Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 5/1 kr. 21-26
  • Yehowa Ahosɛpɛw Afahyɛ No​—Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛn Ani Gye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ahosɛpɛw Afahyɛ No​—Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛn Ani Gye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔbɔ Ahofadi Bi A Edi Kan Ho Dawuru
  • Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ No Fi Ase
  • Yehowa Pɛ Sɛ Wunya Ahofadi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ No Ba Awiei wɔ Mfirihyia Apem no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ahofadi Afe No Ne Ahofadi a Yebenya Daakye
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 5/1 kr. 21-26

Yehowa Ahosɛpɛw Afahyɛ No​—Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛn Ani Gye

“Na monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mompae ahofadi, asase no so, mma ɛsotefo nyinaa; ɛnyɛ mo ahosɛpɛw afahyɛ, . . . Ɛnyɛ kronkron mma mo . . . Na montra asase no so dwoodwoo.”​—LEVITICUS 25:10-12, 18.

1. Nkyerɛwee bɛn na egu Ahofadi Dɔn no ho, na ɛhe na wɔfaa asɛm no fii?

BAABIARA a wote no, ebia woate Ahofadi Dɔn a ɛwɔ Philadelphia, Pennsylvania, wɔ U.S.A. a agye din no ho asɛm. The World Book Encyclopedia se “wɔbɔɔ saa dɔn yi ne asɔre dɔn afoforo July 8, 1776 mu de bɔɔ Ahofadi Mpaemuka a woagye atom no ho amanneɛ. Ɛho nkyerɛwee a ese, ‘Mompae Ahofadi asase no so mma ɛsotefo nyinaa’ no fi Bible mu (Leviticus 25:10).”

2. Wote nka dɛn wɔ ahofadi a wubenya ho, nanso ɛho nsɛnnennen bɛn na ebia ɛbɛsɔre?

2 Ahofadi da so ara yɛ nea nnipa ani gye ho kɛse, ɛnte saa? Ɛda adi sɛ w’ani begye sɛ wubenya nokware ahofadi​—afi adwenkyea ahorow, amammui mu nhyɛso, onyin ne ɔyare mu mmerɛwyɛ a ekowie owu mu no mu. Sɛ saa a, ɛnde ntease pa wɔ hɔ ma wo sɛ wobɛma w’ani agye, na ntease kɛse a ɛsen eyi mpo bɛba nnansa yi ara. Esiane sɛ nniso biara ntumi mfaa ahofadi a edi mu biara mmae, na nyansahufo anaa nnuruyɛfo ntumi nsiw onyin, ɔyare, ne owu a efi mu ba no ano nti, ebia wubebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ hɔ?’ Nanso, yɛka bio sɛ, biribi wɔ hɔ a wubetumi agyina so ama w’ani agye sɛ nokware ahofadi wɔ hɔ? Nea ɛbɛyɛ na woate ase no, susuw ɛho asɛm a ɛho hia titiriw bi a ebetumi afa wo ho​—mprempren ne daakye​—no ho.

3. Ná Ahosɛpɛw Afahyɛ no yɛ dɛn, na dɛn na na wɔyɛ wɔ saa afe no mu?

3 Asɛm a wɔafa aka wɔ atifi hɔ no de nsɛmfua “Ahosɛpɛw Afahyɛ” di dwuma. Ná Ahosɛpɛw afahyɛ no yɛ afe mũ nyinaa Homedadi wɔ Israel asase so. Ná edi kuayɛ Homeda mfe ason ahorow a na ɛka bom yɛ mfe 49 no akyi. Ná afe a ɛto so 50 Ahosɛpɛw afe no yɛ saa Homeda ahorow no a wɔaboaboa ano wɔ asase a na Yehowa de ama ne nkurɔfo sɛ bɔhyɛ a ɔde maa wɔn nana Abraham, “[Yehowa] adamfo” no mmamu no so no awiei. (Yakobo 2:23; Yesaia 41:8) Wɔ Ahosɛpɛw afahyɛ no mu no, wɔpaee ahofadi wɔ asase no so nyinaa. Ná eyi kyerɛ ahofadi ma Israelfo a ɛka nti wɔatɔn wɔn ho akɔ nkoasom mu no. Ná Ahosɛpɛw afahyɛ no fã foforo nso ne sɛ na wɔsan de mmusua nsase a (ebia esiane sikasɛm mu ahokyere nti) wɔatɔn no wuranom ade ma wɔn.​—Leviticus 25:1-54.

4. Bere bɛn na na wɔbɔ Ahosɛpɛw afahyɛ no ho amanneɛ, na ɔkwan bɛn so?

4 Esiane eyi nti, wubetumi ate nea enti a na Ahosɛpɛw afe no yɛ ahofadi afahyɛ no ase. Na wɔnam torobɛnto a wɔhyɛn Mpata Daa no mu no so na ɛbɔ ho amanneɛ. Sɛnea Mose kyerɛwee wɔ Leviticus 25:9, 10 no, “Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, ma wɔnhyɛn torobɛnto ntwam, mpata da no na momma wɔnhyɛn torobɛnto no ntwam mo asase nyinaa so. Na monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mompae ahofadi, asase no so, mma ɛsotefo nyinaa; ɛnyɛ mo ahosɛpɛw afahyɛ, na mo mu biara nsan nkɔ n’agyapade mu na obiara nsan nkɔ n’abusua mu.” Wɔ afe 1473 A.Y.B. mu no, Yosua de Israelfo no twaa Yordan Asubɔnten no kɔɔ Bɔhyɛ Asase a ɛhɔ na na wobedi Ahosɛpɛw afe no so.

Wɔbɔ Ahofadi Bi A Edi Kan Ho Dawuru

5. Ahofadi ne Ahosɛpɛw afahyɛ no afã horow bɛn na yebesusuw ho?

5 Ebia nea yɛasusuw ho yi bɛyɛ te sɛ tete abakɔsɛm bi ara kwa a ɛmfa yɛn asetra ho pii, ne titiriw no, sɛ yɛnyɛ Yudafo asefo a. Nanso, Yesu Kristo ma yenyaa ntease pa a enti yebetumi ahwɛ Ahosɛpɛw afahyɛ kɛse bi kwan. Ɛyɛ eyi na ɛma yenya ahofadi ho anigye no. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nea enti no, ɛho hia sɛ yehu sɛnea Yesu nam akwan horow abien so maa nkurɔfo nyaa ahofadi wɔ afeha a edi kan no mu no. Afei yebesusuw sɛnea eyi ne yɛn asetra bere yi mu ahofadi abien bi, ahofadi kɛse a ɛma yɛn ntease kɛse a enti ɛsɛ sɛ yegye yɛn ani, no hyia no ho.

6, 7. (a) Nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ebesisi bɛn ho asɛm na Yesaia 61:1-7 ka siei? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ na Yesaia nkɔmhyɛ no renya mmamu?

6 Ɛwom sɛ na wɔrenka tete Ahosɛpɛw no ho asɛm tẽẽ de, nanso wɔkaa ahofadi bi a na ɛbɛba ho asɛm nkɔmhyɛ kwan so wɔ Yesaia 61:1-7: “[Amansan Hene Yehowa] honhom wɔ me so, efisɛ [Yehowa] asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu no werɛ, mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduaban bue menkyerɛ apokyerɛfo; na mempae [Yehowa] anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da; na menkyekye nkɔmmɔdifo werɛ . . . daa anigye bɛyɛ mo dea.” Nanso ɔkwan bɛn so ne bere bɛn mu na na saa nkɔmhyɛ yi benya mmamu?

7 Wodii Twam no wiei wɔ afe 30 Y.B. mu no, Yesu Kristo kɔɔ hyiadan bi mu Homeda. Ɛhɔ na ɔkenkan Yesaia nkɔmhyɛ no fã bi na ɔkyerɛe sɛ ɛfa ne ho no. Luka 4:16-21 fã bi ka sɛ: “Ɔtrɛw nhoma no mu huu faako a wɔakyerɛw sɛ: [Yehowa] honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum ne adehu menkyerɛ anifuraefo, na mimmegya wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no kwan, na menka Yehowa anisɔ afe. . . Na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ na kyerɛw asɛm yi aba mu mo asom.”

8. (a) Ahofadi a edi kan bɛn na Yesu de mae? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ eyi ho nhwɛso wɔ Yohane 9:1-34?

8 Asɛmpa a Yesu kae no de honhom mu ahofadi brɛɛ Yudafo a wogye dii no. Ɛdenam nea nokware som kyerɛ ankasa ne nea ɛhwehwɛ a ɔma wohui no so no, wɔbɛdee wɔn ho fii nsusuwii ahorow pii a enye no ho. (Mateo 5:21-48) Ná saa ahofadi yi som bo kɛse sen honam fam yare ahorow a Yesu sae no. Enti, ɛwom sɛ Yesu buee ɔbarima bi a ɔyɛ onifuraefo fi awo mu ani de, nanso ɔbarima no nyaa mfaso a ɛtra hɔ daa denam Yesu a ogyee no toom sɛ ɔyɛ Onyankopɔn diyifo no so. Saa ɔbarima no ahofadi foforo no bɔɔ nyamesom akannifo a na wɔn atetesɛm ne wɔn gyidi ahorow a ɛnteɛ no afa wɔn nkoa no tebea no abira. (Yohane 9:1-34; Deuteronomium 18:18; Mateo 15:1-20) Nanso na eyi yɛ mfitiase ahofadi anaasɛ nea edi kan ara kwa. Afeha a edi kan no mu mpo na ɛsɛ sɛ Yesu de ahofadi foforo bi a ɛne tete Israel Ahosɛpɛw afahyɛ no di nsɛ ma. Dɛn nti na ntease wom sɛ yɛbɛka saa?

9. Wɔ wɔn a wonyaa honhom mu ogye no fam mpo no, nkoayɛ bɛn na na ɛda so ara wɔ hɔ?

9 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima a na anka n’ani afura no sɛ: “Atemmu nti na mebaa wi yi ase, na wɔn a wonhu ade no ahu, na wɔn a wohu ade no adan anifuraefo.” Afei ɔka kyerɛɛ Farisifo no sɛ: “Sɛ moyɛ anifuraefo a anka munni bɔne; na afei muse: Yehu, enti na mo bɔne aka.” (Yohane 9:35-41) Yiw, ná bɔne a ɛde kɔ owu mu no da so ara yɛ asɛnnennen, te sɛ nea ɛte nnɛ no ara. (Romafo 5:12) Ná Yudafo, a asomafo no ka ho a wonyaa mfitiase ahofadi a ɛyɛ honhom mu ahofadi no da so ara yɛ adesamma a wɔnyɛ pɛ. Na wɔda so yɛ bɔne ne owu a efi mu ba no nkoa. So na Yesu betumi asakra eyi? So na ɔbɛyɛ saa? Na sɛ saa a, ɛnde bere bɛn?

10. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ahofadi foforo bɛn na ɔde bɛma?

10 Ná Yesu adi kan aka sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” N’atiefo a wɔyɛ Yudafo no buaa no sɛ: “Abraham asefo ne yɛn, na yɛnyɛɛ obiara nkoa da; ɛyɛɛ dɛn no woka sɛ: Mobɛyɛ adehye?” Yesu buae sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa. Na akoa nka ofie daa; na ɔba de, ɔtra hɔ daa.” (Yohane 8:31-36) Enti na Abraham asefo a wɔyɛ wɔ honam fam no rentumi mma Yudafo no nne wɔn ho mmfi bɔne nkoasom mu. Yesu yɛɛ saa abakɔsɛm mu mpaemuka a ɛfa ahofadi ho yi de twee adwene sii biribi a na ɛreba a na ɛbɛyɛ kɛse asen nea Israelfo nyae wɔ Ahosɛpɛw afahyɛ biara mu no so.

Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ No Fi Ase

11. Dɛn nti na anigye a yɛwɔ wɔ Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no mu no gyina afe 33 Y.B. so?

11 Yudafo no anhu sɛ Ahosɛpɛw afahyɛ a na ɛwɔ Mose Mmara apam no mu no yɛ Ahosɛpɛw afahyɛ kɛse bi nsusuwso. (Kolosefo 2:17; Efesofo 2:14, 15) Nea ɛka Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no ho ne “nokware” a, ebetumi ama adesamma ade wɔn ho​—nokware a ɛfa Ɔba, Yesu Kristo ho​—no. (Yohane 1:17) Bere bɛn na wofii ase dii saa Ahosɛpɛw Afahyɛ kɛse a ebetumi de bɔne ne nea efi mu ba ho ahofadi aba yi? Ná ɛyɛ Pentekoste da, afe 33 Y.B. asusow bere no mu. Ná eyi yɛ bere a Yesu foro kɔɔ soro de n’afɔre no bo a ɛsom no kɔmaa Yehowa Nyankopɔn no akyi da du.​—Hebrifo 9:24-28.

12, 13. Dɛn na esii wɔ Yesu wu akyi a ankyɛ ɛmaa biribi a ɛda nsow baa n’asuafo no so no?

12 Ansa na Yesu reba no, na wonnyanee ɔdesani biara mfii awufo mu a na ɔbɛkɔ so atra ase daa. (Romafo 6:9-11) Mmom no, wɔn nyinaa dedae wɔ owu mu, na na wɔbɛkɔ so ada akosi sɛ adesamma abusua no wusɔre bere bedu. Ɛdenam Yesu Kristo wusɔre a efi Onyankopɔn tumi mu no so no, ɔbɛyɛɛ sɛnea Kyerɛwnsɛm frɛ no no, “wɔn a wɔadeda no mu abakan.”​—1 Korintofo 15:20.

13 Ne wusɔre no akyi adaduonum no, wonyaa adanse a ɛkyerɛ sɛ na Yesu Kristo a wɔanyan no no aforo kɔ soro na wakopue Yehowa Nyankopɔn anim de ne desani afɔre a ɛyɛ pɛ no akɔma no na ɔde ayɛ adesamma ho adwuma. Ná eyi yɛ Pentekoste da, afe 33 Y.B. mu. Wɔ Yesu akwankyerɛ a ɔde maa wɔn no ho osetie mu no, na asuafo 120 ahyiam wɔ Yerusalem. Afei Kristo hwiee honhom kronkron guu saa asuafo yi so, de maa Yoel 2:28, 29 nyaa mmamu. Ogya tɛkrɛma besisii wɔn atifi na wofii ase kaa kasa foforo a ɛnyɛ wɔn ankasa de. (Asomafo no Nnwuma 2:16-21, 33) Ná eyi di adanse sɛ Yesu Kristo a wɔanyan no afi awufo mu no aforo kɔ soro na wakopue Onyankopɔn anim de ne desani afɔre a ɛyɛ pɛ no bo a ɛsom no akɔma no na ɔde ayɛ adesamma ho adwuma.

14. (a) Ɛdefa apam ho no, na Kristo asuafo no tebea te dɛn? (b) Nhyira soronko bɛn na na ɛwɔ apam foforo no mu?

14 Dɛn na efii mu ba maa saa asuafo no? Ade biako ne sɛ, wɔdee wɔn ho fii Mose Mmara apam a na Onyankopɔn ne honam fam Israel ayɛ nanso na afei de wayi afi hɔ bere a wɔde bɔɔ Yesu asɛndua no ho no ho. (Kolosefo 2:13, 14; Galatifo 3:13) Wɔde apam foforo bi a ɛnyɛ honam fam Israel na wɔne wɔn yɛe, na mmom wɔne honhom mu Israel, “ɔman” foforo no, na ɛyɛe no besii saa apam no ananmu. (Hebrifo 8:6-13; Galatifo 6:16) Wɔnam ntamgyinafo bi a ɔyɛ kɛse sen tete diyifo Mose so na ɛhyehyɛɛ saa apam foforo a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Yeremia 31:31-34 no. Esiane yɛn ani a egye ahofadi ho no nti, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ saa apam foforo no fã biako bi nsow titiriw. Ɔsomafo Paulo twee adwene sii eyi so bere a ɔkyerɛw eyi no, sɛ: “Eyi ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam, . . . na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio. Na nea eyinom fafiri wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.”​—Hebrifo 10:16-18.

15. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no fii ase wɔ afe 33 Y.B. mu maa wɔn a wɔasra wɔn no? (Romafo 6:6, 16-18)

15 Ná Yesu retwe adwene asi saa bɔne mu ahofadi yi so bere a ɔkaa eyi no, sɛ: “Sɛ Ɔba no yɛ mo adehye a, mobɛyɛ adehye ampa.” (Yohane 8:36) Susuw ho hwɛ​—bɔne mu ahofadi a wɔma wonya denam Kristo afɔrebɔ no so! Efi Pentekoste da no reba no, Onyankopɔn buu gyidifo no trenee na ɔde wɔn yɛɛ ne honhom mu mma a wɔwɔ hokwan sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ ɔsoro. Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na moannya akoayɛ honhom a mode besuro bio, na mmom moanya abagye honhom . . . Na yɛyɛ mma a yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo.” (Romafo 8:15-17) Akyinnye biara nni ho sɛ, na Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no afi ase ama Kristofo a wɔasra wɔn no.

16. Nhyira ne hokwan afoforo bɛn nso na na ɛwɔ hɔ ma wɔn a na wɔredi Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no?

16 Enti Pentekoste da wɔ afe 33 Y.B. mu no, honhom mu Israel ɔman foforo no bae. Ná nnipa a wɔwɔ mu no yɛ wɔn a wogyina Kristo afɔrebɔ mogya no so de wɔn bɔne afiri wɔn. (Romafo 5:1, 2; Efesofo 1:7) Yɛn mu hena na obetumi agye eyi ho kyim sɛ honhom mu Israel man no mufo a wodi kan a wɔde wɔn baa apam foforo no mu no annya ahofadi kɛse denam wɔn bɔne a wɔde firii wɔn no so? Onyankopɔn yɛɛ wɔn “abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ [wɔnka] nea ɔfrɛɛ [wɔn] fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.” (1 Petro 2:9) Ampa, na wɔn honam nipadua no da so ara tɔ sin, na na bere bi akyi no wobewuwu. Nanso, afei a Onyankopɔn abu wɔn bem na ɔde wɔn ayɛ ne honhom mu mma yi, na wɔn wu wɔ ɔhonam mu no bɛyɛ “ɔsɔre” a ɛma wonya owusɔre kɔ Kristo “soro ahenni” no mu ara kwa.​—2 Timoteo 4:6, 18.

17, 18. Dɛn nti na na Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no mu ahofadi no som bo kɛse sen ahofadi a edi kan a Yesu paee no?

17 Ná adeyɛ a edi kan a ɛne sɛ wobegye Yudafo no afi nsusuwii ne nneyɛe ahorow a ɛnteɛ mu no yɛ nea ɛsom bo. Nanso yɛahu sɛ Yesu yɛɛ nea ɛsen saa honhom mu ogye no. Efi Pentekoste afe 33 Y.B. reba no, ogyee adesamma mu gyidifo fii “bɔne ne owu mmara no mu.” (Romafo 8:1, 2) Saa kwan yi so na Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ ma Kristofo a wɔasra wɔn no fii ase. Na eyi yɛ ahofadi a ɛsom bo sen biara ampa, efisɛ na nea ɛka ho nso ne hokwan a wobenya wɔ ɔsoro asetra mu sɛ Kristo yɔnkodifo no.

18 Ɛde besi ha no, yɛasusuw Kristofo ahofadi ahorow abien a akyinnye biara nni ho sɛ na wobetumi agyina so anya anigye wɔ afeha a edi kan no mu no ho. Na afeha a edi kan gyidifo no ani gyei ampa. (Asomafo no Nnwuma 13:44-52; 16:34; 1 Korintofo 13:6; Filipifo 4:4) Ná ɛno yɛ nokware titiriw wɔ wɔn afã wɔ Kristofo Ahosɛpɛw Afahyɛ no mu a ebuee kwan maa wɔn sɛ wobenya daa nhyira wɔ ɔsoro no ho.​—1 Petro 1:3-6; 4:13, 14.

19. Nsemmisa bɛn na ɛda so wɔ hɔ ma Kristofo a wɔmfaa honhom nwoo wɔn no, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ wobenya ahofadi a efi soro no mu kyɛfa?

19 Ɛnde, na ɛhe na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ba saa asɛm yi mu, esiane sɛ wommuu wɔn bem mmaa nkwa, na wɔmfaa honhom kronkron nsraa wɔn nti no? Kyerɛwnsɛm mu ntease wɔ hɔ a enti yebetumi ahwɛ ahofadi nhyehyɛe a emu trɛw a wɔayɛ ama wɔn sɛ Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no fã no kwan. Kae asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 3:20, 21 no: “Yesu, a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kosi bere a wɔbɛhyɛ nneɛma a Onyankopɔn nam n’adiyifo kronkron anom fi tete kae no nyinaa ananmu.” (Fa toto Asomafo no Nnwuma 17:31 ho.) Saa ara na Yohane a ɔyɛ ɔsomafo a wɔasra no a na ɔredi Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no mu dɛw dedaw no, kyerɛw faa Yesu Kristo ho sɛ: “Ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de bi.” (1 Yohane 2:2) So ɛno kyerɛ sɛ Kristofo pii a wodi nokware nnɛ a wonni ɔsoro anidaso no betumi agye wɔn ani wɔ Kristofo ahofadi mu anaa? So ɛno bɛba daakye, anaasɛ so yɛanya biribi a yebegyina so agye yɛn ani dedaw? Yebetumi anya eyinom ho mmuae denam Kristofo ahofadi ne Ahosɛpɛw afahyɛ no afã horow a ɛwɔ ntease titiriw ma nokware asomfo nnɛ no mu a yɛbɛhwehwɛ no so.

[Ase hɔ asɛm]

a Na wodi afe afe Mpata Da no Tishri a ɛyɛ Hebrifo kalenda no so ɔsram a ɛne yɛn September-October bere no na ehyia no da a ɛto so 10.

W’adwene ne Dɛn?

◻ Mfaso horow bɛn na na ɛwɔ Ahosɛpɛw afahyɛ no mu wɔ tete Israel?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu paee ahofadi a edi kan bi, na na dɛn na ɛwom?

◻ Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no fii ase bere bɛn, na dɛn so na yegyina ka saa?

◻ Dɛn nti na ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ Kristofo ɔpepem pii a wɔmfaa honhom nwoo wɔn no ahofadi a wobenya kwan?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

“Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.” (Mmebusɛm 4:18) Nea ɛne saa nnyinasosɛm yi hyia no, saa asɛm a yebesusuw ho yi ne nea edi hɔ no de Ahosɛpɛw afahyɛ no ho nkyerɛkyerɛmu foforo a aba a wɔabae mu ma.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yesu paee ahofadi wɔ afe 30 Y.B. mu

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Kristofo Ahosɛpɛw afahyɛ no fii ase wɔ afe 33 Y.B. mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena