Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wodɔ Wo Yɔnko?
DAA nkwa a yebenya no gyina ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko no so. Wɔkaa saa asɛm no wɔ nkɔmmɔbɔ bi a ɛkɔɔ so bɛyɛ mfe 2,000 ni mu.
Yudani barima bi a onim Mose Mmara no yiye bisaa Yesu Kristo sɛ: “Menyɛ dɛn na manya daa nkwa?” Yesu buae sɛ: “Dɛn na wɔakyerɛw mmara no mu? Wokan no dɛn?” Ɔbarima no faa Mmara no mu asɛm kae sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Yesu kae sɛ: ‘Woabua no yiye; kɔ so yɛ eyi, na wubenya nkwa.’—Luka 10:25-28.
Afei Yesu ɔsemmisafo no bisae sɛ: ‘Hena ne me yɔnko ankasa?’ Sɛ́ anka Yesu bebua no tee no, ɔmaa mfatoho bi a ɛfa Yudani bi a wɔbɔɔ no apoo, bobɔɔ no maa ɔtɔɔ beraw, gyaw ne hɔ kɔe ho. Ɛno akyi no Yudafo baanu baa hɔ—ná nea odi kan no yɛ ɔsɔfo, na nea odi hɔ no yɛ Lewini. Wɔn mu biara huu ne yɔnko Yudani no tebea, nanso wanyɛ biribiara amfa ammoa no. Afei Samariani bi dii hɔ bae. Ofi ayamhyehye mu kyekyeree Yudani a wapira no akuru de no kɔɔ ahɔhodan bi mu, na otuaa sika sɛ wɔnkɔ so mfa nhwɛ no.
Yesu bisaa ne semmisafo no sɛ: “Afei wɔn baasa yi mu hena na wususuw sɛ wayɛ nea ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu yi yɔnko?” Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Samariani mmoborohunufo no. Enti Yesu kyerɛe sɛ yɔnko dɔ ankasa tra kɔ mmusua afoforo mufo so.—Luka 10:29-37.
Yɔnko Dɔ a Enni Hɔ
Ɛnnɛ, ɔtan a ɛda nnipa a womfi mmusua koro mu ntam reyɛ kɛse. Sɛ́ nhwɛso no, nnansa yi ara wɔn a wokura Germany Nasifo nniso adwene de obi hwee fam na wɔde wɔn mpaboa
a emu yɛ duru no tiatiaa no so, na ɛkame ayɛ sɛ wobubuu ne mparow nyinaa mu. Wɔde mmosa a ano yɛ den guu no so na wɔhyew no. Nea enti a wɔtow hyɛɛ ɔbarima no so, na wogyaw no ma owui ne sɛ ɔyɛ Yudani. Wɔ asɛm foforo a ɛmfa eyi ho a esii mu no, wɔde ɔtopae too ofie bi a ɛbɛn Hamburg mu de hyew nnipa baasa a wofi Turkey maa WoWui—ná wɔn mu biako yɛ abeawa a wadi mfe du.
Ná abusua ntam akodi rekunkum nnipa mpempem pii wɔ Balkan aman mu ne apuei fam nohoa. Nnipa a ɛsonsonoe baabi a wofi ntam akodi kunkum afoforo wɔ Bangladesh, India, ne Pakistan. Na wɔ Afrika no, abusua ne nkurɔfo ntam akodi kunkum afoforo nso.
Nnipa dodow no ara ani nnye basabasayɛ a ɛte saa ho, na wɔrenyɛ biribiara mfa mpira wɔn yɔnko da. Nokwarem no, wɔayɛ ɔyɛkyerɛ akɛse wɔ Germany de akasa atia ɛhɔ abusua ntam basabasayɛ no. Nanso, The New Encyclopaedia Britannica se: “Ɛkame ayɛ sɛ wiase mu abusua biara mufo bu wɔn asetra kwan sɛ ɛkorɔn sen wɔn afipamfo a wɔne wɔn bɛn kɛse no mpo.” Adwene a ɛtete sɛɛ yi mma yɔnko dɔ nkɔ so. So wobetumi ayɛ eyi ho biribi, titiriw esiane sɛ Yesu kae sɛ nkwa gyina ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne nnipa so no nti?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Cover: Jules Pelcog/Die Heilige Schrift
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Samariani mmɔborohunufo no/The Doré Bible Illustrations/Dover Publications, Inc.