-
Yehowa De ‘Honhom Kronkron Ma Wɔn A Wobisa No’Ɔwɛn-Aban—2006 | December 15
-
-
4 Yesu kae sɛ: “Mo mu hena na ɔwɔ adamfo a ɔbɛkɔ ne nkyɛn ɔdasum akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Damfo, fɛm me paanoo abiɛsa, na seesei ara na m’adamfo bi fi kwan so aba me nkyɛn, na minni hwee a mede besi n’anim’? Na onii no fi mu bua sɛ, ‘Gyae me haw. Yɛato pon no mu dedaw, na me mma nkumaa ada wɔ me nkyɛn; mintumi nsɔre mmɛma wo hwee.’ Mise mo sɛ, ɛwom sɛ ɔrensɔre mmɛma no hwee esiane sɛ ɔyɛ n’adamfo nti de, nanso esiane sɛ oguan ne ho nti ɔbɛsɔre abɛma no nea ohia.” Afei Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea mfatoho yi fa mpae a yɛbɛbɔ daa ho mu sɛ: “Enti mise mo sɛ, monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom na wobebue ama mo. Na obiara a obisa no nya, na obiara a ɔhwehwɛ no hu, na obiara a obom no wobebue ama no.”—Luka 11:5-10.
-
-
Yehowa De ‘Honhom Kronkron Ma Wɔn A Wobisa No’Ɔwɛn-Aban—2006 | December 15
-
-
6. Wɔ Yesu bere so no, na wobu ahɔhoyɛ a wɔda no adi no dɛn?
6 Ɛnyɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae nko na Yesu kyerɛɛ yɛn, ɔkyerɛɛ yɛn nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa nso. Sɛ yɛbɛte asɛm no ase yiye a, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea wɔn a wotiee Yesu mfatoho a ɛfa ɔbarima a oguan ne yɔnko ho no buu sɛnea na wɔda ahɔhoyɛ adi saa bere no ho. Bible mu nsɛm pii ma yehu sɛ wɔ tete mmere mu no, na Onyankopɔn asomfo titiriw bu ahɔho a wogye wɔn fɛw so no ahiasɛm. (Genesis 18:2-5; Hebrifo 13:2) Sɛ obi antumi anna ahɔhoyɛ adi a, na ɛyɛ animguase. (Luka 7:36-38, 44-46) Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu no, ma yɛnhwɛ Yesu asɛm no bio.
7. Dɛn nti na anyɛ ɔbarima a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no aniwu sɛ obenyan ne yɔnko no?
7 Ɔbarima a mfatoho no fa no ho no nyaa ɔhɔho anadwo dasum. Ɔbarima no te nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔma ne hɔho no aduan, nanso ‘onni hwee a ɔde besi n’anim.’ Wɔ ne fam no, ɛyɛ aniberesɛm! Ɛsɛ sɛ ɔkwan biara so onya paanoo ma no. Enti anyɛ no aniwu koraa sɛ ɔbɛkɔ n’adamfo bi nkyɛn akonyan no. Ɔbarima no teɛɛm sɛ: “Damfo, fɛm me paanoo abiɛsa.” Ɔkɔ so bisa kosi sɛ onya nea ɔpɛ. Sɛ ne nsa ka paanoo no nkutoo a na obetumi asom ne hɔho no yiye.
Kɔ so Bɔ Nea Ehia Wo no Ho Mpae
8. Dɛn na ɛbɛka yɛn ma yɛakɔ so abɔ mpae asrɛ honhom kronkron?
8 Dɛn na mfatoho yi ma yehu wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mpae no ho? Ɔbarima no kɔɔ so bisaa paanoo efisɛ na osusuw sɛ, sɛ obetumi asom ne hɔho no yiye a, na ehia sɛ ɔkwan biara so no onya saa paanoo no. (Yesaia 58:5-7) Sɛ wannya paanoo a, n’anim begu ase. Saa ara na esiane sɛ yenim sɛ yehia Onyankopɔn honhom ɔkwan biara so na yɛatumi ayɛ yɛn som adwuma sɛ nokware Kristofo nti, yɛkɔ so bɔ mpae de hwehwɛ Onyankopɔn honhom. (Sakaria 4:6) Sɛ yɛannya honhom no a, yɛrentumi nyɛ adwuma no. (Mateo 26:41) So wuhu aba a yebetumi afa afi mfatoho yi mu no? Sɛ yebu Onyankopɔn honhom sɛ biribi a yehia denneennen a, ɛda adi sɛ yɛbɛkɔ so abisa.
9, 10. (a) Fa mfatoho kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bisa Onyankopɔn na ɔma yɛn ne honhom no mu. (b) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho, na dɛn ntia?
9 Ma yɛmfa asɛm yi ntoto yɛn tebea ho nnɛ nhwɛ. Fa no sɛ w’abusua muni bi yare anadwo dasum. So wobɛkɔ akonyan oduruyɛfo bi ahwehwɛ ne hɔ mmoa? Sɛ yare no mu nyɛ den a, worenyɛ saa, nanso sɛ wanya koma yare a, ɛrenyɛ wo aniwu sɛ wobɛfrɛ oduruyɛfo. Dɛn ntia? Efisɛ ɛyɛ tebea a ɛsɛ sɛ wudi ho dwuma ntɛm. Wuhu sɛ ɔkwan biara so no, wuhia obi a ne ho akokwaw. Sɛ woanhwehwɛ mmoa a, onipa no betumi awu. Saa ara na sɛ yɛbɛka a, nokware Kristofo kɔ so hyia tebea bi a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm. Nokwasɛm ne sɛ, Satan nenam te sɛ “gyata a ɔbobom” repɛ yɛn amene. (1 Petro 5:8) Sɛ yɛbɛkɔ so ne Yehowa anya abusuabɔ a, yehia Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa ɔkwan biara so. Sɛ yɛanhwehwɛ Onyankopɔn nkyɛn mmoa a, ebetumi de yɛn nkwa ato asiane mu. Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so guan Onyankopɔn ho de hwehwɛ ne honhom kronkron. (Efesofo 3:14-16) Sɛ yɛyɛ saa nkutoo a na yebetumi anya ahoɔden a yehia de ‘agyina mu akosi awiei.’—Mateo 10:22; 24:13.
-