Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 4/1 kr. 10-15
  • Wo Som bo wɔ Onyankopɔn Ani So!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Som bo wɔ Onyankopɔn Ani So!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wo Ho Hia Yehowa
  • Dɛn na Yehowa Hu wɔ Yɛn Ho?
  • Nea Yehowa Ayɛ De Akyerɛ Ne Dɔ
  • Biribiara Rentumi “Ntew Yɛn Mfi Onyankopɔn Dɔ” Ho
    Bɛn Yehowa
  • “Onyankopɔn Ne Dɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Woda Yehowa Koma So Paa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Wosom Bo Wɔ Onyankopɔn Ani So!
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 4/1 kr. 10-15

Wo Som bo wɔ Onyankopɔn Ani So!

“Daa ɔdɔ na mede madɔ wo, enti na matwe wo adɔe so.”—YEREMIA 31:3.

1. Ɔkwan bɛn so na esu a Yesu daa no adi wɔ ne bere so mpapahwekwa no ho no yɛ soronko wɔ Farisifo no de ho?

NÁ WOTUMI hu wɔ n’anim. Ná saa ɔbarima Yesu yi nte sɛ wɔn nyamesom akannifo no koraa; ná odwen nnipa ho. Ne yam hyehyee no maa saa nkurɔfo yi efisɛ “na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Anka ɛsɛ sɛ wɔn nyamesom akannifo no yɛ nguanhwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ a wogyina ɔdɔ Nyankopɔn a ɔwɔ mmɔborohunu no ananmu. Mmom no, wobuu mpapahwekwa no abomfiaa sɛ biribi a ɛba fam—wɔn a wɔadome wɔn!a (Yohane 7:47-49; fa toto Hesekiel 34:4 ho.) Ɛda adi pefee sɛ na saa adwene a akyea a ennyina Kyerɛwnsɛm so no yɛ soronko koraa wɔ sɛnea Yehowa bu ne nkurɔfo no ho. Ná waka akyerɛ ne man Israel sɛ: “Daa ɔdɔ na mede madɔ wo.”—Yeremia 31:3.

2. Ɔkwan bɛn so na Hiob nnamfo baasa no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wagye adi sɛ ɔnsom bo wɔ Onyankopɔn ani so?

2 Nanso, ɛda adi sɛ ɛnyɛ Farisifo no na wodii kan bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Yehowa nguan a ɔdɔ wɔn no agye adi sɛ wɔnsom bo. Susuw Hiob nhwɛso no ho. Ná ɔteɛ na odi mu wɔ Yehowa ani so, nanso “awerɛkyekyefo” baasa no faa nyansakwan so kyerɛe sɛ Hiob yɛ ɔwaefo a ne bra asɛe a ne tirim yɛ den, na obewu a nkurɔfo renkae no bio koraa. Wɔkaa no pen sɛ Hiob trenee nsom bo wɔ Onyankopɔn ani so, efisɛ Onyankopɔn nni n’ankasa abɔfo mpo mu ahotoso, na obu ɔsoro ankasa sɛ ɛhɔ ntew!—Hiob 1:8; 4:18; 15:15, 16; 18:17-19; 22:3.

3. Ɔkwan bɛn na Satan nam so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nkurɔfo agye adi sɛ wɔnsom bo na wɔn ho nhia nnɛ?

3 Ɛnnɛ, Satan da so ara nam ‘nnɛɛdɛe kwan’ yi so ma nkurɔfo te nka sɛ wɔn ho nhia na wɔnsom bo. (Efesofo 6:11) Ampa, ɔtaa daadaa nkurɔfo ma wɔyɛ ahomaso ne ahantan. (2 Korintofo 11:3) Nanso n’ani gye ho nso sɛ ɔbɛma wɔn a wɔyɛ mmerɛw ate nka sɛ wɔnsom bo. Eyi te saa titiriw wɔ “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu. Ɛnnɛ wɔtete nnipa pii wɔ mmusua a “wonni dɔ” mu; na ɛsɛ sɛ wɔn mu pii ne wɔn a wɔyɛ keka, pɛsɛmenkominyafo, ne anuɔdenfo di nsɛm daa. (2 Timoteo 3:1-5) Ebia atirimɔdensɛm, nnipa mu nyiyim, ɔtan, anaa ayayade a saafo no ahyia mfe pii nti wogye di sɛ wɔnsom bo na wɔn ho nhia. Ɔbarima bi kyerɛwee sɛ: “Mente nka sɛ medɔ obi anaasɛ obi dɔ me. Ɛyɛ den ma me yiye sɛ megye adi sɛ me ho asɛm bi hia Onyankopɔn.”

4, 5. (a) Dɛn nti na adwene a obi nya sɛ ɔnsom bo no ne Kyerɛwnsɛm no nhyia? (b) Asiane bɛn na ebetumi afi gye a yebegye adi sɛ yɛn mmɔdenbɔ nyinaa nsom bo no mu aba?

4 Adwene a obi nya sɛ ɔnsom bo no ne Onyankopɔn Asɛm mu nokware titiriw a ɛne agyede ho nkyerɛkyerɛ no nhyia koraa. (Yohane 3:16) Sɛ Onyankopɔn tumi tuaa biribi a ɛsom bo saa—n’ankasa ne Ba nkwa a ɛsom bo no—sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya hokwan a ɛbɛma yɛatra ase daa a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ Ɔwɔ ɔdɔ ma yɛn; akyinnye biara nni ho sɛ yɛsom bo wɔ N’ani so!

5 Bio nso, hwɛ abasamtu ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛte nka sɛ Onyankopɔn ani nsɔ yɛn, na mmɔden a yɛbɔ biara nsom bo! (Fa toto Mmebusɛm 24:10 ho.) Saa adwene a ɛnteɛ yi betumi ama nkuranhyɛ a wofi adwempa mu de ma na aboa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ yɛn anim wɔ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no mu no ayɛ te sɛ afobu ama ebinom. Ebetumi ayɛ te sɛ nea ɛrefoa kyerɛ a yɛn adwene kyerɛ yɛn sɛ biribiara a yɛyɛ no nsɔ ani no so.

6. Adwene a ɛmfata koraa a yebenya wɔ yɛn ho no ano aduru a ɛkyɛn so ne dɛn?

6 Sɛ wuhu sɛ wowɔ nkate a ɛmfata yi wɔ wo mu a, mma w’abam mmu. Ɛtɔ mmere bi a yɛn mu pii yɛ katee dodo wɔ yɛn ho wɔ ɔkwan a ntease nnim so. Na kae sɛ wɔakyerɛw Onyankopɔn Asɛm no sɛ ‘ɛnteɛteɛ’ yɛn na ‘emmuruw adwene a ase atim.’ (2 Timoteo 3:16; 2 Korintofo 10:4) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi mu na yebehu sɛ yefi nokware no mu, na yebedwudwo yɛn koma wɔ n’anim sɛ, sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn sõ kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.” (1 Yohane 3:19, 20) Ɛnde, momma yensusuw akwan abiɛsa a Bible no fa so kyerɛ yɛn sɛ yɛsom bo ma Yehowa ho.

Wo Ho Hia Yehowa

7. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so kyerɛɛ Kristofo nyinaa sɛ wɔsom bo wɔ Onyankopɔn ani so?

7 Nea edi kan no, Bible no kyerɛkyerɛ pefee sɛ yɛn mu biara som bo wɔ Onyankopɔn ani so. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ nkasanoma anum na wɔtɔn wɔn gye mman abien? Nso Onyankopɔn anim de, ani mpa wɔn mu biako so. Na mo ti nhwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, mosen nkasanoma bebree.” (Luka 12:6, 7) Saa bere no na nkasanoma bo yɛ fo sen nnomaa a wɔwe a wɔtɔn nyinaa, nanso Ɔbɔadeɛ no ani ampa wɔn mu biako mpo so. Enti ɔde nnyinaso pa bi si hɔ a ɛbɛma abirabɔ a ɛho hia bi ada adi: Wɔ nnipa—a wɔsom bo sen saa koraa no—fam no, Onyankopɔn nim wɔn ho biribiara. Ɛte sɛ nea wɔakan yɛn ti nhwi nyinaa mpo!

8. Dɛn nti na ntease wom sɛ yebesusuw sɛ Yehowa betumi akan yɛn ti nhwi?

8 Wɔakan yɛn ti nhwi? Sɛ ɛyɛ wo sɛ saa asɛm yi a ɛwɔ Yesu mfatoho mu no ntumi nyɛ yiye a, susuw eyi ho: Onyankopɔn kae n’asomfo anokwafo yiye araa ma otumi nyan wɔn—ɔsan bɔ wɔn pɛpɛɛpɛ, a wɔn awosu mmara a ɛyɛ hu ne wɔn tirim nsɛm ne osuahu a wonyaa no mfe pii no ka ho. Sɛ yɛde yɛn ti nhwi (a obiara de yɛ bɛyɛ 100,000) a ɔbɛkan no toto ho a, ne yɛ renyɛ den!—Luka 20:37, 38.

Dɛn na Yehowa Hu wɔ Yɛn Ho?

9. (a) Esu ahorow bɛn na ɛsom bo ma Yehowa? (b) Dɛn nti na wususuw sɛ saa su horow no som bo ma no?

9 Nea ɛto so abien, Bible no kyerɛ yɛn nea ɛwɔ yɛn ho a ɛsom bo ma Yehowa. Ne tiaatwa mu no, n’ani gye su pa a yɛwɔ ne yɛn mmɔdenbɔ ho. Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: “[Yehowa] pɛɛpɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu.” (1 Beresosɛm 28:9) Bere a Onyankopɔn hwehwɛ nnipa koma ɔpepepem pii mu wɔ basabasayɛ wiase a ɔtan ahyɛ mu ma yi mu no, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gye bere a ohu koma a ɛdɔ asomdwoe, nokware, ne trenee no! (Fa toto Yohane 1:47; 1 Petro 3:4 ho.) Sɛ Onyankopɔn hu koma a ne ho dɔ ayɛ no ma, a ɛbɔ mmɔden sɛ ebesua ne ho ade, na ama afoforo nso anya saa nimdeɛ no bi a, dɛn na ɛba? Yehowa ka kyerɛ yɛn wɔ Malaki 3:16 sɛ otie wɔn a wɔka ne ho asɛm kyerɛ afoforo, na ɔwɔ “nkae nhoma” mpo ma “wɔn a wosuro [Yehowa] na wobu ne din no” nyinaa. Esu ahorow a ɛtete saa no som bo ma no!

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na ebinom betumi apow adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔn su ahorow a eye no som bo ma Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na Abia nhwɛso no kyerɛ sɛ su ahorow a eye som bo ma Yehowa, ɛmfa ho sɛnea ne kɛse te?

10 Nanso, koma a ebu ne ho fɔ betumi apow adanse a ɛte saa a ɛkyerɛ sɛ yɛsom bo wɔ Onyankopɔn ani so no. Ebetumi akɔ so aka akyerɛ ne ho sɛ, ‘Na sɛ́ afoforo pii wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden wɔ saa su horow no mu sen me. Sɛ Yehowa de me toto wɔn ho a, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ me ho yɛ no aniwu!’ Yehowa mfa yɛn ntoto afoforo ho, na saa ara nso na ɔnyɛ katee nhwehwɛ pɛyɛ. (Galatifo 6:4) Ɔde nhumu kɛse na ɛhwehwɛ koma mu, na su pa som bo ma no, ɛmfa ho sɛnea ne kɛse te.

11 Sɛ nhwɛso no, bere a Yehowa hyɛe sɛ wɔmfa atemmu mmra Ɔhene Yerobeam nniso a awae no nyinaa so mpra no sɛ “fĩ” no, Ɔhyɛe sɛ Abia, ɔhene no mma no biako pɛ na wonsie no ɔkwampa so. Dɛn ntia? “Ɔno mu na wɔahu adepa bi [Yehowa] Israel Nyankopɔn fam.” (1 Ahene 14:10, 13) Eyi kyerɛ sɛ na Abia yɛ Yehowa somfo nokwafo? Ɛnte saa ankasa, efisɛ owui te sɛ ne fifo amumɔyɛfo a aka no. (Deuteronomium 24:16) Nanso, “adepa bi” a Yehowa hui wɔ Abia koma mu no som bo maa no, na odii ho dwuma sɛnea ɛsɛ. Matthew Henry’s Commentary on the Whole Bible ka sɛ: “Sɛ biribi pa kakra bi mpo wɔ hɔ saa a, ɛbɛda adi: Onyankopɔn a ɔhwehwɛ no, sɛ esua sɛ dɛn ara mpo a, ohu, na n’ani sɔ.” Na mma wo werɛ mfi sɛ sɛ Onyankopɔn hu su pa ketewaa bi mpo wɔ wo mu a, bere tenten a wobɔ mmɔden sɛ wode nokwaredi bɛsom no no, obetumi ama anya nkɔso.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Dwom 139:3 kyerɛ sɛ yɛn mmɔdenbɔ no som bo ma Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ Yehowa yiyi nea yɛyɛ mu?

12 Yɛn mmɔdenbɔ som bo ma Yehowa wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Yɛkenkan wɔ Dwom 139:1-3 sɛ: “[Yehowa], wohwehwɛ me mu, na wuhu me. Wo na wunim m’asetra ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri. Wopɛɛ me nantew ne me nna mu, na wunim m’akwan nyinaa mu yiye.” Enti Yehowa nim nea yɛyɛ nyinaa. Nanso ɛnyɛ sɛ onim kɛkɛ. Wɔ Hebri mu no, asɛm “wunim m’akwan nyinaa mu yiye” no betumi nso akyerɛ “wokora m’akwan nyinaa so” anaa “m’akwan nyinaa som bo ma wo.” (Fa toto Mateo 6:19, 20 ho.) Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn akwan asom bo ama Yehowa bere a yɛtɔ sin na bɔne wɔ yɛn ho saa yi?

13 Nea ɛyɛ anika no, sɛnea nhomanimfo binom kyerɛ no, bere a Dawid kyerɛwee sɛ Yehowa ‘pɛɛ’ ne nantew ne n’ahomegye bere mu no, nea na Hebri asɛmfua no kyerɛ ankasa ne “yiyim” anaa “huhuw so.” Nhoma bi kae sɛ: “Ɛkyerɛ sɛ . . . wobehuhuw ntɛtɛ no nyinaa afi mu agyaw aduan pa no nyinaa—nea ɛsom bo nyinaa so a wɔkora. Enti ɛha yi no, sɛnea yɛbɛka no no, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yiyi ne mu. . . . Ohuw ntɛtɛ no anaa nea enhia no nyinaa gui, na ohuu nea ɛkae a na ɛyɛ papa na ɛsom bo no.” Koma a ebu ne ho fɔ no betumi ayiyi yɛn akwan mu wɔ ɔkwan a ɛbɔ eyi abira so, abu yɛn fɔ koraa wɔ bɔne a yɛyɛɛ no bere bi a atwam ho, na abɔ nneɛma a yɛatumi ayɛ agu sɛ ɛnka hwee. Nanso sɛ yefi koma mu nu yɛn ho na yɛbɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛnyɛ mfomso koro no ara bio a, Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Dwom 103:10-14; Asomafo no Nnwuma 3:19) Oyiyi yɛn nnwuma pa no mu na ɔkae. Nokwarem no, bere tenten a yɛkɔ so di no nokware no, ne werɛ mfi da. Obu no sɛ ɛnteɛ sɛ ne werɛ befi eyinom, na ɔnyɛ obi a ɔnteɛ koraa!—Hebrifo 6:10.

14. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nea yɛyɛ wɔ Kristofo som adwuma no mu no som bo ma Yehowa?

14 Dɛn ne nnwuma pa a ɛsom bo ma Onyankopɔn no bi? Ɛkame ayɛ sɛ nea yɛyɛ de suasua ne Ba Yesu Kristo biara. (1 Petro 2:21) Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ adwuma biako a ɛho hia kɛse ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no a wɔka kyerɛ. Yɛkenkan wɔ Romafo 10:15 sɛ: “Nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ dɛn ara!” Ɛmfa ho sɛ ebia ɛremma yɛn adwenem sɛ yɛn nan ankasa “yɛ fɛ” no, asɛmfua a Paulo de dii dwuma wɔ ha no ara na wɔde dii dwuma wɔ Hela Septuagint nkyerɛwee no mu de kaa Rebeka, Rahel, ne Yosef ho asɛm—wɔkaa wɔn baasa nyinaa ho asɛm sɛ wɔn ho yɛ fɛ. (Genesis 26:7: 29:17; 39:6) Enti ɔsom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn Yehowa no yɛ nea ɛyɛ fɛ na ɛsom bo kɛse wɔ n’ani so.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

15, 16. Dɛn nti na yɛn boasetɔ som bo ma Yehowa, na ɔkwan bɛn so na Ɔhene Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 56:8 no si nokwasɛm yi so dua?

15 Esu foforo a ɛsom bo ma Onyankopɔn ne yɛn boasetɔ. (Mateo 24:13) Kae sɛ Satan pɛ sɛ wotwe wo ho fi Yehowa ho. Da biara a wubedi Yehowa nokware no yɛ da foforo a woaboa ma wɔanya mmuae ama Satan mpoatwa ahorow no. (Mmebusɛm 27:11) Ɛtɔ da bi a boasetɔ nna fam. Ɔyare, sikasɛm mu ahokyere, nkate fam ahohia, ne akwanside afoforo betumi de sɔhwɛ aba da biara. Sɔhwɛ a ɛtete saa a wogyina mu no yɛ ade titiriw a ɛsom bo ma Yehowa. Ɛno nti na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne nusu nsie sɛnkyerɛnne kwan so “kotoku” mu na obisaa akokoduru so sɛ, “Enni wo nhoma mu anaa?” no. (Dwom 56:8) Yiw, Yehowa de nokware a yɛkɔ so di no no ho nusu ne amanehunu a yehyia no nyinaa sie, na ɔkae. Ɛno nso som bo wɔ n’ani so.

16 Esiane su horow a ɛkyɛn so a yɛwɔ ne mmɔden a yɛbɔ nti, hwɛ sɛnea ɛda adi pefee sɛ Yehowa nya nneɛma pii a ɛsom bo wɔ yɛn mu biara mu! Ɛmfa ho sɛnea Satan wiase no ne yɛn adi no, Yehowa bu yɛn sɛ yɛsom bo, na yɛka “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” no ho.—Hagai 2:7.

Nea Yehowa Ayɛ De Akyerɛ Ne Dɔ

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristo agyede afɔrebɔ no ma yegye di sɛ Yehowa ne Yesu dɔ yɛn sɛ ankorankoro?

17 Nea ɛto so abiɛsa no, Yehowa yɛ nneɛma pii de kyerɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn. Akyinnye biara nni ho sɛ Kristo agyede afɔrebɔ no yɛ Satan atoro a ɛne sɛ yɛnsom bo anaa yɛn ho nhia no ho mmuae a tumi wom sen biara. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ owuyaw a Yesu hui wɔ amanehunu dua no ho, ne ɛyaw a ɛkyɛn saa mpo a Yehowa tee nka bere a ɔhwɛɛ ne Ba a ɔdɔ no no wu no dii adanse sɛ wɔdɔ yɛn. Bio nso, saa ɔdɔ no ka yɛn ankasa. Saa na ɔsomafo Paulo huu no, efisɛ ɔkyerɛwee sɛ: ‘Onyankopɔn Ba no dɔɔ me, na ɔde ne ho ma maa me.’—Galatifo 2:20.

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa twe yɛn bɛn Kristo ho?

18 Yehowa ada no adi sɛ ɔdɔ yɛn denam boa a waboa yɛn sɛ ankorankoro ma yɛde Kristo afɔrebɔ no mu mfaso horow no adi dwuma no so. Yesu kae wɔ Yohane 6:44 sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.” Ɛdenam asɛnka adwuma no a wɔde ba yɛn nkyɛn sɛ ankorankoro ne Yehowa honhom kronkron a ɔde boa yɛn ma yɛte honhom mu nokware ahorow ase de di dwuma wɔ yɛn mmerɛwyɛ ne yɛn sintɔ nyinaa akyi no so no, Yehowa ankasa twe yɛn bɛn ne Ba no ne daa nkwa anidaso no ho. Enti sɛnea Yehowa kae wɔ Israelfo no ho no, obetumi aka wɔ yɛn ho sɛ: “Daa ɔdɔ na mede madɔ wo, enti na matwe wo adɔe so.”—Yeremia 31:3.

19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpaebɔ hokwan no ma yegye di sɛ Yehowa dɔ yɛn ankasa?

19 Nanso ebia yɛnam mpaebɔ hokwan no so na anya Yehowa dɔ no mu suahu a ɛkɔ akyiri sen biara. Ɔto nsa frɛ yɛn mu biara sɛ ‘yennyae mpae a yɛbɔ’ no no da. (1 Tesalonikafo 5:17) Otie! Wɔfrɛ no “mpaebɔ Tiefo” mpo. (Dwom 65:2) Ɔmfaa saa dibea yi nhyɛɛ onipa foforo biara nsa, ɔmfa mmaa n’ankasa ne Ba no mpo. Wo de susuw ho: Amansan Bɔfo no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa kasa mu ahofadi mmra ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu. Ebi mpo a wo nkotɔsrɛ no bɛka Yehowa ma wayɛ biribi a anka ebia ɔrenyɛ.—Hebrifo 4:16; Yakobo 5:16; hwɛ Yesaia 38:1-16.

20. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahomaso anaa ahopɛ esiane sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn no nti?

20 Kristoni a ɔkari pɛ biara nni hɔ a ɔde Onyankopɔn dɔ ne obu ho adanse a ɛte saa bɛyɛ hokwan de abu ne ho akyɛn sɛnea ɔte ankasa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.” (Romafo 12:3) Enti bere a yɛn soro Agya no dɔ ma yɛn ho yɛ yɛn hyew no, momma yɛn adwene mu nna hɔ na yɛnkae sɛ Onyankopɔn adɔe no yɛ ɔdom.—Fa toto Luka 17:10 ho.

21. Satan atosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ko tia, na ɔsoro nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho daa?

21 Momma yɛn mu biara nyɛ nea obetumi biara mfa mpow nsusuwii a Satan hyɛ ho nkuran wɔ saa wiase dedaw a ɛretwam yi mu no nyinaa. Nea ɛka ɛno ho ne pow a yɛbɛpow adwene a ɛne sɛ yɛnsom bo na yɛn ho nhia no. Sɛ nhyehyɛe yi mu asetra akyerɛ wo ma woahu wo ho sɛ woyɛ akwanside a ɛsõ dodo sɛ Onyankopɔn dɔ kɛse no mpo betumi adi ho dwuma, anaa wo nnwuma pa no sua koraa sɛ n’ani a ehu ade nyinaa no mpo behu, anaa wo bɔne dɔɔso dodo sɛ ne Ba a ɔsom bo no wu mpo betumi apopa a, wɔakyerɛ wo atosɛm. Pow saa atosɛm no sɛ akyide koraa! Momma yɛmma nsɛm a wɔnam honhom so de maa ɔsomafo Paulo, a ɛwɔ Romafo 8:38, 39 yi ntra yɛn adwenem daa: “Migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.”

[Ase hɔ asɛm]

a Nokwarem no, wɔde asɛmfua a wɔde da animtiaabu adi “ʽam-ha·ʼaʹrets,” anaa “fam nnipa” brɛɛ wɔn ase. Sɛnea nhomanimfo bi kae no, Farisifo no kyerɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi de nneɛma a ɛsom bo hyɛ eyinom nsa, ɛnsɛ sɛ ogye wɔn adanse di, ɛnsɛ sɛ ɔsom wɔn hɔho, ɛnsɛ sɛ ɔkɔsra wɔn, na ɛnsɛ sɛ ɔtɔ wɔn hɔ ade mpo. Nyamesom akannifo no kae sɛ sɛ́ obi babea bɛware eyinom biako no bɛyɛ te sɛ nea wɔakyekyere ɔbea no a ontumi nyɛ hwee de no ama akekaboa bi.

Wususuw Dɛn?

◻ Dɛn nti na Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛagye adi sɛ yɛnsom bo na yɛn ho nhia?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛe sɛ yɛn mu biara som bo ma Yehowa?

◻ Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa bu yɛn su pa ahorow no?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn agye adi sɛ yɛn mmɔdenbɔ som bo ma Yehowa?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada ne dɔ adi akyerɛ yɛn sɛ ankorankoro?

[Kratafa 13 mfonini]

Yehowa hu wɔn a wosusuw ne din ho nyinaa na ɔkae wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena