-
Ɔkwan Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛfa So Bɔ Onyankopɔn Mpae?Ɔwɛn-Aban—1996 | July 15
-
-
BERE a osuani bi bisaa mpaebɔ ho akwankyerɛ no, Yesu amfa ankame no. Sɛnea Luka 11:2-4 kyerɛ no, obuae sɛ: “Mobɔ mpae a, monka sɛ: Agya, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ. Na fa yɛn bɔne horow firi yɛn, efisɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.” (Katolek Douay Version) Wonim eyi yiye sɛ Awurade Mpaebɔ. Ekura nsɛm pii.
-
-
Ɔkwan Bɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛfa So Bɔ Onyankopɔn Mpae?Ɔwɛn-Aban—1996 | July 15
-
-
Nea ɛyɛ anigye no, Yesu kyerɛe nso sɛ yebetumi de yɛn ahiasɛm aka yɛn mpaebɔ ho. Ɔkae sɛ: “Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ. Na fa yɛn bɔne horow firi yɛn, efisɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.” (Luka 11:3, 4, Dy) Yesu nsɛm no kyerɛ sɛ yebetumi ahwehwɛ Onyankopɔn apɛde wɔ da biara da nsɛm mu, ne sɛ yebetumi de biribiara a ɛhaw yɛn adwene akɔ Yehowa anim. Yɛn abisade a yɛde bɛto Onyankopɔn anim saa kwan yi so daa no boa yɛn ma yenya anigye sɛ yɛde yɛn ho to ne so. Yɛnam saayɛ so behu ne nkɛntɛnso wɔ yɛn asetra mu. Yɛn mfomso horow a yɛsrɛ Onyankopɔn daa sɛ ɔmfa mfiri yɛn no nso ho hia saa ara. Ɛma yɛn ani ba yɛn mmerɛwyɛ horow so—na yenya afoforo sintɔ ho koma. Yesu afotu a ɛse yɛmmɔ mpae ma wonyi yɛn mfi sɔhwɛ mu no nso fata, titiriw esiane wiase yi mu abrabɔ a ɛresɛe no nti. Nea ɛne saa mpaebɔ no hyia no, yɛhwɛ yiye sɛ yɛbɛkwati tebea a ebetumi ama yɛakɔyɛ bɔne.
-