Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Sua Biribi Fi Nikodemo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—2002 | February 1
    • Bɛyɛ asram asia pɛ a Yesu fii n’asase so som adwuma no ase no, Nikodemo hu no sɛ ‘ɔkyerɛkyerɛfo a ofi Nyankopɔn nkyɛn.’ Esiane anwonwade a na Yesu ayɛ nnansa yi ara wɔ Yerusalem Twam Afahyɛ no ase wɔ 30 Y.B. no nti, Nikodemo ba ne nkyɛn anadwo bɛkyerɛ sɛ ogye Yesu di na osua pii fi ɔkyerɛkyerɛfo yi hɔ. Ɛno nti, Yesu kyerɛkyerɛ Nikodemo nokwasɛm kɛse bi a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔwo obi foforo’ ansa na wanya Onyankopɔn Ahenni no. Saa bere yi Yesu ka nso sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:1-16.

      Anidaso kɛse bɛn na Nikodemo nya sɛɛ yi! Obetumi abɛyɛ Yesu yɔnko pa, na watumi de n’ani ahu nneɛma ahorow a Yesu yɛ wɔ asase so no. Esiane sɛ Nikodemo yɛ Yudani panyin ne ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Israel nti, ɔwɔ Nyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a edi mu. Ɔwɔ nhumu kɛse nso, esiane sɛ otumi hu sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa Yesu nti. Nikodemo ani ku honhom fam nneɛma ho, na ɔbrɛ ne ho ase paa. Hwɛ sɛnea ɛyɛ den paa sɛ obi a ɔyɛ Yudafo asɛnnibea kunini no muni begye duadwumfo papahwekwa bi ba atom sɛ obi a Onyankopɔn asoma no! Su ahorow yi nyinaa ho hia kɛse na obi atumi abɛyɛ Yesu suani.

  • Sua Biribi Fi Nikodemo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—2002 | February 1
    • Nea edi kan no, Yohane kae sɛ Yudani panyin no baa ‘Yesu nkyɛn anadwo.’ (Yohane 3:2) Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ: “Nikodemo kɔɔ anadwo a ɛnyɛ sɛ na osuro nti, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi abisa Yesu nsɛm bere a nnipadɔm biara ntwitware n’ananmu.” Nanso, adwene a Yohane de kae sɛ Nikodemo baa “Yesu nkyɛn anadwo” no ara bi na ɔde kaa Yosef a ofi Arimatea ho asɛm sɛ na ɔyɛ “Yesu suani nanso, Yudafo ho hu nti ɔyɛ no kokoam no.” (Yohane 19:38, 39) Enti, ɛda adi pefee sɛ “Yudafo no ho hu” nti na Nikodemo kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no, sɛnea na ebinom a wɔwɔ ne bere so no suro sɛ wɔne Yesu benya nkitahodi no.—Yohane 7:13.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena