Anigye Ne Wɔn a Wɔwɛn!
“Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira [anigye, NW] ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so.”—ADIYISƐM 16:15.
1. Esiane sɛ Yehowa da no abɛn nti, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan?
YEHOWA da kɛse no abɛn, na ɛno kyerɛ ɔko! Ɔsomafo Yohane huu “ahonhommɔne ahonhom” a wɔte sɛ mpɔtorɔ wɔ anisoadehu mu sɛ wɔrekɔ asase so “ahene” anaa sodifo nyinaa nkyɛn. Wɔrekɔyɛ dɛn? ‘Wɔrekɔboaboa wɔn ano ama Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no’! Yohane de kaa ho sɛ: “[W]ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.”—Adiyisɛm 16:13-16.
2. Hena ne Gog a ofi Magog no, na sɛ ɔtow hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, dɛn na ebesi?
2 Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛkanyan saa nhyehyɛe yi amammuifo ma wɔasɛe Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman no. (Adiyisɛm 17:1-5, 15-17) Ɛno akyi no, Gog a ofi Magog a ɔne Satan Ɔbonsam a wɔatow no ato asase so no bɛboaboa ne dɔm ano ma wɔde wɔn ahoɔden nyinaa atow ahyɛ Yehowa nkurɔfo a wɔn asom dwo wɔn na ɛte sɛ nea wonni ahobammɔ no so. (Hesekiel 38:1-12) Nanso Onyankopɔn bɛko agye ne nkurɔfo. Ɛno na ebefi “Awurade [Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu no” ase.—Yoel 2:31; Hesekiel 38:18-20.
3. Wobɛkyerɛkyerɛ nsɛm a wɔka siei wɔ Hesekiel 38:21-23 no mu dɛn?
3 Yiw, Yehowa begye ne nkurɔfo na wasɛe Satan nhyehyɛe no ho biribiara a aka bere a yɛadu wiase tebea a wɔfrɛ no Harmagedon no. Kenkan nkɔmhyɛsɛm a ɛwɔ Hesekiel 38:21-23 no na yɛ tebea no ho mfonini wɔ w’adwene mu. Yehowa de ne tumi di dwuma ma ɔsoro tɔ nsu pii, amparuwbo akɛse pae gu, ogya pa yerɛwyerɛw, na owuyare ba. Ehu ka wiase nyinaa bere a wɔbɔ Gog dɔm no pansam, na wɔko tia wɔn ho wɔn ho no. Wokunkum Ade Nyinaa so Tumfoɔ atamfo a wɔaka nyinaa bere a Yehowa de tumi a ɛboro nnipa de so gye n’asomfo no. Sɛ “ahohiahia kɛse” a wɔahyɛ ho nkɔm no ba awiei a, Satan nhyehyɛe bɔne no ho biribiara renka. (Mateo 24:21) Nanso, bere a abɔnefo rehu owuyaw mpo no, wobehu onii ko a ɔde amanehunu aba wɔn so no. Yɛn Nyankopɔn nkonimdifo no ankasa ka sɛ: ‘Wobehu sɛ mene Yehowa.’ Saa nsɛm a ebi mmaa da yi besisi wɔ yɛn nna yi mu, wɔ Yesu ba a waba mu.
Ɔba Sɛ Owifo
4. Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛba abɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne yi?
4 Awurade Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no kae sɛ: “Hwɛ, mereba sɛ owifo.” Ba a obi ba sɛ owifo no bɛyɛ mpofirim, bere a wɔnhwɛ kwan, a nnipa dodow no ara adeda. Sɛ Yesu ba sɛ owifo bɛsɛe saa nhyehyɛe bɔne yi a, ɔbɛkora wɔn a wɔrewɛn ankasa no so. Ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Nhyira [anigye, NW] ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu n’aniwu.” (Adiyisɛm 16:15) Dɛn na saa nsɛm no kyerɛ? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi awɛn wɔ honhom mu?
5. Asɔrefie som adwuma ho nhyehyɛe bɛn na na ɛwɔ hɔ bere a na Yesu wɔ asase so no?
5 Ɛntaa mma sɛ wɔbɛpa ɔwɛmfo ho ntama bere a ɔreda wɔ adwumam no. Nanso na ɛte saa wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ bere a na Yesu wɔ asase so, na asɔfo ne Lewifo akuw somee wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no. Afeha a ɛto so 11 A.Y.B. mu na Ɔhene Dawid hyehyɛɛ Israel asɔfo ɔhaha ne wɔn aboafo Lewifo mpempem no yɛɛ wɔn ahyehyɛde a wɔakyekyɛ wɔn mu akuw 24. (1 Beresosɛm 24:1-18) Ná kuw biara, a adwumayɛfo a wɔatete wɔn bɛboro apem na wɔwom, no de nnawɔtwe mũ kɔyɛ asɔrefie hɔ nnwuma, anyɛ yiye koraa, mprenu afe biara. Nanso, sɛ edu Asese Afahyɛ no a, na akuw 24 no nyinaa kɔyɛ adwuma. Ná mmoa pii ho hia wɔ Twam afahyɛ no nso ase.
6. Dɛn na ebia na Yesu retwe adwene asi so bere a ɔkae sɛ, “Nhyira [Anigye, NW] ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so” no?
6 Bere a Yesu kae sɛ, “Nhyira [Anigye, NW] ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so” no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔretwe adwene asi biribi a na wɔyɛ no saa bere no wɔ asɔrefie hɔ wɛn mu so. Yudafo Mishnah no ka sɛ: “Ná asɔfo no wɛn mmeae abiɛsa wɔ Asɔrefie hɔ: Abtinas Pia no mu, Ogyatɛkrɛma Pia no mu, ne Bukyia Pia no mu; na na lewifo no wɛn mmeae aduonu biako: anum wɔ Asɔrefie Bepɔw apon anum no ho, anan wɔ emu ntwea anan no so, anum wɔ Asɔrefie Adiwo apon no anum ho, anan wɔ n’abɔnten ntwea anan no so, na biako wɔ Ayɛyɛde Pia no mu, na biako wɔ Mmɔhɔɔ Pia no mu, na biako wɔ Mpata Agua no akyi [Kronkron mu Kronkronbea no mfikyiri]. Ná Asɔrefie Bepɔw no so panyin taa de agyatɛn kura kyin awɛmfo no nyinaa so hyia, na sɛ ɔwɛmfo bi ansɔre annyina hɔ anka ankyerɛ no sɛ, ‘O Asɔrefie Bepɔw so panyin, asomdwoe nka wo!’ na ɛda adi sɛ wada a, ɔde ne poma no bɛboro no, na na ɔwɔ hokwan sɛ ɔhyew n’atade.”—The Mishnah, Middoth (“Measurements”), 1, nkyekyem 1-2, a Herbert Danby kyerɛɛ ase.
7. Dɛn nti na na ehia sɛ asɔfo ne Lewifo a na wɔhwɛ asɔrefie hɔ no wɛn?
7 Ná Lewifo ne asɔfo pii a wɔwɔ kuw a wɔresom no mu no si pɛ anadwo nyinaa wɛn hɔ, de siw obiara a ne ho ntew kwan na wankɔ asɔrefie no adiwo hɔ. Esiane sɛ na “Asɔrefie Bepɔw so panyin” anaa “asɔrefie no titrani” no kyini agyinae 24 no nyinaa so hyia wɔ ɔdasum nti, na ɛsɛ sɛ ɔwɛmfo biara si pɛ wɔ n’agyinae na wammefi ne so sɛ wada.—Asomafo no Nnwuma 4:1.
8. Dɛn ne Kristoni sɛnkyerɛnne kwan so ntade?
8 Ɛho hia sɛ Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn mfɛfo asomfo wɛn wɔ honhom mu, na wɔkɔ so hyɛ wɔn sɛnkyerɛnne kwan so ntade no. Eyinom yɛ paw a wɔapaw yɛn sɛ yɛnyɛ ɔsom adwuma no wɔ Yehowa honhom fam asɔrefie hɔ no ho adanse a aniwa hu. Nea ɛfoa eyi so no, yɛwɔ Onyankopɔn honhom kronkron, anaa adeyɛ tumi, a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ yɛn nnwuma na yɛadi hokwan ahorow a yɛwɔ sɛ Ahenni adawurubɔfo no ho dwuma. Da a yɛbɛda wɔ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ Onyankopɔn asomfo no mu no betumi de yɛn ato asiane mu ma Yesu Kristo, honhom fam asɔrefie kɛse no Panyin no, abɛkyere yɛn. Sɛ yɛda wɔ honhom mu saa bere no a, wɔbɛpa yɛn ho ntama sɛnkyerɛnne kwan so, na wɔahyew yɛn sɛnkyerɛnne kwan so ntade. Enti yɛbɛyɛ dɛn atumi awɛn wɔ honhom mu?
Ɔkwan a Yebetumi Afa so Awɛn
9. Dɛn nti na Bible a wɔnam Kristofo nhoma ahorow mmoa so sua ho hia kɛse?
9 Mmɔden a wɔbɔ de sua Kyerɛwnsɛm no denam Kristofo nhoma ahorow so no yɛ ade a ɛboa honhom mu ɔwɛn. Adesua a ɛte saa no besiesie yɛn ama ɔsom adwuma no, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen ano, na akyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so anya daa anigye. (Mmebusɛm 8:34, 35; Yakobo 1:5-8) Ɛsɛ sɛ yɛn adesua no yɛ nea emu dɔ, na ɛyɛ ntoatoaso. (Hebrifo 5:14–6:3) Aduampa a wodi no bere nyinaa betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn na yɛn ani ada hɔ. Ebetumi ama yɛakwati nkotɔ a ebetumi ayɛ aduampa a yennya nni ho sɛnkyerɛnne no. Yenni ntease biara a enti ɛsɛ sɛ aduampa bɔ yɛn wɔ honhom mu na yɛtɔ nko, efisɛ Onyankopɔn nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔasra no no so reyɛ honhom fam aduan ho nsiesiei pii. (Mateo 24:45-47) Honhom fam aduan a yɛnam kokoam ne abusua adesua so bedi no bere nyinaa no yɛ ɔkwan biako a yɛbɛfa so awɛn na yɛayɛ “den gyidi mu.”—Tito 1:13.
10. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam horow, amansin ne amantam nhyiam boa yɛn ma yɛwɛn wɔ honhom mu?
10 Kristofo asafo nhyiam horow, amansin ne amantam nhyiam boa ma yɛwɛn wɔ honhom mu. Ɛma yenya nkuranhyɛ ne hokwan ahorow a yɛde ‘bɛtwetwe yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ Bere a ‘yehu sɛ awiei no rebɛn’ titiriw na ɛsɛ sɛ yehyiam daa. Saa da no abɛn ampa. Ɛno ne ‘Yehowa da,’ a ɔbɛsan ne tumidi ho no. Sɛ saa da no hia yɛn ampa a—na ɛsɛ sɛ ehia yɛn—‘yɛrennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam.’—Hebrifo 10:24, 25; 2 Petro 3:10.
11. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristofo som adwuma no ho hia ma honhom mu ɔwɛn?
11 Kristofo som adwuma no mu kyɛfa a yefi koma nyinaa mu benya no ho hia na yɛawɛn wɔ honhom mu. Asɛmpa no a yɛde nsiyɛ benya mu kyɛfa daa no ma yɛn ani da hɔ. Yɛn som adwuma no ma yenya hokwan pii ne afoforo bɔ Onyankopɔn Asɛm no, N’ahenni, ne n’atirimpɔw ahorow ho nkɔmmɔ. Ɛma abotɔyam sɛ yebedi adanse wɔ afie afie, ayɛ sankɔhwɛ ahorow, na yɛde nhoma ahorow te sɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ayɛ ofie Bible adesua ahorow. Mpanyimfo a na wɔwɔ tete Efeso no tumi dii adanse sɛ Paulo kyerɛkyerɛɛ wɔn “gua so ne afi mu.” (Asomafo no Nnwuma 20:20, 21) Nokwarem no, Yehowa Adansefo anokwafo binom wɔ akwahosan ho haw a emu yɛ den a ɔkwan bi so no, esiw wɔn som adwuma no kwan, nanso wɔfa akwan horow so ka Yehowa ne N’ahenni ho asɛm kyerɛ afoforo, na wonya anigye kɛse fi saayɛ mu.—Dwom 145:10-14.
12, 13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati adidi ne asanom bebrebe?
12 Nneɛma a wɔyɛ tra so a yɛbɛkwati no bɛboa yɛn ma yɛawɛn wɔ honhom mu. Bere a Yesu reka ne mmae ho asɛm no, ɔhyɛɛ n’asomafo no nkuran sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so.” (Luka 21:7, 34, 35) Potwaa ne asabow ne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia. (Deuteronomium 21:18-21) Mmebusɛm 23:20, 21 ka sɛ: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu; na ɔsadweam ne ohohwini bedi hia, na nkotɔ de ntamagow fura onipa.”—Mmebusɛm 28:7.
13 Nanso, sɛ adidi ne asanom bebrebe nnya nnuu saa mpo a, ebetumi ama obi atɔ nko, ma wayɛ akwadworɔ mpo, abu n’ani agu Onyankopɔn apɛdeyɛ so. Ɛda adi sɛ yebehyia abusua asetra, akwahosan, ne nneɛma foforo ho dadwen. Nanso, sɛ yɛde Ahenni nneɛma di kan wɔ asetra mu na yenya ahotoso sɛ yɛn soro Agya no bɛhwɛ yɛn a, yɛn ani begye. (Mateo 6:25-34) Anyɛ saa a, “ɛda no” bɛba abɛto yɛn sɛ “afiri,” ebia ɛbɛyɛ sɛ afiri a wɔakata so a ɛbɛkyere yɛn bere a yɛn ani nna yɛn ho so, anaa darewa ano nam a wɔde sum afiri te sɛ nea ɛtwetwe mmoa a wɔn ani nna wɔn ho so de kyere wɔn no. Sɛ yɛwɛn, na yehu no pefee sɛ yɛte “awiei bere no” mu a, eyi rento yɛn.—Daniel 12:4.
14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae anibere so?
14 Mpaebɔ a efi komam yɛ ade foforo a ɛboa yɛn ma yɛwɛn wɔ honhom mu. Wɔ Yesu nkɔmhyɛ kɛse no mu no, ɔhyɛɛ nkuran bio sɛ: “Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.” (Luka 21:36) Yiw, momma yɛmmɔ mpae na yɛatumi agyina Yehowa afã bere nyinaa, na sɛ Yesu, onipa Ba no, ba bɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne yi a, yɛanya n’anim dom. Yɛn ankasa yiyedi ne mfɛfo gyidifo a yɛbɔ mpae ma wɔn yiyedi nti, ehia sɛ yɛkɔ so ‘de mpaebɔ wɛn.’—Kolosefo 4:2; Efesofo 6:18-20.
Bere no Retwam
15. Dwuma bɛn na yɛn som adwuma sɛ atreneekafo no di?
15 Bere a yɛtwɛn Yehowa da kɛse no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ne som mu. Sɛ yɛbɔ mpae anibere so wɔ eyi ho a, “ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba” betumi abue ama yɛn. (1 Korintofo 16:8, 9) Wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu no, Yesu bebu atɛn na wayiyi “nguanten” a wɔteɛ a wɔfata daa nkwa no afi “mpapo” abɔnefo a wɔfata daa ɔsɛe no ho. (Yohane 5:22) Ɛnyɛ yɛn na yeyiyi nguanten fi mpapo ho. Nanso seesei yɛn som adwuma sɛ trenee ho asɛnkafo no rema nkurɔfo anya hokwan de apaw sɛ wɔde wɔn asetra bɛsom Onyankopɔn na ama wɔanya anidaso sɛ wobeyi wɔn asi nkyɛn ama nkwa wɔ bere a Yesu “bɛba n’anuonyam mu” no mu. Sɛnea nneɛma nhyehyɛe yi nna aka tiaa no ma hia a dwumadi a efi koma nyinaa mu ho hia no yɛ kɛse bere a yɛhwehwɛ wɔn a ‘wɔayi wɔn yam ama daa nkwa no.’—Mateo 25:31-46; Asomafo no Nnwuma 13:48.
16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi?
16 Noa bere so wiase no bere twaam, na ɛrenkyɛ nneɛma nhyehyɛe yi de betwam akɔ. Enti momma yɛnyɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ nsi. Yɛn asɛnka adwuma no renya nkɔso, efisɛ afe biara wɔbɔ nnipa ɔpehaha pii asu de yɛ wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Wɔrebɛyɛ Yehowa ahyehyɛde a wɔahyira no mufo—“ne man ne n’adidibea nguan.” (Dwom 100:3) Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ wubenya Ahenni asɛnka adwuma a ɛde anidaso brɛ nnipa pii no mu kyɛfa ansa na “[Yehowa, NW] da kɛse a ɛyɛ hu no” aba!
17, 18. (a) Bere a yɛka asɛm no, nneyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan wɔ ebinom ho? (b) Dɛn na ɛbɛto fɛwdifo ɔkwan biara so?
17 Te sɛ Noa no, yɛwɔ Onyankopɔn mmoa ne n’ahobammɔ. Yiw, ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo no, abɔfo a wɔdanee wɔn ho nnipa no ne Abirɛmpɔn no dii Noa asɛm no ho fɛw, nanso ɛno amma wannyae. Ɛnnɛ, ebinom di fɛw bere a yɛtwe adwene si adanse a enni ano a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri mu” so no. (2 Timoteo 3:1-5) Saa fɛwdi no ma Bible nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo ba a waba ho no nya mmamu, efisɛ Petro kyerɛwee sɛ: “Nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.”—2 Petro 1:16; 3:3, 4; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
18 Nnɛyi fɛwdifo betumi asusuw sɛ: ‘Efi adebɔ so no, hwee nsesae. Asetra kɔ so, na nkurɔfo didi, nom, ware, na wɔwo mma. Sɛ Yesu aba mpo a, ɔremmu atɛn wɔ me bere so.’ Hwɛ mfomso a wɔadi! Sɛ nneɛma foforo ankunkum wɔn saa bere yi mu a, ɔkwan biara so no, Yehowa da a ɛyɛ hu no bɛsɛe wɔn sɛnea Nsuyiri no mu ɔsɛe no de Noa bere so awo ntoatoaso bɔne bi baa awiei no.—Mateo 24:34.
Kɔ So Wɛn Ɔkwan Biara So!
19. Ɛsɛ sɛ yebu yɛn asuafoyɛ adwuma no dɛn?
19 Sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa a, ɛmmra sɛ yɛremma nsusuwii a ɛmfata nkɛntɛn yɛn so mma yɛnna. Eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛwɛn, yɛkyerɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ mu gyidi, na yɛyɛ yɛn adwuma a ɛne sɛ ‘yɛbɛyɛ amanaman nyinaa asuafo’ no. (Mateo 28:19, 20) Bere a saa nhyehyɛe yi rekɔ n’awiei koraa no, yentumi nnya hokwan biara a ɛsen sɛ yɛbɛsom Yehowa Nyankopɔn wɔ Yesu Kristo akanni ase, na yɛanya ‘ahenni no ho asɛmpaka’ adwuma a wɔreyɛ no wiase nyinaa no mu kyɛfa ansa na awiei no aba.—Mateo 24:14; Marko 13:10.
20. Nhwɛso bɛn na Kaleb ne Yosua yɛe, na dɛn na ɔkwan a wɔfaa so no kyerɛ ma yɛn?
20 Yehowa nkurɔfo binom asom no mfe bebree, ebia wɔn nkwa nna mu. Na sɛ nnansa yi ara na yɛregye nokware som mpo a, momma yɛnyɛ sɛ Israelni Kaleb a ‘owiee Yehowa akyidi’ no. (Deuteronomium 1:34-36) Ná ɔne Yosua ayɛ ahoboa koraa sɛ wɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so bere a wogyee Israel fii Misraim nkoasom mu akyi bere tiaa bi no. Nanso, Israelfo a na wɔanyinyin no mu dodow no ara ankyerɛ gyidi, na ɛma wodii mfirihyia 40 wɔ sare so, wuwuii wɔ hɔ. Kaleb ne Yosua ne wɔn boom hyiaa ɔhaw ahorow saa bere no nyinaa, nanso awiei koraa no, saa mmarima baanu no kɔɔ asase a wɔde hyɛɛ wɔn bɔ no so. (Numeri 14:30-34; Yosua 14:6-15) Sɛ ‘yewie Yehowa akyidi’ na yɛkɔ so wɛn wɔ honhom mu a, yɛde anigye bɛkɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɔde ahyɛ bɔ no mu.
21. Sɛ yɛwɛn wɔ honhom mu a, dɛn na yebenya?
21 Adanse kyerɛ pefee sɛ yɛwɔ awiei bere no mu, na Yehowa da kɛse no abɛn. Eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛtɔ nko na yebu yɛn ani gu Onyankopɔn apɛdeyɛ so. Sɛ yɛwɛn wɔ honhom mu na yɛkɔ so hyɛ yɛn ntade a ɛda yɛn adi sɛ Kristofo asomfo ne Yehowa nkoa nkutoo a na yebenya nhyira. Ɛmmra sɛ yɛde besi yɛn ani so sɛ ‘yɛbɛwɛn, agyina pintinn wɔ gyidi no mu, ayɛ mmarima, ayɛ den.’ (1 Korintofo 16:13) Sɛ́ Yehowa nkoa no, ɛmmra sɛ yɛn mu biara begyina pintinn na wanya akokoduru. Ɛno ansa na yɛbɛka wɔn a wɔayɛ ahoboa bere a Yehowa da kɛse no ba, a wɔde nokwaredi resom wɔ nnipa a wɔwɔ anigye a wɔwɛn no mu ho.
Wubebua Dɛn?
◻ Wobɛkyerɛkyerɛ yɛn sɛnkyerɛnne kwan so ntade no mu dɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so ahyɛ?
◻ Dɛn ne akwan bi a wɔfa so wɛn wɔ honhom mu?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ fɛwdifo bɛba, na ɛsɛ sɛ yebu wɔn dɛn?
◻ Ɛsɛ sɛ yebu yɛn asuafoyɛ adwuma no dɛn wɔ nna a edi akyiri yi mu?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]
Kristofo wɔ Onyankopɔn honhom kronkron a ɛbɛboa wɔn ma wɔawɛn na wɔayɛ wɔn nnwuma
[Kratafa 15 mfonini]
So woasi wo bo sɛ wobɛwɛn wɔ honhom mu na woakɔ so ahyɛ wo sɛnkyerɛnne kwan so ntade no?