-
So Woyɛ “Ɔdefo Wɔ Nyankopɔn Fam”?Ɔwɛn-Aban—2007 | August 1
-
-
7. Ɔkwan bɛn so na ɔbarima a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no dii ne haw no ho dwuma?
7 Sɛ yɛsan ba Yesu mfatoho no so a, bere a ɔdefo no asase sow aba pii na onhu baabi a ɔde ne nnɔbae no begu no, dɛn na ɔyɛe? Osii gyinae sɛ obebubu asan a ɔwɔ no na wasisi akɛse na ɔde awi ne nneɛma pa a aboro so no agu so. Saa adwene a onyae no ma ɔtee nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ ne abotɔyam ma enti ɔkae wɔ ne tirim sɛ: “Mɛka akyerɛ me kra sɛ: ‘Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a woaboa ano ama mfe pii, dwudwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.’”—Luka 12:19.
Dɛn Nti na ‘Onni Adwene’?
8. Ade a ɛho hia paa bɛn na ɔbarima a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no buu n’ani guu so?
8 Sɛnea Yesu kaa asɛm no, adwene a ɔdefo no fae no ma ɔtee nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ, nanso na ɛnyɛ papa. Ɛte sɛ nea na mfaso wɔ gyinae a osii no so de, nanso obuu n’ani guu ade biako a ɛho hia paa a ɛno ne Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ no so. Ná ɔbarima no susuw ne nkutoo ho, sɛnea obetumi adwudwo ne ho, adidi anom, na wagye n’ani. Osusuwii sɛ esiane sɛ ɔwɔ “nneɛma pa pii” nti, obenya “mfe pii” anaasɛ obenyin akyɛ nso. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, amma saa. Sɛnea Yesu kae mfiase no, “onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Saa da no anadwo no ara, biribiara a na ɔbarima no abrɛ anya no fii ne nsa mpofirim, efisɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wunni adwene, anadwo yi wɔregye wo kra afi wo nsam. Afei, hena na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne de?”—Luka 12:20.
-
-
So Woyɛ “Ɔdefo Wɔ Nyankopɔn Fam”?Ɔwɛn-Aban—2007 | August 1
-
-
10. Dɛn nti na “nneɛma pa pii” a obi wɔ no nkyerɛ sɛ obenya “mfe pii”?
10 Ɛho hia sɛ yesusuw asuade a ɛwɔ mfatoho no mu no ho yiye. So yɛyɛ yɛn ade te sɛ ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no, na yɛyɛ adwumaden de boaboa “nneɛma pa pii” ano nanso yɛnyɛ nneɛma a ɛho hia a ɛbɛma yɛanya “mfe pii”? (Yohane 3:16; 17:3) Bible ka sɛ: “Adedodow nye mma hwee abufuw da” no, na “nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase.” (Mmebusɛm 11:4, 28) Enti, Yesu de afotu a etwa to yi kaa mfatoho no ho sɛ: “Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ ademude fa nanso ɔnyɛ ɔdefo wɔ Nyankopɔn fam no te.”—Luka 12:21.
-