-
Dua Nkorabata a Ɛso Aba ne Yesu NnamfoYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
“Nkorabata biara a ɛwɔ me ho a ɛnso aba no, [m’Agya yiyi] firi hɔ, na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho na atumi aso aba pii. . . . Sɛdeɛ nkorabata no ara ntumi nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara na mo nso montumi nso aba gye sɛ motena me mu. Mene bobe no, mone nkorabata no.”—Yohane 15:2-5.
-
-
Dua Nkorabata a Ɛso Aba ne Yesu NnamfoYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔso aba pii; ɛfiri sɛ menni hɔ a, montumi nyɛ hwee.” Yesu akyidifo anokwafo yi a wɔn ne “nkorabata” no, na wɔbɛso aba pii. Aba a wɔbɛso no bi ne sɛ wɔbɛsuasua Yesu suban, wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm, na wɔahwehwɛ asuafo pii abɛka wɔn ho. Sɛ obi ne Yesu anyɛ baako na wanso aba a, dɛn na ɛbɛto no? Yesu kaa sɛ: “Sɛ obi antena me mu a, wɔtwa no twene.” Nnipa a wɔne Yesu yɛ baako no deɛ, Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mommisa biribiara a mopɛ na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.”—Yohane 15:5-7.
-