Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 4/1 kr. 8-13
  • Yɛn “Anidaso A Emu Wɔ Nkwa” Kanyan Yɛn Ma Yɛkɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn “Anidaso A Emu Wɔ Nkwa” Kanyan Yɛn Ma Yɛkɔ So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ANIDASO A AHOTOSO WOM
  • ‘YƐN GYIDI HO PƐYƐFO’ NO
  • ‘NNWUMA AKƐSE SEN EYINOM’
  • NNƐ BERE MU ADANSEFO
  • YƐN “ANIDASO A EMU WƆ NKWA” A YƐDA NO ADI
  • “Yɛyɛ Adwuma Brɛ Na Yɛpere”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Ahurusi Wɔ “Onyankopɔn A Ɔma Anidaso” No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Atemmuda Ne Ɛno Akyi
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Atemmu Da​—Bere A Anidaso Wom!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 4/1 kr. 8-13

Yɛn “Anidaso A Emu Wɔ Nkwa” Kanyan Yɛn Ma Yɛkɔ So

“Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.”​—1 Tim. 4:10.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm no kanyan yɛn ma yɛyɛ ade?

ƐYƐ ONYANKOPƆN Asɛm, Bible no mu, na yehu “nsɛm a ɛyɛ dɛ, na nea wɔakyerɛw no ne trenee ne nokware nsɛm.” (Ɔsɛnk. 12:10) Saa nsɛm yi yɛ dɛ titiriw esiane sɛ wɔkanyan anidaso a nkwa wom wɔ yɛn mu​—daa nkwa ho anidaso wɔ Ahenni nhyehyɛe a Amansan Hene Awurade Yehowa de ɔdɔ afa ne Ba Yesu Kristo so ayɛ ho nhyehyɛe no nti. (Yoh. 3:16; Rom. 15:12, 13) Sɛnea ɔnoboaboafo no kaa no no, “anyansafo nsɛm te sɛ anantwikafo mpeaw,” a ɛkanyan wɔn a wɔte no ma wɔyɛ ade. Ɛsɛ sɛ nyansasɛm ne anidaso a yɛkenkan no Onyankopɔn Asɛm no mu no kanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho yɛ adwuma denneennen de som ne trenee ahenni no ho nneɛma.​—Ɔsɛnk. 12:11.

2. Dɛn na nnipa a wɔwɔ gyidi ahwɛ kwan?

2 Efi bere a Yehowa de saa Eden bɔhyɛ no mae no so tɔnn na nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi ahwɛ atemmu da a Mesia asenni no bɛbɔ Ɔwɔ no ti no kwan. (Gen. 3:15; Rom. 16:20) Ɛno bɛyɛ Satan wiase no atemmu da, na nea ebetwa to aba wɔ awiei ne wɔn a wɔde wɔn anidaso ato Yehowa ahenni a ɛnam ne Kristo no so no nyinaa nkwagye.​—2 Tim. 4:1, 18; Luka 21:28.

ANIDASO A AHOTOSO WOM

3. (a) Dɛn nti na eyi yɛ anidaso a wɔasi so dua? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn na yɛakɔ so apae mu aka yɛn anidaso no akyerɛ wɔ baguam?

3 Bible mu nhoma a ɛyɛ Hebrifo, ti 11 no de mmarima ne mmea a woyii gyidi a ɛnka adi no din tenten a wɔakyerɛw ma. Na wɔwɔ “ade a ani da so ho ahotoso.” Saa anidaso no yɛ nea ɛwɔ hɔ ankasa ma wɔn, enti wodii ho dwuma bere a wɔretwɛn “kurow a ɛwɔ nhyɛase a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn” no. Ɛwom sɛ saa bɔhyɛ horow no amma mu wɔ wɔn nna no mu de, nanso “wohui akyirikyiri nko gye dii yɛɛ no atuu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so.” (Heb. 11:1, 10, 13) Ɛnnɛ, saa gyidi no nyɛ nea ɛwɔ “akyirikyiri,” efisɛ Ahenni no abɛn! Ɛnde hwɛ sɛnea afei de yɛwɔ nea yebegyina so de apae mu aka yɛn anidaso no akyerɛ ahoɔden so mmom!​—Mat. 24:14, 33.

4. Henok hyɛɛ nkɔm faa dɛn ho, na eyi fa yɛn ho dɛn nnɛ?

4 Saa tete anokwafo no mu binom a na wokura “ade a . . . ani da so ho ahotoso” mu no mu binom traa ase wɔ bere a na Onyankopɔn de bu atɛn mu, sɛnea yɛn nso yɛte nnɛ no. Yehowa de wɔn dii dwuma de bɔɔ abɔnefo kɔkɔ. Enti, Henok hyɛɛ nkɔm faa nnipa a wɔaporɔw a na wɔwɔ nna a edii Nsuyiri no anim no ho: “Hwɛ, Awurade [Yehowa] ne n’ahotefo mpempem reba abebu wɔn nyinaa atɛn na wɔayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn nsɛm a ɛyɛ den a nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo kae de tiaa no nyinaa ho.” (Yuda 14, 15) Saa atemmu no yɛ Onyankopɔn atemmu a ɔde betia mprempren wiase no a n’amumɔyɛde yɛ hu no ho mfonini.

5. Gyidi nnwuma bɛn na Noa de yɛɛ nhwɛso too hɔ maa yɛn?

5 Afei nso, na Noa, a ɔtraa ase faa Yehowa atemmu a ɔde baa wiase a wonnim Nyankopɔn no so no yɛ “treneekafo.” (2 Pet. 2:5) Ɔyeree ne ho denneennen wɔ gyidi nnwuma a ɔyɛe no mu, “osiesiee adaka maa ne fi nkwagye, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ.” (Heb. 11:7) Noa yɛ nhwɛso pa ma yɛn nnɛ. Ɛrenkyɛ, na wɔada “Onyankopɔn atɛntrenee” no adi, bere a “wɔn a wonnim Nyankopɔn” [no] “wobenya akatua, daa ɔsɛe, afi Awurade anim ne n’ahoɔden anuonyam ho.” Bere a yɛrebɛn atemmu no ho dwumadi ho no, na ɛbɛyɛ bere a ɛsen bere nyinaa sɛ yɛka Yehowa trenee no wɔ asase so!​—2 Tes. 1:5-10.

6. (a) Tete atemmu bɛn na ɛkyerɛ sɛnea “ahohiahia kɛse no yɛ nokware na ɛbɛbam? (b) Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so aguan saa atemmu no?

6 Wɔn a wɔka wɔn a “wɔde wɔn ano pae mu ka” anidaso a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ahenni no mu no ho ne Abraham ne Sara, afei nso Isak ne Yakob. Abraham traa ase faa bere a Onyankopɔn dii atemmu ho dwuma tiaa Sodom ne Gomora no mu. Na ne ho pere no sɛ anka wɔbɛkora Sodom so afi ɔsɛe no mu, sɛ mpo na nnipa atreneefo (te sɛ ne wɔfaase Lot) bɛyɛ 10 wɔ hɔ a wobehu wɔn wɔ kurow no mu a. Awiei no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Edu no nti merensɛe hɔ.” Yɛn a yɛwɔ nkwa mu nnɛ nso bɛpɛ sɛ wɔkora nnipa bebree so fi saa “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu te sɛ Abraham. Nanso dabi! Ɛsɛ sɛ wɔsɛe wiase a ennim Nyankopɔn yi, sɛnea wɔyɛɛ Sodom ne Gomora no, na wɔde apopa asase no so asiesie no ama paradise a wɔbɛsan de aba no. Ɔkwan biako pɛ a wobɛfa so afi Onyankopɔn atemmu no mu ne sɛ wobɛyɛ obi a ‘ɔnyɛ wiase yi fa,’ sɛnea na Lot ne n’abusua a woguan fii Sodom ansa na wɔde ogya resɛe no no te no. Ɛbɛyɛ ɔsɛe nso sɛ obi bɛdan ne ho akɔ nneɛma a ɛwɔ wiase no mu no ho. “Monkae Lot yere no!”​—Luka 17:26-32; Gen. 18:22-32; 19:15-26; Mat. 24:21; Yoh. 15:19.

7. Hokwan bɛn a ɛte sɛ Hesekiel de no na yɛwɔ nnɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

7 Wɔn a wɔka “adansefo mununkum” anokwafo a Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Hebrifo 11 sɛ wɔwɔ “ade a ani da so ho ahotoso” no ho ne “Samuel ne adiyifo no,” na akokoduru bɛn woyii no adi wɔ Yehowa asɛm a wɔdaa no adi kyerɛe no mu sɛɛ! (Heb. 11:32; 12:1) Wɔn a wɔka ho ne Hesekiel, a ofi Babilon hyɛɛ nkɔm faa Yehowa atemmu a ɔde tia Yerusalem a waman afi nokware gyidi no ho no​—atemmu a wodii ho dwuma wɔ afe 607 no maa sɛnea Hesekiel adwuma no yɛ aniberesɛm fa no mu daa hɔ pefee. Ɛkae sɛ: “Na sɛ ɔwɛmfo no hu nkrante sɛ ɛreba, na wanhyɛn torobɛnto ammɔ ɔman no kɔkɔ, na nkrante no ba bekum wɔn mu bi a, ɔno de, n’amumɔyɛ mu na wɔafa no kɔ, na ne mogya de, mebisa no ɔwɛmfo no nsam. Na wo, onipa ba, mede wo masi ɔwɛmfo mama Israelfi, na tie m’anom asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.” (Hes. 33:6, 7; 3:17-21) So yehu “nkrante sɛ ɛreba” nnɛ? So yehu sɛ mprempren “ahoyeraw” a ɛwɔ amanaman no mu no redi wɔn anim tee kɔ Onyankopɔn ko a ɛyɛ Harmagedon mu a ɛrensan akyi da anaa? Ɛnde na ɛsɛ sɛ ‘yɛhyɛn kɔkɔbɔ torobɛnto no,’ na yɛkyerɛ nnipa no kwan kɔ Onyankopɔn ahenni no mu​—wɔn anidaso biako pɛ no. Hokwan bɛn na yɛanya sɛɛ sɛ yebenya kyɛfa wɔ kɔkɔbɔ adwuma yi mu wɔ mprempren atemmu da yi mu, sɛnea Hesekiel yɛe bere bi a atwam no!​—Mat. 24:3-8, 14; 25:31, 32; Adi. 16:13-16.

‘YƐN GYIDI HO PƐYƐFO’ NO

8. Nhwɛso pa bɛn na Yesu yɛ de too hɔ wɔ kɔkɔ a wɔbɔ no fam?

8 Bere a wakyerɛkyerɛ “adansefo mununkum” a wɔn mu pii kaa kɔkɔbɔ asɛm no kyerɛe ansa na Kristofo mmere no reba no mu no, Paulo twee adwene kɔɔ “yɛn gyidi ho Yɛmafo Panyin ne ne Pɛyɛfo, Yesu” so. Saa Onyankopɔn Ba yi nso de akokoduru paee mu kaa Onyankopɔn ahenni no wɔ atemmu bere bi mu​—na atemmu no ho dwumadi bae bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 70 Y.B. mu. Paulo hyɛ yɛn a, yɛte atemmu da foforo mu no nkuran sɛ ‘yɛnhwɛ’ na ‘yensusuw” Yesu nhwɛso no ho ‘dinn’ bere a yɛwɔ nhyɛso ase, sɛnea ɛbɛyɛ na ‘yɛammrɛ na yɛn kra antɔ piti.’​—Heb. 12:1-3; Yoh. 12:31.

9, 10. (a) Aduan bɛn na Yesu buu no sɛ ɛho hia sen biara? (b) Yesu de ahyɛde maa n’asuafo no wɔ dɛn ho?

9 Obiara nyɛɛ adwuma denneennen nkyɛn Onyankopɔn Ba no ankasa wɔ Yehowa ahenni no ho nneɛma ho. Odii n’Agya a ɔwɔ soro no nhwɛso akyi wɔ eyi mu, efisɛ ɔkae sɛ: “M’agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.” Ahenni no ho som kyerɛ pii ma Yesu kyɛn honam fam aduan, efisɛ ɔkae nso sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma. Hwɛ, mise mo sɛ, momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa. Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu.”​—Yoh. 5:17; 4:34-36.

10 Na Yesu reka otwa adwuma bi a ɔbɛyɛ anaasɛ nnipa bi a ɔbɛboaboa wɔn ano no ho asɛm, wɔn a “wɔabrɛ na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” no. Na ɔyɛɛ saa otwa adwuma yi ho nhwɛso too hɔ maa wɔn bere a ɔnam nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛ na ɔka Ahenni no ho anidaso ho asɛm kyerɛ wɔn no. Na ɛyɛ kɔkɔbɔ adwuma nso, efisɛ bere a Yesu resoma n’asuafo 12 no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ “na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw. Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no.”​—Mat. 9:35-10:15.

‘NNWUMA AKƐSE SEN EYINOM’

11. Asɛm a ɛyɛ soronko ne nwonwa nyinaa bɛn na Yesu kae ansa na wɔresan no?

11 Anadwofa a ade rebɛkye ama wɔasɛn no no, Yesu kaa sɛnea ɔne n’Agya no yɛ biako wɔ nnwuma mu no ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no, na ɔde kaa ho sɛ: “Nokware, nokware mise mo sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’agya no nkyɛn.” (Yoh. 14:9-12) Nnwuma bɛn na Yesu reka ho asɛm no? Ɛbɛyɛ dɛn na eyinom ayɛ akɛse akyɛn nea Onyankopɔn Ba no ankasa, a ɔne n’Agya boom yɛɛ adwuma no de?

12. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so kyerɛɛ nea saa ‘nnwuma akɛse’ yi bɛyɛ no mu?

12 Nna bi akyi no, wɔ ne wu ne ne wusɔre no akyi no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no wɔ Galilea na ɔkyerɛɛ nea saa ‘nnwuma akɛse’ yi bɛyɛ sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” Yesu kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ahenni no ho nnafua 40 no mu nyinaa, ɛno na afei, ansa na ɔreforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.”​—Mat. 28:16-20; Aso. 1:3-8.

13. “Adanse fefeefe” bɛn na wodii wɔ asomafo no nna mu?

13 Enti Yesu kaa adansedi ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma akɛse bi a wɔbɛyɛ a ebedu asase afanan nyinaa ho asɛm. Bere a wohwiee honhom kronkron guu n’asuafo no so wɔ Pentekoste akyi pɛ na saa asɛnka ho ɔsatu yi fii ase, a Yehowa nhyira wɔ so. Nea efii mu bae ne “adanse fefeefe” a wodii sɛnea wɔtaa bɔ din wɔ Bible mu nhoma a ɛne Asomafo No Nnwuma mu no. Wɔn a wodii saa adwuma yi mu kan no mu biako ne ɔsomafo Paulo a, wɔ bere a ɛsɛ mu no ɔka kyerɛɛ mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo a ɛwɔ Efeso no mu sɛ: “Mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo na menkyerɛkyerɛ mo gua so ne afi mu. Na midii Yudafo ne Helafo adanse fefeefe adwensakra a ɛkɔ Onyankopɔn hɔ ne yɛn Awurade Yesu mu gyidi mu ho.”​—Aso. 20:20, 21, 24; 2:40; 10:42; 23:11; 28:23, NW.

14. (a) Ansa na afe 70 Y.B. reba no na wɔaka asɛm no de akodu ɛhefa? (b) Adwumayɛfo no buu “Onyankopɔnsompa ahofama” dɛn?

14 Saa afeha a edi kan no mu Kristofo no de wɔn ho ahyɛ adwuma a ɛyɛ kɔkɔ a wɔbɛbɔ nnipa no na wɔakyerɛkyerɛ wɔn “asɛmpa” no mu, enti na wɔabɔ Yudafo no kɔkɔ afa Yerusalem sɛe a ɛreba a ɛbaa mpofirim wɔ afe 70 Y.B. mu no ho, sɛnea Yesu ahyɛ no nkɔm asie no. (Mat. 23:37, 38; 24:15-22) Bere a bere bɛnee sɛ wobedi saa atemu no ho dwuma no, ɔsomafo Paulo tumi kyerɛwee sɛ “asɛmpa” no ho anidaso no yɛ nea “wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu.” (Kol. 1:23) Wɔ nokwarem no, nea efii ‘adanse a wodii fefeefe’ no mu bae ne “nnwuma akɛse” a ɛkyɛn nea Yesu ayɛ no! Na hefo ne adwumayɛfo no? Wɔyɛ mmarima ne mmea a wɔbrɛ wɔn ho ase a wɔde Onyankopɔnsompa ahofama dii kan wɔ wɔn asetra mu. Wɔne ɔsomafo Paulo betumi aka sɛ: “Na Onyankopɔnsompa ahofama ho wɔ mfaso ma ade nyinaa, sɛ ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba ho bɔhyɛ nti. . . . Na eyi nti na yɛreyɛ adwuma denneennen na yɛbrɛ yɛn ho, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo bi a ɔyɛ nnipa horow nyinaa agyenkwa, so, titiriw no, anokwafo no.” (1 Tim. 4:8-10, NW) Wɔn ‘adanse a wodii fefeefe’ ne ‘nnwuma akɛse’ a wonyaa mu kyɛfa wɔ saa atemmu da no mu no yɛ nea Onyankopɔn hwiee ne nhyira pii guu so.

NNƐ BERE MU ADANSEFO

15. Ɔkwan bɛn so na ɛsono Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Kristoman mu anyamesom ahorow no de ho?

15 Wɔ wiase a ennim Nyankopɔn yi atemmu da a etwa to, a efii ase bere a “amanaman no bere” baa awiei wɔ 1914 Y.B. mu yi, adansefo a wɔyɛ nnipakuw kɛse bi de Yehowa din ne n’ahenni no a wɔka kyerɛ no akyin asase so nyinaa. Kristoman bu ɔkwan a wɔfa so di wɔn anidaso no ho adanse kyerɛ no animtiaa, sɛnea Yudafo anyamesom akwankyerɛfo no buu Yesu ne n’asomafo no animtiaa no. (Luka 21:24; Yoh. 7:45-52; Aso. 5:27-29) Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nto asɔfo kakraa a wɔn ani abue, a wofi anyamekyerɛ sukuu ahorow mu no so na wɔagyina wɔn ananmu wɔ asɛnka agua bi mu anaasɛ wɔ television anaa radio so. Mmom, wɔn ankasa yɛ asɛnkafo kuw, wɔn dodow boro ɔpepem abien, na wɔn muni biara di adanse kyerɛ obi foforo. Wɔnam afie afie, baguam mmeae ahorow ne bɔnnɔ so adansedi so ma afoforo te “asɛmpa” no ho anidaso a wɔde ahyɛ wɔn komam no. (Aso. 5:42; 20:20, 21; 1 Pet. 3:15) Wɔde nokwaredi bɔ kɔkɔ sɛ saa wiase yi wɔ n’atemmu bere mu, na nea ebehyia ne “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da.”​—Mat. 24:21, 22.

16. Nnipa bɛn sɛɛ na Yehowa apaw wɔn ama n’adwuma no nnɛ?

16 Enti, nnɛ bere mu Yehowa adansefo Kristofo no nam Onyankopɔn honhom no mmoa so atumi ayɛ “nnwuma akɛse”​—nea ɛdɔɔso na ɛkɔ akyiri yiye​—kyɛn nnwuma a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no. Wɔmfa eyi ho ayeyi mma wɔn ho. Mmom, wɔn nkorɛnkorɛ ani gye sɛ wɔte sɛ nnipa a Paulo kaa wɔn ho asɛm no: “Na anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo pii, na ɛnyɛ atumfo pii, ɛnyɛ adehye pii [na wɔafrɛ wɔn], na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu. Na wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu na Onyankopɔn apaw, ne nea enni hɔ, sɛ ɔde betu nea ɛwɔ hɔ no, na ɔhonam biara anhoahoa ne ho n’anim.” (1 Kor. 1:26-29) Mpɛn pii no ɛyɛ Ahenni Dansefo no, a wiase no gyina ne gyinapɛn ahorow so bu no sɛ ɔyɛ ‘ɔkwasea’ nanso ɔwɔ gyidi pii no na ne nsa ka wɔn a wogyina hɔ twɛn tie no no koma.

YƐN “ANIDASO A EMU WƆ NKWA” A YƐDA NO ADI

17. Nea ɛne Dwom 145:10-14 hyia no, ɔkwan bɛn na Yehowa faa so hyiraa ne nkurɔfo no adwuma no so wɔ 1979 ɔsom afe no mu?

17 Yehowa hyiraa ne nkurɔfo no adansedi adwuma wɔ wiase nyinaa no so wɔ anwonwakwan so wɔ 1979 ɔsom afe no mu, na eyi boaa wɔn bio ma wotumi yɛɛ ‘nnwuma akɛse’ wɔ bara a wɔabara wɔn, ɔtaa ahorow ne sikasɛm mu nhyɛso horow a ɛba wɔn so no nyinaa akyi. Wɔadi Yehowa din ne n’ahenni no ho adanse kɛse bio, sɛnea nkontaabu a ɛwɔ nkyekyem a edidi so yi mu no kyerɛ no.

18. (a) Dɛn na ɛbae wɔ asubɔ ahorow fam? (b) Ahenni som adwuma no asow aba wɔ ɔkwan bɛn so? (d) Afe 1979 Nkae amanneɛbɔ no te dɛn, na anidaso bɛn na yɛwɔ a ɛfa nnipa pii a wɔbaa ase no ho?

18 Nea ɛyɛ soronko wɔ akontaabu no mu ne dodow a wɔbɔɔ wɔn asu no, 113,672​—ɛyɛ nkɔso a ɛde ɔha mu nkyem 19.6 boro afe a edi kan no mu asubɔ ahorow so. Adansefo dodow a wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔsom adwuma no mu no nso kɔɔ anim, nnɔnhwere a wɔde hyɛɛ Ahenni som adwuma no mu, sankɔhwɛ ahorow a wɔyɛe wɔ wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho no so, ne Bible mu adesua ahorow a wɔyɛe wɔ nnipa a wɔte sɛ nguanten no afie horow mu no nso kɔɔ anim. Saa adwuma a ɛyɛ adesua yi sow aba, na eyi da adi wɔ nnipa dodow awɔsen biara a wɔbaa afe no mu nhyiam a ɛho hia sen biara​—Yesu wu no Nkae afahyɛ no ase​—a dodow no yɛ 5,323,766 a ɛyɛ dodow a ɛde ɔha mu nkyem 4.4 boro afe a edi kan no de so. Yɛn ani da so sɛ ɔpepem abiɛsa a wɔnyɛ Yehowa Adansefo a wɔbaa saa nhyiam yi ase no benya nkɔso na ‘wɔapae mu aka wɔn nkwagye wɔ baguam.’​—Rom. 10:8-10.

19. (a) Amanneɛbɔ bɛn na ɛyɛ anigye a ɛfa akwampae adwuma no ho? (b) Akwan horow bɛn so na akwampae adwuma no boa wɔ ‘nnwuma akɛse’ no mu?

19 Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛnea “akwampaefo” a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu de ka Ahenni no ho asɛm no nso dodow kɔ anim bere nyinaa, na wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom yi mu ɔsram biara a sɛ wɔwɔkyekyem a wɔn dodow yɛ 127,558 no yɛ nkɔso a ɛde ɔha mu nkyem 10.5 boro 1978 de no so. Eyinom aboa kɛse wɔ “nnwuma akɛse” a wɔyɛ wɔ “awiei bere” yi mu no mu na Pioneer Service School (Akwampaefo Sukuu) a wɔyɛ no adapɛn abien wɔ wiase nyinaa no aboa wɔn kɛse wɔ wɔn adwuma no mu na ama wɔanya nhyira nso pii. (Dan. 12:4) Afoforo pii nso kyerɛ anigye kɛse, enti wɔde wɔn ho hyɛ bere nyinaa “daa akwampaefo” adwuma no mu. Wɔ August a etwaam no mu nkutoo no, 896 na wobisae sɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom yi mu wɔ United States, Amerika, na 777 nso yɛɛ saa ara wɔ Japan. Aman horow pii nso bɔ dodow a ɛsen biara a wɔde wɔn ho rehyɛ “akwampae aboafo” adwuma​—ɔsom no mu ntrɛwmu ma ɔsram biako pɛ anaasɛ asram pii​—mu no ho amanneɛ, na eyi kɔ so hyɛ asafo ahorow no nkuran ma ‘wɔyɛ nnwuma akɛse.’

20. (a) Nkuranhyɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ 1979 Afe Amanneɛbɔ no mu? (b) Ɛnde ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn, wɔ yɛn “anidaso a emu wɔ nkwa” no ho?

20 Wɔ ne nyinaa mu no, 1979 Afe Amanneɛbɔ a ɛfa ɔsom adwuma no ho no yɛ nea ɛsɛ sɛ ɛma Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabiara no ani gye anaa wodi ahurusi kɛse. Ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn nyinaa na yɛn mu biara de ne ho ahyɛ “nnwuma akɛse” yɛ mu de akosi awiei, wɔ bere a bere da so wɔ hɔ yi. Ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yeso “anidaso asɛm a yegyina so ka no mu pintinn,” sɛnea ɛbɛyɛ na denam Yesu so no yɛatumi abɔ “Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Heb. 10:23; 13:15) Yiw, ɛmmra sɛ yɛn “anidaso a emu wɔ nkwa” no bɛyɛ nea ɛwɔ hɔ ampa saa daa ama yɛn!

[Box on page 13]

“Ɔno nso na yɛnam de gyidi anya ɔdom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso mu. Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu ba; na anidaso nhyɛ aniwu.”​—Rom. 5:2-5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena