Ogye a Ɛkɔ Trenee Wiase Foforo Mu
‘Wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’—DWOM 37:11.
1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkwagye wɔ yɛn bere yi mu yɛ soronko wɔ tete mmere mu de no ho? (b) Wiase bɛn mu na Yehowa de ne nkurɔfo bɛkɔ?
YEHOWA yɛ ogye Nyankopɔn. Tete mmere mu no, ogyee ne nkurɔfo mpɛn pii. Ná saa ogye no yɛ bere tiaa mu de, efisɛ emu biara nni hɔ a Yehowa de daa atemmu baa Satan wiase no nyinaa so. Nanso yɛn bere yi mu no, ɛrenkyɛ na Yehowa agye ne nkurɔfo koraa. Saa bere yi de, ɔbɛsɛe Satan nhyehyɛe no ho nkekae biara wɔ wiase nyinaa, na ɔde n’asomfo bɛba trenee wiase foforo a ɛte hɔ daa mu.—2 Petro 2:9; 3:10-13.
2 Yehowa hyɛ bɔ sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:10, 11) Kosi bere bɛn? “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29; Mateo 5:5) Nanso, ansa na ɛno bɛba no, saa wiase yi bɛkɔ ɔhaw bere a ɛsen biara a yɛahu pɛn mu.
“Ahohiahia Kɛse” No
3. Yesu kaa “ahohiahia kɛse” no ho asɛm dɛn?
3 Wɔ 1914 mu no, wiase yi hyɛnee ne “nna a edi akyiri” mu. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Yɛanya mfe 83 seesei fi bere a yɛhyɛnee saa bere no mu no, na yɛrebɛn n’awiei, bere a sɛnea Yesu ka siei no, nea edi so yi besi no: “Ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.” (Mateo 24:21) Yiw, ɛkyɛn Wiase Ko II a nnipa bɛyɛ ɔpepem 50 hweree wɔn nkwa no. Wiase ɔwosow bere bɛn na ɛreba ntɛmntɛm sɛɛ yi!
4. Dɛn nti na Onyankopɔn atemmu ba “Babilon kɛse” no so?
4 “Ahohiahia kɛse” no bɛba mpofirim a obiara nhwɛ kwan, “dɔnhwerew biako mu.” (Adiyisɛm 18:10) Atemmu a Onyankopɔn de bɛba atoro som a Onyankopɔn Asɛm frɛ no “Babilon kɛse,” no nyinaa so no na ebefi ase. (Adiyisɛm 17:1-6, 15) Ná atoro som yɛ tete Babilon no fã titiriw. Ɛnnɛyi Babilon no te sɛ ne nsɛso a na ɛwɔ hɔ tete mmere mu no, na egyina hɔ ma wiase nyinaa atoro som. Ɔnam ne ho mu a agyae ama amammuifo so abɔ aguaman. Wataa wɔn akyi wɔ akodi mu, na wahyira asraafo a wɔwɔ afanu no nyinaa so, ma nnipa a wɔwɔ ɔsom koro mu akunkum wɔn ho. (Mateo 26:51, 52; 1 Yohane 4:20, 21) Wabu n’ani agu nneyɛe bɔne a ne nkurɔfo yɛ so, na wɔtaa nokware Kristofo.—Adiyisɛm 18:5, 24.
5. Ɔkwan bɛn so na “ahohiahia kɛse” no fi ase?
5 “Ahohiahia kɛse” no fi ase bere a amammui ahyehyɛde no tow hyɛ “Babilon kɛse” no so mpofirim no. “Wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.” (Adiyisɛm 17:16) Ɛno akyi no, ne kan akyitaafo no ‘besu no, na wɔabobɔ ne ho abubuw.’ (Adiyisɛm 18:9-19) Nanso Yehowa asomfo fi bere tenten na ahwɛ eyi kwan, na wɔbɛka sɛ: “Munyi Yah ayɛ, . . . efisɛ wabu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn, na wadi ne nkoa mogya ho were wɔ ne nsam.”—Adiyisɛm 19:1, 2, NW.
Wɔtow Hyɛ Onyankopɔn Nkoa So
6, 7. Dɛn nti na Yehowa asomfo betumi anya ahotoso bere a wɔtow hyɛ wɔn so wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no?
6 Bere a amammui ahyehyɛde no asɛe atoro som awiei no, wɔbɛdan aba Yehowa asomfo so. Satan, “Gog, [a ofi] Magog asase so” no ka wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ: ‘Mɛforo makotua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no.’ Esiane sɛ osusuw sɛ wonni ahobammɔ nti, ‘ɔde asafo kɛse te sɛ omununkum a ɛkata asase so’ bɛtow ahyɛ wɔn so. (Hesekiel 38:2, 10-16) Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo wɔ Yehowa mu ahotoso nti, wontumi nni wɔn so nkonim wɔ ntua yi mu.
7 Bere a Farao ne ne dɔm susuwii sɛ wɔasum Onyankopɔn asomfo afiri wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no, Yehowa nam anwonwakwan so gyee ne nkurɔfo, na ɔsɛee Misrifo dɔm no. (Exodus 14:26-28) Wɔ “ahohiahia kɛse” no mu, bere a amanaman no besusuw sɛ wɔasum Yehowa nkurɔfo afiri no, ɔbɛfa anwonwakwan so agye wɔn bio: ‘Ɛda no, m’abufuw mu yamgya bɛdɛw, na me ninkuntwe mu, m’anibere gya mu na mɛkasa.’ (Hesekiel 38:18, 19) Saa bere no na “ahohiahia kɛse” no bɛba awiei!
8. Anwonwasɛm bɛn na esisi ansa na Yehowa asɛe abɔnefo, na dɛn na ebefi mu aba?
8 Bere a “ahohiahia kɛse” no afi ase akyi bere bi no, anwonwasɛm bi besisi ansa na Yehowa de n’atemmu aba wiase nyinaa so. Hyɛ nea ɛbɛba wɔn so no nsow. “Ɛno na onipa ba [Kristo] no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa besu, na wobehu onipa ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu.” (Mateo 24:29, 30) “Sɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, . . . na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.”—Luka 21:25, 26.
“Mo Gye Rebɛn”
9. Dɛn nti na Yehowa asomfo betumi ‘ama wɔn ti so’ bere a anwonwasɛm sisi no?
9 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Luka 21:28 no bɛbam saa bere no. Yesu kae sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” Ehu bɛma Onyankopɔn atamfo atɔ beraw efisɛ wobehu sɛ anwonwasɛm a ɛresisi no fi Yehowa hɔ. Nanso Yehowa asomfo bedi ahurusi efisɛ wobehu sɛ wɔn gye rebɛn.
10. Onyankopɔn Asɛm ka “ahohiahia kɛse” no awiei ho asɛm dɛn?
10 Afei Yehowa bɛsɛe Satan nneɛma nhyehyɛe no: ‘Mede owuyare ne mogya ne [Gog] bedi, na mɛtɔ osu a ehwie na ɛsram so ne amparuwbo, ne ogya ne sufre agu ɔno ne n’asafotow no so. Na wɔahu sɛ mene Yehowa.’ (Hesekiel 38:22, 23) Wɔbɛsɛe Satan nhyehyɛe no ho nkekae nyinaa. Wɔbɛtɔre adesamma a wɔpo Onyankopɔn nyinaa ase. Ɛno ne Harmagedon a ɛde “ahohiahia kɛse” no bɛba awiei no.—Yeremia 25:31-33; 2 Tesalonikafo 1:6-8; Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-21.
11. Dɛn nti na wogye Yehowa asomfo wɔ “ahohiahia kɛse” no mu?
11 Yehowa begye n’asomfo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. Eyinom ne “nnipakuw kɛse” no a “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no.” Dɛn nti na wogye wɔn wɔ anwonwakwan a ɛte saa so? Efisɛ wɔde ‘ɔsom kronn’ ma Yehowa “awia ne anadwo.” Enti wonya wɔn ti didi mu wɔ saa wiase yi awiei, na wɔde wɔn kɔ trenee wiase foforo mu. (Adiyisɛm 7:9-15) Enti, wohu Yehowa bɔhyɛ yi mmamu: “Twɛn Awurade [Yehowa, NW], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.”—Dwom 37:34.
Wiase Foforo No
12. Dɛn na wɔn a wobetwa Harmagedon no betumi ahwɛ kwan?
12 Hwɛ anigye a saa bere no bɛyɛ—amumɔyɛde a woyi no hɔ ma anigye bere a ɛsen biara wɔ onipa abakɔsɛm nyinaa mu fi ase! (Adiyisɛm 20:1-4) Hwɛ anisɔ a wɔn a wobetwa Harmagedon no benya ama Yehowa sɛ wɔawura tebea pa a emu tew a Onyankopɔn asiesie, wiase foforo, wɔ asase a wɔbɛdan no paradise no mu! (Luka 23:43) Na ɛho renhia sɛ wowu koraa! (Yohane 11:26) Nokwarem no, efi saa bere no rekɔ no, wobenya anidaso a ɛyɛ anigye na ɛyɛ nwonwa sɛ wɔbɛtra ase bere tenten a Yehowa te ase no!
13. Ɔkwan bɛn so na Yesu san yɛ ayaresa adwuma a ofii ase wɔ asase so no?
13 Yesu a Yehowa apaw no sɛ ɔsoro Hene no na ɔbɛhwɛ ma wɔn a wɔagye wɔn no anya anwonwakwan so nhyira horow no. Bere a na ɔwɔ asase so no, obuee anifuraefo ani, maa asotifo tee asɛm, na ɔsaa “nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.” (Mateo 9:35; 15:30, 31) Wɔ wiase foforo no mu no, ɔbɛsan ayɛ saa ayaresa adwuma no wɔ wiase nyinaa. Sɛ́ Onyankopɔn Dwumayɛni no, ɔbɛma saa bɔhyɛ yi anya ne mmamu: “[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Nnuruyɛfo ne afunsiesiefo ho rehia bio!—Yesaia 25:8; 33:24.
14. Ogye bɛn na Yehowa asomfo a wɔawuwu dedaw no benya?
14 Wɔn a wobegye wɔn nso ne Onyankopɔn asomfo anokwafo a wowuu tete mmere mu no. Wɔ wiase foforo no mu no, wobegye wɔn afi ɔdamoa mu. Yehowa hyɛ bɔ sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Akyinnye biara nni ho sɛ, wobedi kan anyan wɔn a “wɔteɛ” no ma wɔabɛboa atrɛw Paradise no mu. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wobetwa Harmagedon no bɛte saa anokwafo a na wɔawuwu bere tenten a wɔasan de wɔn aba nkwa mu no suahu ahorow!—Yohane 5:28, 29.
15. Ka tebea horow a yebenya wɔ wiase foforo no mu bi ho asɛm.
15 Wɔn a wɔte ase saa bere no nyinaa behu nea odwontofo no ka faa Yehowa ho no: “Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:16) Ɔkɔm nni hɔ bio: Wɔbɛma asase so nnua ne ɛso abɔde ayɛ frɔmm na abɔ aduan pii. (Dwom 72:16) Obiara benya baabi atra: “Wobesisi adan atra mu,” na obiara bɛtra ‘ne bobe ne ne borɔdɔma ase, na obi renyi no hu.’ (Yesaia 65:21, 22; Mika 4:4) Ehu nni hɔ bio: Wobeyi ɔko, basabasayɛ anaa nsɛmmɔnedi afi hɔ. (Dwom 46:8, 9; Mmebusɛm 2:22) “Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm: wɔma dwom so.”—Yesaia 14:7.
16. Dɛn nti na adetreneeyɛ bɛkɔ so wɔ wiase foforo no mu?
16 Wɔ wiase foforo no mu no, wobeyi Satan akwammɔne a ɔde di dwuma no afi hɔ. Na “trenee na asase a ɛsow aba no sofo besua.” (Yesaia 26:9; 54:13, NW) Esiane honhom fam nkyerɛkyerɛ pa a wobenya afe biara nti, “Awurade [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase so ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9) Nsusuwii ne nneyɛe a ɛma denhyɛ na ɛbɛkɔ so wɔ adesamma mu. (Filipifo 4:8) Susuw ho hwɛ, wiase nyinaa abusua a wɔanya ahofadi wɔ nsɛmmɔnedi, ahopɛ, ne anibere ho—amanaman ntam onuayɛ kuw a wɔn nyinaa sow Onyankopɔn honhom no aba. Nokwarem no, mprempren mpo nnipa kuw kɛse no reda su a ɛte saa adi.—Galatifo 5:22, 23.
Dɛn Nti na Akyɛ Saa?
17. Dɛn nti na Yehowa atwɛn bere tenten ansa na ɔde amumɔyɛ rebɛba awiei?
17 Nanso, dɛn nti na Yehowa atwɛn bere tenten a onyii amumɔyɛ mfii hɔ, na onnyee ne nkurɔfo nkɔɔ wiase foforo no mu? Susuw nea na ɛsɛ sɛ odi ho dwuma no ho. Nea ehia sen biara ne Yehowa amansan tumidi a ɛsɛ sɛ ɔsan ho, hokwan a ɔwɔ sɛ odi tumi no. Ɛdenam bere pii a wama agu mu no so no, wakyerɛ pefee sɛ onipa tumidi a ne mmoa nka ho no adi nkogu kɛse. (Yeremia 10:23) Enti seesei Yehowa fata koraa sɛ ɔde ne soro Ahenni tumidi a ɛwɔ Kristo ase no si nnipa tumidi ananmu.—Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.
18. Bere bɛn na na Abraham asefo benya Kanaan asase no adi?
18 Nea akɔ so wɔ mfehaha yi nyinaa mu no te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Abraham bere so no. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ n’asefo benya Kanaan asase no adi—nanso na ɛsɛ sɛ wɔtwɛn mfe ahanan “efisɛ [na] Amorifo amumɔyɛ nnya nnui ɛ.” (Genesis 12:1-5; 15:13-16) Ɛha yi, ɛda adi sɛ, asɛm “Amorifo” (abusuakuw bi a wɔyɛ den) no gyina hɔ ma Kanaanfo nyinaa. Ná bɛyɛ mfe ahanan betwam ansa na Yehowa ama ne nkurɔfo kwan ma wɔafa Kanaan. Saa bere no, Yehowa maa aman a wɔwɔ Kanaan no hyehyɛɛ wɔn mmusua. Dɛn na efi mu bae?
19, 20. Mmusua bɛn na Kanaanfo no hyehyɛe?
19 Bible Handbook a Henry H. Halley yɛe no ka sɛ, wɔ Megiddo no, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma huu Astoret nyamewa, a ɔyɛ Baal yere, no asɔrefie no amamfo. Ɔkyerɛw sɛ: “Ná asiei bi bɛn asɔrefie no pɛɛ, na wohuu baabi a nkuruwa pii a mmofra a na wɔde wɔn bɔ afɔre wɔ asɔrefie yi mu nnompe wom wɔ . . . Ná Baal ne Astoret adiyifo yɛ nkurɔfo a wokunkum mmofra nkumaa.” “Ade foforo a na ɛyɛ nhu nso ne [nea] na wɔfrɛ no ‘fapem afɔrebɔ ahorow’ no. Sɛ wɔresi ofie a, na wɔde abofra bi bɔ afɔre de no hyɛ ɔfasu no mu.”
20 Halley ka sɛ: “Ná ɔbrasɛe a anohyeto nnim na ɛwɔ Baal, Astoret, ne Kanaanfo anyame a aka no som mu; na wɔn asɔredan ahorow no yɛ mmeae a wobu bra bɔne. . . . Ná Kanaanfo no som denam wɔn ho a wɔde hyɛ ɔbrasɛe a ɛtra so mu, . . . ne afei, wɔn mmakan a wokunkum wɔn de wɔn bɔɔ afɔre maa anyame koro yi ara no so. Ɛte sɛ nea akwan pii so no, Kanaan asase no nyinaa bɛyɛɛ sɛ Sodom ne Gomora bi. . . . So na anibuei a efĩ ne atirimɔdensɛm a ɛyɛ abofono wom sɛɛ no wɔ hokwan sɛ ɛkɔ so tra hɔ anaa? . . . Ɛyɛ wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma a wotutu Kanaanfo nkurow amamfo so no nwonwa sɛ Onyankopɔn ansɛe wɔn ntɛm ansen bere a Ɔyɛɛ saa no.”—Fa toto 1 Ahene 21:25, 26 ho.
21. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Kanaanfo tebea no ne yɛn bere yi de mu?
21 Ná Amorifo no amumɔyɛ ‘adu.’ Enti afei na ɛfata koraa sɛ Yehowa tɔre wɔn ase. Saa ara na ɛte nnɛ. Basabasayɛ, ɔbrasɛe ne Onyankopɔn mmara a wobu no animtiaa na ahyɛ saa wiase yi ma. Na esiane sɛ yedi mmofra pii a wɔde wɔn bɔɔ afɔre wɔ tete Kanaan no ho yaw ma ɛfata nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛka wɔ mmofra ɔpepedudu pii a wɔde wɔn bɔ afɔre wɔ wiase akodi mu, a enye koraa sen biribiara a na wɔyɛ wɔ Kanaan no ho? Nokwarem no, ɛfata koraa sɛ Yehowa de saa nhyehyɛe bɔne yi ba awiei seesei.
Biribi Foforo Ho Dwuma a Odi
22. Dɛn na boasetɔ a Yehowa anya no di ho dwuma wɔ yɛn bere yi mu?
22 Boasetɔ a Yehowa anya wɔ nna a edi akyiri yi mu no redi biribi foforo ho dwuma. Ɔrema wɔanya bere aboaboa nnipakuw kɛse a wɔn dodow boro ɔpepem anum dedaw no ano na wɔakyerɛkyerɛ wɔn. Wɔ Yehowa akwankyerɛ ase no, wɔayɛ biako wɔ ahyehyɛde bi a enya nkɔanim daa mu. Wɔtete mmarima, mmea, ne mmofra ma wɔde Bible mu nokware no kyerɛkyerɛ afoforo. Ɛdenam wɔn asafo nhyiam ne Bible ho nhoma ahorow so no, wosua Onyankopɔn akwan a ɔdɔ wom no. (Yohane 13:34, 35; Kolosefo 3:14; Hebrifo 10:24, 25) Bio nso, wɔrenya adansi, ɛlɛtrɔnik, nhomatintim, ne nnwuma foforo ho nimdeɛ na ama wɔatumi aboa “asɛmpa” no ka no. (Mateo 24:14) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔde saa ɔkyerɛkyerɛ ne adansi ho nimdeɛ yi bedi dwuma kɛse wɔ wiase foforo no mu.
23. Dɛn nti na ɛyɛ hokwan sɛ yɛte ase saa bere yi?
23 Yiw, Yehowa resiesie n’asomfo nnɛ ma wɔatwa “ahohiahia kɛse” no akɔ trenee wiase foforo mu nnansa yi ara. Saa bere no, na Satan ne wiase bɔne biara nni hɔ a wɔne wɔn bedi asi, na yare, awerɛhow, ne owu nni hɔ bio. Onyankopɔn nkurɔfo de anigye kɛse bɛyɛ adwuma a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wobesiesie paradise, baabi a da biara, wobenya ‘anigye’ no. Hwɛ hokwan a ɛyɛ sɛ yɛwɔ saa mmere yi awiei, yɛahu Yehowa na yɛsom no, na yenim sɛ ɛrenkyɛ koraa ‘yɛbɛma yɛn ti so esiane sɛ yɛn gye rebɛn nti’!—Luka 21:28; Dwom 146:5.
Ntimu Nsɛmmisa
◻ Dɛn ne “ahohiahia kɛse” no, na ɔkwan bɛn so na efi ase?
◻ Dɛn nti na ntua a Gog de bɛba Yehowa nkurɔfo so bedi huammɔ?
◻ “Ahohia kɛse” no ba awiei dɛn?
◻ Mfaso horow a ɛyɛ anigye bɛn na wiase foforo no de bɛba?
◻ Dɛn nti na Yehowa atwɛn bere tenten ansa na ɔde nhyehyɛe yi reba awiei?
[Kratafa 16 mfonini]
Wɔbɛdan asase nyinaa paradise