Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/1 kr. 14-19
  • “Ɛwom Sɛ Moanhu No Da De, Nanso Modɔ No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɛwom Sɛ Moanhu No Da De, Nanso Modɔ No”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Wɔtee
  • Honhom a Ɔdaa no Adi
  • Ahobrɛase Mu a Ofi De Ne Ho Too Onyankopɔn So
  • Ɔdɔ a Yebeyi no Adi Akyerɛ No
  • So Wobɛkyerɛ Yesu Dɔ No Ho Anisɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • “Moahu Kristo Dɔ” No”
    Bɛn Yehowa
  • Wɔatete Yɛn Sɛ Yenni Adanse Fefeefe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • ‘Yesu Dɔɔ Wɔn Kosii Awiei’
    “Bra Bedi M’akyi”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/1 kr. 14-19

“Ɛwom Sɛ Moanhu No Da De, Nanso Modɔ No”

“Ɛwom sɛ moanhu no da de, nanso modɔ no. Ɛwom sɛ munhu no mprempren de, nanso mugye no di, na mudi ahurusi kɛse.”—1 PETRO 1:8, NW.

1. Ɛwom sɛ obiara nni asase so nnɛ a wahu Yesu de, nanso ɔkwan bɛn so na nyamesomfo bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom no?

OBIARA nni asase so nnɛ a wahu Yesu Kristo da. Nanso, nnipa ɔpepem pii kyerɛ sɛ wɔdɔ no. Afe biara January 9, wɔ Manila, Philippines no, wɔtwe Yesu Kristo honi bi a ɛte sɛ onipa a ɔso mmeamudua fa mmɔnten so wɔ adeyɛ bi a wɔaka ho asɛm sɛ ɛne ɔman no mu som mu guasodeyɛ a agye din na ɛyɛ kɛse sen biara mu. Nnipakuw a wɔn ani agye no piapia wɔn ho; nkurɔfo huruw gyina afoforo so bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn nsa bɛka ohoni no. Afahyɛ no ho santen a wɔto no titiriw na ɛtwetwe nnipa pii ma wɔkɔhwɛ. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn mu binom yɛ nkurɔfo a wɔde koma pa na ɛkɔ Yesu nkyɛn. Nea edi eyi ho adanse no, ebia wɔde Kristo a ɔfam mmeamudua ho bɛto wɔn kɔn mu anaasɛ ebia wɔbɛkɔ asɔre daa. Nanso, wobetumi abu ahonisom a ɛte saa sɛ nokware som?

2, 3. (a) Yesu akyidifo bɛn na wohuu no tee ne kasa ankasa? (b) Henanom bio na wɔdɔɔ Yesu na wonyaa ne mu gyidi wɔ afeha a edi kan no mu, ɛwom sɛ wɔn ankasa anhu no da de?

2 Wɔ afeha a edi kan no mu no, na nnipa mpempem pii wɔ Romafo amansin a ɛne Yudea, Samaria, Perea, ne Galilea mu a wohuu Yesu Kristo na wɔtee ne kasa ankasa. Wotiee no bere a ɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni ho nokware ahorow a ɛyɛ anigye mu no. Wɔde wɔn ani huu anwonwade ahorow a ɔyɛe no. Eyinom mu bi bɛyɛɛ n’asuafo a wɔwɔ ahofama, a na wogye di sɛ ɔne “Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba!” (Mateo 16:16) Nanso, na wɔn a ɔsomafo Petro kyerɛw ne krataa a edi kan a efi honhom mu kɔmaa wɔn no nka saafo yi ho.

3 Ná wɔn a Petro kasa kyerɛɛ wɔn no te Romafo amansin a ɛne Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia, ne Bitinia—a ne nyinaa wɔ nnɛyi Turkey, no. Petro kyerɛw wɔn sɛ: “Ɛwom sɛ moanhu no da de, nanso modɔ no. Ɛwom sɛ munhu no mprempren de, nanso mugye no di, na mudi ahurusi kɛse a enni kabea a anuonyam wom.” (1 Petro 1:1, 8, NW) Ɔkwan bɛn so na wobehuu Yesu Kristo ma wotumi dɔɔ no na wonyaa ne mu gyidi?

4, 5. Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo a na wonhuu Yesu da suaa ne ho nsɛm pii dɔɔ no, na wonyaa ne mu gyidi?

4 Ɛda adi sɛ na wɔn mu bi wɔ Yerusalem bere a ɔsomafo Petro dii nnipakuw a na wɔwɔ Pentekoste afahyɛ no ase wɔ 33 Y.B. mu adanse no. Wɔ afahyɛ no akyi no, asuafo pii traa Yerusalem sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkyerɛkyerɛ foforo afi asomafo no hɔ. (Asomafo no Nnwuma 2:9, 41, 42; fa toto 1 Petro 1:1 ho.) Wɔ asɛmpatrɛw akwan pii a ɔsomafo Paulo tutui mu no, ɔde nnam yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ nkurɔfo a na wɔte beae a Petro de ne Bible mu krataa a edi kan a ne din da so no kɔe akyiri yi no mu.—Asomafo no Nnwuma 18:23; 19:10; Galatifo 1:1, 2.

5 Dɛn nti na saa nkurɔfo a na wonhuu Yesu da no nyaa ne ho anigye kɛse saa? Wɔ yɛn nna yi mu no, dɛn nti na ɔpepem pii foforo a wɔwɔ wiase nyinaa dɔ no yiye saa?

Nsɛm a Wɔtee

6. (a) Sɛ anka wotee Yesu ho adanse a Petro dii wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no a, dɛn na anka wubetumi asua? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi kaa nnipa bɛyɛ 3,000 a na wɔwɔ hɔ no?

6 Sɛ na wowɔ Yerusalem bere a Petro kasa kyerɛɛ nnipakuw a na wɔwɔ afahyɛ ase wɔ 33 Y.B. mu no a, dɛn na anka wubesua wɔ Yesu ho? Akyinnye biara nni ho sɛ anwonwade ahorow a ɔyɛe no daa no adi sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no. Ɛne sɛ, ɛwom sɛ na nnipa abɔnefo akum Yesu de, nanso na ɔnna ɔdamoa mu bio, na mmom na wɔanyan no ama no so kɔ soro ma wakɔtra Onyankopɔn nsa nifa saa bere no. Nokwarem no, na saa Yesu no ne Kristo, Mesia a na adiyifo akyerɛw ne ho nsɛm no. Ná wɔnam Yesu Kristo so ahwie honhom kronkron agu n’akyidifo so ma enti wotumi dii nneɛma akɛse a Onyankopɔn nam ne Ba no so reyɛ no ho adanse kyerɛɛ nkurɔfo a na wofi aman pii mu no ntɛm ara. Ɛkaa nnipa pii a wotiee Petro saa da no koma kɛse ma wɔn mu bɛyɛ 3,000 ma wɔbɔɔ wɔn asu sɛ Kristo asuafo. (Asomafo no Nnwuma 2:14-42) Sɛ na wowɔ hɔ a, anka wobɛyɛ w’ade ntɛm so saa?

7. (a) Sɛ na wowɔ Antiokia bere a ɔsomafo Paulo kaa asɛm wɔ hɔ no a, dɛn na anka wubetumi asua? (b) Dɛn nti na nnipakuw no mufo bi bɛyɛɛ gyidifo, na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ afoforo?

7 Sɛ na woka wɔn a na wɔwɔ hɔ bere a ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛe wɔ Antiokia a ɛwɔ Romafo mantam a ɛne Galatia no ho a, dɛn bio na anka wubetumi asua wɔ Yesu ho? Anka wobɛte sɛ Paulo reka sɛ na adiyifo no aka Yesu a Yerusalem atumfoɔ buu no kumfɔ no ho asɛm asie. Anka wobɛte adanse a ɛkyerɛ sɛ nnipa bi de wɔn ani huu Yesu wusɔre no ho asɛm nso. Akyinnye biara nni ho sɛ anka w’ani begye Paulo nkyerɛkyerɛmu a ese Yehowa nam Yesu a onyanee no fii awufo mu no so dii adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no ho no. Na anka wo koma ani rennye, bere a wuhui sɛ bɔne fafiri a wɔnam Yesu mu gyidi so nya no betumi ama obi anya daa nkwa no? (Asomafo no Nnwuma 13:16-41, 46, 47; Romafo 1:4) Bere a Antiokiafo no bi huu mfaso a ɛwɔ nsɛm a na wɔretie no so no, wɔbɛyɛɛ asuafo, na wɔde nnamyɛ kaa asɛmpa no kyerɛɛ afoforo, ɛwom mpo sɛ na saa a wɔbɛyɛ no betumi ama wɔahyia ɔtaa a emu yɛ den de.—Asomafo no Nnwuma 13:42, 43, 48-52; 14:1-7, 21-23.

8. Sɛ na wowɔ Efeso asafo no nhyiam ase bere a wɔn nsa kaa Paulo krataa a ɔde kɔmaa wɔn no a, dɛn na anka wubetumi asua?

8 Sɛ na anka wowɔ Kristofo asafo a na ɛwɔ Efeso a ɛwɔ Romafo mantam Asia no mu, bere a wɔn nsa kaa Paulo krataa a efi honhom mu a ɔde kɔmaa asuafo no nso ɛ? Dɛn na anka wubetumi asua wɔ dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no ho? Wɔ saa krataa no mu no, Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔnam Kristo so aka ɔsoro ne asase so nneɛma nyinaa abata Onyankopɔn ho bio, na Onyankopɔn akyɛde a ɔnam Kristo so de ma no mu atrɛw akodu nnipa a wofi amanaman nyinaa mu nkyɛn, na wɔmaa nnipa bi a na wɔawu wɔ Onyankopɔn ani so, esiane wɔn nneyɛe bɔne nti no nam Kristo mu gyidi so nyaa nkwa, na ɛdenam saa nsiesiei yi so no, etumi yɛɛ yiye bio sɛ nnipa bɛyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn.—Efesofo 1:1, 5-10; 2:4, 5, 11-13.

9. (a) Dɛn na ebetumi aboa wo ma woahu sɛ ebia w’ankasa wote nea Paulo kyerɛw kɔmaa Efesofo no ase? (b) Ɔkwan bɛn so na nea na anuanom a wɔwɔ Romafo amansin a Petro bobɔɔ din no resua wɔ Yesu ho no kaa wɔn?

9 So anka eyinom nyinaa ho anisɔ bɛma ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn Ba no ayɛ kɛse? Anka saa ɔdɔ no benya wo da biara da asetra so tumi, sɛnea ɔsomafo Paulo hyɛɛ ho nkuran wɔ Efesofo ti 4 kosi 6 no? Anka anisɔ a ɛte saa bɛka wo ma woahwehwɛ nneɛma a w’ankasa de di kan wɔ w’asetram no mu yiye? So anka wubefi ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn, ne anisɔ a wowɔ ma ne Ba no mu ayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia na ama Onyankopɔn apɛde ayɛ w’asetram ade titiriw ankasa? (Efesofo 5:15-17) Ɛdefa sɛnea nneɛma a na Kristofo a wɔwɔ Asia, Galatia, ne Romafo amansin foforo mu resua no kanyan wɔn ho no, ɔsomafo Petro kyerɛw wɔn sɛ: “Ɛwom sɛ moanhu no [Yesu Kristo] da de, nanso modɔ no. . . . Mugye no di, na mudi ahurusi kɛse a enni kabea a anuonyam wom.”—1 Petro 1:8, NW.

10. (a) Dɛn na akyinnye biara nni ho sɛ ɛmaa tete Kristofo no nyaa Yesu ho dɔ? (b) Yɛn nso yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mu mfaso?

10 Akyinnye biara nni ho sɛ na biribi foforo wɔ hɔ a ɛmaa saa tete Kristofo a Petro kasa kyerɛɛ wɔn no nyaa Onyankopɔn Ba no ho dɔ. Na ɛno ne dɛn? Anyɛ yiye koraa no, ebeduu bere a Petro kyerɛw ne krataa a edi kan no, na wɔde Nsɛmpa abien—Mateo ne Luka—rekyinkyin dedaw. Ná afeha a edi kan no mu Kristofo a wɔanhu Yesu da no betumi akenkan saa Asɛmpa kyerɛwtohɔ ahorow yi. Yɛn nso yebetumi ayɛ saa. Nsɛmpa no nyɛ kyerɛwtohɔ ahorow a egyina nnipa nsusuwii so; ɛwɔ ahwehwɛde ahorow nyinaa a ɛma ɛyɛ abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a wotumi de ho to so sen biara. Yehu nneɛma pii a ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn Ba no yɛ kɛse wɔ saa kyerɛwtohɔ ahorow a efi honhom mu no mu.

Honhom a Ɔdaa no Adi

11, 12. Dɛn na ɛwɔ honhom a Yesu yii no adi kyerɛɛ nnipa foforo no mu a ɛma wodɔ no?

11 Yesua sɛnea Yesu ne nnipa foforo dii nsɛm no wɔ n’asetra ho kyerɛwtohɔ no mu. Honhom a ɔdaa no adi ka nnipa koma mprempren mpo, bɛboro mfe 1,960 wɔ ne wu akyi no. Bɔne nkɛntɛnso ayɛ onipa biara a ɔte ase so adesoa. Nnipa ɔpepem pii na wɔresisi wɔn, na wɔne nyarewa redi ako, anaa esiane nneɛma foforo nti wɔn abasam atu koraa. Yesu ka kyerɛ saafo no nyinaa sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.

12 Yesu fi nkate mu susuw ahiafo ho, wɔn a na ɔkɔm de wɔn, ne wɔn a na wɔredi awerɛhow. Bere a nsɛm tebea maa ɛho behiae no, ɔmaa nnipakuw akɛse aduan mpo anwonwakwan so. (Luka 9:12-17) Ogyee wɔn fii atetesɛm a ɛma nnipa yɛ nkoa no mu. Ɔhyɛɛ wɔn gyidi den nso wɔ Onyankopɔn nsiesiei a ɔnam so de amammui ne sikasɛm mu nhyɛso bɛba awiei no mu. Yesu anhom wɔn a na wɔhyɛ wɔn so dedaw no so. Ofii ayamye ne ɔdɔ mu de ahokokwaw maa ahobrɛasefo so. Ɔmaa wɔn a na wɔte sɛ demmire a abukaw ato so ne wɔn a na wɔte sɛ kanea ntamaa a ɛreyɛ adum no ɔhome. Ɛdefi saa bere no besi nnɛ no, ne din ma nkurɔfo nya anidaso, wɔ wɔn a wonhuu no da mpo mu.—Mateo 12:15-21; 15:3-10.

13. Dɛn nti na ɔkwan a Yesu faa so ne nnebɔneyɛfo dii nsɛm no ma nkurɔfo twe bɛn no?

13 Yesu ani annye nnebɔne ho, nanso ɔdaa ntease adi wɔ nnipa a na wɔayɛ mfomso ahorow wɔ wɔn asetram, na wɔkyerɛɛ ahonu na wɔdan kɔɔ ne nkyɛn kɔhwehwɛɛ mmoa no ho. (Luka 7:36-50) Ná ɔtaa ne nnipa a wobu wɔn animtiaa wɔ ɔman no mu didi, sɛ na ɔte nka sɛ saa a ɔbɛyɛ no bɛma wanya hokwan bi de aboa wɔn wɔ honhom fam a. (Mateo 9:9-13) Esiane honhom a ɔdaa no adi no nti, nnipa ɔpepem pii a na wɔwɔ tebea horow a ɛte saa mu a na wonhuu Yesu da no huu no nyaa ne mu gyidi.

14. Dɛn na ɛma w’ani gye ɔkwan a Yesu faa so boaa nnipa a na wɔyare, wɔadi dɛm, anaa wɔredi awerɛhow no ho?

14 Ɔkwan a Yesu faa so ne nkurɔfo a na wɔyare anaa wɔadi dɛm dii nsɛm no di ne dɔ ne ne mmɔborohunu ne gye a obetumi agye wɔn no ho adanse. Enti, bere a ɔbarima bi a kwata ayɛ no kɔɔ ne nkyɛn kɔhwehwɛɛ mmoa no, ne tebea no amma Yesu antwe ne ho. Na wanka ankyerɛ ɔbarima no sɛ ɔyɛ no mmɔbɔ de, nanso ne yare no ayɛ kɛse dodo ma enti ontumi nyɛ biribiara mfa mmoa no. Ɔbarima no srɛe sɛ: “Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.” Yesu teɛɛ ne nsa kaa kwatani no ntɛm ara kae sɛ: “Mepɛ, wo ho mfi!” (Mateo 8:2, 3) Bere foforo no, ɔbea bi hwehwɛɛ ayaresa denam n’atade ano nnwow a ɔde ne nsa kae so. Yesu ne no dii no ayamye ne awerɛkyekye mu. (Luka 8:43-48) Na bere a ohyiaa ayifo bi a wɔato santen no, ne yam hyehyee no maa okunafo a na ne ba a odi no koro awu a na ɔredi awerɛhow no. Ɛwom sɛ Yesu amfa tumi a Onyankopɔn de ama no no amma ne ho aduan anwonwakwan so de, nanso ɔde dii dwuma de nyanee owufo no de no maa ne maame a wantwentwɛn ne nan ase.—Luka 4:2-4; 7:11-16.

15. Ɔkwan bɛn so na Yesu ho nsɛm a wokenkan na wususuw ho no nya wo so tumi?

15 Bere a yɛkenkan kyerɛwtohɔ ahorow yi na yedwennwen honhom a Yesu daa no adi ho no, yenya ɔdɔ kɛse ma onii a ɔde ne desani nkwa too hɔ na ama yɛatumi atra ase daa no. Ɛwom mpo sɛ yenhuu no da de, nanso yɛtwe bɛn no, na yɛpɛ sɛ yedi n’anammɔn akyi.—1 Petro 2:21.

Ahobrɛase Mu a Ofi De Ne Ho Too Onyankopɔn So

16. Hena na Yesu de n’adwene sii ne so titiriw, na dɛn na ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?

16 Nea ɛsen biara no, Yesu de n’adwene ne yɛn de sii ne soro Agya, Yehowa Nyankopɔn, so. Ɔkyerɛɛ Mmara no mu ahyɛde a ɛsen biara no, na ɔkae sɛ: “Dɔ Awurade [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu.” (Mateo 22:36, 37) Otuu n’asuafo fo sɛ: “Munnya Onyankopɔn mu gyidi!” (Marko 11:22) Bere a wohyiaa wɔn gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Mommɔ mpae.”—Mateo 26:41.

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ahobrɛase mu a ofi de ne ho to N’agya so no adi? (b) Dɛn nti na nea ɔyɛe no ho hia yɛn kɛse?

17 Yesu ankasa yɛɛ nhwɛso. Ná mpaebɔ yɛ n’asetra fã titiriw. (Mateo 14:23; Luka 9:28; 18:1) Bere a bere dui sɛ Yesu bɛpaw n’asomafo no, wamfa ne ho anto n’ankasa nsusuwii so, ɛwom sɛ bere bi na abɔfo a wɔwɔ soro no nyinaa wɔ ne hwɛ ase de. Ofi ahobrɛase mu bɔɔ N’agya mpae anadwo mũ no nyinaa. (Luka 6:12, 13) Bere a na wɔrebɛkyere Yesu akokum no yayaaya no, ɔdan kɔɔ N’agya nkyɛn bio bɔɔ mpae anibere so. Wamfa no sɛ onim Satan yiye ma enti ɛnyɛ den sɛ obetumi adi nea ɔbɔnefo no betumi de aba biara ho dwuma. Yesu huu sɛnea na ɛho hia sɛ ɔrenni nkogu. Hwɛ sɛnea anka saa nkogudi no bɛyɛ ahohorabɔ ama N’agya! Na adehwere bɛn na anka ɛbɛyɛ ama adesamma a na wɔn nkwa ho anidaso gyina afɔre a na Yesu rebɛbɔ no so sɛɛ yi!

18 Yesu bɔɔ mpae ntoatoaso—bere a na ɔne n’asomafo wɔ abansoro bi so wɔ Yerusalem no, na ɔyɛɛ saa anibere so kɛse mpo wɔ Getsemane turo no mu. (Mateo 26:36-44; Yohane 17:1-26; Hebrifo 5:7) Bere a na ɔrehu amane wɔ asɛndua so no, wanyaw wɔn a woyii no ahi no. Mmom no, ɔbɔɔ mpae maa wɔn a na wonnim nea wɔreyɛ no sɛ: “Agya fa firi wɔn, na wonnim nea wɔyɛ!” (Luka 23:34) Ɔkɔɔ so de n’adwene sii N’agya so, “na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.” Na nsɛm a etwa to a ɔkae wɔ asɛndua no so no yɛ mpae a ɔbɔɔ N’agya. (1 Petro 2:23; Luka 23:46) Hwɛ aseda a yɛde ma sɛ, esiane Yesu ho a ɔde too Yehowa so koraa nti, owiee adwuma a na N’agya de ahyɛ ne nsa no nokwaredi mu! Ɛwom sɛ yenhuu Yesu Kristo da de, nanso hwɛ sɛnea yɛdɔ no yiye wɔ nea ɔyɛ maa yɛn no ho!

Ɔdɔ a Yebeyi no Adi Akyerɛ No

19. Sɛ yɛdɔ Yesu a, nneyɛe bɛn na yɛbɛkwati sɛ ɛyɛ nea ɛmfata koraa?

19 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ ɔdɔ a yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ no nyɛ nsɛm a yɛde yɛn ano ka kɛkɛ? Esiane sɛ Yesu Agya a ɔdɔɔ no no baraa ahoni a yɛbɛyɛ na afei yɛasom no no nti, ɛda adi sɛ ohoni a ɛte saa a ɛsa kɔnmuadeɛ so a yɛde begu yɛn kɔn mu anaasɛ yɛbɛsoa afa mmɔnten so no renhyɛ Yesu anuonyam. (Exodus 20:4, 5; Yohane 4:24) Sɛ yɛkɔ asɔre, na sɛ yɛyɛ saa mpɛn pii dapɛn biako mu mpo, na sɛ yɛamfa Yesu nkyerɛkyerɛ ammɔ yɛn bra wɔ dapɛn no nyinaa mu a, na yɛrenhyɛ no anuonyam. Yesu kae sɛ: “Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’agya bɛdɔ no.”—Yohane 14:21, 23; 15:10.

20. Dɛn ne nneɛma bi a ɛbɛkyerɛ sɛ ebia yɛdɔ Yesu nokware mu?

20 Ahyɛde bɛn na ɔde maa yɛn? Nea edi kan koraa ne sɛ yɛbɛsom nokware Nyankopɔn, Yehowa, no nkutoo. (Mateo 4:10; Yohane 17:3) Esiane dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu nti, ɔkyerɛkyerɛe nso sɛ ɛsɛ sɛ yenya ne mu gyidi sɛ Onyankopɔn Ba, na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ saa denam nnwuma bɔne a yɛbɛpo ne ne hann mu a yɛbɛnantew so. (Yohane 3:16-21) Otuu yɛn fo sɛ yɛnhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na yɛmfa nni yɛn honam fam ahiade anim. (Mateo 6:31-33) Ɔhyɛe sɛ yɛnnodɔ yɛn ho sɛnea ɔdɔɔ yɛn no. (Yohane 13:34; 1 Petro 1:22) Na ɔmaa yɛn ahyɛde sɛ yɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ho adansefo, sɛnea ɔyɛe no. (Mateo 24:14; 28:19, 20; Adiyisɛm 3:14) Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔpepem anum a wɔwɔ hɔ nnɛ no nhuu Yesu da de, nanso nokware dɔ ka wɔn ma wodi saa ahyɛde yi so. Hu a wonhuu Yesu da no mmaa wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛyɛ osetie no mu ngowee ɔkwan biara so. Wɔkae nea wɔn Awurade ka kyerɛɛ ɔsomafo Toma no: “Sɛ woahu me nti na woagye adi? Nhyira ne wɔn a wonhui na wogye di.”—Yohane 20:29.

21. Yɛbɛyɛ dɛn anya mfaso wɔ Kristo wu Nkaedi a wɔbɛyɛ no Kwasida, March 23, afe yi no ase a yɛbɛkɔ no mu?

21 Yɛwɔ anidaso sɛ wobɛka wɔn a wobehyiam wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow so wɔ wiase nyinaa wɔ Kwasida, March 23, 1997, no ho de akae Onyankopɔn dɔ a ɛsen biara a wayi no adi akyerɛ adesamma, ne ne Ba nokwafo, Yesu Kristo, wu no. Ɛsɛ sɛ nea yɛbɛka ne nea yɛbɛyɛ saa da no ma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne Ba no mu yɛ den, na ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebedi Onyankopɔn ahyɛde so no yɛ kɛse.—1 Yohane 5:3.

Wubebua Dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔkyerɛw Petro nhoma a edi kan no kɔmaa wɔn no behuu Yesu na wɔdɔɔ no?

◻ Dɛn ne nsɛm bi a tete Kristofo no tee a w’ani gye ho?

◻ Dɛn na ɛwɔ honhom a Yesu daa no adi no mu a ɛma ɔdɔ a wowɔ ma no yɛ kɛse?

◻ Dɛn nti na ahobrɛase mu a Yesu fi de ne ho too Onyankopɔn so no ho hia yɛn kɛse?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada yɛn dɔ adi akyerɛ Yesu Kristo?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Yɛtwe bɛn Yesu, esiane honhom a Yesu daa no adi nti

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena