Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/07 kr. 1
  • Kɔ So ‘Sow Aba Pii’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So ‘Sow Aba Pii’
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Monkɔ So Nsow Aba Pii’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Abusuabɔ a Emu yɛ Hyew a Wonya mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Dua Nkorabata a Ɛso Aba ne Yesu Nnamfo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • ‘Hwɛ Obobe Yi So’!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 6/07 kr. 1

Kɔ So ‘Sow Aba Pii’

1 Bere a na Yesu reka nsɛm bi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, ɔde ne ho totoo nokware bobe ho, ɔde n’Agya totoo Okuafo ho, na ɔde n’akyidifo a wɔasra wɔn no totoo bobe baa a ɛsow aba ho. Bere a Yesu reka sɛnkyerɛnne kwan so Okuafo no adwuma ho asɛm no, osii sɛnea ɛho hia sɛ baa no tra bobe dua no mu so dua. (Yoh. 15:1-4) Asuade a ɛwom ne sɛ ɛsɛ sɛ obiara a ɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den no yɛ te sɛ “nokware bobe” a ɔne Yesu Kristo ho baa a ɛsow aba no. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sow “honhom no aba” ne Ahenni aba pii.—Gal. 5:22, 23; Mat. 24:14; 28:19, 20.

2 Honhom no Aba: Sɛnea yɛda honhom no aba adi no so titiriw na yebetumi agyina ahu yɛn honhom fam nkɔso. So woyere wo ho sɛ wobɛsow Onyankopɔn honhom no aba denam Onyankopɔn Asɛm a wubesua daa na woadwennwen ho no so? (Filip. 1:9-11) Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ mpae asrɛ honhom kronkron a ebetumi ama woanya su horow a ɛhyɛ Yehowa anuonyam na ɛbɛboa wo ma woakɔ so anya honhom fam nkɔso no.—Luka 11:13; Yoh. 13:35.

3 Honhom no aba a yɛbɛsow no nso bɛboa yɛn ma yɛayɛ asomfo a wɔyɛ nnam kɛse. Sɛ nhwɛso no, ɔdɔ ne gyidi kanyan yɛn ma sɛ yenni adagyew mpo a, yɛhwehwɛ bere de kɔ asɛnka daa. Su horow te sɛ asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, odwo, ne ahosodi boa yɛn ma yɛne asɔretiafo di wɔ ɔkwan a ɛteɛ so. Anigye ma yetumi nya akomatɔyam wɔ yɛn som adwuma no mu bere a nkurɔfo ntie yɛn mpo no.

4 Ahenni Aba: Yɛpɛ sɛ yɛsow Ahenni aba nso. Nea ɛka ho ne sɛ yɛbɛbɔ “ayeyi afɔre daa, a ɛne anofafa aba a wɔde bɔ [Yehowa] din wɔ baguam.” (Heb. 13:15) Yɛyɛ eyi denam nnam a yɛde bɔ asɛmpa no dawuru a yɛmpa abaw no so. So worebɔ mmɔden sɛ wobɛsow Ahenni aba denam wo som adwuma a wobɛma atu mpɔn no so?

5 Yesu kyerɛe sɛ n’akyidifo anokwafo no mu biara bɛsow ne so ne n’aba. (Mat. 13:23) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo ho na mmom ɛsɛ sɛ yɛde nea eye sen biara ma Yehowa. (Gal. 6:4) Onyankopɔn Asɛm a yɛde bɛhwehwɛ yɛn nsɛm tebea mu no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so “asow aba pii” de ahyɛ Yehowa anuonyam.—Yoh. 15:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena