Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 6/8 kr. 15-17
  • Wosom Bo Wɔ Onyankopɔn Ani So!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wosom Bo Wɔ Onyankopɔn Ani So!
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛbo a Yɛsom no Ho Adwene a Ɛkari Pɛ
  • Koma a Abubu, Honhom a Apɛtɛw
  • “Mosen Nkasanoma Bebree”
  • Onii a Ohu Sɛnea Yɛsom Bo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Mo Ti So Nhwi Koraa” Yehowa Akan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Biribiara Rentumi “Ntew Yɛn Mfi Onyankopɔn Dɔ” Ho
    Bɛn Yehowa
  • “Onyankopɔn Ne Dɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 6/8 kr. 15-17

Bible No Adwene

Wosom Bo Wɔ Onyankopɔn Ani So!

KRISTONI BEA BI KYERƐWEE SƐ: “EFI BERE TENTEENTEN NI A MATE NKA SƐ MFASO BIARA NNI ME SO. ƐMFA HO SƐNEA MEDƆ YEHOWA ANAA SƐNEA MEBƆ MMƆDEN SƐ MƐSOM NO NO, METE NKA BERE NYINAA SƐ NEA MEYƐ NO NSƆ ANI.”

SO WUNIM obi a daa ɔwɔ atenka a emu yɛ den sɛ ne mmɔdenbɔ sua anaa mfaso biara nni ne so? Anaa ɛtɔ bere bi a w’ankasa wote nka saa? Nkate a ɛte saa taa ba, wɔ Onyankopɔn asomfo anokwafo mu mpo. Obiara nni hɔ a ɔno de, “mmere a emu yɛ den” yi mu asetra ntumi no. Nnipa pii ahyia animtiabu ne ayayade afi ankorankoro a ‘wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔyɛ keka, wɔmpɛ papa’—su horow a abu so wɔ ‘nna a edi akyiri yi mu’ no—hɔ. (2 Timoteo 3:1-5) Osuahu a ɛyɛ yaw saa no betumi ama obi abotow yiye na ama wate nka sɛ ne ho nni mfaso koraa.

Wɔ tebea afoforo mu no, nea ɛma obi nya adwene a ɛnteɛ no betumi afi gyinapɛn a ɛkorɔn boro so a nkurɔfo hyehyɛ ma wɔn ho. Gyinapɛn a ɛte saa a wontumi nnu ho no kanyan nkate no ma ɛbɛyɛ te sɛ nea mmɔden biara a wɔbɔ no nsɔ ani koraa. Ɛmfa ho nea efi biara no, ebetumi ayɛ den ama wɔn a wɔte nka sɛ wɔn so nni mfaso no sɛ wobegye atom sɛ Onyankopɔn—anaa obi foforo biara—dɔ wɔn. Nokwarem no, wobetumi agye adi mpo sɛ wɔnka nnipa ho.

Nanso ɛnyɛ saa na Yehowa Nyankopɔn te nka! Wɔ N’asɛm mu no, Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛmmɔ yɛn ho ban wɔ ne Tamfo, Satan Ɔbonsam “nnɛɛdɛe akwan” ho. (Efesofo 6:11, Jewish New Testament) Satan nam ne nnɛɛdɛe akwan so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛagyae yɛn Nyankopɔn som. Ne saa nti, Satan kanyan nkate a ɛne sɛ yɛn so nni mfaso no, kyerɛ sɛ Yehowa rennɔ yɛn da. Nanso Satan yɛ “ɔtorofo”—nokwarem no, ɔyɛ “atoro agya.” (Yohane 8:44) Enti, enni sɛ yɛma kwan ma ne nnɛɛdɛe akwan no nya yɛn! Wɔ Bible mu no, Yehowa ankasa kasa, na ɔma yɛn awerɛhyem wɔ sɛnea yɛsom bo wɔ n’ani so no ho.

Ɛbo a Yɛsom no Ho Adwene a Ɛkari Pɛ

Bible no bɔ kɔkɔ wɔ nkɛntɛnso bɔne a abasamtu betumi anya wɔ yɛn so no ho. Mmebusɛm 24:10 ka sɛ: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” Adwene a ɛnteɛ a yɛbɛma atra yɛn mu akyɛ no betumi ama yɛn ahoɔden so atew, na ama yɛate nka sɛ yɛayɛ mmerɛw. Akyinnye biara nni ho sɛ Satan nim eyi yiye. Sɛ yɛte nka sɛ yɛn so nni mfaso kɛkɛ mpo a, ɛma nneɛma yɛ den ma yɛn. Nanso sɛ Satan bɔ mmɔden sɛ ɔnam saa nkate no so begyigye yɛn akɔ bɔne mu a, ɛma ɔhaw a ɛwɔ tebea a ɛte saa mu no bɛyɛ kɛse mpo.

Enti ɛho hia sɛ yenya ɛbo a yɛsom no ho adwempa na ɛkari pɛ. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkuran sɛ: “Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene.” (Romafo 12:3) Nkyerɛase foforo ka nsɛm yi sɛ: “Meka mekyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nnsen sɛnea ɔte ankasa, na mmom ɔmfa anidahɔ mmu ne ho.” (Charles B. Williams) Enti kyerɛwsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya adwene a ɛkari pɛ wɔ yɛn ho. Ade biako ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ahantan ho; nanso ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase boro so nso, efisɛ nea Paulo kyerɛ ne sɛ, sɛ yebenya anidahɔ adwene a, ɛho hia sɛ yebu yɛn ho kakra. Yiw, Paulo nam Nyankopɔn honhom so na ɛkyerɛe sɛ yɛn mu biara som bo wɔ Yehowa ani so.

Yesu maa ntease a ɛkari pɛ wɔ bo a obi som ho no mu daa hɔ bere a ɔkae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no. (Mateo 22:39) Nsɛmfua “sɛ wo ho” no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛsom bo, anaa yebu yɛn ho. Nokwarem no, yɛtɔ sin na yedi mfomso. Nanso bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani, anu yɛn ho wɔ yɛn sintɔ ho, na yɛhwehwɛ ne hɔ fafiri no, yebetumi akɔ so asom bo. Yɛn koma a ebu yɛn fɔ no betumi akyerɛ yɛn sɛ ɛnte saa, nanso kae sɛ, “Onyankopɔn sõ kyɛn yɛn koma.” (1 Yohane 3:20) Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛnea Yehowa hu yɛn no betumi ayɛ soronko koraa wɔ sɛnea yehu yɛn ho no ho.

Koma a Abubu, Honhom a Apɛtɛw

Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: “Yehowa [NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:18) Bere a Matthew Henry’s Commentary on the Whole Bible reka nkyekyem yi ho asɛm no, ɛka sɛ: “Ɛyɛ atreneefo su sɛ . . . wɔn koma abubu na wɔn honhom di yaw, kyerɛ sɛ, bɔne abrɛ wɔn ase, na wobu wɔn ho sɛ wɔnsom bo; wɔba fam wɔ wɔn ankasa ani so, na wonni ahotoso wɔ wɔn ankasa mmɔdenbɔ mu.”

Wɔn a wɔn “koma abubu” anaa wɔn “honhom apɛtɛw” no betumi ate nka sɛ Yehowa wɔ akyirikyiri dodo na wɔba fam dodo sɛ Yehowa bedwen wɔn ho. Nanso ɛnyɛ saa na asɛm no te. Dawid nsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa mpo wɔn a “wɔba fam wɔ wɔn ankasa ani so” no. Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ mmɔborohunu no nim sɛ yehia no kɛse wɔ mmere a ɛtete saa mu, na ɔbɛn yɛn.

Susuw nhwɛso bi ho. Mfe bi a atwam ni no, ɛna bi de mmirika de ne babarima a na wadi mfe abien kɔɔ ayaresabea esiane sɛ na yare a emu yɛ den bi abɔ no a ontumi nhome nti. Bere a aduruyɛfo no yɛɛ abofra no mu nhwehwɛmu wiei no, wɔka kyerɛɛ ɛna no sɛ ɛsɛ sɛ wogye abofra no to ayaresabea hɔ ma ade kye. Ɛhefa na ɛna no dae saa anadwo no? Agua bi a ɛwɔ ayaresabea dan no mu so, wɔ ne ba no mpa nkyɛn. Ná ne ba ketewa no yare, na na ɛsɛ sɛ ɔbɛn no. Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ahwɛ nea ɛsen saa kwan afi yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ, a ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so no nkyɛn! (Genesis 1:26; Yesaia 49:15) Nsɛm a ɛka koma a ɛwɔ Dwom 34:18 no ma yɛn awerɛhyem sɛ, te sɛ ɔwofo a ɔwɔ dɔ no, bere a yɛn “koma abubu” no, Yehowa “bɛn” yɛn—ɔhwɛ yɛn bere nyinaa, na wayɛ aso ne kradõ sɛ ɔbɛboa.—Dwom 147:1, 3.

“Mosen Nkasanoma Bebree”

Wɔ n’asase so som adwuma mu no, Yesu daa Yehowa adwene ne ne nkate ho nneɛma pii adi, a sɛnea Yehowa te nka wɔ N’asase so asomfo ho no ka ho. Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem mpɛn pii faa ɛbo a wɔsom wɔ Yehowa ani so no ho.—Mateo 6:26; 12:12.

Sɛ nhwɛso no, bere a na ɔreyɛ ɛbo a n’asuafo no mu biara som ho mfatoho no, Yesu kae sɛ: “So wɔntɔn nkasanoma abien nnye ɔban? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam. Na mo ti nhwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro! Mosen nkasanoma bebree.” (Mateo 10:29-31) Susuw sɛnea na saa nsɛm no bɛka Yesu afeha a edi kan atiefo no ho.

Ɛda adi sɛ na nkasanoma ka nnomaa a wɔn bo yɛ fow paa a wɔde wɔn yɛ aduan no ho. Na wɔtaa kyere saa nnomaa nketenkete yi tutu wɔn ho ntakra sina wɔn wɔ nnua mfiamfiaa so, toto wɔn sɛ kyinkyinka. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu ahu mmea ahiafo wɔ gua so sɛ wɔrekan wɔn dwetɛ sika ahwɛ nkasanoma dodow a wobetumi atɔ. Ná nnomaa yi bo yɛ fow araa ma sɛ obi kura dwetɛ sika a na esua koraa (nea ɛkyerɛ paa ne ɔban, a ne bo nnu sidi aduonum) a, na obetumi atɔ nkasanoma abien.

Bere bi akyi no Yesu de saa mfatoho yi san dii dwuma—nanso ɔsesaa mu kakra. Sɛnea Luka 12:6 kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ nkasanoma anum na wɔtɔn wɔn gye mman abien?” Susuw ho hwɛ. Sɛ obi kura dwetɛ sika a esua koraa biako a, na onya nkasanoma abien. Nanso sɛ ɔpɛ sɛ ɔde dwetɛ sika yi abien na ɛtɔ de a, ɛnyɛ nkasanoma anan na onya na mmom anum. Ná wɔde anomaa biako no ka ho de yɛ ntosoɔ, te sɛnea na ɛnsom bo koraa. Yesu kae sɛ: “Nso Onyankopɔn anim de, ani mpa wɔn mu biako [a nea wɔde no yɛɛ ntosoɔ no mpo ka ho no] so.” Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ mfatoho no mu no, ɔde baa awiei sɛ: “Mosen nkasanoma bebree.” (Luka 12:7) Hwɛ sɛnea saa nsɛm no bɛhyɛ n’atiefo no nkuran afa!

So wote Yesu mfatoho a ɛka koma no ase? Sɛ Yehowa bu nnomaa nketenkete mpo sɛ wɔsom bo a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani nku n’asomfo a wɔwɔ asase so no ho! Yehowa bu yɛn mu biara sɛ ankorankoro. Yɛn mu biara som bo ma Yehowa araa ma n’ani wɔ biribi ketekete mpo a ɛfa yɛn ho so—yɛn ti nhwi mpo wakan ne nyinaa.

Nokwarem no, Satan bɛkɔ so de ne “nnɛɛdɛe akwan” no adi dwuma—te sɛ nka a ɔbɛma yɛate sɛ yɛnsom bo—ma yɛagyae Yehowa som. Nanso mma Satan nnni nkonim! Kae Kristoni bea a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no. Asɛm bi a na ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu a ɛde kɔkɔbɔ mae wɔ mmɔden a Satan bɛbɔ sɛ ɔde yɛn nkate begyegye yɛn akɔ bɔne mu ho no boaa no.a Ɔka sɛ: “Mansusuw da sɛ Satan bɔ mmɔden sɛ ɔnam me nkate so bɛma m’abam abu. Eyi a mahu no hyɛ me nkuran ma me ne saa nkate yi di asi. Afei de, mewɔ ahotoso sɛ metumi agyina Satan ntua yi ano.”

Yehowa ‘hu ade nyinaa.’ (1 Yohane 3:20) Yiw, ohu nea yɛrehyia mprempren. Ɔsan nso nim tebea a yɛafa mu wɔ bere a atwam a ebia asɛe obu a anka yɛwɔ ma yɛn ho no. Kae sɛ, sɛnea Yehowa hu yɛn no na ehia! Ɛmfa ho sɛnea yɛte nka sɛ yɛnka nnipa ho anaa yɛnsom bo no, Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ n’asomfo mu biara som bo ma no. Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa asɛm so, efisɛ, nea ɛnte sɛ ne Tamfo no, Onyankopɔn ‘nni atoro.’—Tito 1:2.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “Wosom Bo Wɔ Onyankopɔn Ani So!” a ɛwɔ April 1, 1995, Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 10-15 no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

Te sɛ ɔwofo a ɔwɔ dɔ no, Yehowa bɛn wɔn a wɔn werɛ ahow wɔ koma mu

[Kratafa 17 mfonini ahorow]

Sɛ Yehowa werɛ mfi akasanoma a, ɛbɛyɛ dɛn na ne werɛ afi wo?

[Nsɛm Fibea]

Lydekker

Illustrated Natural History

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena