfirihyia 70 no ho ne sɛ Kores Ɔkɛseɛ no gyaa Yudafo a wɔafa wɔn nnommum no fii som a wɔsom Babilon hene no ase na ɔmaa wɔn kwan ma wɔsan kɔɔ fie na wɔakosi wɔn man a adan amamfo no ne wɔn kuropɔn Yerusalem ne n’asɔrefi no. (Esra 1:1 de kosi 3:2) Ɔkwan a ɛte sɛɛ so na Yehowa fa twee adwene baa Babiloniafo no “amumɔyɛ” a wɔyɛ de tiaa Israel Nyankopɔn no nyinaa so.—Yer. 25:12.
“KURUWA” A WƆDE MA AMAN HOROW NO
11. Nsɛm bɛn na esisii wɔ ɔsoro a ɛno nti ɛmmaa nsɛm ne nneɛma a ɛwɔ asase nyɛɛ sɛnea na ɛte kan efi 1914 Y.B. reba yi?
11 Afei a Amanaman Mmere no aba awiei wɔ 1914 yi, yenim sɛ da a Yehowa bɛma Amanaman no abu wɔn ho akontaa akyerɛ no wɔ wɔn “amumɔyɛ” ho no abɛn yiye. Efi 1914 reba yi wiase no nyɛɛ sɛnea na ɛte kan no ɛ. Wiase abakɔsɛm akyerɛwfo ntumi nkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu. Nanso nea ɛte ara ne sɛ, bɛyɛ October 4/5 1914, anaasɛ bere a Babiloniafo no dii Yerusalem ne Yuda so yɛɛ no amamfo no akyi mfirihyia 2,520 na Amanaman Mmere a wiase amanaman no di so a obi nka wɔn aboatwaw no baa awiei. Yehowa Nyankopɔn amfa “Yehowa agua” no ansi asase so Yerusalem saa bere no na ama Ɔhene Dawid aseni bi a ɔwɔ asase so abɛtra so na ɔde saa yɛ ahyehyɛ Onyankopɔn ahenni a ɛwɔ asase so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no asi hɔ bio. (1 Be. 29:23) Mmom, esiane sɛ afei de “wiase ahenni” no abɛyɛ Awurade Nyankopɔn de nti, Yehowa ma wofi ne soro ahyehyɛde no mu woo n’ahenni no, na ɔde ne Ba, Yesu Kristo, a ɔyɛ Dawid Aseni no traa ne nsa nifa wɔ ɔsoro ahengua so. (Adi. 11:15; 12:1-5) Efi saa bere no reba yi saa ɔdehye a ofi Ɔhene Dawid asefo mu yi akɔka Yehowa Nyankopɔn ho wɔ wiase sodi mu wɔ n’atamfo mfinimfini a ɔretwɛn bere a obetiatia wɔn so akɔ owu mu.
12. Ɔkwan bɛn na Yeremia kuw no afa so de “kuruwa” no ama amanaman no?
12 Nea ebefi eyi mu aba ne “kuruwa” a aka a Amanaman no bɛnom wɔ Yehowa Nyankopɔn nsam. Efi afe 1919 mu titiriw na Yeremia kuw no atwe amanaman no adwene akɔ saa “kuruwa” yi so. Esiane sɛ wodii kan bɔɔ amanaman no kɔkɔ nti, Yeremia kuw no de Yehowa kuruwa no rema amanaman no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Wɔyɛɛ eyi ho mfonini wɔ nkɔmhyɛ mu wɔ Yeremia ti 25. Ɛhɔ na odiyifo no kae sɛ:
“Na sɛ Awurade [Yehowa] Israel Nyankopɔn, aka akyerɛ me ni: gye abufuhyew nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom, na wɔanom atɔ ntintan abobɔ adam, afoa a meresoma aba wɔn mu no ano.
“Ɛna migyee kuruwa no Awurade [Yehowa] nsam, na memaa amanaman a Awurade [Yehowa] somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomee, Yerusalem ne Yuda nkurow ne emu ahene ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ [nkurow no] amamfo, ahodwiriwde, fɛwdi ne nnome sɛ ɛte nnɛ da yi.”—Yer. 25:15-18.
13. “Afoa” bɛn na Yehowa bɛsoma akɔ amanaman nyinaa mu no?
13 Dɛn na na ɛyɛ “afoa” a Yehowa bɛsoma akɔ amanaman nyinaa mu a wɔaka ho asɛm wɔ Yeremia 25:18-26 no? Ɛyɛ ɔko a wɔde bedi wɔn so a ɔmaa kwan maa ‘n’akoa’ Nebukadnesar ko de tiaa saa amanaman no nyinaa no.
14. Dɛn na “afoa” no dii kan twae, na ahene bɛn na eyi kaa wɔn, wɔ ɔkwan bɛn so?
14 Saa sɛnkyerɛnne kwan so “afoa” no dii dwuma nea edi kan wɔ Yehowa sɛnkyerɛnne kwan so ahenni a ɛwɔ Yuda asase so no mu. (Yer. 25:29) Yerusalem “ahene” a wɔtee sɛnea “afoa” no twa wɔn fa no nka ne (1) Yosia ba Yehoiakim; (2) Yehoiakim ba Yehoiakin (Yekonia) ; ne (3) Yosia ba Sedekia a ɔyɛ Yehoiakin wɔfa no. Nea wodii kan de afoa no twaa no, Ɔhene Yehoiakim wɔ afe 620 A.Y.B. mu, bere a Yeremia ahyɛ nkɔm afa “afoa” no ne “kuruwa” no ho no akyi mfirihyia anan no bɛyɛɛ ɔhene a ɔkaa ntam sɛ ɔbɛsom Nebukadnesar sɛ obi a ɔhyɛ n’ase. Wɔde afoa no twaa ade nea ɛto so abien bio wɔ afe 617 A.Y.B. mu, na emu na woyii aberante Yehoiakin fii n’ahenni a odi wɔ Yerusalem so no so na wɔde no kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon. Dwuma a wɔde afoa no dii nea ɛto so abiɛsa ne nea etwa to no yɛ nea wɔde sɛee Yerusalem asɔrefi no wɔ afe 607 A.Y.B. mu, na ɛno mu na wotwaa Ɔhene Sedekia a obuu apam no so no asu kɔɔ Babilon sɛ ɔnkowu wɔ hɔ sɛ onifuraefo ne ɔdeduani a onni ba. Yerusalem ne Yuda nkurow no bɛyɛɛ amamfo wɔ ɔsram a ɛyɛ Tishri no mfinimfini wɔ afe 607 A.Y.B. mu.
15. Ɛhefo nso na wɔbɛnom “kuruwa” no ano wɔ Yehowa nsam, na hena na obetwa eyinom nyinaa to?
15 Ɛnyɛ Yerusalem nkutoo na ɛbɛnom awuduru a ɛyɛ nwene a efi Onyankopɔn nsam no. Wɔ Yeremia 25:19-26 no odiyifo no bobɔɔ ahene anaasɛ ahenni horow bɛboro 20 a ɔde Yehowa “abufuhyew nsa kuruwa” no bɛma wɔn no din; Ɔde fii Misraim Farao no ne n’asomfo so na ɔkɔɔ so ara kosii amanaman ahorow ne wɔn sodifo no so, na ɔde asɛm no baa awiei sɛ: “Na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyi anom.” Asuafo bu “Sesak” sɛ ɛyɛ kokoam din a wɔde frɛ Babel (Babilon) . Ne hene a wɔabu no fɔ no bɛyɛɛ Nebukadnesar ahemmusua no mu nea otwa to a ɔne Nabonidus, ne ne ba a ɔne no bom di ade Belsasar. Wɔmaa saa Belsasar yi nom “Yehowa kuruwa” no wɔ afe 539 A.Y.B. mu, bere a wokum no bere a Babilon hwee ase wɔ Kores, Persiani no anim no. Esiane sɛ ɔde kokoam din Sesak dii dwuma nti, Yeremia kwatii Babilon din a ɔbɛbɔ ankasa wɔ saa bere no mu.
16. Ɔkwan bɛn na ebinom bɛfa so apow “kuruwa” no nom, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ Yeremia ka?
16 Ebia na ahenni horow a wɔbobɔ wɔn din no mu binom sɔre tiaa nhyɛso ne toa a Nebukadnesar de reba no sɛnea ɛbɛyɛ na wɔamma Yehowa ahyɛde no amma mu. Nanso wɔka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ ontu wɔn fo sɛ: “Sɛ́ asafo Awurade [Yehowa] se ni: Ɔnom ara na monnom. Na hwɛ, kurow a wɔde me din ato no so [Yerusalem] na merefi mama bɔne aba yi, na mo de, mobɛfa mo ho adi sɔnn anaa?” Bere a Yehowa rema n’ankasa n’asɛmmisa yi ho mmuae no, ɔkae sɛ: Moremfa mo ho nni sɔnn, na mmom afoa [a ɛyɛ Babilonia asraafo de a wɔde redi nkonim] na merefrɛ maba asase sofo nyinaa so, asafo Awurade [Yehowa] asɛm ni.”—Yer. 25:28, 29.
17. Ɔkwan bɛn na amanaman no afa so akyerɛ sɛ wɔmpɛ sɛ wɔnom “kuruwa” no, nanso wɔatumi abɔ eyi yɛ ho mmɔden de akosi he?
17 Efi afe 1919 Y.B. reba yi, amanaman no apow sɛ wɔbɛnom sɛnkyerɛnne kwan so “kuruwa” a ɛyɛ Yehowa nkra asɛm a ɛyɛ ɔsoro abufuhyew no wɔ Yeremia kuw no nsam. Enti wɔasɔre atia Yehowa Adansefo a wɔyɛ Yeremia kuw no ne “nnipakuw kɛse” no a wɔyɛ wɔn nnamfonom a wɔne wɔn bom yɛ adwuma no, na wɔabara wɔn adwuma no mpo ne Bible mu nsɛm a wɔatintim a wɔkyekyɛ no kwa no. Nanso eyinom nyinaa yɛ ɔkwa! Esiane sɛ Yehowa honhom kanyan wɔn nti n’adansefo a wɔyɛ osetie no yɛ wɔn nhyiam na wɔka Ahenni no ho asɛm wɔ kokoam. Enti wotie Onyankopɔn mmom kyɛn nnipa a wɔko tia Onyankopɔn. (Aso. 4:19; 5:29) Ɛrenkyɛ, wɔ daakye a abɛn pɛɛ no mu na saa amansɛmdifo a wɔsɔre tia yi behu sɛ pam a wɔbɛpam Yehowa Adansefo ama wɔayɛ adwuma wɔ kokoam no rensiw nom a wiase sodifo no bɛnom “kuruwa” no wɔ Onyankopɔn ankasa nsam wɔ “ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko” no mu wɔ beae a wɔfrɛ no sɛnkyerɛnne kwan so Harmagedon no ano.—Adi. 16:13-16.
18. Ɛhena na saa da no bɛyɛ “kɛse” ama no, enti dɛn na Yeremia kuw no pow sɛ wɔbɛyɛ?
18 Saa da no bɛyɛ “kɛse” ama Yehowa. Ɛbɛyɛ anigye bere ama no, efisɛ ɔbɛko ama n’amansan tumidi. Sɛ́ Ɔsafohene Panyin no, ɔbɛsoma n’ankasa ne Ba, Yesu Kristo a odi wiase so nkonim no akɔ ɔko mu, na wakodi nkonim a ɛkyɛn nkonim biara a tete Ɔhene Nebukadnesar a ofi Babilon adi pɛn. (Adi. 19:11-21) Eyi bɛma Yehowa ateɛm adi ahurusi pii akyɛn sɛnea wɔn a wotiatia nsa-kyĩ-amoa no so bere a woresiesie nsa a ɛbɛma Onyankopɔn ne nnipa nyinaa ani agye no yɛ no. (Adi. 19:11-15; Atem. 9:11, 13) Yeremia kuw no nim sɛ Yehowa bedi nkonim wɔ Harmagedon. Enti wɔpow sɛ wobemua wɔn ano wɔ Yehowa amansan tumidi no bembu a ɛreba no ho, a ɛmfa ho sɛ wiase sodifo no mpɛ saa awuduru a ɛyɛ nwene no.
19. Nsɛm a Yehowa ka kyerɛ wɔn no mu ahe na Yeremia kuw no de akokoduru ka kyerɛ?
19 Yeremia kuw a wɔwɔ hɔ nnɛ no de akokoduru tie ahyɛde a wɔde maa tete odiyifo no a na ɔwɔ ɔhempɔn Nebukadnesar a odi Babilon so no nniso ase wɔ ne nniso afe a edi kan no mu no: “Enti [Yeremia] hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ: Awurade [Yehowa] fi sorosoro bobom, na ɔma ne nne so fi trabea kronkron hɔ, ɔpae na ɔpaapae mu gu ne nguan yɛmmea so, ɔbɔ ose sɛ bobe abawɔwfo hyɛ asase no sofo nyinaa.”—Yer. 25:30.
AWUDURU A ƐMA AMANAMAN YƐ WƆN ADE TE SƐ ‘ABƆDAMFO’
20. So ɛsɛ sɛ wɔfrɛ Yeremia kuw no sɛ ‘wɔn a wɔka bɔne’ esiane nea Yehowa nkonimdi no bɛkyerɛ ama amanaman no nti?
20 Yehowa nkonimdi nteɛm no begyigye ɔsoro ne asase so nyinaa. Yeremia kuw no ne wɔn mfɛfo no kɔ so twe adwene kɔ nea ɛreba yi so, ɛwom sɛ nkonimdi ma Yehowa kyerɛ ɔsɛe ma amanaman no nyinaa. Enti so ɛsɛ sɛ wɔfrɛ Yeremia kuw no sɛ ‘wɔn a wɔka bɔne a ɛreba ho asɛm ara kwa’? Dabi! Sɛ ɛte saa a anka wɔbɛfrɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔde nsɛm no hyɛɛ wɔn nsa no nso sɛ nea ɔka bɔne a ɛreba ho asɛm ara kwa. Ɔde kɔkɔbɔ a mmɔborohunu wom kae sɛ: “Sɛ́ asafo Awurade Yehowa se ni: Hwɛ, bɔne fi ɔman so kɔ ɔman so, na ahum kɛse retu afi asase anoano. Na da no Awurade [Yehowa] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei, wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn, wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.”—Yer. 25:32, 33.
21. Dɛn nti na Yehowa betumi de wɔn a wokum wɔn wɔ trɛw a Nebukadneser trɛw n’ahemman no mu nti no ho asodi ato n’ankasa ho so?
21 Nsɛm a ɛtɛe sɛɛ na Yehowa faa so de kyerɛkyerɛɛ nkonim a Nebukadnesar bedi wɔ amanaman no so na ɔde wɔn ahyɛ Babilonia Ahemman no ase no mu siei. Enti ɔbɛma Nebukadnesar adi so afi ɔman biako so akɔ ɔman foforo so, na ɔnam afoa a Yehowa de ahyɛ ne nsam no so bɛbrɛ wɔn a wɔbɛsɔre atia no no nyinaa ase. Esiane eyi nti Yehowa de wɔn a Babilon nkonimdifo no kunkum wɔn no ho asodi too n’ankasa ho so. N’ankasa kaa wɔn a Babilon asraafo no kunkum wɔn no ho asɛm sɛ “Awurade . . . atɔfo.” Ɔno ne Nea ɔmaa amanaman no nom “kuruwa” a ɛyɛ awuduru a ɛma wɔyɛ wɔn ade te sɛ ‘abɔdamfo’ no. Sɛ nnipa yi Yehowa Nyankopɔn ayɛ anaasɛ sɛ wɔanyɛ saa oo, wiase abakɔsɛm a ɛdɔɔso wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Ɔhene Nebukadnesar trɛw Babilonia Ahemman no mu kɔɔ akyirikyiri kyɛn sɛnea wiase sodifo biara a wadi n’anim no ayɛ. Ɛte sɛ nea na Yehowa wɔ biribi yɛ wɔ eyi mu. Efisɛ, Nebukadnesar nniso afe a edi kan no mu pɛɛ na ɔkaa sɛnea Babilon Ahemman no mu bɛtrɛw afa no ho asɛm siei.—Yer. 25:1, 2; 32:1, 2; 52:29; 2 Ahe. 25:8; Yer. 52:12; Dan. 2:37, 38; 4:20-25.
22. Dɛn nti na yɛmpɛ sɛ yɛka wɔn a Yehowa bekum wɔn wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no ho?
22 Na ‘wɔn a Yehowa bekunkum wɔn’ wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba a ɛbɛkɔ akowie “ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko” no mu wɔ Harmagedon no nso ɛ? So yɛpɛ sɛ yɛka wɔn ho? Dabi! Efisɛ sɛ́ obekum yɛn bɛkyerɛ afobu atemmu a ɔde aba yɛn so.
23. Ɔkwan bɛn na wɔfaa so kyerɛɛ nneɛma nhyehyɛe yi fa a ebedi kan asɛe wɔ “ahohiahia kɛse” no mu wɔ mfonini kwan so, na dɛn nti na ɛno na ebedi kan?
23 Sɛ “ahohiahia kɛse” no pae gu a amanaman a wɔabu wɔn fɔ no nyinaa betu sa atia Yeremia kuw no Nyankopɔn no. Wɔn a wɔbɛka wɔn ho ne Kristoman mu amanaman no, efisɛ wɔyɛ wɔn a wɔka wɔn a wɔsɔre tia na wɔtaa Yehowa Adansefo no ho. Kristoman bɛyɛ nneɛma nhyehyɛe yi fã a edi kan a ɛbɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ ɔno na ɔyɛ Yuda ne Yerusalem ahenni a ɛwae fii gyidi no ho no fã a wohu wɔ nnɛ bere mu no. Na ayɛ mfonini akyerɛ sɛ, Yuda ahenni no ne nea wodii kan ma ɔnom “abufuhyew nsa kuruwa” no. Yehowa kae sɛ ɔde amanaman mu amanehunu a ɔde reba no befi “kurow a wɔde [ne] din ato no” no so. (Yer. 25:29) Kristoman a ɔnte sɛ Kristo no ne anyamesom ahyehyɛde no fã a asodi kɛse da no so wɔ Onyankopɔn ne Kristo anim, enti ɔno so na wiase amanehunu no befi akɔ, te sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn bi a ɛtoatoa mu. Ɛbɛyɛ te sɛ sɛnkyerɛnne kwan so “ahum kɛse” a ɛretu a nnuru horow a wimhyɛn ahorow de begu osuwisiw mu wɔ wim sɛ ɛde resiw ano rentumi nsiw ano.
24. Ahum kɛse a wɔrehwanyan no ‘afi asase ano nohɔ no kyerɛ dɛn, na nnipa a wobewuwu no dodow bɛyɛ dɛn?
24 Saa sɛnkyerɛnne kwan so “ahum kɛse” yi betu “afi asase awiei akosi asase awiei,” efisɛ beae a wɔbɛhwanyan no afi no yɛ nea enni amanaman a wɔabu wɔn fɔ no ahemman mu. (Yer. 6:22) Wɔ ne mmamu wɔ bere mu no, ɛkyerɛ sɛ ebefi ɔsoro Fibea bi a wonhu hɔ ankasa, enti ɛbɛyɛ “Onyankopɔn adeyɛ” ankasa. Ɛbɛbɔ afa asase mu no nyinaa so, te sɛ nea Noa nna no mu nsu no yiri faa asase mu no nyinaa so no, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma nnipa a “ahum kɛse” yi bekunkum wɔn no adeda hɔ afi asase ano akosi asase ano. Yeremia kuw no ne wɔn mfɛfo “nnipakuw kɛse” a wofi mu no bɛyɛ dɛn asie wɔn nyinaa? Ɛho behia sɛ Yehowa de ne tumi di dwuma na ɔde ayi afunu no afi hɔ.—Adi. 19:11-21.
25. Esiane nea Yeremia 25:34-38 ka no nti, kuw a wɔka asɛm bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ yɛka wɔn ho?
25 Wɔ saa “yɛn Nyankopɔn no aweredi da no mu no no, ɛbɛyɛ papa sɛ obi ka wɔn a fɛwdifo frɛɛ wɔn ‘wɔn a wɔka bɔne a ɛbɛba ara kwa’ no ho mmom kyɛn sɛ ɔbɛka wɔn a wɔbɛbɔ abubuw wɔ “ahohiahia kɛse” no nti no ho. (Yes. 61:2; Adi. 7:14, 15; Mat. 24:21-30) Yehowa nam Yeremia so kae sɛ: “Mommɔ abubuw, nguanhwɛfo, na monteɛteɛm, na mumpirepirew, nguankuw mu akunini, na mo kum nna adu; na mɛpansam mo na moabobɔ fam sɛ kuruwa a ne bo yɛ den; na nguanhwɛfo no rennya ɔkwan nguan, na nguankuw mu akunini nso rennya ɔkwan mfi mu. Wɔte nguanhwɛfo su ne nguankuw no mu akunini abububɔ, efisɛ Awurade [Yehowa] resɛe wɔn yɛmmea, na asomdwoe trabea no ayɛ komm Awurade [Yehowa] abufuw hyewhyew no anim. Wagyaw ne dabere sɛ gyataforo, na wɔn asase adan amamfo, n’afoa nnamnam ne n’abufuw hyewhyew no anim.”—Yer. 25:34-38.
26. Ɛhefo ne “nguanhwɛfo” ne “nguankuw mu akunini” a wɔwɔ saa nkɔmhyɛ no mu no?
26 So saa nkɔmhyɛ no ma yesusuw asɔfo a wɔafrɛ wɔn honhom mu ahwɛfo na wɔfrɛ wɔn asɔre no asafo ahorow no nso sɛ “nguankuw” no ho? Ɛte saa, nanso ɛnyɛ amanaman no mu anyamesom akwankyerɛfo na Yehowa rekasa akyerɛ wɔn wɔ ha no. Wɔfrɛ nniso no mu sodifo no wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu sɛ nguanhwɛfo ne nnipa a wodi wɔn so no nso sɛ nguankuw. Enti “nguankuw mu akunini” no bɛyɛ asafohene no anaasɛ wɔn a wɔn anim yɛ nyam wɔ ɔman no nguankuw no mu no. Saa na eyi bɛyɛ wɔ Yeremia 25:34-38, efisɛ saa ti no mu hefa na yehui sɛ wɔbɔɔ asɔfo ne Lewifo din? Wɔn a wɔkae sɛ Yeremia mfa Yehowa “kuruwa” no mma wɔn no yɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ “ahene,” “asafohene,” ne “ahenni horow.” (Yer. 25:18-26) Ɛnyɛ asɔfo ne anyamesom akwankyerɛfo no nkutoo na “bɔne” ne “ahum kɛse” a ɛrebɛn no bɛba wɔn so, na mmom, awiei koraa no, nneɛma nhyehyɛe yi mu amammui nniso horow anaa sodifo no nso.
27. Sesak nanmusini bɛn na obetwa wɔn nyinaa to anom”kuruwa” no?
27 Saa na ɛte sɛ “Sesak hene” no bɛyɛ nea obetwa to koraa anom “kuruwa” no ano. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yeremia 51:41 no ka eyi ho asɛm te sɛ nea wɔayɛ awie sɛ: ‘Wɔafa Sesak, [a ɛne Babel] agye asase nyinaa ayeyi no dɛn ara! Babel adan aman mu ahodwiriwde dɛn ara!”—Yer. 25:26; 27:7.
28. Ɛhefo ho na “nguanhwɛfo” no ne “nguankuw mu akunini” no susuw titiriw, na ɔkwan bɛn na wɔfa so sɛe wɔn yɛmmea no?
28 Esiane pɛsɛmenkominya nti saa sodifo anaa amansɛmdifo a wɔyɛ “nguanhwɛfo” no ne “nguankuw mu akunini” no bɛbɔ “abubuw,” wobepirepirew wɔ fam. Bere a Amansan Hene Awurade Yehowa bu wɔn atɛn wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no, wobehu wɔ akomatu mu sɛ bere adu sɛ wobekunkum wɔn na wɔabɔ wɔn apansam. Sɛ anka aguan anaasɛ guankɔbea wɔ hɔ a, anka wɔrente nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ “abubuw.” Nea ɛbɛto “nguankuw” no a ɛyɛ ɔman no mfa wɔn ho, na mmom wɔresusuw wɔn ankasa wɔn sɛe no ho. Wɔn adwuma a wɔyɛ a ɛma wonya akatua akɛse no dibea a ɛkorɔn no befi wɔn nsa! Wɔn “yɛmmea” a ɛyɛ nneɛma nhyehyɛe a wɔfa so de didi ɔman no a wɔyɛ wɔn nguankuw no ho no bɛsɛe. Nea na kan no ɛyɛ “asomdwoe” trabea a wonya mu anigye ne mfaso ma wɔn ankasa ho no—wɔasɛe no a nkwa biara nni hɔ. Owu ama wɔn “nguankuw” no yɛmmea ayɛ komm.
29. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛyɛ sɛ gyataforo saa bere no, na wɔde “afoa” no bedi dwuma dɛn?
29 Sɛnea ɛbɛyɛ na wiase “ahodwiriwde” a ɛte sɛɛ aba no, ɛsɛ sɛ Yehowa abufuw no yɛ nea ɛdɛw hyewhyew ankasa. Ɔrenyɛ sɛ osubon mu gyata a Yordan Asubɔnten no mu nsu a ɛreyiri no ahyɛ no ama wagyaw ne dabere da. Dabi, na mmom, “asafo Awurade [Yehowa]” bɛyɛ sɛ gyata kokodurufo a ofi ‘n’atɛwee’ bobom a wɔn a wɔhwɛ nguan wɔ wɔn ayɛmmea no mfa ne ho. Ɔnam ne Ba ne N’akoa Yesu Kristo so tow “Onyankopɔn ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko” no “afoa” no. (Yer. 25:30, 38) Ɔnam ‘n’afoa’ a ɔde twitwa wɔn no so bɛbobɔ wiase no mu nguanhwɛfo no mu akunini no agu fam a wɔrensɔre bio da!
30. Esiane nea yɛnam gyidi aso so te wɔ Yehowa nkɔmhyɛ no mu nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ mprempren?
30 Tie! So wode gyidi aso a wowɔ wɔ Yehowa nkɔmhyɛ mu no te sɛ ano reyɛ den bere nyinaa? Yɛnam “awiei bere” yi mu akwan horow a wɔfa so boaboa nsɛm ano no so te amanaman no nyinaa mu “nguanhwɛfo” no abubuwbɔ a ɛreba no ne adesamma a wɔte sɛ nguan mu “akunini” no abubuwbɔ a ɛyɛ ɛyaw a efi daakye a wɔaka ho asɛm asie ba no nka. Ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ atiefo no yɛ? Eyi: Bere a ɔkwan da so ara wɔ hɔ a yɛbɛfa so aguan, na afei beae a yebeguan akɔ no nso wɔ hɔ no, momma yɛnyɛ ho biribi! Momma yenhu sɛ dwoodwoo asetra ne kora a wɔbɛkora yɛn so no wɔ Yehowa ahenni a ɛnam no Guanhwɛfo a wɔapaw no, Yesu Kristo so no mu.—Hes. 34:23, 24; Yer. 23:5, 6.
[Kratafa 21 mfoni]
Yehowa nam nnɛ bere mu Yeremia kuw no so bɔ wiase nyinaa “ahum kɛse” a ɛreba no ho kɔkɔ wɔ mmɔborohunu mu
August Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)