Mpaebɔ Wɔ “Nna A Edi Akyiri” Yi Mu
“Enti monwɛn na monsrɛ daa.”—Luka 21:36.
1. (a) Ɛhefa na Luka dii kan bɔɔ mpaebɔ anaasɛ adesrɛ din? (b) Ɔkwan bɛn na Yesu faa so maa “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ” no ho mmuae?
BERE a wɔabɔ mpaebɔ din wɔ Luka Asɛmpa no mfiase a ɛfa Sakaria ‘nkotɔsrɛ’ a ɔde too Onyankopɔn anim (wɔ Lu ti 1, nkyekyem 13) no, ɛyɛ Lu ti 11 no mu na Yesu de bere tenten kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu. Nea edi kan no, Yesu maa asɛm a n’asuafo no mu biako bisaa no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafo” no mmuae. (Luka 11:1) Yesu maa mmuae sɛ:
“Mobɔ mpae a, monka sɛ: Agya, wo din ho ntew, w’ahenni mmra. Ma yɛn yɛn daa aduan daa! Na fa yɛn bɔne firi yɛn, efisɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!”—Luka 11:2-4.
2. (a) Ɔkwan bɛn na wɔfa so hyɛ Onyankopɔn din anuonyam wɔ eyi mu, na ɛne kyerɛwnsɛm bɛn na ehyia? (b) Tebea a ɛne ne ho bɔ abira anaa ɛne ne ho nhyia bɛn na ɛwɔ wiase na ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so asiesie no?
2 Nea ɛte sɛ Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ 1 Ahene 8:41-43 ne Yesaia 56:6-8 a wɔadi kan abɔ din wɔ adesua a edi kan no mu no, hyɛ sɛnea Yesu maa n’Agya din bɛyɛɛ nea ɛho hia titiriw no nsow. Ɛda adi pefee sɛ wɔntew Yehowa din ho wɔ wiase no mu nnɛ. Amansɛm honhom, obi ho a ɔde di kan wɔ biribiara mu ne obi ankasa apɛde a ɔyɛ anaa wɔn ho a wɔkorɔkorɔ na wɔkokɔ, a nea wɔn koma tɔ wɔn yam wɔ ho ne sɛ “wɔkatere wɔn anim kyerɛ Onyankopɔn som pa, nanso wɔpa emu ahoɔden,” ne tebea horow a ɛte sɛɛ ma wɔbɔ Onyankopɔn din ahohora na wogu ho fi anaasɛ wobu wɔn ani gu so koraa. (2 Tim. 3:1) Enti ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tew n’ankasa din ho wɔ saa mpaebɔ no mmuaema mu. (Hes. 36:23) Wobesiesie tebea a ɛyɛ animguase yi bere a Onyankopɔn ahenni a ɛwɔ Kristo Yesu nsam no di dwuma na ɛsɔre tia amanaman no ne wɔn sodifo no, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu pefee wɔ Dwom 2 no.
3. Kɔkɔbɔ ne bɔhyɛ bɛn na Petro de mae wɔ eyi mu?
3 Saa nneɛma yi bɛbam wɔ Yehowa da a abɛn pɛɛ no mu, sɛnea Bible nkɔmhyɛ a ɛbɛbam kyerɛ pefee no. Enti ɛbɛyɛ papa sa yɛbɛyɛ aso atie Petro afotu ne kɔkɔbɔ a efi honhom mu yi:
“Sɛ motwɛn na moma Onyankopɔn da no ba yɛ ntɛm. Ɛno mu na ɔsoro bɛso ogya asɛe, na wim mfitiasede anan ahyew. Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu. Enti, adɔfo, sɛ moretwɛn eyinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu.”—2 Pet. 3:12-14.
4. Ɔkwan bɛn so na wɔde adesrɛ ahorow abien a edi kan wɔ Awurade Mpaebɔ no mu no abom, na ɔkwan bɛn so na eyi wɔ adesrɛ ahorow a aka no mu?
4 Sɛ wonya wie eyinom nyinaa a, Onyankopɔn din no bɛyɛ nea wɔabu no bem na wɔatew ho koraa. Ɛno nti na nkotɔsrɛ ahorow abien a ɛwɔ Luka 11:2 no yɛ nea wɔaka abom na edi kan ba wɔ Awurade Mpaebɔ no mu no. Eyinom yɛ nneɛma akɛse ankasa ma yɛn da yi ne daakye a abɛn pɛɛ no. Yɛn adwene mu a yɛbɛma eyi atra no bɛma yɛakari pɛ wɔ da biara da asetra mu nneɛma a ehia yɛn ne ɔhaw ahorow a wɔbɔɔ din wɔ saa mpaebɔ no mu no mu. Sɛ́ yɛbɛyɛ ahopɛ, a ɛno mmom yɛ mmerɛw no, yebedi kan abisa yɛn ankasa ho sɛ: Me suban ne adeyɛ bɛn na ɛne Onyankopɔn apɛde behyia sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ n’Asɛm no mu no, a ɛno nso bɛhyɛ ne din no anuonyam”?
AKOKODURU SO A WƆDE KURA ADE MU ARA NO DE AKATUA PA BA
5. (a) Mmara bɛn na wɔde di dwuma wɔ Yesu mfatoho ahorow a ɛfa nnipa a ɔde wɔn di dwuma no ho? Fa nhwɛso bi ma. (b) Nnipa bɛn na yehu sɛ wɔde wɔn dii dwuma wɔ Luka 11:5-8, na dwuma bɛn na wɔn mu biara di?
5 Wɔ nea yɛadi kan aka ho asɛm yi akyi no, afei Luka san kaa mfatoho bi a Yesu de mae a emu nsɛm no yɛ soronko ho asɛm. Sɛnea wɔtaa yɛ no, sɛ wɔde onipa biako anaa nnipa baanu di dwuma wɔ mfatoho mu a, wɔn mu biara ne nea wɔde no yɛɛ ne ho mfonini no sɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔreyɛ ɔsoro Agya no ho mfonini, sɛnea ɛwɔ mfatoho a ɛwɔ ɔba hohwini no de no mu wɔ Luka 15:11-32 no a, ɛnde ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛnea saa ɔbabarima no agya no nam nea ɔka ne nea ɔyɛ so yɛ ɔsoro Agya no ho mfonini pɛpɛɛpɛ. Nanso wɔrentumi nka saa wɔ asɛm a edi so yi a ɛfa Yesu mfatoho no ho no ho:
“Mo mu hena na ɔwɔ damfo, na ɔbɛkɔ ne nkyɛn ɔdasum akɔka akyerɛ no sɛ: damfo, fɛm me abodoo abiɛsa, na m’adamfo bi fi kwan so aba me nkyɛn na minnya biribi memmma no. Na ofi mu nohɔ bebua no sɛ nhaw me, na wɔato pon mu, na me mma wɔ me nkyɛn wɔ mpa so, na mintumi mensɔre mmɛma wo. Mise mo sɛ: Adamfo so de a, anka ɔrensɔre mmɛma no; na n’anuɔden nti (ɔkɔ so kura mu ara nti) ɔbɛsɔre abɛma no dodow a ehia no.”—Luka 11:5-8.
6. Ɔkwan bɛn so na obi a wɔde no dii dwuma wɔ mu no ne Yehowa bɔ abira koraa, na Yesu de eyi resi dɛn so dua?
6 Yetumi hu wɔ ha sɛ nea ɔwɔ bi a obetumi de nea ɔwɔ no bi ama nea ahia no no dii kan powee sɛ ɔbɛyɛ saa, efisɛ ɔkae sɛ: “Nhaw me.” Na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ saa koraa. Sɛ́ anka obeyi ne ho adi te sɛ ɔsoro Agya no mmom no, na wadan obi a ɔne ɔsoro Agya no bɔ abira koraa. Saa yɛ maa nea wɔpɛ sɛ wɔde mfatoho no kyerɛ no mu bɛdaa hɔ pefee. Sɛ na anka ɔbarima a ɔne n’abusua no ada wɔ mpa mu dedaw no pɛ sɛ ɔsɔre na ɔde nea ehia no ma a, anka ɛho renhia sɛ nea ɔhwehwɛ abodoo no fa “n’anuɔden so” (kura a ɔbɛkɔ so akura mu ara so) de bisa. Ɛno ne nea na Yesu resi so dua.
7, 8. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a Yesu ka faa ho bio no si eyi so dua, na eyi hyɛ yɛn nkuran kɛse wɔ ɔkwan bɛn so?
7 Yesu nsɛm a ɔkae a edi hɔ no sii eyi so dua pefee sɛ: “Nso mise mo sɛ: Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo.” (Luka 11:9) Ɛno na afei ɔkɔɔ so de abirabɔ bi dii dwuma de wiee n’asɛm no sɛ: “Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa honhom kronkron mma wɔn a wobisa no?”—Luka 11:13.
8 Wo de yɛ ɔbarima a esiane “n’anuɔden nti” onyaa nea ehia no no mpo wɔ ɔdasum no ho mfonini wɔ w’adwene mu! N’anuɔden anaa kɔ a ɔkɔɔ so bisae no maa ne nsa kaa nea ɔhwehwɛ. Nkuranhyɛ bɛn na eyi yɛ ma yɛn sɛɛ, sɛ́ yɛde Yesu ankasa nhwɛso a ɔde dii saa mfatoho no akyi no bedi dwuma: ‘Mummisa—monhwehwɛ—mompem.’ Nnyae mpaebɔ da anaasɛ wobɛma wo gyidi ayɛ mmerɛw esiane ɔsɔretia a ɛba Ahenni asɛnka anaa asuafoyɛ adwuma a woyɛ no so bere nyinaa no nti, anaasɛ esiane ofie a emu apaapae a wote mu, anaasɛ woko tia honam mu mmerɛwyɛ bi a agye ntini denneennen a ɛkyɛn sɛnea wususuw nti.
9. Mpaebɔ ne adeyɛ a wokura mu ara a wonnyaa mu ho nhwɛso horow bɛn na yehu wɔ Asomafo no Nnwuma 4:24-30 ne Asomafo no Nnwuma 5:41, 42?
9 Mpaebɔ mu a wɔkɔ so kura ho nhwɛso pa, a adeyɛ a ɛfata nso ka ho yɛ nea wohu wɔ tete Kristofo asafo no nna no mu. Bere a Petro ne Yohane bɔɔ ɔsɔretia a wohyiae wɔ Baguafo no anim no ho amanneɛ no, wo de hyɛ biako a wɔyɛ de bɔɔ mpae sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 4:24-30 no nsow, titiriw nsɛm a ɛwɔ nkyekyem 29 no: “Na afei de, Awurade [Yehowa] hwɛ wɔn ateɛteɛ, na ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm.” Eyi akyi no ankyɛ koraa, bere a wɔahwe asomafo no nyinaa wɔ bere a wɔne Baguafo no ahyia akyi no, kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 5:41, 42 no se: “Ɛna wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora. Na wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.” Saa asomfo no mu biara anhyia ɔsɔretia a ɛkɔ so bere nyinaa te sɛ ɔsomafo Paulo, na ɔkyerɛw eyi too hɔ sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Fil. 4:13.
‘SƐNEA EHIA SƐ WƆBƆ MPAE BERE NYINAA A WONNYAA MU’
10. Dɛn na Luka ka faa Yesu ho sɛ na ɔreka a ɛkyerɛ nkɔmhyɛ mmamu a ɛbɔ ho abien ansa na ɔde mfatoho foforo a esi mpaebɔ so dua rema?
10 Bere a ɔbɛnee n’asase so som adwuma no awiei mu titiriw na Yesu de nsonsonoe a ɛwɔ mfatoho mu ho nhwɛso dii dwuma kɛse sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde besi nsɛm so dua sɛnea Luka kyerɛwee no: “Na [Yesu] obuu wɔn bɛ bi de kyerɛe sɛ etwa sɛ nnipa bɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho.” (Luka 18:1) N’anso nea edi kan no, yebesusuw nea ɛma ɔde saa mfatoho yi dii dwuma no ho. (Nea ɛyɛ anigye nso ne sɛ Luka taa bɔ nea enti a wɔde mfatoho ahorow bi di dwuma no din, sɛnea wobetumi ahu wɔ Luka 18:9 ne 19:11 no.) Sɛ yɛsan yɛn akyi hwɛ Luka 17:22-37 a, yehu sɛ Luka bɔɔ nea Yesu ka faa tebea horow a ɛbɛtra hɔ bere a “nnɛ mma yi po no” no ho amanneɛ. (Luka 17:25) Bere a Yesu nsɛm yi te sɛ nea ɛwɔ Mateo ti 24 no, enyaa mmamu wɔ ne nna no mu, na nea edii akyi bae ne awiei a Yudafo nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ saa bere no bae, na wɔwɔ ne mmamu kɛse nso wɔ yɛn nna da yi mu, mprempren nneɛma nhyehyɛe yi “awiei bere” no.—Dan. 12:4.
11. (a) Ɔkwan bɛn so na tebeam horow a ɛwɔ hɔ mprempren no te sɛ Noa ne Lot nna no? (b) Dɛn titiriw na Yesu hyɛɛ no nsow, na biribi a ɛte sɛ ɛno wɔ hɔ nnɛ anaa?
11 Na tebea bɛn na ɛwɔ nnipa a wɔwɔ saa awo ntoatoaso yi mu nnɛ no mu? Yiw, ɛredan sɛ Noa nna no da biara da, bere a “Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ ɔhonam nyinaa asɛe wɔn kwan wɔ asase so’” no, esiane sɛ na “anuɔden ahyɛ asase so ma” nti. (Gen. 6:12, 13) Nanso Yesu anka saa nneɛma no ho asɛm, na mmom, ɔbɔɔ nneɛma foforo a ɛho hia titiriw din. Dɛn ne ɛnonom? Na nea nnipa no de wɔn ho ahyɛ mu a wɔn koma atɔ wɔn yam wɔ ho ne da biara da asetra a ɛrekɔ so te sɛ ‘adidi ne ɔnom, aware ne aware a wɔde afoforo ma.’ Saa ara nso na “ɛyɛe Lot nna mu no,” bere a wɔde nneɛma a afoforo tɔ, wɔtɔn, wodua na wosisi adan kaa ho. (Luka 17:26-29) Sɛ́ anka wɔn koma betu na wɔahaw wɔ nsɛmmɔnedi ne awudi a ɛrekɔ so no ho no, nea wohui wɔ wɔn suban ho mmom ne asɛm a ɛmfa wɔn ho ne anibiannaso. Wɔ adanse kɛse a Noa dii no mu, denam n’asɛm ne adeyɛ ankasa a ɛfa adaka no pam so no fam de, “[nnipa no] wɔanhu,” anaasɛ wɔamfa anyɛ hwee. (Mat. 24:39; 2 Pet. 2:5) Wɔ nokwarem no, wobetumi aka saa ara afa su a nnipa kura nnɛ no ho, titiriw wɔ wiase nyinaa adansedi adwuma a ɛfa Onyankopɔn ahenni no ho, sɛnea wɔaka asie wɔ Mateo 24:14 no. Nnipa mu dodow no ara ayɛ wɔn a eyi mfa wɔn ho; wɔde wɔn bere ma nneɛma ahorow pii, na ɛnonom na egye wɔn adwene. Afei nso hyɛ nea Yesu ka faa bere a yɛadi kan aka ho asɛm no ho no nsow sɛ, awiei atemmu no ho dwumadi baa mpofirim “na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.”—Luka 17:27, 29.
12. Dɛn na yebetumi asua na yɛadi ho dwuma nso wɔ Luka 17:31-37?
12 Yɛwɔ awerɛhyem sɛ woka nnipa kakraa bi a tebea a ɛwɔ wiase no mu nnɛ no haw wɔn na wɔpɛ sɛ wotie nea Onyankopɔn Asɛm no ka fa saa nneɛma yi ho no ho. Sɛnea wɔakyerɛ wɔ Luka 17:31-37 no, sɛ wuhu sɛ ehia sɛ wotwe wo ho na woanyɛ obi a ogyina mprempren nneɛma nhyehyɛe yi akyi na wompɛ sɛ ‘wugye wo nkutoo wo kra nkwa’ ma w’ankasa wo ho de a, ɛnde nsɛe bere koraa, gyina Yehowa ne n’ahenni no afa. Hyira nea wowɔ nyinaa ɛyɛ mprempren ne daakye de so ma Yehowa na fa yɛ n’apɛde. Mma biribi nnaadaa wo na wɔatwa w’ani ahwɛ w’akyi ama nneɛma a wɔagyaw no adɔ wo kɔn. “Monkae Lot yere no.” (Luka 17:32) Mmom, ma wonhu wo sɛ woka wɔn a Yesu kaa asɛm faa wɔn ho sɛ; “womfi wiase, sɛnea menso mimfi wiase” no ho.—Yoh. 17:14-17.
13. Nsɛntitiriw bɛn na ɛwɔ mfatoho a ɛwɔ Luka 18:2-5 no mu?
13 Afei sɛ yɛba mfatoho a ɛwɔ Luka 18: 2-5 no so a, yehu ɔdesrɛfo bi wɔ hɔ bio. Afei de ɛyɛ okunafo, na ɔbarima no nso yɛ obi a obetumi de nea ehia ɔbea yi ama no, na wɔde “ɔtemmufo bi. . . a onsuro Onyankopɔn” na ɛyɛɛ ɔbarima no ho mfonini Awiei no ɔde anwiinwii buu atɛn gyee ɔbea no, sɛnea ɔkae no, esiane sɛ “okunafo yi haw me nti.’” Akyinnye biara nni kɔ a ɔbea yi kɔɔ so kuraa n’adesrɛ no mu no ho, na eyi yɛ ‘hia a ehia sɛ yɛbɔ mpae bere nyinaa a yennyaa mu’ no ho mfatoho.
14. (a) Dɛn na Yesu kae sɛ Onyankopɔn bɛyɛ a ɛne ɔtemmufo a ‘ɔnteɛ’ no bɔ abira? (b) Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu a ɛfa bere a wɔahyɛ no ho?
14 Saa ɔtemmufo no te sɛ ɔbarima a ɔwɔ Luka 11:7 no, efisɛ yehu abirabɔ kɛse a ɛda ɔbarima yi ne sɛnea Onyankopɔn te ankasa no ntam. Afei nso hyɛ nea Yesu kae bio a ɛfa nea Onyankopɔn bɛyɛ ho no nsow, bere a ɔde no bɔ saa Ɔtemmufo “a ɔnteɛ” no abira no. “Sɛ Onyankopɔn tɔ ne bo ase kyɛ wɔ wɔn ho nso a, obebu atɛn agye wɔn a wapaw wɔn no.’ Ɔbɛyɛ eyi “ntɛm.” (Luka 18:6-8) Yebetumi asua pii afi saa nsɛm yi mu. Eyi nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hwɛ nneɛma nyinaa wɔ ɔkwan a Onyankopɔn hwɛ no no so, sɛ ɛyɛ nea ɛfa obi ankasa asɛm ho anaasɛ wɔ n’atirimpɔw ho dwumadi mu. Sɛnea Petro kyerɛkyerɛ mu no: “Awurade [Yehowa] nkyɛ ne bɔhyɛ ho sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo [Onyankopɔn nkurɔfo], ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” Na sɛnea odiyifo no bɔɔ Yehowa nsɛm a ɛfa anisoadehu no mmamu ho amanneɛ no: “Sɛ ɛtwentwɛn ase a, twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.”—2 Pet. 3:9; Hab. 2:3; hwɛ Adiyisɛm 6:10, 11 nso.
15. Eyi fa yɛn ankasa ɔhaw horow a yehyia no ho dɛn, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?
15 Wɔ ɔhaw horow a ɛfa yɛn ankasa ho no fam no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ ɛba sɛ yɛn adesrɛ ahorow no ho mmuae ayɛ te sɛ nea ɛretwentwɛn ase a, na emfi tumi a Onyankopɔn ntumi nyɛ ho biribi anaa pɛ a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ yɛrehu atɛnkyea anaasɛ ɔtaa mu amane te sɛ okunafo no a, ɔkwan bɛn na yɛfa so yi gyidi adi kyerɛ sɛ obebu atɛntrenee wɔ bere a ɛsɛ mu? Ɛnyɛ mpae nko na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ, na mmom ɛsɛ sɛ yekura adeyɛ kwan a ɛyɛ nokware mu. Sɛ yegyaa nsɛm mu de siesie sɛnea ɛbɛyɛ na yɛbɛkwati ɔtaa a, ɛnde na ɛho renhia sɛ yɛbɛkɔ so abɔ mpae. Ɛnyɛ gyidi a yenni nko na eyi bɛkyerɛ, na mmom yɛbɛhwere adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nkoa a wɔyɛ Kristofo no mu biako no nso.—2 Kor. 11:23-27; 2 Tim. 3:12.
16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afa asemmisa a ɛwɔ Luka 18:8 no sɛ mpoa ankasa a wɔretwa yɛn a ɛbɛyɛ mfaso nso ama yɛn ankasa?
16 Ɛbɛyɛ nwonwa sɛ Yesu de ne nsɛm no bɛba awiei wɔ asemmisa yi mu: “Nanso onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi [no] asase so?” (Luka 18:8) Ɔde asemmisa no too gua a wamma mmuae. Bere a eyi te sɛ nea ɛrekyerɛ sɛ gyidi no rennɔɔso saa bere no, yɛrentumi nka sɛ wɔrenhu nokware gyidi biara koraa wɔ asase so ha baabiara. Mmom, ɛsɛ sɛ yebu no sɛ ɛyɛ mpoa a wɔretwa yɛn ankasa. Sɛ́ ankorankoro no, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ yɛfata wɔ bere tenten a yɛde ahyira yɛn ho so sɛ Yehowa nkoa no nti. (1 Kor. 10:12, 13) Ɛnyɛ afotu a ɛwɔ Luka 11:9 sɛ ‘yemmisa —yɛnhwehwɛ—yɛmpem,’ no nkutoo na ɛsɛ sɛ yetie, na mmom, sɛnea Yesu sii nea ehia ma yɛn nnɛ da yi so dua no, ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ, yenyan . . . na yɛwɛn.’ Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛkɔ so akura mu bere nyinaa na yegyina nhyɛso horow a efi asɛm a ɛmfa nkurɔfo ho ne ɔsɔretia a efi akyi ba no ano, na yedi mmerɛwyɛ ahorow a ɛwɔ yɛn mu no so nkonim.—Marko 13:32-37; 14:38.
17. Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ mpae na hena nhwɛso akyi na ɛsɛ sɛ yedi?
17 Monkɔ so mmɔ mpae wɔ gyidi mu na moayɛ nokwaredifo na moansan akyi. (Heb. 10:39) Monkɔ so mmɔ mpae wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den mu, sɛnea Yesu yɛe wɔ dɔnhwere a na ehia kɛse mu no, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔ ne nyinaa mu no, Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ. (Mat. 26:38-44) Onyankopɔn ani sɔ mpaebɔ a ɛte sɛɛ yiye. Sɛ́ adesrɛfo no, ɔma yɛn kwan ma yeyi faako a yesusuw nsɛm ho kodu, sɛnea yɛpɛ biribi yiye fa ne nokware a adwene a yekura no yɛ no adi. Ɛwom sɛ ɔwɔ abodwokyɛre bebree de nanso sɛ bere du a obedi atɛntrenee ho dwuma ntɛm.—Dw. 55:16, 17; Rom. 1:9-12.
“MONWƐN NA MONSRƐ DAA”
18. (a) Kɔkɔbɔ ne afotu bɛn na Yesu de mae wɔ ne nkɔmhyɛ no awiei? (b) Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so aguan afi saa “nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu”?
18 Nea ɛne nea edidi so yi hyia no, Luka Asɛmpa no kyerɛw sɛnea bere a Yesu rewie ne nkɔmhyɛ a ɔde mae a ɛfa ne nna no ne yɛn nnɛ da yi ho no ɔbɔɔ kɔkɔ faa yɛn ho a yɛde bɛhyɛ nneɛma mu ma atra so na ama ‘potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw ahyɛ mo koma so, na ɛda [atemmu da a etwa to] no abɛto mo [yɛn] mpofirim.’ Ɛno na afei ɔkaa pefee sɛ: “Enti monwɛn na monsrɛ daa, [dɛn ntia?]’ na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛreba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.” (Luka 21:34-36) Eyi nkyerɛ yi a woyi yɛn fi nea ɛrekɔ so no mu, na mmom ɛsɛ sɛ yɛkwati ‘kyere a wɔbɛkyere yɛn wɔ ɔkwan a enye so,’ te sɛ afiri, anaasɛ wɔbehu yɛn sɛ yɛfra kuw a wɔmfata no mu. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde animia bɔ mpae bere nyinaa na yɛbɔ mmɔden yɛ ade ma ɛne yɛn mpaebɔ no ahyia na wɔahu yɛn sɛ ‘wɔn a wogyina onipa Ba no anim wɔ ɔdom mu.’
19. Nsemmisa bɛn a ɛfa mpaebɔ ho na yebetumi abisa yɛn ankasa ho na ayɛ mfaso ama yɛn, na ɔkwan bɛn so na Nehemia nhwɛso no yɛ mmoa ma yɛn?
19 Wɔ nsɛm pii a wɔde kae yɛn fa kɔ a yɛbɛkɔ so akura nneɛma mu a yennyaa mu ngu hɔ nti, mpɛn ahe na wobɔ mpae? So bere a wɔahyɛ da ahyehyɛ ato hɔ te sɛ wɔ adidii anaa nhyiam horow ase nkutoo? So wo mpaebɔ no yɛ nea efi adwene mu a w’ano ka ara kwa, anaasɛ wokɔ so ‘de wo nkotɔsrɛ to gua’ na wode nokwaredi fi komam bɔ mpae, ɛtɔ bere bi a wɔ “ɔpene a enni kabea” mu? (Rom. 8:26) Wɔ nea ahia biara mu no wubetumi ayɛ sɛnea Nehemia yɛe a wɔanhu no bere a ogyina ɔhene no anim no: “Ɛna mee bɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.” (Neh. 2:4) Wɔmaa ne gyidi mpaebɔ no ho mmuae. Kae nso sɛ, ɛwom sɛ afoforo mpaebɔ betumi aboa wo de, nanso obi ntumi nnsi w’anan mu ankasa mmmɔ mpae mmma wo.