Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 9/15 kr. 21-26
  • Dɛn Na Yehowa Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ Nnɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Yehowa Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ Nnɛ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yehowa Hwehwɛ
  • Sɛnea Ɔdɔ Ho Hia
  • Sɛnea Yɛda Yɛn Dɔ Adi
  • Nea Enti a Ebetumi Ayɛ sɛ Nea Ɛyɛ Den
  • So Wobɛkyerɛ Yesu Dɔ No Ho Anisɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɔdɔ Mmara A Ɛwɔ Koma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Sɛnea Wɔda Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Wɔ Kristofo Asafo No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • So Woka Wɔn A Onyankopɔn Dɔ Wɔn No Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 9/15 kr. 21-26

Dɛn Na Yehowa Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ Nnɛ?

“Ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!”—MATEO 17:5.

1. Bere bɛn na Mmara no wiee n’adwuma?

YEHOWA maa Israel man no Mmara a ɛwɔ afã pii. Ɔsomafo Paulo kyerɛw ho asɛm sɛ: “Na [ɛyɛ] ɔhonam nsiesiei nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkodu ɔsesɛw bere no.” (Hebrifo 9:10) Bere a Mmara no maa Israelfo nkaefo bi gyee Yesu toom sɛ Mesia, anaa Kristo no, na ewiee n’adwuma. Enti, Paulo kae sɛ: “Kristo ne mmara no awiei.”—Romafo 10:4; Galatifo 3:19-25; 4:4, 5.

2. Henanom na na wɔwɔ Mmara no ase, na bere bɛn na woyii wɔn fii ase?

2 So eyi kyerɛ sɛ Mmara no nyɛ adwuma wɔ yɛn so nnɛ? Nokwarem no, adesamma mu ɔfã kɛse no ara amma Mmara no ase da, sɛnea odwontofo no kyerɛkyerɛɛ mu no: “[Yehowa yi] n’asɛm kyerɛ Yakob, ɔde n’ahyɛde ne n’atemmude kyerɛ Israel. Ɔnyɛɛ ɔman biara saa ɛ, na n’atemmude no, wonnim.” (Dwom 147:19, 20) Bere a Onyankopɔn nam Yesu afɔrebɔ so de apam foforo no sii hɔ no, na ɛnyɛ Israel man no asɛyɛde bio mpo sɛ wobedi Mmara no so. (Galatifo 3:13; Efesofo 2:15; Kolosefo 2:13, 14, 16) Afei, sɛ Mmara no nyɛ adwuma bio a, na dɛn na Yehowa hwehwɛ fi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no nnɛ no hɔ?

Nea Yehowa Hwehwɛ

3, 4. (a) Dɛn titiriw na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ nnɛ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ?

3 Wɔ Yesu som adwuma no afe a edi akyiri mu no, ɔne n’asomafo Petro, Yakobo, ne Yohane kɔɔ bepɔw tenten bi so, ɛbɛyɛ sɛ Bepɔw Hermon atifi. Ɛhɔ no, wohuu Yesu anuonyam kɛse wɔ nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu mu, na wɔtee Onyankopɔn ankasa nne sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!” (Mateo 17:1-5) Ɛno ne nea Yehowa rehwehwɛ fi yɛn hɔ titiriw—sɛ́ yebetie ne Ba no na yɛadi ne nhwɛso ne ne nkyerɛkyerɛ akyi. (Mateo 16:24) Enti ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.”—1 Petro 2:21.

4 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ? Efisɛ, sɛ yesuasua no a, na yɛresuasua Yehowa Nyankopɔn. Yesu nim Agya no yiye, efisɛ ɔne no traa mfe ɔpepem pii a yennim ano wɔ soro ansa na ɔreba asase so. (Mmebusɛm 8:22-31; Yohane 8:23; 17:5; Kolosefo 1:15-17) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔde nokwaredi gyinaa N’agya ananmu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.” Nokwarem no, Yesu suasuaa Yehowa pɛpɛɛpɛ ma otumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu agya no.”—Yohane 8:28; 14:9.

5. Mmara bɛn na Kristofo wɔ ase, na bere bɛn na saa mmara no fii ase yɛɛ adwuma?

5 Yesu a yebetie no na yɛasuasua no no kyerɛ dɛn? So ɛkyerɛ sɛ yɛhyɛ mmara bi ase? Paulo kyerɛwee sɛ: “Menhyɛ mmara ase.” Na ɔreka “Apam dedaw no,” Mmara apam a wɔne Israel yɛe no ho asɛm. Paulo gye toom sɛ ɔwɔ “Kristo mmara mu.” (1 Korintofo 9:20, 21; 2 Korintofo 3:14) Bere a Mmara apam dedaw no baa awiei no, “apam foforo” a egyina “Kristo mmara” so no bɛyɛɛ adwuma ma enti ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa di so.—Luka 22:20; Galatifo 6:2; Hebrifo 8:7-13.

6. Yebetumi aka “Kristo mmara” no ho asɛm dɛn, na ɔkwan bɛn so na yedi so?

6 Yehowa amma wɔankyerɛw “Kristo mmara” no nnidiso nnidiso, a wɔahyehyɛ no afã horow, sɛnea wɔyɛɛ Mmara apam dedaw no. Saa mmara foforo a wɔyɛ maa Kristo akyidifo yi nyɛ mmara bebree bi a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biara. Nanso, Yehowa koraa ne Ba no asetra ne ne nkyerɛkyerɛ ho kyerɛwtohɔ anan a ɛka nsɛm kɔ akyiri no so wɔ N’asɛm mu. Afei nso, Onyankopɔn de honhom kaa Yesu akyidifo a wodi kan no bi ma wɔkyerɛw akwankyerɛ ahorow a ɛfa ankorankoro nneyɛe, asafo mu nsɛm, abusua mu abrabɔ ne nneɛma foforo ho too hɔ. (1 Korintofo 6:18; 14:26-35; Efesofo 5:21-33; Hebrifo 10:24, 25) Sɛ yɛma yɛn asetra ne Yesu Kristo nhwɛso ne ne nkyerɛkyerɛ hyia, na yetie afeha a edi kan no mu Bible akyerɛwfo a wɔde honhom kaa wɔn no afotu a, na yɛredi “Kristo mmara” no so. Eyi ne nea Yehowa hwehwɛ fi n’asomfo hɔ nnɛ.

Sɛnea Ɔdɔ Ho Hia

7. Ɔkwan bɛn so na Yesu sii asɛntitiriw a ɛwɔ ne mmara no mu so dua bere a ɔne n’asomafo no hyiae wɔ Twam afahyɛ a etwa to ase no?

7 Sɛ na ɔdɔ ho hia wɔ Mmara no ase a, ɛne Kristo mmara no nnyinaso, anaa emu ade titiriw. Yesu sii nokwasɛm yi so dua bere a ɔne n’asomafo no hyiae sɛ wɔrebedi afe 33 Y.B. Twam afahyɛ no. Sɛnea ɔsomafo Yohane asɛm a wɔabɔ no mua a ɛfa nea ɛkɔɔ so saa anadwo no ho kyerɛ no, Yesu twee adwene sii ɔdɔ so mpɛn 28 wɔ ne nsɛm a ɛka koma a ɔkae no mu. Eyi maa n’asomafo no huu ade a ɛho hia wɔ ne mmara no mu. Nea ehia titiriw no, Yohane fii nea ɛkɔɔ so saa anwummere titiriw no ho asɛm a ɔkyerɛwee no ase sɛ: “Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wi yi ase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.”—Yohane 13:1.

8. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na akasakasa bi rekɔ so wɔ asomafo no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu maa n’asomafo no ahobrɛase ho asuade?

8 Ɛwom sɛ na Yesu abɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa n’asomafo no ma wɔadi tumi ne dibea a na wɔpɛ ma ɛtra so no so a na ɛnyɛɛ yiye de, nanso ɔdɔɔ wɔn. Asram bi ansa na wɔreba Yerusalem no, ‘na wɔadwennwen ho sɛ hena na ɔyɛ wɔn mu ɔkɛse.’ Na aka kakra ma wɔaba kurow no mu abedi Twam no, dibea ho akasakasa no san sɔree bio. (Marko 9:33-37; 10:35-45) Asɛm a esii bere a asomafo no hyɛnee abansoro dan mu sɛ wɔrekodi wɔn Twam afahyɛ a etwa to a wɔbɛbom adi no daa no adi sɛ na ɔhaw yi yɛ nea ɛrekɔ so wɔ wɔn mu. Saa bere no, wɔn mu biara amfa hokwan a na ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛda ahɔhoyɛ su adi ahohoro afoforo nan ho no anni dwuma. Nea ɛbɛyɛ na Yesu ama wɔn ahobrɛase ho asuade no, ɔno ankasa hohoroo wɔn nan ho.—Yohane 13:2-15; 1 Timoteo 5:9, 10.

9. Ɔkwan bɛn so na Yesu dii asɛm a esii wɔ Twam afahyɛ a etwa to no akyi no ho dwuma?

9 Ɛmfa ho saa asuade no, hyɛ nea ɛkɔɔ so bio bere a wodii Twam no wiei na Yesu de ne wu a na abɛn no ho Nkaedi sii hɔ no nsow. Luka Asɛmpa no ka sɛ: “Akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ wɔn mu hena na wobebu no kɛse.” Sɛ anka Yesu bo befuw asomafo no na wakasa atia wɔn no, ofii ayamye mu tuu wɔn fo wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ soronko wɔ wiase sodifo a wɔpere tumidi ho no ho. (Luka 22:24-27) Afei ɔde nea yebetumi afrɛ no Kristo mmara no tweatibo mae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!”—Yohane 13:34.

10. Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’asuafo no, na na ɛfa dɛn ho?

10 Akyiri yi, saa anwummere no, Yesu daa baabi a ɛsɛ sɛ ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de no kodu adi. Ɔkae sɛ: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:12, 13) So na Yesu reka sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo nya ɔpɛ sɛ wobewu ama wɔn mfɛfo gyidifo, sɛ tebea no hwehwɛ sɛ wɔyɛ eyi a? Saa na Yohane a na ɔwɔ afahyɛ yi ase no tee ase, efisɛ ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi mu na yɛahu ɔdɔ no, sɛ ɔno [Yesu Kristo] de ne kra too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom.”—1 Yohane 3:16.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na yewie Kristo mmara no so di? (b) Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe?

11 Enti afei, ɛnyɛ Kristo ho asɛm a yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo nko so na yɛnam wie ne mmara no so di. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛtra ase na yɛyɛ yɛn ade sɛnea Yesu yɛe no. Ɛyɛ nokware sɛ, Yesu paw nsɛm a ɛyɛ dɛ na ɔde dii dwuma wɔ ne kasa ahorow mu. Nanso, ɔnam ne nhwɛso so nso kyerɛkyerɛe. Ɛwom mpo sɛ na Yesu atra soro sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi de, nanso ɔfaa hokwan a ɛne sɛ ɔbɛyɛ N’agya apɛde wɔ asase so no too ne ho so, na wakyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Na odwo, ne yam ye, na na osusuw afoforo ho, na ɔboaa wɔn a na wɔasoa wɔn nnosoa na wɔhyɛ wɔn so no. (Mateo 11:28-30; 20:28; Filipifo 2:5-8; 1 Yohane 3:8) Na Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔnnodɔ wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no.

12. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristo mmara no mmrɛ ɔdɔ a ɛsɛ sɛ yenya ma Yehowa no ase?

12 Afã bɛn na ɔdɔ a yebenya ama Yehowa—Mmara no mu kɛse no—wɔ wɔ Kristo mmara no mu? (Mateo 22:37, 38; Galatifo 6:2) So ɛho nhia papa? Dabida! Ɔdɔ a yebenya ama Yehowa ne yɛn mfɛfo Kristofo no wɔ abusuabɔ a yentumi ntetew mu koraa. Obi ntumi nnɔ Yehowa ankasa bere a ɔnnɔ ne nua nso, efisɛ ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ?”—1 Yohane 4:20; fa toto 1 Yohane 3:17, 18 ho.

13. Dɛn na osetie a asuafo no yɛ maa Yesu ahyɛde foforo no de bae?

13 Bere a Yesu maa n’asuafo ahyɛde foforo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no, ɔkaa nkɛntɛnso a na eyi benya ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Sɛnea Tertullian a ɔtraa ase bɛboro Yesu wu akyi mfirihyia ɔha kyerɛ no, onuadɔ a tete Kristofo daa no adi no nyaa nkɛntɛnso a ɛte saa ankasa. Tertullian kyerɛ sɛ na wɔn a wɔnyɛ Kristofo no ka Kristo akyidifo no ho asɛm sɛ: ‘Hwɛ sɛnea wɔdɔ wɔn ho ne sɛnea wɔayɛ krado sɛ wobewu ama wɔn ho.’ Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So meda ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛ mfɛfo Kristofo ma ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu asuafo no mu biako?’

Sɛnea Yɛda Yɛn Dɔ Adi

14, 15. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yebedi Kristo mmara so, nanso dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa?

14 Ɛho hia sɛ Yehowa asomfo da ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de no adi. Nanso, ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛdɔ mfɛfo Kristofo a wɔda pɛsɛmenkominya su adi? Wiɛ, sɛnea yɛahu no, asomafo no mpo gyee akyinnye, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn ankasa yiyedi. (Mateo 20:20-24) Ná akasakasa nso wɔ Galatifo mu. Bere a Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ yɔnkodɔ ne Mmara no so di no, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Na sɛ mokeka, na momemmene mo ho a, monhwɛ yiye, na moanhyehyew mo ho.” Bere a Paulo kyerɛɛ nsonsonoe a ɛwɔ ɔhonam nnwuma ne Onyankopɔn honhom aba no mu wiei no, ɔde afotu yi kaa ho sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyanhunu nnyiyi yɛn ho abufuw nntentan yɛn ho.” Afei ɔsomafo no hyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Munnyigye mo ho ade a ɛyɛ mo duru nsoa, na saa na mode bewie Kristo mmara so di.”—Galatifo 5:14–6:2.

15 Sɛ Yehowa ka sɛ yenni Kristo mmara so a, so na ɔrehwehwɛ pii afi yɛn hɔ? Ɛwom sɛ ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛda ayamye adi akyerɛ wɔn a sɛnea yɛbɛka no no, wɔaka nsɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ yɛn na wɔapira yɛn wɔ nkate fam no de, nanso wɔahyɛ yɛn sɛ ‘yensua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na yɛnnantew ɔdɔ mu.’ (Efesofo 5:1, 2) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ Onyankopɔn a ‘oyi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, bere a yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo na, ɔmaa Kristo wu maa yɛn’ no nhwɛso no. (Romafo 5:8) Sɛ yedi kan boa afoforo, a wɔn a wɔne yɛn anni no yiye ka ho a, yebetumi anya abotɔyam, efisɛ yebehu sɛ yɛresuasua Onyankopɔn na yɛredi Kristo mmara so.

16. Ɔkwan bɛn so na yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne Kristo no adi?

16 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, yɛnam yɛn nneyɛe so na ɛda yɛn dɔ adi, na ɛnyɛ nea yɛka so. Ɛyɛɛ den maa Yesu mpo sɛ obegye Onyankopɔn apɛde atom bere bi esiane nea na ɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ nti. Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ.” Nanso, ɔde kaa ho ntɛm ara sɛ: “Nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ.” (Luka 22:42) Ɛmfa ho amane a Yesu hui nyinaa akyi no, ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde. (Hebrifo 5:7, 8) Osetie yɛ ɔdɔ a yɛwɔ ho adanse, na ɛda no adi sɛ yegye Onyankopɔn kwan tom sɛ ɛno na eye. Bible ka sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 5:3) Na Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Sɛ modɔ me a, munni m’ahyɛde so!”—Yohane 14:15.

17. Ahyɛde titiriw bɛn na Yesu de maa n’akyidifo no, na yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛfa yɛn ho nnɛ?

17 Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho akyi no, ahyɛde titiriw bɛn na ɔde maa wɔn? Ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ asɛnka adwuma a na watete wɔn sɛ wɔnyɛ no. Petro kae sɛ: “Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse.” (Asomafo no Nnwuma 10:42) Na Yesu ahyɛ da aka sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8) Yesu daa no adi sɛ akwankyerɛ a ɛte saa no bɛfa n’akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ, wɔ “awiei bere” yi mu nso ho efisɛ ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Daniel 12:4; Mateo 24:14) Nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn apɛde sɛ yɛbɛka asɛm no. Nanso, ebia ebinom besusuw sɛ ka a Onyankopɔn ka sɛ yɛnyɛ saa adwuma yi no kyerɛ sɛ ɔhwehwɛ pii fi yɛn hɔ. Nanso, ɛte saa ankasa?

Nea Enti a Ebetumi Ayɛ sɛ Nea Ɛyɛ Den

18. Sɛ yehu amane wɔ ade a Yehowa ka sɛ yɛnyɛ ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

18 Sɛnea yɛahu no, Yehowa ahwehwɛ sɛ nkurɔfo di ahwehwɛde ahorow ho dwuma wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Na sɛnea nea wɔkae sɛ wɔnyɛ no agu ahorow no, saa ara na sɔhwɛ ahorow a wɔahyia no nso te. Onyankopɔn Dɔba no hyiaa sɔhwɛ a ɛyɛ den sen biara, na awiei koraa no, wokum no wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw sen biara so esiane nea Onyankopɔn hwehwɛ a ɔyɛe nti. Nanso sɛ yehu amane wɔ nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ a yɛyɛ ho a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔde sɔhwɛ ahorow no ba yɛn so. (Yohane 15:18-20; Yakobo 1:13-15) Satan atuatew na ɛde bɔne, amanehunu, ne owu bae, na ɔno na wama tebea ahorow a mpɛn pii no ɛma ɛyɛ den yiye sɛ Yehowa asomfo bɛyɛ nea Yehowa hwehwɛ fi wɔn hɔ no aba.—Hiob 1:6-19; 2:1-8.

19. Dɛn nti na ɛyɛ hokwan sɛ yɛbɛyɛ nea Onyankopɔn nam ne Ba no so aka sɛ yɛnyɛ no?

19 Yehowa nam ne Ba no so aka sɛ, wɔ awiei bere yi mu no, N’asomfo mmɔ no dawuru wɔ wiase nyinaa sɛ Ahenni nniso no ne adesamma amanehunu nyinaa ano aduru koro pɛ. Onyankopɔn nniso yi beyi ɔhaw ahorow nyinaa afi asase so—ɔko, nsɛmmɔnedi, ohia, mpanyinyɛ, yare, ne owu. Ahenni no nso na ɛde asase so paradise a anuonyam wom, a emu na wobenyan awufo no, bɛba. (Mateo 6:9, 10; Luka 23:43; Asomafo no Nnwuma 24:15; Adiyisɛm 21:3, 4) Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛbɛka nneɛma a ɛte saa ho asɛmpa no akyerɛ! Ɛnde, ɛda adi sɛ asɛm biara nni nea Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ no ho. Yehyia ɔsɔretia, nanso Satan Ɔbonsam ne ne wiase no na ɛde ba yɛn so.

20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina sɔhwɛ biara a Ɔbonsam de ba no ano?

20 Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina sɔhwɛ biara a Satan de ba ano nkonimdi mu? Ɛdenam saa nsɛm yi a yɛbɛma atra yɛn adwenem no so: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) Yesu nam ɔsoro asetra a ɛyɛ dwoodwoo a ogyaw hɔ baa asase so bɛyɛɛ N’agya apɛde no so maa Yehowa nyaa Satan mpoatwa no ho mmuae. (Yesaia 53:12; Hebrifo 10:7) Sɛ́ ɔdesani no, Yesu gyinaa sɔhwɛ biara a wɔde baa ne so no ano, asɛndua so wu mpo. Sɛ yedi n’akyi sɛ yɛn Nhwɛsofo a, yɛn nso yebetumi agyina amanehunu ahorow ano, na yɛayɛ nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ no.—Hebrifo 12:1-3.

21. Wote nka dɛn wɔ ɔdɔ a Yehowa ne ne Ba no ayi no adi akyerɛ no ho?

21 Ɔdɔ bɛn na Onyankopɔn ne ne Ba no ayi no adi akyerɛ yɛn sɛɛ yi! Esiane Yesu afɔrebɔ no nti, adesamma asoɔmmerɛfo anya anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise. Enti mommma yɛmmma biribiara nnkata yɛn anidaso no so. Mmom no, momma yɛn ankasa mfa nea Yesu ama ayɛ yiye yi nto yɛn koma so, sɛnea Paulo a ɔkaa nea edi so yi yɛe no: ‘Onyankopɔn Ba no dɔ me na ɔde ne ho ama me.’ (Galatifo 2:20) Na yebetumi afi komam ada yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ, Yehowa, a ɔnhwehwɛ pii mfi yɛn hɔ da no ase.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ nnɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristo sii hia a ɔdɔ ho hia so dua wɔ anwummere a etwa to a ɔne n’asomafo no trae no?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn?

◻ Dɛn nti na ɛyɛ hokwan sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ no?

[Kratafa 23 mfonini]

Asuade bɛn na Yesu nam n’asomafo no nan ho a ɔhohoroe so de mae?

[Kratafa 25 mfonini]

Ɛmfa ho ɔsɔretia no, asɛmpa no a yɛbɛka no yɛ hokwan a ɛyɛ anigye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena