Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 21 kr. 56-kr. 57 nky. 6
  • Ɔkɔɔ Nasaret Hyiadan Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkɔɔ Nasaret Hyiadan Mu
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔyɛɛ Anwonwade Wɔ Nasaret Nanso Wɔpoo No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Hyiadan​—Baabi a Yesu ne N’asuafo no Kaa Asɛm No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yesu Yɛɛ Anwonwade Akɛse wɔ Kapernaum
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 21 kr. 56-kr. 57 nky. 6
Yesu rekenkan Yesaia nwoma mmobɔeɛ no wɔ hyiadan mu

TI 21

Ɔkɔɔ Nasaret Hyiadan Mu

LUKA 4:16-31

  • YESU KENKANEE YESAIA NWOMA MMOBƆEƐ NO

  • NASARETFO YƐƐ SƐ WƆBƐKUM YESU

Yesu bɛduu Nasaret no, yɛbɛtumi aka sɛ na obiara rehwɛ nea ɔbɛyɛ. Yohane bɔɔ Yesu asu no, na afe atwam. Saa bere no, na Yesu yɛ kapentani. Nanso, afei deɛ na nkurɔfo nim no sɛ obi a ɔyɛ anwonwade. Ná kurom hɔfo nyinaa rehwɛ kwan dendeenden sɛ ɔbɛyɛ saa anwonwade no bi.

Sɛnea na Yesu taa yɛ no, ɔkɔɔ Nasaret hyiadan mu, na ɛhɔ koraa deɛ, na ɛkyɛn. Ná obiara rehwɛ sɛ ɔbɛyɛ anwonwade akɛse anaa. Sɛ nkurɔfo kɔ “hyia adan mu homeda biara” a, nneɛma a na wɔtaa yɛ no bi ne sɛ, wɔkenkan nwoma a Mose kyerɛwee no na wɔbɔ mpae. (Asomafoɔ Nnwuma 15:21) Afei nso na wɔtaa kenkan nwoma a adiyifo no kyerɛwee no bi. Yesu sɔre gyinaa hɔ sɛ ɔrebɛkenkan bi. Ná Yesu nyɛ foforo wɔ hɔ, enti ɛnyɛ dɛn ara a ɔto n’ani a, ɔbɛhu amannifo pii. Obi de odiyifo Yesaia nwoma mmobɔeɛ no maa no, na ɔbuee mu huu baabi a wɔakyerɛw sɛ Yehowa de ne honhom asra Obi no. Ɛnnɛ, yɛhu saa asɛm no wɔ Yesaia 61:1, 2.

Asɛm a Yesu kenkanee no kyerɛɛ mu sɛ nea wɔahyɛ ne ho bɔ no bɛka asɛmpa akyerɛ nneduafo, ɔbɛbue anifuraefo ani, na ɔbɛka Yehowa anisɔ afe ho asɛm. Yesu kenkan wiei no, ɔde nwoma mmobɔeɛ no maa ɔsomfo no, na ɔtenaa ase. Afei na obiara agyen n’ani rehwɛ no. Ɔtenaa hɔ kakra, na ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa nsɛm pii. Nea ɔkae no bi ne sɛ: “Ɛnnɛ na twerɛsɛm a motee no seesei ara yi aba mu.”​—Luka 4:21.

“Nsɛm a ɛka akoma a ɛfiri n’anom” bae no maa nkurɔfo no ho dwiriw wɔn, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba nie?” Yesu huu sɛ anwonwade a wayɛ no baabi foforo no, wɔpɛ sɛ ɔyɛ bi wɔ hɔ nso, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ampa mobɛbu me bɛ yi sɛ: ‘Ɔyaresafoɔ, sa wo ho yareɛ; yɛ nneɛma a yɛtee sɛ ɛkɔɔ so wɔ Kapernaum no bi wɔ wo kurom ha nso.’” (Luka 4:22, 23) Wɔn a wɔnim Yesu mmofraase no tee nka sɛ ɔtumi sa yareɛ a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔdi kan sa ne kuromfo yareɛ. Enti ɛyɛɛ wɔn sɛ Yesu ne wɔn anni no yie.

Yesu huu wɔn adwene, enti ɔkaa nsɛm bi a na asisi wɔ Israelfo abakɔsɛm mu kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa sɛ Elia bere so no, na akunafo pii wɔ Israel, nanso Onyankopɔn ansoma Elia ankɔ wɔn mu biara hɔ. Mmom no, ɔkɔɔ okunafo bi hɔ wɔ Sidonfo kuro Sarefat. Elia yɛɛ anwonwade gyee ebinom nkwa wɔ hɔ. (1 Ahemfo 17:8-16) Saa ara na Elisa bere so no, na akwatafo pii wɔ Israel, nanso Naaman a ɔfiri Siria no nko ara na Elisa saa no yareɛ.​—2 Ahemfo 5:1, 8-14.

Mmarima a wɔwɔ hyiadan no mu de Yesu akɔgyina bepɔ ano

Ntotoho a Yesu yɛe no ma ɛdaa adi sɛ ne kuromfo no nni adwempa na wɔnni gyidi nso. Bere a wɔtee nea Yesu ka faa wɔn ho no, dɛn na wɔyɛe? Wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ no bo fui, enti wɔgyee bum kɔɔ Yesu so twee no kɔɔ abɔnten. Ná Nasaret kuro no da bepɔ so, enti wɔde no kɔɔ bepɔ no ano sɛ wɔrekɔsum no ahwe fam. Nanso, Yesu gyee ne ho fii wɔn nsam kɔe. Afei ɔde n’ani kyerɛɛ Kapernaum. Ná Kapernaum wɔ Galilea Po no atifi fam.

  • Yesu kɔɔ Nasaret no, adɛn nti na na obiara rehwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ anwonwade?

  • Yesu kasa wiei no, ɛkaa nkurɔfo no sɛn? Dɛn na ɛhyɛɛ wɔn abufuo?

  • Dɛn na anka Nasaretfo de reyɛ Yesu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena