Biako A Yɛne Sodikuw No Bɛyɛ Nnɛ
“Ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.”—LUKA 12:44.
1. Ahenni bɛn mu na Kristo fii ase dii tumi wɔ 33 Y.B. mu, na ɔkwan bɛn so?
WƆ PENTEKOSTE 33 Y.B. mu no, Yesu Kristo a ɔyɛ asafo no ti no fii ase dii tumi wɔ ne nkoa a wɔde honhom asra wɔn no ahenni mu. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Ɛdenam honhom kronkron no, abɔfo, ne sodikuw bi a aniwa hu so. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛe no, Onyankopɔn ‘ayi wɔn a wɔasra wɔn no afi sum tumi ase de wɔn aba ne Dɔba ahenni mu.’—Kolosefo 1:13-18; Asomafo no Nnwuma 2:33, 42; 15:2; Galatifo 2:1, 2; Adiyisɛm 22:16.
2. Ahenni kɛse bɛn mu na Kristo fii ase dii tumi wɔ 1914 mu?
2 Wɔ “amanaman bere no” awiei no, Yehowa maa Kristo ahenni tumi no yɛɛ kɛse, a na ɛtra Kristofo asafo no so. (Luka 21:24) Yiw, wɔ afe 1914 mu no, Onyankopɔn maa ne Ba no ahenni tumi wɔ “amanaman,” “wiase ahenni,” adesamma nyinaa so.—Dwom 2:6-8; Adiyisɛm 11:15.
Wama “Wadi Nea Ɔwɔ Nyinaa So”
3, 4. (a) Wɔ Yesu bɛ a ɛfa mmɛnnaa ho no mu no, hena na na ɔdehye no gyina hɔ ma no? (b) Ahenni mu nneɛma bɛn na esisii wɔ 1918 ne 1919 mu?
3 Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ ha ne Yesu bɛ a ɛfa ɔdehye bi ho no. (Luka 19:11-27) Ansa na ɔbarima no rebetu kwan akogye ahenni tumi no, ɔmaa ne nkoa sika (mmɛnnaa) a na wɔde bɛyɛ adwuma. Bere a ɔbarima yi a na ogyina hɔ ma Yesu no san bae no, “ɔhyɛe sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na onhu nea obiara adi gua anya.” (Luka 19:15) Eyi bae dɛn bere a Yesu nyaa ahenni tumi wiei no?
4 Wɔ 1918 mu no, Yesu a wɔde no asi agua so no huu Kristofo kuw ketewaa bi a wɔagyae Kristoman asɔre horow no na wɔrehwɛ wɔn Wura no asase so nneɛma so a adagyew nnim. Bere a Yesu atew ne nkoa ho te sɛ nea wɔde ogya pa biribi ho akyi no, ɔmaa wɔn tumi pii wɔ 1919 mu. (Malaki 3:1-4; Luka 19:16-19) Ɔma wodii “nea ɔwɔ nyinaa so.”—Luka 12:42-44.
“Aduan wɔ Bere a Ɛsɛ Mu”
5, 6. (a) Dwumadi a wɔatrɛw mu bɛn na Kristo fiepanyin no nyae? (b) Nkɔmhyɛ bɛn na na bere adu sɛ enya mmamu wɔ 1914 akyi, na ɔkwan bɛn so na na ofiepanyin kuw no benya ne mmamu no mu kyɛfa kɛse?
5 Ɔhene Yesu Kristo a ɔredi tumi no de dwumadi a wɔatrɛw mu maa ne fiepanyin, anaa ofiehwɛfo no wɔ asase so. Na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ Onyankopɔn “abɔfo” a wogyina ɔhene a wɔde no asi agua so na wama no tumi sɛ onni asase sofo nyinaa so no ananmu. (2 Korintofo 5:20; Daniel 7:14) Na asɛyɛde a wɔwɔ sɛ kuw no nyɛ Kristo nipadua a ɛne asomfo a wɔasra wɔn no a wɔbɛma wɔn “wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu” no nkutoo bio. (Luka 12:42) Afei na wobenya kyɛfa kɛse wɔ nkɔmhyɛ ahorow a na bere adu sɛ enya mmamu bere a wɔde Ahenni no asi hɔ wɔ 1914 mu no akyi no ho dwumadi mu.
6 Dɛn na na eyi kyerɛ wɔ adeyɛ mu ankasa? Na ɛkyerɛ sɛ wɔbɛtrɛw ‘ahenni ho asɛmpa yi a wɔka no wiase nyinaa’ no mu. (Mateo 24:14) Bio nso, na ɛkyerɛ atemmu nkrasɛm a tumi wom a wɔde tia Satan nhyehyɛe bɔne no ne n’akyigyinafo no a wɔbɛbɔ no dawuru. Eyi ‘wosow amanaman no.’ Enti, “ade a wɔpɛ,” Kristo “nguan foforo” no fii ase baa mu. (Hagai 2:7; Yohane 10:16) Efi 1935 reba no, “nnipakuw kɛse” no fii ase baa Yehowa ahyehyɛde no mu yuu wiase nyinaa. (Adiyisɛm 7:9, 10) Na eyi hwehwɛ sɛ nkɔanim ahorow ba ahyehyɛde no mu nkakrankakra. Sɛ yɛbɛka no sɛnkyerɛnne kwan so a, na ɛsɛ sɛ dade besi abo ananmu, kɔbere besi nnua ananmu, dwetɛ besi dade ananmu, na sika besi kɔbere ananmu. (Yesaia 60:17) Eyi nyinaa aba fi 1919 mu wɔ Yesu Kristo a ɔde n’Ahenni no asase so nneɛma nyinaa ahyɛ n’akoa nokwafo no ne ne Sodikuw no nsa no akwankyerɛ a emu yɛ hyew na n’ani wɔ ho no ase.
7. Dɛn na na ɛwɔ ofiepanyin no asɛyɛde ahorow a adɔɔso no mu?
7 Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase sɛ na asɛyɛde pii a wɔadan ama Owura no akoa, ofiepanyin, anaa ofiehwɛfo no gye akyerɛw ne samufo adwuma a emu yɛ den. Na ɛsɛ sɛ wotintim honhom mu aduan daa bere a ɛsɛ mu wɔ Ɔwɛn-Aban no mu. Wɔ 1919 mu no, wofii ase tintim The Golden Age (a ɛyɛ nsɛmma nhoma yi hokafo a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Consolation, ne afei Nyan! no) sɛ wɔde bɛkanyan ɔmanfo anigye, de aka “fifo” no a wɔde bɛhyɛ wɔn den no ho. (Mateo 24:45) Wɔatintim nhoma, nhomawa, ne nkratawa pii nso wɔ mfe no mu.
Nsakrae Ahorow a Akɔ So
8. Dɛn na na wɔde hu Sodikuw no mufo mfiase no, na asɛm bɛn na Watchtower no kae wɔ 1944 mu?
8 Sɛ yetwa yɛn ani hwɛ yɛn akyi “awiei bere” yi mu a, ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ mfiase no na Sodikuw no ne Ɔwɛn Aban Asafo no akyerɛwfo wɔ abusuabɔ a ɛbɛn so saa. (Daniel 12:4) Asɛm a ɛne “Nnɛyi Teokrase Biakoyɛ No” a wotintim no November 1, 1944 Watchtower mu no kae sɛ: “Ntease pa mu no, wobuu wɔn a wɔde Bible mu nokware ahorow a wɔayi no adi a wobetintim no nhoma ahorow mu ahyɛ wɔn nsa no sɛ wɔne Awurade no sodikuw a wapaw wɔn sɛ wɔnkyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn honhom ne nokware mu na wɔde biakoyɛ som no wɔ nokware ahorow a wɔayi no adi yi a wɔde bɛma afoforo a ɔkɔm ne sukɔm de wɔn mu no nyinaa no kwan.”
9. Dɛn na wɔde huu Sodikuw no kɛse akyiri yi, na dɛn ntia?
9 Na mmara kwan so ahwehwɛde ahorow wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma wɔ nsɛmma nhoma ne Bible sua mmoa afoforo no tintim mu. Enti, wɔde Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo no sii hɔ na wɔde hyɛɛ mmara ase wɔ Pennsylvania, U.S.A. mantam no mu. Mfe pii mu no, wobuu Sodikuw a wohu no sɛ ɛne saa adwumakuw yi a wɔde sii hɔ sɛ wontintim Bible sua mmoa ahorow a ehia na Awurade nkurɔfo de di dwuma wiase nyinaa no akwankyerɛfo baason no.
10, 11. Nsakrae bɛn na wɔyɛe wɔ 1944 mu, na asɛm bɛn na Watchtower no ka faa eyi ho?
10 Na Asafo ti no akwankyerɛfo baason no yɛ Kristofo anokwafo. Nanso na afa a wɔwɔ wɔ adwumakuw a ɛhyɛ mmara ase mu no betumi akyerɛ sɛ esiane sɛ wɔn a wɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no mufo wɔ mmara kwan so no paw wɔn nti na wɔyɛ Sodikuw no mufo. Bio nso, wɔ mmara mu no na emufo a wɔbɛyɛ ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔtow aba no yɛ nea mfiase no wɔde maa nnipa pɔtee bi a woyi ntoboa ma Asafo ti no nkutoo. Ɛho behiae sɛ wɔsakra saa nhyehyɛe yi. Wɔyɛɛ eyi wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumakuw a ɛwɔ Pennsylvania no afe afe nhyiam a wɔyɛɛ no October 2, 1944 mu no ase. Wɔyɛɛ nsakrae wɔ Asafo ti no mmara ahorow mu ma enti emufo a wɔbɛyɛ no anyɛ nea egyina sikasɛm so bio. Na wɔbɛpaw emufo no afi Yehowa asomfo anokwafo mu, na pii a wɔde wɔn bere nyinaa som wɔ Asafo ti no dwumadibea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, ne ne baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no abɛka ho.
11 November 1, 1944 Watchtower no rebɔ saa nkɔanim yi ho amanneɛ no, ɛkyerɛe sɛ: “Ɛnsɛ sɛ sika, sɛnea sika fam ntoboa ahorow gyina hɔ ma no, nya ano a ɛno na ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, nokwarem no, ɛnsɛ sɛ enya hwee yɛ wɔ Yehowa adansefo a wɔwɔ asase so no sodikuw no mufo a wɔpaw wɔn mu. . . . Honhom kronkron, adeyɛ tumi a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ denam Kristo Yesu so no na ɛsɛ sɛ esi gyinae na ɛkyerɛ kwan wɔ asɛm yi mu.”
Ɛyɛ Soronko wɔ Akwankyerɛfo Boayikuw Ho
12. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyira nsakrae ahorow a wɔayɛ wɔ Sodikuw no akwankyerɛ ase no so?
12 Nkɔanim a asɛnka adwuma no anya wɔ mfe du du a edii akyi no mu no di adanse sɛ Yehowa ahyira nsakrae ahorow a wɔyɛe wɔ Sodikuw no ho ntease mu no so. (Mmebusɛm 10:22) Ɛdɛn, Ahenni adawurubɔfo a na wɔwɔ wiase nyinaa no dodow kɔɔ soro fi 130,000 wɔ 1944 mu koduu 1,483,430 wɔ 1970 mu! Nanso na nkɔanim afoforo nnya mmae ɛ.
13. (a) Ɛde besi 1971 mu no, na Sodikuw no tebea te dɛn? (b) Dɛn na ɛbae wɔ Asafo ti no afe afe nhyiam no ase wɔ 1971 mu?
13 Ɛde besi 1971 mu no, na wɔda so ara bu Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ Pennsylvania no akwankyerɛfo boayikuw baason no sɛ wɔne Sodikuw no. Na Asafo ti no titrani no na Asafo ti no baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no dwumadi ahorow ho gyinaesi asɛyɛde da no so. Nanso wɔmaa abakɔsɛm mu ɔkasa ahorow wɔ afe afe nhyiam a wɔyɛɛ no October 1, 1971 mu no ase. Asafo ti no titrani kasa faa asɛmti a ɛne sɛ “Kronkronbea no a Wɔde Bɛba Tebea Pa Mu” no ho, na na otitrani abadiakyiri no kasa gyina asɛmti a ɛne “Sodikuw a Ɛyɛ Soronko wɔ Mmara Kwan so Adwumakuw Ho” no so. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Sodikuw no ne mmara kwan so adwumakuw no ntam?
14. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ mmara kwan so adwumakuw ne Sodikuw no ntam?
14 Sɛnea yɛadi kan aka no, Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ Pennsylvania no wɔ akwankyerɛfo boayikuw a wɔn ano si baason. Adwumakuw no mufo a wɔn dodow mmoro 500 a dodow no ara nyɛ Kristofo a wɔasra wɔn na wɔtow aba paw Kristofo mmarima a wɔahyira wɔn ho so yi ma wɔyɛ adwuma mfe abiɛsa biara. Bio, esiane sɛ adwumakuw no wɔ a ɛwɔ hɔ no yɛ mmara kwan so ade pɔtee a ɛwɔ dwumadibea ti wɔ asase so beae pɔtee bi nti, Kaesare, kyerɛ sɛ Ɔman no betumi agu no. (Marko 12:17) Nanso, Sodikuw no nyɛ mmara kwan so adwinnade bi. Wɔntow aba mpaw emufo no. Wɔnam honhom kronkron so na ɛpaw wɔn wɔ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo akwankyerɛ ase. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:28 ho.) Afei nso, wɔn a wɔka bom yɛ Sodikuw no yɛ mmarima a wɔde honhom asra wɔn a wonni asase so beae anaa dwumadibea ti pɔtee bi ho asɛyɛde biara.
15. Ahyehyɛde ho asɛm bɛn na wɔkae wɔ December 15, 1971 Watchtower no mu, na dɛn na yebetumi aka afa nnɛyi Sodikuw no ho?
15 Ɛdefa ntease mu nsakrae ahorow a ɛtete sɛɛ ho no, December 15, 1971 Watchtower no kae sɛ: “Yɛde aseda ma sɛ Yehowa adansefo Kristofo nim na wogye tom sɛ eyi nyɛ onipa biako bi nyamesom ahyehyɛde, na mmom sɛ ɛwɔ sodikuw a Kristofo a wɔde honhom asra wɔn na wɔwom.” Wɔde nkakrankakra asiesie akoa kuw a wɔasra wɔn no Sodikuw no ne wɔn ahokafo ɔpepem pii a wɔwɔ nguan foforo no mu no ma wɔayɛ wɔn ɔhwɛ adwuma no.
16. Kristo asase so nneɛma no adɔɔso dɛn fi 1971 mu, na eyinom a ɔde ahyɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma a Sodikuw no gyina n’ananmu no nsa no bi ne nea ɛwɔ he?
16 Ɔhene Yesu Kristo nneɛma a ɔwɔ wɔ asase so no akɔ so ayɛ pii. Efi 1971 mu no, Adansefo no dodow akɔ soro fi nea na ennu 1,600,000 akodu dodow nkɔanim a ɛsen biara bɛboro 3,700,000 wɔ 1989 mu. Onyankopɔn nhyira ho adanse bɛn ara ni! (Yesaia 60:22) Saa nkɔanim yi ama ɛho abehia sɛ wɔtrɛw adan ne nneɛma afoforo mu wɔ Asafo ti no dwumadibea ti ne ne baa dwumadibea ahorow mu, na afei nso wɔyɛ akwan a wɔfa so tintim nhoma na wɔkyekyɛ no foforo. Nea ɛde aba ne sɛ wosisi Ahenni Asa ne Nhyiambea pii wɔ asase so nyinaa. Ne nyinaa mu no, Sodikuw no akɔ so adi asɛnka adwuma, Bible sua mmoa ahorow tintim, ne ahwɛfo a wɔpaw wɔn wɔ baa dwumadibea, amantam, amansin, ne asafo ahorow mu ho asɛyɛde no ho dwuma. Eyinom ne Ahenni nneɛma a Kristo de hyɛɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne Sodikuw no gyina n’ananmu no nsa.
17. Nkɔanim afoforo bɛn na ɛbae wɔ ɔhwɛ adwuma no mu wɔ 1971, 1974, ne 1976 mu?
17 Wɔtrɛw afeha a edi kan sodikuw no mu ma wɔn a na wɔnyɛ Yesu asomafo no bɛkaa ho. Bere a wosii twetiatwa ho asɛm no ho gyinae no, ɛda adi sɛ na ‘asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem’ no na wɔwɔ saa kuw no mu. (Asomafo no Nnwuma 15:1, 2) Sɛ yɛde toto ho a, wɔtrɛw Sodikuw no mu wɔ 1971 mu ne afei nso wɔ 1974 mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ ɔhwɛ adwuma no yiye nti no, Sodikuw no yɛɛ nhyehyɛe maa boayikuw ahorow anum fii ase dii dwuma fi January 1, 1976. Efi nnipa baasa kosi baasia a wɔn nyinaa wɔ ano wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wosusuw ho mu na wɔwɔ boayikuw biara mu. Boayikuw no mu biara titrani som afe biako, na Sodikuw no muni biara som wɔ boayikuw no mu biako anaasɛ nea ɛboro saa mu. Boayikuw yi mu biara di Kristo nneɛma a ɛwɔ asase so no mu ade pɔtee bi ho dwuma. Boayikuw a ɛto so asia—Otitrani Boayikuw a wɔsesa emufo afe biara no di nsɛnnennen a egye ntɛmpɛ ho dwuma.
Sodikuw no a Yɛne no Bɛyɛ Biako Kɛse
18. Sodikuw no di dwuma dɛn, na dɛn ne ɔkwan biako a yɛnam so bɛkyerɛ sɛ yɛne no yɛ biako?
18 Sodikuw no boayikuw ahorow no hyia dapɛn biara hwehwɛ nsɛm a ɛho hia mu, wɔde mpaebɔ sisi gyinae ahorow, na wɔyɛ daakye teokrase dwumadi ahorow ho nhyehyɛe. Sɛnea yɛadi kan ahu no, Asomafo no Nnwuma ti 15 kyerɛ sɛ wɔde asemmisa bi a emu yɛ duru kɔdan afeha a edi kan sodikuw no ma wɔhwɛ dii ho dwuma. Ɔkwan a ɛte saa ara so nnɛ no, wɔde nsemmisa a ɛho hia kɔdan Sodikuw no mufo nyinaa a wohyiam dapɛn biara anaa mpɛn dodow biara a ɛho hia no. Sodikuw a mprempren emufo dodow yɛ 12 no nam Kyerɛwnsɛm no ne mpaebɔ so hwehwɛ Yehowa Nyankopɔn akwankyerɛ. Ɔkwan biako a yɛnam so kyerɛ sɛ yɛne Sodikuw no yɛ biako ne sɛ yɛbɛkae eyinom a wɔapaw wɔn titiriw yi wɔ yɛn da biara da mpaebɔ mu.—Romafo 12:12.
19. Ɔkwan bɛn so na asafo ahorow no nsa ka akwankyerɛ a efi Sodikuw no hɔ?
19 Ɔkwan bɛn na asafo ahorow no nsa ka Sodikuw no akwankyerɛ ne gyinaesi ahorow? Bere a afeha a edi kan sodikuw no nam Onyankopɔn honhom no mmoa so sii wɔn gyinae wiei no, wɔde krataa kɔmaa asafo ahorow no. (Asomafo no Nnwuma 15:22-29) Nanso, ɔkwan titiriw a wɔfa so nnɛ ne denam Kristofo nhoma ahorow so.
20. (a) Ahyehyɛde mu nsakrae foforo bɛn na wɔyɛe wɔ 1976 mu? b) Ɔkwan bɛn so na Baa Boayikuw ahorow ne Sodikuw no yɛ biako?
20 Efi February 1, 1976 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea biara anya Baa Boayikuw a mmarima a wɔfata na Sodikuw no apaw wɔn na wɔwom. Sɛ́ Sodikuw no ananmusifo wɔ ɔman anaa aman a wɔn baa no hwɛ so mu no, ɛsɛ sɛ anuanom yi yɛ mmarima anokwafo. Eyi ma yɛkae mmarima a wɔfata, wosuro Onyankopɔn na wotumi nya wɔn mu ahotoso a wɔboaa Mose ma obuu nkurɔfo atɛn wɔ tete Israel no. (Exodus 18:17-26) Baa boayikuw mufo di akwankyerɛ ahorow a wɔn nsa ka denam Asafo ti no nhoma ne nsɛmma nhoma ahorow ne Yɛn Ahenni Som, ne nea ɛwɔ nkrataa a wɔkyerɛw ma obiara ne nkrataa atitiriw a ɛfa mpɔtam hɔ nsɛnnennen ho so no ho dwuma. Baa Boayikuw ahorow ma Sodikuw no nsa ka sɛnea adwuma no rekɔ so wɔ asase biara so ne nsɛnnennen a ebia ɛbɛsɔre no ho amanneɛbɔ ntɛm. Amanneɛbɔ a ɛte saa a efi wiase nyinaa no boa Sodikuw no ma wosi nsɛmti a ɛsɛ sɛ wosusuw ho wɔ Asafo ti no nhoma ahorow mu no ho gyinae.
21. Ɔkwan bɛn so na wɔpaw ahwɛfo akwantufo, na dɛn na ɛka wɔn nnwuma ahorow ho?
21 Wɔ honhom kronkron no akwankyerɛ ase no, Baa Boayikuw ahorow no kamfo honhom mu mmarima a wɔn ho akokwaw ma wɔsom sɛ amansin anaa amantam so ahwɛfo. Bere a Sodikuw no apaw wɔn tee akyi no, wɔsom sɛ ahwɛfo akwantufo. Anuanom yi srasra amansin ne asafo ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ wɔn den honhom mu na wɔaboa wɔn ma wɔde akwankyerɛ ahorow a wɔn nsa ka fi Sodikuw no hɔ no adi dwuma. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 16:4; Romafo 1:11, 12 ho.) Ahwɛfo akwantufo de amanneɛbɔ kɔma baa dwumadibea no. Ɛdenam honhom kronkron no ne Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mmoa so no, wɔne asafo mu mpanyimfo bom kamfo anuanom a wɔfata kyerɛ Sodikuw no anaa n’ananmusifo ma wɔpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo.—Filipifo 1:1; Tito 1:5; fa toto 1 Timoteo 3:1-13; 4:14 ho.
22. (a) Ɔkwan bɛn so na asafo mu mpanyimfo ne Sodikuw no yɛ biako? (b) Dɛn na edi adanse sɛ Yehowa rehyira teokrase nhyehyɛe yi so?
22 Mpanyimfo akuw no mufo nso ‘hwɛ wɔn ho ne nguankuw a honhom kronkron de wɔn asisi wɔn so ahwɛfo no so yiye.’ (Asomafo no Nnwuma 20:28) Saa ahwɛfo yi de nokwaredi hwehwɛ sɛ wɔde akwankyerɛ a wɔn nsa ka fi Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo hɔ denam akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ne ne Sodikuw no so bedi dwuma. Yehowa rehyira saa teokrase nhyehyɛe yi so, efisɛ ‘asafo ahorow no kɔ so yɛ den gyidi mu na ɛdɔ daa.’—Asomafo no Nnwuma 16:5.
23. Ɛdefa sodikuw no ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ?
23 Hwɛ oye a eye sɛ ɛdenam Sodikuw no so no, Yehowa Nyankopɔn ne Owura Yesu Kristo reda mmoa a wɔde ma Onyankopɔn nkurɔfo no adi! (Dwom 94:14) Sɛ́ Yehowa ahyehyɛde no mufo no, yɛn mu biara nya mmoa a ɛte saa no mu mfaso. (Dwom 145:14) Ɛsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yɛne Onyankopɔn nhyehyɛe ahorow no bɛyɛ biako no mu den. Ampa ara, ɛmmra sɛ wobehu yɛn bere nyinaa sɛ yɛne Yehowa Adansefo Sodikuw no yɛ biako bere a yɛkɔ anim kodu bere a ‘Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no’ mu no.—Yesaia 11:9.
Nsɛntitiriw a Ɛsɛ sɛ Wɔkae
◻ Asɛyɛde a adɔɔso bɛn na ofiepanyin kuw no nyae wɔ 1919 mu?
◻ Wɔ mfe pii mu no, dɛn na wɔde huu Sodikuw a aniwa hu no?
◻ Nsakrae ahorow a ɛba nkakrankarka bɛn na wɔyɛe wɔ Sodikuw no mufo a wɔpaw wɔn mu?
◻ Kristo nneɛma a ɛwɔ asase so a ɔde ahyɛ akoa kuw no ne ne Sodikuw no nsa no bi ne nea ɛwɔ he?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne Sodikuw no ayɛ biako?
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Sodikuw no fi ne wiase nyinaa dwumadibea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no mu hwɛ Yehowa Adansefo nhoma tintim ne asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow 93 mu no so
Germany
Japan
South Africa
Brazil