Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Ahorow
“Korasin, Due!”—Dɛn Ntia?
ƐDA adi sɛ worempɛ sɛ Onyankopɔn bɛka akyerɛ wo sɛ due, ɛnte saa? Ɛnde, susuw sɛnea Galilea nkurow abiɛsa mu Yudafo no bɛte nka no ho bere a Onyankopɔn Ba ne ne Temmufo no kae sɛ:
“Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ ahoɔdenne a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene atweaatam ne nso mu dedaw. Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo. Na wo Kapernaum, . . . Wɔbɛbrɛ wo ase akɔ [Hades].”—Mateo 11:21-23.
Mfonini a ɛwɔ soro hɔ no twe adwene si saa kurow no biako so—Korasin. Eyi yɛ 1989 Calender of Jehovah’s Witnesses no so mfonini ma July/August. Nea ɛyɛ anigye no, Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 11:21-23 no wɔ Yehowa Adansefo Bible akenkan nhyehyɛe wɔ August mu no mu. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yehu wɔ Korasin ho?
Wiɛ, hyɛ faako a na tete Korasin wɔ no nsow. Wubetumi ahu n’amamfo wɔ mfonini yi mu. Afei, hyɛ nnua a ɛwɔ Galilea Po no kusuu fam no ano no nsow. Na ɛhɔ na Kapernaum wɔ, ɛwɔ bɛyɛ akwansin abien. Ebia nea wuhu wɔ mfonini a wofi soro twae yi mu no bɛkyerɛ sɛ na Korasin wɔ asase tamaa so de, nanso na ɛda mmepɔw a ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn 885 so.
Ɛboa nso sɛ yebehu sɛ na Betsaida wɔ baabi a ne tenten bɛyɛ sɛ fi Korasin kɔ Kapernaum wɔ po no ano. Enti bere a na Yesu rebɔ nkurow abiɛsa yi ahohora no, na ɔreyɛ adwuma titiriw wɔ baabi a ɔyɛɛ n’adwuma wɔ Galilea no fã ketewaa bi. (Mateo 4:13; Marko 2:1; Luka 4:31) Dɛn nti na Yesu kae sɛ wonnue?
Yesu ne n’asomafo no de bere pii yɛɛ adwuma wɔ saa beae yi, na ɔyɛɛ ahoɔdenne pii wɔ ha. Ɔnam anwonwa kwan so maa nnipa bɛboro 5,000 aduan na obuee onifuraefo bi aniwa wɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. (Marko 8:22-25; Luka 9:10-17) Na aberante a Yesu gyinaa akyiri baabi saa no yare, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ no so ayaresa, obubuafo bi a ɔma otumi nantewee ne hyiadan bi so panyin babea a onyan no fii owu mu no ka anwonwade ahorow a ɔyɛe wɔ Kapernaum anaasɛ baabi a ɛbɛn hɔ no ho. (Marko 2:1-12; 5:21-43; Luka 4:31-37; Yohane 4:46-54) Ɛwom sɛ Bible no nka “ahoɔdenne” pɔtee a Yesu yɛɛ wɔ Korasin nkyerɛ yɛn de, nanso Mateo 11:21 kyerɛ sɛ ɔyɛɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ anaasɛ baabi a ɛbɛn hɔ. Nanso, nnipa no ansakra na ama wɔanya no mu gyidi sɛ Mesia a na Onyankopɔn gyina n’akyi no.
Sɛ wohwɛ Yesu a ɔyɛ ahoɔdenne a ɛte saa mfonini a ɛka ho no a, ebia wubebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na Korasinfo betumi ayɛ asoɔdenfo saa?’ Ebia yebetumi ahu nnyinasode bi wɔ basalt abo tuntum a efi afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. no mu a wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tete nneɛma mu tutu fii saa amamfo yi so no mu. Saa amamfo no so nneɛma bi ne hyiadan bi a na ɛwɔ kurow no mfinimfini ne afie bi a ɛbemmɛn hɔ. Mfonini soronko bi wɔ abo a efi hyiadan no mu binom so. Dɛn mfonini? Hela anansesɛm mu nneɛma, te sɛ Medusa a ne ti nhwi yɛ awɔ ne obi a ne fã yɛ onipa na ne fã yɛ ɔpɔnkɔ. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ anka Yudasom sɔre tia abosonsom mfonini a ɛte saa no denneennen nti, dɛn nti na Korasin Yudafo akannifo maa kwan ma wɔyɛe wɔ wɔn hyiadan ho?
Nkyerɛkyerɛ biako ne sɛ “ɛbɛyɛ sɛ na wɔnyɛ katee wɔ mpɔtam hɔ,” na ɛno maa Yesu nyaa anidaso sɛ wobetie no yiye wɔ kurow no mu.* Nanso sɛ na saa hyiadan mu mfonini no kyerɛ biribi wɔ su bia na wɔda no adi wɔ Yesu nna no mu ho a, ɛnde na ebetumi aba sɛ na Korasinfo dodow no ara nnwenn ‘sɔre a wɔbɛsɔre Agya no honhom mu ne nokware mu’ ho titiriw biara. (Yohane 4:23) Wɔnam Mesia a na ɔyɛ nnwuma a ɛyɛ nwonwa a wɔannye no antom no so kyerɛɛ saa.
Bere a Yesu somaa asuafo 70 no, ɔsan de mfatoho dii dwuma wɔ Korasin, Betsaida, ne Kapernaum asoɔden no ho. Sɛ Yesu mfɛfo Galileafo a na wɔwɔ Korasin a wonim n’ahoɔdenne no antie asɛm no yiye a, ɛnde sɛ nkurow afoforo bi a asuafo no kaa asɛm no wom no mufo annye wɔn a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wɔn nwonwa.—Luka 10:10-15.
Enti bere a yesusuw Korasin amamfo tuntum a nkwa nni so no ho no, ɛsɛ sɛ yɛma kɔkɔbɔ a ɛda adi wɔ Yesu “due” no mu no tra yɛn komam. Sɛ yɛansakra, na yɛannye Onyankopɔn adwuma a ne nkurɔfo yɛ no antom a, ebetumi abrɛ yɛn ase na wɔasɛe yɛn daakye.
[Ase hɔ asɛm]
The World of the Bible, Po 5. kratafa 44 a Education Heritage. Inc, New York, tintim no 1959 mu.
[Asase Mfonini wɔ kratafa 16]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
korasin
Betsaida
Kapernaum
Galilea Po
Tiberia
[Mfonini Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel
[Mfonini wɔ kratafa 17]
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.