Wɔwɔ Wiase Nso Wɔnyɛ Wiase No Fã
“Sɛ monyɛ wiase fã, . . . nti na wiase tan mo.”—YOHANE 15:19, NW.
1. Abusuabɔ bɛn na Kristofo ne wiase wɔ, nanso wiase bu wɔn dɛn?
ANADWO a etwa to a na Yesu ne n’asuafo no wɔ hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ wiase fã.” Wiase bɛn na na ɔreka ho asɛm no? So na onnii kan nkae bere bi sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”? (Yohane 3:16) Ɛda adi sɛ na asuafo no yɛ saa wiase no fã, efisɛ wɔne nnipa a wodii kan hwehwɛɛ daa nkwa denam Yesu mu gyidi a wɔkyerɛe so. Ɛnde, dɛn nti na afei Yesu ka sɛ n’asuafo no nyɛ wiase fã? Na dɛn nti na ɔkae nso sɛ: “Sɛ monyɛ wiase fã, . . . nti na wiase tan mo”?—Yohane 15:19, NW.
2, 3. (a) “Wiase” bɛn na na ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ ne fã no? (b) Dɛn na Bible ka wɔ “wiase” a Kristofo nyɛ ne fã no ho?
2 Mmuae no ne sɛ Bible de asɛmfua “wiase” (Hela, koʹsmos) di dwuma akwan horow so. Sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, ɛtɔ mmere bi a “wiase” a wɔde di dwuma wɔ Bible mu no fa adesamma nyinaa ho. Eyi ne wiase a Onyankopɔn dɔe, na Yesu wu mae no. Nanso, The Oxford History of Christianity ka sɛ: “‘Wiase’ nso yɛ asɛm a Kristofo de ka biribi a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho na ɛne no di asi ho asɛm.” Eyi yɛ nokware dɛn? Katolekni nhoma kyerɛwfo Roland Minnerath, kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Les chrétiens et le monde (Kristofo ne Wiase), mu sɛ: “Sɛ yɛde ka asɛm wɔ ɔkwammɔne so a, yebu wiase sɛ baabi a tumidi ahorow a wɔne Onyankopɔn di asi di dwuma, na ɛno kyerɛ sɔre a wɔsɔre tia Kristo nniso a edi nkonim no, na wɔnam so bɛyɛ atamfo ahemman a ɛwɔ Satan nkɛntɛnso ase.” Saa “wiase” yi ne nnipa nyinaa a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no. Nokware Kristofo nyɛ saa wiase yi fã, na ɛtan wɔn.
3 Ɛrekɔ afeha a edi kan no awiei no, na wiase yi ho adwene na ɛwɔ Yohane adwenem bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yohane 2:15, 16) Ɔkyerɛwee nso sɛ: “Yenim sɛ yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Yesu ankasa frɛɛ Satan “wi yi ase sodifo.”—Yohane 12:31; 16:11.
Wiase Tumidi Ahorow Mmae
4. Ɛyɛɛ dɛn na wiase tumidi ahorow no bae?
4 Adesamma wiase a ɛwɔ hɔ seesei a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no fii ase wɔ Noa bere so Nsuyiri no akyi bere tiaa bi, bere a Noa asefo pii gyaee Yehowa Nyankopɔn som no. Nea ogyee din wɔ tete mmere no mu ne Nimrod, kurow kyekyefo ne “ɔbɔmmɔfo a ɔsɔre tiaa Yehowa.” (Genesis 10:8-12, NW) Saa mfe no mu no, na wɔahyehyɛ wiase yi fã kɛse no ara ayɛ no nkurow a ɛyɛ ahemman nketenkete, a bere ne bere mu no wɔyɛɛ nkabom dii ako tiaa wɔn ho wɔn ho. (Genesis 14:1-9) Nkurow a ɛyɛ ahemman no bi benyaa afoforo so tumi ma ɛbɛyɛɛ ɔmantam tumidi. Bere bi akyi no, amantam tumidi no bi bɛyɛɛ wiase tumidi a ɛyɛ den.
5, 6. (a) Dɛn ne wiase tumidi ahorow ason a ɛho nsɛm wɔ Bible abakɔsɛm mu no? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ saa wiase tumidi ahorow yi ho mfonini, na wonya wɔn tumi no fi he?
5 Esiane sɛ wiase tumidi ahorow yi sodifo ahorow dii Nimrod nhwɛso akyi nti, wɔansom Yehowa, na wɔn atirimɔdensɛm, ne wɔn basabasayɛ di nokwasɛm yi ho adanse. Wɔde mmoa na ɛyɛ saa wiase tumidi ahorow yi ho mfonini wɔ Kyerɛwnsɛm mu, na Bible no da emu asia a enyaa Yehowa nkurɔfo so tumi kɛse wɔ mfehaha pii a abɛsen kɔ no mu adi. Ná eyinom ne Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela, ne Roma. Wɔ Roma akyi no, wɔhyɛɛ nkɔm sɛ wiase tumidi a ɛto so ason bɛba. (Daniel 7:3-7; 8:3-7, 20, 21; Adiyisɛm 17:9, 10) Eyi na ɛbɛdaa adi sɛ Anglo-Amerika Wiase Tumidi, a Britania Ahemman ne ne hokafo United States, a akyiri yi ɛkɛntɛn Britania so wɔ tumidi mu no, na aka abom. Bere a Roma Ahemman no fã a etwa to koraa yerae akyi na Britania Ahemman no fii ase bae.a
6 Wɔde aboa bi a ɔwɔ ti ason a ofi adesamma po a ɛrehuru kutukutu no mu bae na ɛyɛ wiase tumidi ason a adidi so aba no ho mfonini wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. (Yesaia 17:12, 13; 57:20, 21; Adiyisɛm 13:1) Hena na ɔma aboa a odi tumi yi ahoɔden? Bible bua sɛ: “Ɔtweaseɛ no de ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa no.” (Adiyisɛm 13:2) Ɔtweaseɛ no nyɛ obiara sɛ Satan Ɔbonsam.—Luka 4:5, 6; Adiyisɛm 12:9.
Onyankopɔn Ahenni Nniso a Ɛreba
7. Dɛn na Kristofo hwɛ kwan, na eyi ka wɔne wiase nniso ahorow no abusuabɔ dɛn?
7 Bɛyɛ mfe 2,000 ni na Kristofo abɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Yehowa Adansefo nim sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi de nokware asomdwoe aba asase so. Esiane sɛ wɔwɔ Bible nkɔmhyɛ mu ahotoso yiye nti, wogye di sɛ ɛrenkyɛ na wɔama mpaebɔ yi ho mmuae, ɛne sɛ aka bere tiaa bi ma Ahenni no adi asase so. (Daniel 2:44) Ahenni yi ho a wɔbata no mma wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ wiase nniso ahorow no nsɛm mu.
8. Sɛnea wɔkaa ho asɛm siei wɔ Dwom 2 no, ɔkwan bɛn so na nniso ahorow yɛ wɔn ade wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso no ho?
8 Aman bi kyerɛ sɛ wɔde ɔsom mu nnyinasosɛm di dwuma. Nanso, wɔ ne yɛ mu no, wobu wɔn ani gu nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa ne Amansan Hene, a ɔde Yesu asi agua so wɔ soro sɛ Ɔhene, na ɔde asase so tumi ama no no so. (Daniel 4:17; Adiyisɛm 11:15) Nkɔmhyɛ kwan so dwom bi ka sɛ: “Asase so ahene sɔre gyina, na atumfo bom tu agyina hyɛ [Yehowa, NW] ne nea wasra no no [Yesu]. Momma yemmubu wɔn mpokyerɛ, na yɛntow wɔn nhama mfi yɛn ho ngu.” (Dwom 2:2, 3) Nniso ahorow no mpene Onyankopɔn “mpokyerɛ” anaa “nhama” biara a ɛde anohyeto bɛma wɔn wɔ tumi a wodi wɔ wɔn aman mu no so. Enti, Yehowa ka kyerɛ Yesu, ne Hene a wapaw no no sɛ: “Bisa me, na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade, na mama woafa asase ano nohɔ adi so. Wode dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.” (Dwom 2:8, 9) Nanso, ‘wɔremmubu’ adesamma wiase a Yesu wu mae no nyinaa.—Yohane 3:17.
“Aboa” no “Agyirae” a Yɛbɛkwati
9, 10. (a) Dɛn na wɔabɔ yɛn ho kɔkɔ wɔ Adiyisɛm nhoma no mu? (b) ‘Aboa no agyirae’ a obi gye no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne? (d) Agyirae bɛn na Onyankopɔn asomfo pene so?
9 Adiyisɛm a ɔsomafo Yohane nyae no bɔɔ kɔkɔ sɛ, aka kakraa bi ma adesamma wiase a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no akɔ n’awiei no, ɛbɛkɔ so ahwehwɛ nneɛma pii, na “ɔma nketewa ne akɛse, adefo ne ahiafo, adehye ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyirae, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so, nanso obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn gye nea ɔwɔ agyirae no.” (Adiyisɛm 13:16, 17) Eyi kyerɛ dɛn? Agyirae a ɛwɔ nsa nifa so yɛ sɛnkyerɛnne a ɛfata a ɛkyerɛ sɛ obi taa obi akyi. Na agyirae a ɛwɔ moma so no nso ɛ? The Expositor’s Greek Testament ka sɛ: “Saa sɛnkyerɛnne kwan so agyirae yi a yɛreka ho asɛm no yɛ ade a asraafo ne nkoa yɛ a wokurukyerɛw botabota wɔn ho no . . .; anaa, nyamesom mu amanne a wɔde onyame bi din bɔ sɛ sɛbɛ de hyɛ wɔn ho nsow no.” Nnipa pii nam wɔn nneyɛe ne nsɛm a wɔka so nya “agyirae” yi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so de da wɔn ho adi sɛ “aboa” no “nkoa” anaa “asraafo.” (Adiyisɛm 13:3, 4) Ɛdefa wɔn daakye ho no, Theological Dictionary of the New Testament ka sɛ: “Onyankopɔn atamfo na wɔma kwan ma wɔde aboa no [agyirae], ne ne din akontaa nkyerɛwee a ɛyɛ nwonwa no, si wɔn moma so ne wɔn nsa biako so. Eyi ma wonya sikasɛm hokwan akɛse ne aguadi mu nkɔso pii, nanso ɛde wɔn ba Onyankopɔn abufuw ase, na ɛma mfirihyia apem ahenni no bɔ wɔn, Adi. 13:16; 14:9; 20:4.”
10 Egye akokoduru ne boasetɔ pii na ama obi atumi ako atia agyirae a obegye no. (Adiyisɛm 14:9-12) Nanso, Onyankopɔn asomfo wɔ ahoɔden a ɛte saa, na esiane eyi nti, wɔtan wɔn mpɛn pii ka wɔn ho nsɛmmɔne. (Yohane 15:18-20; 17:14, 15) Sɛ́ anka wobegye aboa no agyirae no, Yesaia kae sɛ wɔbɛkyerɛw wɔn nsa ho sɛnkyerɛnne kwan so sɛ ‘wɔyɛ Yehowa dea.’ (Yesaia 44:5) Afei nso, esiane sɛ ‘wosi apini na wodi nkɔmmɔ’ wɔ akyide a nyamesom mu awaefo yɛ ho nti, wonyaa sɛnkyerɛnne kwan so agyirae wɔ wɔn moma so a ɛdaa wɔn adi sɛ wɔfata sɛ wonya wɔn ti didi mu bere a Yehowa de atemmu ba no.—Hesekiel 9:1-7.
11. Hena na ɔma nnipa nniso ahorow kwan ma wodi tumi kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni bedi asase so tumi?
11 Onyankopɔn ma nnipa nniso ahorow kwan sɛ enni tumi nkosi sɛ bere bɛso sɛ Kristo soro Ahenni bedi asase yi so koraa. Ɔbenfo Oscar Cullmann kaa hokwan yi a Onyankopɔn de ma amammui aman no ho asɛm wɔ ne nhoma The State in the New Testament mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ntease a emu dɔ a na Kristofo a wodi kan no wɔ sɛ Ɔman no wɔ hɔ ‘bere tiaa’ bi nti na na wɔn nneyɛe ne Ɔman no de nhyia na mmom ɛte sɛ nea ɛbɔ ne ho abira no. Misi so dua sɛ, na saa na ɛte. Nea yebetumi de asi eyi so dua ankasa ne Romafo 13:1 a ɛka sɛ, ‘Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumidi no ase . . . ,’ ɛne Adiyisɛm 13: a ɛka Ɔman no ho asɛm sɛ aboa a ofi ebun mu ba no.”
“Aboa” no ne “Kaesare”
12. Adwene a ɛkari pɛ bɛn na Yehowa Adansefo wɔ wɔ nnipa nniso ahorow ho?
12 Ɛbɛyɛ nea ɛnteɛ sɛ yɛbɛka sɛ nnipa a wɔyɛ sodifo a wɔredi tumi nyinaa yɛ Satan nnwinnade. Wɔn mu pii ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde nnyinasosɛm di dwuma, te sɛ amrado Sergio Paulo a wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu sɛ “ɔbadwemma” no. (Asomafo no Nnwuma 13:7) Sodifo bi de akokoduru abɔ hokwan a nnipakuw a wɔnnɔɔso wɔ ho ban, sɛ na wonnim Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow mpo a, wɔmaa ahonim a Onyankopɔn de ama wɔn no kyerɛɛ wɔn kwan. (Romafo 2:14, 15) Kae sɛ, Bible no de asɛmfua “wiase” di dwuma wɔ akwan abien so: adesamma wiase a Onyankopɔn dɔ no, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛdɔ no, ɛne wiase a ɛyɛ nnipa a wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho, a Satan na ɛyɛ ne nyame a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho no. (Yohane 1:9, 10; 17:14; 2 Korintofo 4:4; Yakobo 4:4) Enti, Yehowa asomfo wɔ nneyɛe a ɛkari pɛ wɔ nnipa nniso ho. Yennyina ɔfã biara wɔ amammuisɛm mu, esiane sɛ yɛsom sɛ Onyankopɔn Ahenni nhemmɔfo anaa ananmusifo, na yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn nti. (2 Korintofo 5:20) Nanso, yefi ahonim mu brɛ yɛn ho ase ma wɔn a wodi tumi no.
13. (a) Yehowa bu nnipa nniso ahorow dɛn? (b) Ɛhe na ahobrɛase a Kristofo yɛ ma nniso ahorow no kodu?
13 Ɔkwan a ɛkari pɛ yi ne Yehowa Nyankopɔn ankasa adwene hyia. Sɛ wiase tumidi, anaa Aman nketewa mpo, de wɔn tumi di dwuma akwammɔne so, hyɛ wɔn nkurɔfo so, anaa wɔtaa wɔn a wɔsom Onyankopɔn a, ɛnde wɔfata sɛnea wɔaka wɔn ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ wɔyɛ nkekaboa no. (Daniel 7:19-21; Adiyisɛm 11:7) Nanso, sɛ aman no nniso ahorow no di Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma hwɛ ma mmara ne nhyehyɛe pa tra hɔ wɔ trenee mu a, obu wɔn sɛ ‘n’asomfo.’ (Romafo 13:6) Yehowa hwɛ kwan sɛ ne nkurɔfo bɛkyerɛ obu ama nnipa nniso ahorow na wɔabrɛ wɔn ho ase ama wɔn, nanso wɔn ahobrɛase no nyɛ nea anohyeto nnim. Sɛ nnipa hwehwɛ sɛ Onyankopɔn asomfo yɛ nneɛma a Onyankopɔn mmara bara anaasɛ wɔbara nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ sɛ n’asomfo yɛ a, Onyankopɔn asomfo di gyinabea a asomafo no pawee, a ɛne sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa” no akyi.—Asomafo no Nnwuma 5:29.
14. Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Paulo kyerɛkyerɛɛ ahobrɛase a Kristofo yɛ ma nnipa nniso no mu?
14 Yesu kae sɛ n’akyidifo benya asɛyɛde wɔ nniso ahorow ne Onyankopɔn anim, bere a ɔkae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!” no. (Mateo 22:21) Honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ [atumfoɔ a wɔkorɔn, NW] no ase. . . . Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wonkura afoa no kwa; na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wodi were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so. Enti etwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuw no nko nti, na mmom ahonim nso ntia. Eyi nti nso na muyi tow.” (Romafo 13:1, 4-6) Efi afeha a edi kan Y.B. mu besi nnɛ no, ɛho ahia sɛ Kristofo susuw nneɛma a Ɔman no hwehwɛ ho. Ɛho ahia sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu sɛ ebia pene a wɔbɛpene nneɛma a wɔhwehwɛ so no bɛma wɔagyae wɔn som mu anaasɛ ebia nneɛma a ɛte saa a wɔhwehwɛ no fata a ɛsɛ sɛ wɔde ahonim pa di ho dwuma anaa.
Ɔmamma a Wɔwɔ Ahonim Pa
15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo fi ahonim pa mu tua Kaesare de ma Kaesare?
15 Amammui mu “atumfoɔ a wɔkorɔn” no yɛ Onyankopɔn “asomfo” bere a wodi dwuma a Onyankopɔn de ama wɔn, a nea ɛka ho ne tumi a wɔwɔ sɛ ‘wɔtwe nnebɔneyɛfo aso na woyi papayɛfo ayɛ’ no. (1 Petro 2:13, 14) Yehowa asomfo fi ahonim pa mu tua nea Kaesare hwehwɛ a ɛyɛ ne kwan so wɔ tow tua mu ma no, na wɔyɛ ade kɔ akyiri kodu baabi a wɔn ahonim a wɔde Bible atete no no bɛma wɔn kwan ma ‘wɔayɛ osetie ama mpanyinni ne tumi horow no, na wɔasiesie wɔn ho ama adwuma pa biara adwuma pa.’ (Tito 3:1) Nea ɛka “adwuma pa” ho ne mmoa a wɔyɛ afoforo, te sɛ bere a asiane bi asi no. Nnipa pii adi ayamye a Yehowa Adansefo ayi no adi akyerɛ wɔn yɔnko nnipa wɔ saa tebea horow yi mu no ho adanse.—Galatifo 6:10.
16. Nnwuma pa bɛn na Yehowa Adansefo fi ahonim pa mu yɛ ma nniso ahorow ne wɔn yɔnko nnipa?
16 Yehowa Adansefo dɔ wɔn yɔnko nnipa, na wɔte nka sɛ adwuma a eye sen biara a wobetumi ayɛ ama wɔn ne sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔabenya Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde “ɔsoro foforo ne asase foforo” a trenee te mu bɛba no ho nokware nimdeɛ. (2 Petro 3:13) Wɔnam Bible no abrabɔ ho nnyinasosɛm a ɛkorɔn a wɔkyerɛkyerɛ na wɔde bɔ wɔn bra no so bɛyɛ nnipa a wɔn so wɔ mfaso ma adesamma abusua no, na wogye nnipa pii fi asoɔdenyɛ mu. Yehowa asomfo di mmara so na wɔkyerɛ obu ma aban asoafo, mpanyimfo, atemmufo, ne nkurow mu atumfoɔ, na wodi ‘wɔn a nidi sɛ wɔn’ no ni. (Romafo 13:7) Adansefo a wɔyɛ awofo de anigye ne wɔn mma sukuu akyerɛkyerɛfo yɛ biako, na wɔboa wɔn mma ma wosua ade yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra no betumi ahwɛ wɔn ho akyiri yi, na wɔammɛyɛ ɔmamfo so adesoa. (1 Tesalonikafo 4:11, 12) Adansefo ko tia mmusua ho adwemmɔne ne nyiyim, na wɔma abusua asetra a wɔbɛhyɛ no den yɛ wɔn asɛnhia wɔ wɔn asafo ahorow no mu. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Kolosefo 3:18-21) Enti, wɔnam wɔn nneyɛe so da no adi sɛ nsɛm a wɔka gu wɔn so sɛ wɔpo wɔn mmusua anaasɛ wɔmmoa ɔman a wɔte mu no yɛ atoro. Enti, ɔsomafo Petro nsɛm yi ba mu sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano.”—1 Petro 2:15.
17. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi akɔ so ‘anantew nyansam wɔ wɔn a wɔwɔ akyiri no fam’?
17 Enti bere a Kristo akyidifo anokwafo “nyɛ wiase fã” no, wɔda so ara wɔ adesamma wiase mu, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ‘nantew nyansam wɔn a wɔwɔ akyiri no fam.’ (Yohane 17:16, NW; Kolosefo 4:5) Bere tenten a Yehowa ma atumfoɔ a wɔkorɔn no kwan ma wodi dwuma sɛ n’asomfo no, yɛbɛkɔ so de obu a ɛfata ama wɔn. (Romafo 13:1-4) Bere a yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu no, yɛbɔ mpae ma “ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa,” titiriw bere a wɔhwehwɛ sɛ eyinom sisi gyinae a ebetumi aka ɔsom mu ahofadi no. Yɛbɛkɔ so ayɛ eyi “na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu,” na ama ‘wɔagye nnipa ahorow nyinaa nkwa.’—1 Timoteo 2:1-4.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma no ti 35, Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe.
Nsɛmmisa a Wɔde Ti Mu
◻ “Wiase” bɛn na Kristofo yɛ ne fã, nanso “wiase” bɛn na wontumi nyɛ ne fã?
◻ Dɛn na “aboa” no “agyirae” a wɔhyɛ wɔ obi nsa so anaa ne moma so no yɛ ho sɛnkyerɛnne, na agyirae bɛn na Yehowa nokware asomfo wɔ?
◻ Adwene a ɛkari pɛ bɛn na nokware Kristofo wɔ wɔ nnipa nniso ahorow ho?
◻ Akwan bɛn so na Yehowa Adansefo boa adesamma abusua yiyedi?
[Kratafa 16 mfonini ahorow]
Bible ka nnipa nniso ho asɛm sɛ aboa ne Onyankopɔn somfo
[Kratafa 17 mfonini]
Esiane sɛ Yehowa Adansefo fi ɔdɔ mu dwen afoforo ho nti, wɔn so wɔ mfaso ma aman a wɔte mu no