Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma
Abusuabɔ a Emu yɛ Hyew a Wonya mu Anigye
NKAE adidi no akyi no, na Yesu ne n’asomafo no rekasa kokoam anibere so de ahyɛ wɔn nkuran. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔdasum apa ho. Enti Yesu hyɛ wɔn sɛ: “Monsɔre mma yemfi ha nkɔ!” Nanso, ansa na wɔrefi hɔ no, esiane sɛ ɔdɔ a Yesu wɔ ma wɔn no ka no nti, ɔkɔ so kasa, na ɔma wɔn mfatoho bi a ɛkanyan yiye.
Ofi ase sɛ:”Mene nokware bobe no, na m’agya ne okuafo no.” Okuafo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, tɛw mfonini kwan so bobe yi bere a ɔde honhom kronkron sraa Yesu wɔ n’asubɔ mu wɔ 29 Y.B. fefɛw bere mu no. Nanso Yesu kɔ so kyerɛ sɛ bobe no yɛ biribi a ɛsen n’ankasa ho mfonini ara kwa, na ɔka sɛ:
“Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na ɛsow aba bebree. . . . Sɛnea baa ntumi mfi n’ankasa mu nsow aba gye sɛ ɛtra obobe no mu no, saa ara nso na muntumi, gye sɛ motra me mu. Mene bobe no, mone abaa no.”
Ɛno akyi nnafua 51 wɔ Pentekoste no, asomafo no ne afoforo bɛyɛɛ obobe no abaa bere a wohwiee honhom kronkron guu wɔn so no. Awiei koraa no, nnipa 144,000 bɛyɛ nsusuwso kwan so obobe no abaa. Eyinom ne obobe dua a ɔne Yesu Kristo no ka bom yɛ sɛnkyerɛnne kwan so obobe a ɛsow Ahenni aba no.
Yesu kyerɛkyerɛ nea ɛma wɔsow aba no mu: “Nea ɔtra me mu na me nso metra no mu no, ɔno na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nyɛ hwee.” Nanso, Yesu se sɛ obi ansow aba a, “wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.” Ɔkwan foforo so no, Yesu hyɛ bɔ sɛ: “Sɛ motra me mu na me nsɛm tra mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo.”
Yesu kɔ so kyerɛ n’asomafo no ade a ɛhyɛ Agya no anuonyam, a ɛne “sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo.” Aba a Onyankopɔn pɛ fi abaa no hɔ ne sɛ wɔbɛda Kristo su horow adi, titiriw no ɔdɔ. Bio, esiane sɛ na Kristo yɛ Onyankopɔn Ahenni no ho ɔdawurubɔfo nti, nea ɛka aba a wɔpɛ no ho nso ne asuafo a wɔbɛyɛ sɛnea ɔyɛe no.
Afei Yesu hyɛ wɔn sɛ: “Montra me dɔ mu.” Nanso, ɔkwan bɛn so na n’asomafo no betumi ayɛ saa? Ose: “Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu.” Yesu retoa so no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.”
Nnɔnhwerew kakraa bi mu no, Yesu bɛyɛ ɔdɔ a ɛtra so yi ho ɔyɛkyerɛ denam ne nkwa a ɔde bɛto hɔ ama n’asomafo no. ne afoforo a wobegye no adi no so. Ɛsɛ sɛ ne nhwɛso no ka n’akyidifo ma wonya ɔdɔ a ɛma obi de ne ho bɔ afɔre a ɛte saa ara ma wɔn ho wɔn ho. Saa ɔdɔ yi na ɛbɛda wɔn adi, sɛnea na Yesu adi kan aka no: “Sɛ mododɔ mo ho a. nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”
Yesu rekyerɛ wɔn a wɔyɛ ne nnamfo no, ose: “Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, moyɛ me nnamfo. Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ; na mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo.”
Abusuabɔ a ɛsom bo a wobetumi anya bɛn ara ni—sɛ wɔbɛyɛ Yesu nnamfo a wɔbɛn no kɛse! Nanso sɛ n’asuafo no bɛkɔ so anya saa abusuabɔ yi mu anigye a, ɛsɛ sɛ ‘wɔkɔ so sow aba.’ Sɛ wɔyɛ saa a, Yesu se “biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no, ɔde [bɛma] mo.” Ampa ara, ɛno yɛ akatua kɛse wɔ Ahenni aba a wɔsow no ho!
Bere a Yesu ahyɛ asomafo no bio sɛ ‘wɔnnodɔ wɔn ho’ akyi no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ wiase no bɛtan wɔn. Nanso, ɔkyekye wɔn werɛ sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ ɛtan me kan ansa na ɛretan mo.” Nea edi hɔ no, Yesu da nea enti a wiase no tan n’akyidifo no adi, na ose: “Sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.”
Yesu rekɔ so akyerɛkyerɛ wiase no tan no mu no, ɔtoa so sɛ: “Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me [Yehowa Nyankopɔn] no.” Enti, nnwuma a ɛyɛ nwonwa a Yesu yɛe no bu wɔn a wɔtan no no fɔ, sɛnea ɔkyerɛ no: “Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛe da wɔn mu a, anka wonni bɔne; na afei de, wɔahu, nanso wɔatan me ne m’agya.” Enti, sɛnea Yesu ka no, kyerɛwsɛm no aba mu: “Wɔtan me kwa.”
Sɛnea Yesu dii kan yɛe no, ɔkyekye wɔn werɛ bio denam okyigyinafo, honhom kronkron a ɛyɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi a ɛwɔ ahoɔden no a ɔde hyɛ wɔn bɔ no so. “Ɔno na obedi me ho adanse; na mo nso mubedi me ho adanse.” Yohane 14:31-15:27; 13:3, 35; Galatifo 6:16; Dwom 35:19; 69:4.
▪ Bere bɛn na Yehowa tɛw sɛnkyerɛnne kwan so bobe no, na bere bɛn na afoforo ba bɛyɛ bobe no baa, na ɔkwan bɛn so?
▪ Awiei koraa no, abaa ahe na sɛnkyerɛnne kwan so obobe no nya?
▪ Aba bɛn na Onyankopɔn pɛ fi abaa no hɔ
▪ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ Yesu nnamfo?
▪ Dɛn nti na wiase no tan Yesu akyidifo?