“Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ”
“AWURADE, kyerɛ yɛn mpaebɔ.” Yesu Kristo asuafo no biako na ɔde adesrɛ yi too n’anim. (Luka 11:1) Ɛda adi sɛ osuani a wɔammɔ ne din no yɛ obi a na mpaebɔ ho hia no yiye. Saa ara na nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hu mfaso a ɛwɔ so no. Anye yiye koraa no, mpaebɔ so na yɛnam ne Onipa a Ɔkorɔn sen biara wɔ amansan yi mu no di nkitaho! Na susuw ho hwɛ! “Mpaebɔ tiefo” no yɛ aso ma yɛn haw ne yɛn dadwen horow. (Dwom 65:2) Nea ehia sen biara no, yɛnam mpaebɔ so de aseda ne ayeyi ma Onyankopɔn.—Filipifo 4:6.
Nanso nsɛmfua “kyerɛ yɛn mpaebɔ,” ma nsemmisa a anibere wom sɔre. Wiase nyinaa no, nyamesom ahorow nam akwan horow so kɔ Onyankopɔn anim. Nanso, ɔkwan bi wɔ hɔ a wɔfa so bɔ mpae a eye na ebi de enye? Ɛho mmuaema mu no, ma yenni kan nhwehwɛ nyamesom mu amanne horow a agye din a ɛfa mpaebɔ ho no bi mu. Yɛde yɛn adwene besi Latin Amerikafo so.
Ahoni ne “Odimafo Ahotefo”
Latin Amerika aman pii ani gye nyamesom ho kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mexico nyinaa no, obi betumi ahu adeyɛ a agye din a ɛne “odimafo ahotefo” no. Nokwarem no, ɛyɛ Mexicofo amanne sɛ wobenya “odimafo ahotefo,” a wɔhyɛ fã ma wɔn nna bi wɔ wɔn kurow mu. Mexico Katolekfo nso bɔ ahoni ahorow pii mpae. “Ɔhotefo” ko a wɔbɔ no mpae no gyina ade ko a ɔsomfo no pɛ sɛ ɔsrɛ so. Sɛ obi rehwehwɛ obi aware a, obetumi asɔ kyɛnere ama “Ɔhotefo” Anthony. Obi a ɔde kar rebetu kwan betumi de ne ho ahyɛ “Ɔhotefo” Christopher a ɔyɛ akwantufo, titiriw wɔn a wɔde kar tu kwan no boafo, nsa.
Nanso, ɛhe na amanne horow yi fi bae? Abakɔsɛm kyerɛ sɛ bere a Spainfo beduu Mexico no, wohui sɛ nkurɔfo no de wɔn ho ama abosonsom. Victor Wolfgang von Hagen ka wɔ ne nhoma Los Aztecas, Hombre y Tribu (Aztecfo, Ɔbarima no ne Abusua no) mu sɛ: “Ná obiara wɔ ne nyame, afifide wɔ ne nyame, dwumadi biara wɔ ne nyame anaa nyamewa, akɔmfohyɛ mpo wɔ bi. Ná aguadifo nyame ne Yacatecuhtli. Wɔ beae a anyame dɔɔso yi no, na anyame no nyinaa wɔ su horow a ɛda nsow ne dwuma pɔtee a wodi.”
Ná anyame no ne Katolek “ahotefo” no di nsɛ araa ma enti bere a Spain tumidifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ɛhɔfo adan “Kristofo” no, nea wɔyɛe ara ne sɛ wɔdan fii wɔn ahoni horow som ho kɔɔ asɔre “ahotefo” no so. The Wall Street Journal mu asɛm bi kyerɛe sɛ Katoleksom mu nneyɛe a ɛwɔ Mexico afã bi fi abosonsom mu. Ɛkae sɛ wɔ beae bi no, “ahotefo” 64 a ɔmanfo no som wɔn no ne “Mayafo anyame pɔtee” bi di nsɛ paa.
New Catholic Encyclopedia no ka sɛ “abusuabɔ a emu yɛ den da ahotefo no ne wɔn a wɔwɔ asase so no ntam, . . . abusuabɔ a ɛntetew wɔne Kristo ne Onyankopɔn ntam ayɔnkofa mu na mmom ɛma etu mpɔn na ɛyɛ kɛse.” Nanso ɛbɛyɛ dɛn na abusuabɔ a ɛda adi sɛ egyina abosonsom so no ama obi ne nokware Nyankopɔn ntam ayɔnkofa ayɛ kɛse? Mpae a wɔbɔ saa “ahotefo” yi betumi asɔ Onyankopɔn ani?
Rosary Fibea
Amanne foforo a agye din ne rosary a wɔde di dwuma. Diccionario Enciclopédico Hispano-Americano (Latin Amerikafo Nhoma a Ɛkyerɛ Nsɛm Pii Ase) ka rosary ho asɛm sɛ “hama a wɔasina nhene ɔha anaa ɔha aduonum wɔ so a wɔde afoforo a ɛsoso akyekyem du du na ehyiam wɔ mmeamudua a ɛwɔ ano a seesei nhene abiɛsa di anim no.”
Bere a Katolekfo nhoma bi rekyerɛkyerɛ sɛnea wɔde rosary di dwuma mu no, ɛkae sɛ: “Rosary Kronkron no yɛ mpae bi a wɔde ano bɔ anaa wɔbɔ no wɔ tirim a ɛfa yɛn nkwa ho Ahintasɛm ho. Wɔakyekyem du ahorow dunum. Edu biara kura Awurade Mpaebɔ biako, Mo Maria ahorow du, ne Gloria Patri biako. Wosusuw ahintasɛm bi ho bere a wodu ɔfã biara so no.” Ahintasɛm ahorow no yɛ gyidi ho nkyerɛkyerɛ anaa nkyerɛkyerɛ a ɛsɛ sɛ Katolekfo hu, na eyi mu no, ɛfa Kristo Yesu asetra, n’amanehunu, ne ne wu ho.
The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Mpae a wɔde rosary bɔ fii ase wɔ Kristosom mu wɔ Mfinimfini Mmere no mu, nanso 1400 ne 1500 mfe no mu nkutoo na ɛtrɛw kɔɔ akyiri.” So Katoleksom mu nkutoo na wɔde rosary di dwuma? Dabi. Diccionario Enciclopédico Hispano-Americano ka sɛ: “Wɔde ahene a ɛte saa ara di dwuma wɔ Nkramosom, Lamasom, ne Buddhasom mu.” Nokwarem no, Encyclopedia of Religion and Religions no ka sɛ: “Wɔaka sɛ Nkramofo suaa Rosary fii Buddhafo hɔ, na Kristofo nso sua fii Nkramofo hɔ wɔ Mmeamudua Ho Akodi no mu.”
Ebinom ka sɛ rosary di dwuma sɛ nkae ade kɛkɛ bere a ɛho hia sɛ woti mpae dodow bi mu ka no. Nanso, Onyankopɔn ani gye dwuma a wɔde di no ho?
Ɛho nhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka fata a ɛfata anaa di a amanne a ɛte saa di mu ho asɛm anaasɛ yegye ho akyinnye. Yesu de mmuae a ɛfata maa n’asuafo no bere a wɔsrɛe sɛ ɔnkyerɛ wɔn mpaebɔ no. Nea ɔkae no bɛma akenkanfo binom anya nimdeɛ na wɔn mu bi mpo ho adwiriw wɔn.
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Kafolekfo taa de “rosary” nhene di dwuma. Ɛhe na efi bae?