Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesu Soma Asuafo 70
    Ɔwɛn-Aban—1998 | March 1
    • Yesu hyɛɛ n’asuafo no bio sɛ: “Mommfa sika kotoku anaa akwantu bɔtɔwa anaa mpaboa; na munnkyia obi ɔkwan mu!” (Luka 10:4) Ná ɛyɛ biribi a ɛtaa ba sɛ ɔkwantufo de mpaboa foforo bɛhyɛ ne nneɛma mu aka sika bɔtɔwa ne aduan ho, efisɛ ase betumi awe, na hama a wɔde bom no betumi atew. Nanso na ɛnsɛ sɛ Yesu asuafo no ma nneɛma yi haw wɔn. Mmom no, na ɛsɛ sɛ wonya ahotoso sɛ Yehowa nam mfɛfo Israelfo a na ahɔhoyɛ yɛ wɔn su no so bɛhwɛ wɔn.

      Nanso dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wonnkyia obiara wɔ kwan mu? So na ɛsɛ sɛ wɔka wɔn anim sim anaa wɔyɛ aniammɔho? Ɛnte saa koraa! Hela asɛmfua a·spaʹzo·mai, a ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ obi atuu akyia no no betumi akyerɛ pii asen, “ɛte dɛn” anaa “mikyia wo” a nidi wom a wɔka. Ebetumi akyerɛ amanne kwan so anofew, atuuyɛ, ne nkɔmmɔ tenten a wɔbɔ bere a amannifo baanu ahyia no. Sɛnkyerɛwfo bi ka sɛ: “Ná Apuei famfo no nkyia nte sɛ yɛn de a yɛbɔ yɛn mu ase kakra anaa yɛteɛ yɛn nsa no, na mmom na wɔyɛ wɔn ho atuu bɔ wɔn mu ase mpɛn pii, na wobutuw fam mpo. Ná eyi nyinaa gye bere pii.” (Fa toto 2 Ahene 4:29 ho.) Enti Yesu boaa n’asuafo no ma wɔkwatii nneɛma a egye asabawmu a ɛho nhia, ɛmfa ho sɛ ɛyɛ amanne no.

  • Yesu Soma Asuafo 70
    Ɔwɛn-Aban—1998 | March 1
    • Mprempren, Yehowa Adansefo bɛboro 5,000,000 a wɔwɔ wiase nyinaa redi ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no na wɔnyɛ asuafo, no ho dwuma. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Wohu sɛ wɔn asɛm no gye ntɛmpɛ. Enti wɔde wɔn bere di dwuma yiye, na wɔkwati nneɛma a ebegye wɔn asabawmu a ɛremma wontumi mfa wɔn adwene nsi wɔn dwumadi titiriw yi so yiye no.

      Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn a wohyia wɔn no nyinaa benya abusuabɔ pa. Nanso, wɔmmɔ nkɔmmɔ hunu kɛkɛ, anaa wonnye asetram nsɛm anaa nsisi a wiase yi ntumi nyi mfii hɔ ho akyinnye. (Yohane 17:16) Mmom no, wɔde wɔn nkɔmmɔbɔ no gyina adesamma haw ahorow ano aduru koro pɛ a ɛbɛtra hɔ akyɛ no so—Onyankopɔn Ahenni.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena