-
Bible Nhoma a Ɛto So 42—Luka“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 16
-
-
ƆBARIMA bi a n’adwenem da hɔ a ne yam ye na ɔkyerɛw Luka Asɛmpa no. Ne suban pa yi ne Onyankopɔn honhom akwankyerɛ nti, ne nhoma no mu nsɛm yɛ nokware, na ɛma anigye nso. Nea ɔde fi ne nhoma no ase ne sɛ, “me nso mabɔ me tirim saa, efisɛ mahwehwɛ nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ afi mfiase, sɛ mɛkyerɛw no nnidiso nnidiso abrɛ wo.” Ntoboase a ɔde kyerɛw biribiara pɛpɛɛpɛ no ma yehu sɛ asɛm yi yɛ nokware.—Luka 1:3.
-
-
Bible Nhoma a Ɛto So 42—Luka“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 16
-
-
4 Bere bɛn na Luka kyerɛw n’Asɛmpa no? Asomafo Nnwuma 1:1 kyerɛ sɛ ansa na Luka rekyerɛw Asomafo Nnwuma no, na wakyerɛw “asɛm a edi kan,” Asɛmpa no, dedaw. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw Asomafo Nnwuma no wiei 61 Y.B. hɔ baabi bere a na Luka wɔ Paulo nkyɛn wɔ Roma no. Ná Paulo retwɛn ma wɔabua asɛm a ɔde kɔdan Kaesare no. Enti ɛbɛyɛ sɛ Luka kyerɛw n’Asɛmpa no wɔ Kaesarea afe 56-58 Y.B. mu hɔ baabi, bere a ɔne Paulo fi Filipi bae no. Saa bere no, na Paulo awie n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no na na wada afiase wɔ Kaesarea mfe abien retwɛn sɛ wɔde no bɛkɔ Roma ma wɔabua n’asɛm no. Ná Luka wɔ Palestina saa bere no, enti na obetumi ‘ahwehwɛ’ Yesu asetra ne ne som adwuma “nyinaa mu pɛpɛɛpɛ afi mfiase.” Ɛno nti ɛbɛyɛ sɛ Luka kyerɛw ne nhoma no ansa na Marko rekyerɛw n’Asɛmpa no.
5 Ɛyɛ ampa sɛ Luka amfa n’ani anhu nsɛm a ɔkyerɛwee wɔ n’Asɛmpa no mu no nyinaa, efisɛ na ɔnka asomafo 12 no ho na ɛbɛyɛ sɛ wammɛyɛ osuani mpo kosii sɛ Yesu wui. Nanso na ɔbɛn Paulo paa wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu. (2 Tim. 4:11; Filem. 24) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nsɛm bi wɔ ne nhoma no mu a ɛkyerɛ sɛ ɔne Paulo bɔe. Sɛ wode Awurade Anwummeduan ho asɛm a ɛwɔ Luka 22:19, 20 no toto nea ɛwɔ 1 Korintofo 11:23-25 no ho a, wubehu sɛ ɛte saa. Ebetumi aba sɛ Luka nyaa nsɛm no bi wɔ Mateo Asɛmpa no mu. Bere a ‘ɔrehwehwɛ nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ’ no, na obetumi abisabisa nnipa pii a wɔde wɔn ani huu nsɛm a esisii wɔ Yesu asetra mu no. Wɔn mu bi ne asuafo a na wɔda so te ase no ne Yesu maame Maria. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔyɛɛ nea obetumi biara de boaboaa nsɛm a edi mu ano.
-