Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde
Maria Yi “Nea Eye No”
WƆ Yesu bere so no, wɔnam rabifo atetesɛm so hyɛɛ Yudafo mmea so. Enti, wɔanhyɛ wɔn nkuran sɛ wonsua Mmara no. Nokwarem no, nsusuwii bi a wɔada no adi wɔ Mishnah mu no kae sɛ: “Sɛ ɔbarima bi ma ne babea nya Mmara no ho nimdeɛ a, na ɛte sɛ nea wakyerɛ no tuutuusi.”—Sotah 3:4.
Ne saa nti, mmea pii a na wɔwɔ Yuda wɔ afeha a edi kan no mu no anya nhomasua a edi mũ. The Anchor Bible Dictionaray ka sɛ, “Yenni adanse biara a ɛkyerɛ sɛ ansa na Yesu refi ne som adwuma ase no, na wɔma Yudafo mmea kwan ma wɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse bi asuafo, na kampɛsɛ ɔne saa ɔkyerɛkyerɛfo no atu kwan, anaasɛ wakyerɛkyerɛ obi, gye mmofra.” Wɔ mmea animtiabu a ɛkɔ akyiri mu no, nyamesom akannifo binom mpo hyɛɛ mmara katee sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔbarima biara ne ɔbea kasa wɔ baguam!
Yesu annye nneyɛe bɔne a ɛte saa no antom. Ɔkyerɛkyerɛɛ mmea ne mmarima nyinaa, na na wohu mmarima ne mmea nyinaa wɔ n’asuafo no mu. (Luka 8:1-3) Da bi, Marta ne Maria too nsa frɛɛ Yesu kɔɔ wɔn fie. (Luka 10:38) Na saa mmea baanu yi yɛ Lasaro nuabeanom, na na wɔn baasa nyinaa yɛ Yesu asuafo ne ne nnamfo ankasa. (Yohane 11:5) Sɛ yɛhwɛ nnipadɔm a wɔbɛkyekyee Marta ne Maria werɛ bere a Lasaro wui no a, ɛbɛyɛ sɛ na saa abusua yi di yiye. Sɛnea ɛte biara no, nea ɛkɔɔ so wɔ wɔn fie hɔ bere a Yesu kɔsraa wɔn no nyɛ asuade a mfaso wɔ so ma wɔn nkutoo, na mmom yɛn nso.
Ɔtraa Yesu Nan Ase Tiee N’asɛm
Akyinnye biara nni ho sɛ, na Marta ne Maria asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛto pon kɛse bi ama Yesu, na ebia na wɔn ahoɔden betumi saa. (Fa toto Yohane 12:1-3 ho.) Nanso, bere a wɔn hɔho no bae no, Maria ‘traa Awurade nan ase tiee n’asɛm.’ (Luka 10:39) Nnipa atetesɛm biara nni hɔ a na ebetumi abara Yesu sɛ ɔnkyerɛkyerɛ ɔbea nokwafo a na n’ani abere sɛ obesua ade no! Yebetumi de yɛn adwene ahu sɛnea Maria traa Yesu nan ase, wɛn n’aso yiye te sɛ abofra a ɔretie asɛm, tie nea na ne Wura rekyerɛkyerɛ no no.—Fa toto Deuteronomium 33:3; Asomafo no Nnwuma 22:3 ho.
Marta de wanyɛ sɛ Maria, “ɔfenaa ne ho ɔsom pii ho.” Bere a ɔresiesie aduan a ɛyɛ dɛ yi no, na ɛho adwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ no mma onnya ne ho twabere. Ankyɛ, Marta ho yeraw no sɛ ɔno nkutoo reyɛ nnwuma nyinaa na ne nua no te Yesu nan ase! Enti ebia mpofirim ara, Marta twaa asɛm a Yesu reka akyerɛ Maria no so, kae sɛ: “Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agyaw me nko na mesom? Enti, ka kyerɛ no, na ommeso me mu.”—Luka 10:40.
Eyi fam no, na mfomso biara nni nea Marta bisae no ho. Anyɛ yiye koraa no, aduan a wɔnoa ma nnipa dodow yɛ dwuma a ɛyɛ den, na ɛnsɛ sɛ asɛyɛde no dan to onipa biako pɛ so. Nanso, Yesu nyaa biribi wɔ n’asɛm no mu gyinaa so de kyerɛkyerɛɛ asuade bi a mfaso wɔ so. Ɔkae sɛ: “Marta, wudwinnwen na wohaw wo ho nneɛma pii ho; na ade biako na ehia: Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye ne nsam.”—Luka 10:41, 42.
Na Yesu nkyerɛ sɛ Marta ani nnye honhom fam nneɛma ho. Nea ɛne no bɔ abira no, na onim sɛ ɔyɛ ɔbea a ɔbɔ onyamesom pa ho mmɔden.a Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛno ne ade a edi kan a ɛkanyan no maa ɔtoo nsa frɛɛ Yesu baa ne fie no. Nanso, odwo mu a Yesu fi kaa Marta anim no, maa no huu sɛ sɛ ɔde n’adwen si aduanoa so titiriw a, ɔbɛhwere hokwan kɛse bi a ɛho yɛ na a ɛne sɛ Onyankopɔn Ba no bɛkyerɛkyerɛ no.
Nanso, na amammerɛ a ɛwɔ hɔ saa bere no kamfo kyerɛ sɛ, wogyina ofie nnwuma ho mmɔden a ɔbea bɔ so na ehu sɛnea ɔsom bo fa. Nanso, Yesu nsɛm no kyerɛe sɛ, mmea nso betumi atra Onyankopɔn Ba no nan ase, te sɛ mmarima, na wɔatie nsɛm a ɛma nkwa no! (Yohane 4:7-15; Asomafo no Nnwuma 5:14) Wɔ eyi mu no, anka ɛbɛyɛ papa koraa sɛ Marta bɛyɛ nnuan kakraa bi—anaa biako mpo a—sɛ saa a na ɔbɛyɛ no bɛma wanya kwan atra Owura no nan ase atie no a.—Fa toto Mateo 6:25 ho.
Asuade Ma Yɛn
Ɛnnɛ, yehu sɛ mmarima ne mmea nyinaa ka wɔn a wogye Yesu nsato a ɔde ma sɛ, ‘mommegye nkwa nsu no kwa’ so no ho. (Adiyisɛm 22:17) Bere a ɔdɔ kanyan wɔn no, ebinom—a wɔte sɛ Marta no—yɛ nea wobetumi nyinaa de som wɔn mfɛfo gyidifo. Wɔde wɔn ho bɔ afɔre yɛ ade ntɛm so, na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obetua wɔn ka wɔ ɔdɔ mu a wofi som no no ho. (Hebrifo 6:10; 13:16) Ebia afoforo nso te sɛ Maria pɛpɛɛpɛ. Wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔn ani ku wɔn honhom mu yiyedi ho. Anigye a wɔde dwennwen Onyankopɔn Asɛm ho no boa wɔn ma wotim gyidi no mu denneennen.—Efesofo 3:17-19.
Nnipa abien yi nyinaa di ahiade titiriw bi ho dwuma wɔ Kristofo asafo no mu. Nanso, awiei koraa no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ‘paw nea eye’ denam si a yebesi honhom mu nneɛma so dua titiriw wɔ yɛn asetra mu no so. Sɛ yehu nneɛma a ɛho hia yiye no a, yebenya Yehowa anim dom ne ne nhyira.—Filipifo 1:9-11.
[Ase hɔ asɛm]
a Nea ɛkyerɛ sɛ na Marta yɛ ɔbea a ɔyɛ honhom muni a ɔwɔ gyidi kɛse no da adi wɔ ɔne Yesu nkɔmmɔbɔ a ɛfa ne nuabarima Lasaro wu ho no. Saa bere yi no, Marta na ɔde ahopere kɛse kohyiaa ne Wura no.—Yohane 11:19-29.