Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 4/1 kr. 16-19
  • So Wowɔ Gyidi A Ɛte Sɛ Elia De No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wowɔ Gyidi A Ɛte Sɛ Elia De No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmusuakuw Du Ahemman a Aporɔw No
  • Elia Pae mu Ka sɛ Ɔpɛ Bɛba
  • Ɔda Gyidi Adi Denam Akwankyerɛ Akyidi So
  • Yehowa ma Aduan ne Nkwa
  • “Yehowa ne me Nyankopɔn”
  • Ɔwɛnee, na Ɔtwɛnee Nso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɔwɛnee, na Ɔtwɛnee Nso
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔmaa Ne Nyankopɔn Kyekyee Ne Werɛ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • So Wobɛyɛ Ɔnokwafo Te Sɛ Elia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 4/1 kr. 16-19

So Wowɔ Gyidi A Ɛte Sɛ Elia De No?

ƐNNƐYI adesamma abusua no sɛe gyidi. Nhomanimfo di fɛw sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nyamesom mu nyaatwomfo si Onyankopɔn atwetwe. Na wiase no mufo kɔ so yɛ wɔn ade te sɛ Onyankopɔn ho asɛm mfa wɔn ho koraa. Sɛ́ su horow yi ma obi bɔ hu, anaasɛ ebu n’abam, anaasɛ ɛma ɔyɛ anibiannaso no, nea ete biara, ade koro no ara na efi mu ba: Ɛma ne gyidi mu gow. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Paulo frɛɛ gyidi a obi nni no sɛ “bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu”!​—Hebrifo 12:1.

Ebia ɛno nti na Paulo bɔɔ mmɔden yiye sɛ ɔbɛtwe yɛn adwene asi mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi a emu yɛ den asetra so no. (Hebrifo, ti 11) Nhwɛso ahorow a ɛte sɛɛ betumi akanyan yɛn na ahyɛ yɛn gyidi den. Sɛ nhwɛso no, momma yensusuw odiyifo Elia ho, nhwehwɛ ne nkɔmhyɛ adwuma a ɔde bere tenten yɛe no mfiase nkutoo mu. Ɔtraa ase wɔ Ɔhene Ahab ne ne yere ɔbosonsonni, Ɔhemmaa Isebel nniso bere mu, wɔ bere bi a, te sɛ nnɛ no, na nokware Nyankopɔn no mu gyidi ano abrɛ ase koraa no mu.

Mmusuakuw Du Ahemman a Aporɔw No

Nnipa baanu bɛn ni! Na Ahab ne ɔhene a ɔto so ason wɔ Israel mmusuakuw du Ahemman no mu. Ɛwom sɛ ahemfo baasia a wodii n’anim no yɛ amumɔyɛfo de, nanso na Ahab sen wɔn koraa. Ɛnyɛ sɛ ɔmaa asase no so nantwi ba ɔsom porɔwee no kɔɔ so traa hɔ nko, na mmom ɔwaree ɔhene babea ɔnanani Isebel nso, na ɔnam saa kwan no so de atoro nyame Baal ɔsom bi a emu yɛ den sen nea wɔahu wɔ ɔman no mu pɛn bae.​—1 Ahene 16:30-33.

Na Isebel fi ne mmofraase asom Baal. N’agya Etbaal, a na ɔyɛ Astoret (Baal yere) sɔfo no, kunkum nnipa ansa na ɔrenya hokwan ayɛ ɔhene wɔ Sidon, ahemman bi a na ɛwɔ Israel kusuu fam no. Isebel kɛntɛn ne kunu a ɔyɛ mmerɛw no so ma ɔde Baalsom sii Israel. Ankyɛ na wonyaa saa atoro nyame no adiyifo 450 ne onyamewa Asera adiyifo 400 wɔ asase no so, a wɔn nyinaa didi wɔ ahemfie hɔ. Hwɛ sɛnea na wɔn som no yɛ abofono wɔ nokware Nyankopɔn Yehowa ani so! Ɔbarima bɔbeasu ho sɛnkyerɛnnede, abawo amanne ahorow, asɔrefi nguaman (mmarima ne mmea nyinaa), mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre mpo​—na eyinom ne saa ɔsom tantan yi mu nneɛma. Ahab hwɛe ma ɛtrɛwee a biribiara ansiw no kwan wɔ ahemman no mu nyinaa.

lsraelfo ɔpepem pii werɛ fii Yehowa, asase ne emu nsu Bɔfo no. Wɔn fam no, Baal na ɔde nsu hyira asase no wɔ ɔpɛ bere no awiei. Afe biara wɔde anidaso hwɛ saa “Amununkum so Tumfoɔ’ yi, nea wɔfrɛ no abawo ne osutɔ bere nyame yi kwan na wama ɔpɛ bere no aba awiei. Osu tɔe afe biara. Wɔde ho nkamfo maa Baal afe biara.

Elia Pae mu Ka sɛ Ɔpɛ Bɛba

Ebetumi aba sɛ na ɛyɛ ahohuru bere tenten bi a osu antɔ wom no awiei​—bere a nnipa no refi ase ahwɛ Baal kwan sɛ ɔbɛma nsu a ɛma nkwa atɔ no​—na Elia ho baa asɛm no mu.a Wɔka ne ho asɛm prɛko pɛ wɔ kyerɛwtohɔ no mu te sɛ nea ɔprannaa bom mpofirim no. Wɔnka nea ofi bae ho asɛm pii nkyerɛ yɛn, na wɔnka n’awofo ho asɛm biara. Nanso na Elia nte sɛ ɔprannaa a ɛma ahum tu no. Ɔbɔɔ Ahab amanneɛ sɛ: “Sɛ [Yehowa] Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!​—1 Ahene 17:1.

Yɛ ɔbarima yi ho mfonini wɔ w’adwenem, sɛ ɔhyɛ n’akuraase atade a wɔde nhwi na ayɛ no. Ofi Gilead mmepɔw a ɛso abonkyiabonkyi no so, na ebia wɔtetee no wɔ nguanhwɛfo a wɔba fam mu. Ogyina ɔhenkɛse Ahab anim, ebia wɔ n’ahemfie kɛse no mu pɛɛ, faako a asonse fie a agye din, ne nneɛma a ɛsom bo na ɛda nsow ne ahoni akɛse no wɔ no. Ɛhɔ, wɔ Samaria kuropɔn a wɔatwa ho ɔfasu a adagyew nni hɔ no mu, faako a ɛkame ayɛ sɛ werɛ afi Yehowa som koraa no, na ɔka kyerɛ Ahab sɛ saa ne nyame yi, saa Baal yi, nni tumi biara, ne ho nni mfaso. Elia pae mu ka sɛ saa afe no, ne mfe a ebedi ɛno akyi aba no mu no, osu anaa obosu rentɔ!

Ɛhe na onyaa gyidi a ɛte sɛɛ? So na onsuro, sɛ ogyina saa ɔhene a ɔyɛ ahantan ne ɔwaefo yi anim? Ebia na ɛte saa. Bɛboro mfe apem akyi no, Yesu nua Yakobo ma yɛn awerɛhyem sɛ na Elia yɛ “onipa te sɛ yɛn ara.” (Yakobo 5:17) Nanso hyɛ Elia nsɛm yi nsow: “Sɛ [Yehowa] Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi.” Elia ma ɛtraa n’adwenem sɛ, sɛ Yehowa akoa no, na ogyina ahengua bi a ɛkorɔn koraa sen Ahab de no​—Amansan Hene no ahengua​—anim! Na ɔyɛ saa ahengua no ɔnanmusifo, ɔhemmɔfo. Bere a okura adwene a ɛte saa no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ osuro Ahab, ɔhene a ɔyɛ onipa ara kwa a Yehowa nhyira nni ne so bio no?

Sɛnea Yehowa yɛɛ paara maa Elia no nyɛ nea ɛbae ara kwa. Akyinnye biara nni ho sɛ na odiyifo no asua sɛnea Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo dii nsɛm no ho kyerɛwtohɔ yiye. Yehowa bɔɔ Yudafo no kɔkɔ sɛ sɛ wɔkɔsom atoro anyame a, ɔde ɔpɛ ne aduankɔm bɛtwe wɔn aso. (Deuteronomium 11:16, 17) Esiane sɛ Elia wɔ Yehowa mu ahotoso sɛ odi n’asɛm so bere nyinaa nti, ɔbɔɔ “mpae dennen sɛ osu nntɔ.”​—Yakobo 5:17.

Ɔda Gyidi Adi Denam Akwankyerɛ Akyidi So

Nanso afei asɛm a Elia pae mu ka no de no to asiane mu. Na bere aso sɛ ɔde ne gyidi no fã foforo bi bedi dwuma. Nea ɛbɛyɛ na wakɔ so atra ase no, na ɛsɛ sɛ ɔde nokwaredi di Yehowa akwankyerɛ ahorow akyi: “Fi ha kɔ, na dan wo ho kɔ apuei, na kohintaw asu Kerit a ɛwɔ Yordan anim no ho. Na wobɛnom asu no mu nsu, na mahyɛ nkwaakwaadabi sɛ wɔnhwɛ wo wɔ hɔ.”​—1 Ahene 17:3, 4.

Elia yɛɛ osetie ntɛm ara. Sɛ na ɔpɛ sɛ onya nkwa wɔ ɔpɛ ne ɔkɔm a ɛbaa ne man mu no mu a, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to nsiesiei biara a Yehowa bɛyɛ ama no so. Na eyi yɛ nyɛ mmerɛw koraa. Na ɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho behintaw, na ne nkutoo atew ne ho atra ase asram pii. Na ɛsɛ sɛ odi nam ne abodoo a nkwaakwaadabi​—nnomaa a wodi afunu a wobuu wɔn wɔ Mose Mmara no mu sɛ wɔn ho ntew​—de bɛbrɛ no no, na wanya Yehowa mu ahotoso sɛ nam a ɛte saa no nyɛ mmoa funu na mmom nam a wɔahwie mu mogya agu sɛnea mmara no hwehwɛ pɛpɛɛpɛ. Esiane sɛ saa anwonwade a ɛkɔɔ so bere tenten yi te sɛ nea ɛrentumi nyɛ nokware ma Bible nkyerɛkyerɛmufo binom nti, wɔde nyansahyɛ ma sɛ ebia mfitiase asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ “Arabiafo” na ɛnyɛ “nkwaakwaadabi” koraa. Nanso na nkwaakwaadabi na wɔfata. Na obiara rensusuw sɛ nnomaa a wommu wɔn na wɔn ho ntew a wɔde nnuan asinasin tu kɔ sare so no rema Elia, a Ahab ne Isebel rehwehwɛ no wɔ aman a atwa wɔn ho ahyia no nyinaa mu no aduan ankasa!​—1 Ahene 18:3, 4, 10.

Bere a ɔpɛ no kɔɔ so no, ebia nsu a Elia bɛkɔ so anya wɔ Kerit asu no mu no haw n’adwene. Israel asu ahorow pii yow wɔ ɔpɛ bere mu, na “nna bi akyi no,” eyi nso yowee. So wubetumi asusuw sɛnea Elia tee nka bere a nsu no yowee nkakrankakra na ɛso kɔɔ so tewee da biara da no ho? Akyinnye biara nni ho sɛ ebia osusuwii nea ɛbɛba bere a nsu no asa no ho. Nanso, Elia de nokwaredi kɔɔ so traa hɔ. Asu no mu nso yowee koraa ansa na Yehowa de ahyɛde foforo rema no. Ɔka kyerɛɛ odiyifo no sɛ ɔnkɔ Sarefat. Ɛhɔ na ɔbea kunafo bi bɛhwɛ no wɔ ne fie.​—1 Ahene 17:7-9.

Sarefat! Saa kurow no wɔ Sidon kuropɔn mu, faako a Isebel fi na n’agya dii hene wɔ hɔ no! So ɛrennyɛ asiane? Ebia Elia bisaa ne ho saa. Nanso ɔsɔre kɔe.’​—1 Ahene 17:10.

Yehowa ma Aduan ne Nkwa

Ankyɛ na onyaa osetie a ɔyɛe no so akatua. Okohyiaa ɔbea kunafo no sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no pɛpɛɛpɛ, na ohui sɛ ɔwɔ gyidi a ne manfo no nni bi koraa no bi. Na okunafo hiani yi asikresiam ne ngo a aka no bɛsõ ɔne ne babarima kumaa no di pɛnkoro pɛ. Nanso, wɔ ne hia a emu yɛ dɛn no mpo mu no, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛtõ abodoo ama Elia kan, a ɔwɔ ahotoso wɔ na bɔhyɛ sɛ Yehowa remma ne ngo ne n’asikresiam kuruwa no so nhuan da bere tenten a ebehia wɔn no mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu kaa ɔbea kunafo yi nokwaredi nhwɛso no ho asɛm bere a ɔrekasa atia ne bere so lsraelfo a na wonni gyidi no!​—1 Ahene 17:13-16; Luka 4:25, 26.

Nanso, anwonwade yi nyinaa akyi no, na ɔbea kunafo no ne Elia nyinaa rebɛhyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den. Ne babarima no wui mpofirim. Ɔbea kunafo no a asɛm no den no no susuw sɛ awerɛhosɛm yi fi Elia, ‘nokware Nyankopɔn no nipa’ no. Osusuwii sɛ ebia wɔretwe n’aso wɔ bɔne bi a wayɛ bere bi a atwam ho. Nanso Elia gyee ne babarima a wawu no fii ne nsam na ɔde no kɔɔ abansoro dan bi mu. Na onim sɛ Yehowa betumi ama nea ɛsen aduan. Yehowa ne nkwa nsuti ankasa! Enti Elia bɔɔ mpae a emu yɛ den mpɛn pii sɛ abofra no nkwa nsan mmra ne mu.

Ɛnyɛ Elia na odii kan nyaa owusɔre no mu gyidi, nanso wɔ Bible kyerɛwtohɔ mu no, ɔno na wodii kan ma onyan owufo. Abofra no “nyaa nkwa”! Ebia anigye a ne na nyae no sɛ ani bere a Elia de ne babarima no brɛɛ no na ɔkae tiawa sɛ: “Hwɛ, wo ba no anya nkwa!” no. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔde nusu kae sɛ: “Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nipa ne wo, na [Yehowa] asɛm a ɛwɔ w’anom no yɛ nokware.”​—1 Ahene 17:17-24.

“Yehowa ne me Nyankopɔn”

Hwɛ sɛnea ɛka koma, na ɛfata, sɛ Elia din asekyerɛ ne “Yehowa ne me Nyankopɔn”! Yehowa maa no aduan ne nsu wɔ ɔpɛ ne ɔkɔm bere mu; Yehowa maa no akwankyerɛ a nyansa wom wɔ bere bi a abrabɔ asɛe mu; Yehowa de no dii dwuma ma ɔde obi san baa nkwa mu wɔ owu bere mu. Na ɛte sɛ nea bere biara a ehia sɛ Elia kyerɛ ne Nyankopɔn no mu gyidi​—denam Ne mu ahotoso a obenya sɛ ɔbɛma no n’ahiade so, denam N’akwankyerɛ ahorow akyidi so, denam Ne mu ahotoso a obenya sɛ ɔbɛtew Ne din ho so no​—onya ntease pii a enti ɛsɛ sɛ onya Yehowa mu gyidi sɛ akatua. Eyi kɔɔ so yɛɛ saa bere a ne nsa kɔɔ so kaa dwumadi ahorow a ɛyɛ den na ɛyɛ hu koraa mpo fii ne Nyankopɔn, Yehowa nkyɛn no; nokwarem no, na afei ansa na ɔrebɛyɛ n’anwonwade a ɛsen biara no mu binom.​—Hwɛ 1 Ahene, ti 18.

Ɛte saa ara wɔ Yehowa asomfo fam nnɛ. Ebia wɔremma yɛn aduan anwonwa kwan so anaa wɔremma yennyan obi mfi awufo mu; ɛnyɛ anwonwade ahorow a ɛtete sɛɛ bere ni. Nanso, fi Elia bere so no, Yehowa ankasa nsakrae ketewaa bi mpo ɛ.​—1 Korintofo 13:8; Yakobo 1:17.

Ebia wɔbɛma yɛn nso dwumadi bi a ɛbɔ hu, nsasesin bi a emu yɛ den na ɛyɛ hu sɛ yɛnkɔka nkrasɛm a Onyankopɔn de ama no wɔ hɔ. Ebia yebehyia ɔtaa. Ebia ɔkɔm bɛde yɛn mpo. Nanso Yehowa akyerɛ ankorankoro anokwafo ne n’ahyehyɛde mũ no nyinaa mpɛn pii sɛ ɔda so ara kyerɛ n’asomfo kwan na ɔbɔ wɔn ho ban. Ɔda so ara ma wɔn ahoɔden a wɔde bɛyɛ nnwuma biara a ɔde ahyɛ wɔn nsa no. Na ɔda so ara boa wɔn ma wogyina ɔtaa biara a ebetumi aba wɔn so wɔ wiase a ɔhaw wom yi mu no ano.​—Dwom 55:22.

[Ase hɔ asɛm]

a Yesu ne Yakobo nyinaa se osu antɔ wɔ asase no so ‘mfirihyia abiɛsa ne asram asia.” Nanso wose Elia kɔɔ Ahab anim sɛ ɔrekɔma ɔpɛ no agyae wɔ “afe a ɛto so abiɛsa mu”​—a akyinnye biara nni ho sɛ wɔkan fi da a ɔde ɔpɛ no ho amanneɛbɔ mae no so. Enti, ebetumi aba sɛ na ɛyɛ ɔpɛ bere tenten bi a osu antɔ wom akyi ansa na okogyinaa Ahab anim nea edi kan.​—Luka 4:25; Yakobo 5:17; 1 Ahene 18:1.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Te sɛ Elia no, so wowɔ gyidi sɛ Yehowa bɛma n’asomfo nsa aka wɔn ahiade ahorow?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena