Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 7/15 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔhyɛɛ No Anuonyam Ansa Na Wɔrewo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Gabriel Baa Maria Nkyɛn
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Biribi Sii a Ɛkyerɛ Sɛ Yesu Bɛyɛ Onipa Kɛse
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɔbɔfo Ba Maria Nkyɛn
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 7/15 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Maria, a ɔbɛyɛɛ Yesu maame, kɔsraa ne busuani Elisabet no, na ɔyem dedaw?

Yiw, ɛda adi sɛ na ɔyem.

Yedi kan kenkan Elisabet, ɔsɔfo Sakaria yere, a ɔwoo Yohane (Suboni) no nyinsɛn ho asɛm wɔ Luka ti 1 no mu. Bere a Elisabet ‘wɔ n’asram a ɛto so asia no mu no, ɔbɔfo Gabriel’ kɔsraa Maria ka kyerɛɛ no sɛ obenyinsɛn, na wawo ‘Ɔsorosoroni no Ba.’ (Luka 1:26, 30-33) Nanso bere bɛn na Maria nyinsɛnee?

Luka amanneɛbɔ no kɔ so ka sɛ ɛno akyi na Maria kɔɔ Yuda kɔsraa ne busuani Elisabet a ɔyem no. Bere a mmea baanu no hyiae no, akokoaa a ɔwɔ Elisabet yam no (Yohane) huruwii. Elisabet twee adwene kɔɔ ‘ɔba a ɔda Maria yam’ no so, na ɔfrɛɛ Maria “me wura ne na.” (Luka 1:39-44) Enti yebetumi afi nyansam aka sɛ na Maria yem dedaw, ɛne sɛ, bere a okohuu Elisabet no, na ɔyem.

Luka 1:56 kenkan sɛ: “Na Maria traa ne nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa; na ɔsan kɔɔ ne fi.” Saa nkyekyem yi mfa nna pɔtee mma. Ɛka sɛ “bɛyɛ asram abiɛsa,” a na ɛkyerɛ sɛ Elisabet bɛwɔ ne nyinsɛn no asram a ɛto so akron mu.

Bere a Maria aboa Elisabet wɔ ne nyinsɛn no nna a edi akyiri mu awie no, ofii hɔ kɔɔ ne fi wɔ Nasaret. Ɛda adi sɛ Maria hui sɛ, sɛ Elisabet nya wo (Yohane) pɛ a, ahɔho pii bɛba hɔ, a wɔn mu pii mpo bɛyɛ abusuafo. Ná ɛno betumi ahaw adwene anaa ayɛ aniwude ama ababaa a ɔnwaree a na n’ankasa yem no. Bere a Maria fi hɔ kɔɔ Nasaret no, na ne nyinsɛn no adi bere tenten ahe? Esiane sɛ Maria dii “bɛyɛ asram abiɛsa” wɔ Elisabet hɔ nti, ɛda adi sɛ na ɔwɔ ɔsram a ɛto so abiɛsa no awiei anaa ɔsram a ɛto so anan no mfiase wɔ ne nyinsɛn no mu bere a ɔsan kɔɔ Nasaret no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena