Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 4/1 kr. 9-13
  • Nea Enti A Ɛnsɛ Sɛ Yɛyɛ Wiase Yi Fã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti A Ɛnsɛ Sɛ Yɛyɛ Wiase Yi Fã
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristofo Rentumi Nyɛ Nnipa A Wɔtwe Wɔn Ho Fi Afoforo Ho
  • Nea Enti A “Wɔnnyɛ Wiase No Fã”
  • Nnnɔ Wiase No
  • “Wiase . . . Retwam”
  • ‘Munnni Wiase No Nkosi Ase’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Kristofo A Wonni Afã Biara wɔ Nna A Edi Akyiri mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Wowɔ Satan Wiase Afã, Anaa Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo No Afã?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • “Mummedi M’akyi Na Mɛma Moayɛ Nnipa Yifo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 4/1 kr. 9-13

Nea Enti A Ɛnsɛ Sɛ Yɛyɛ Wiase Yi Fã

“Wɔnnyɛ wiase no fã sɛnea me nso mennyɛ wiase no fã no.”​—YOHANE 17:16, NW.

1. Yesu kae sɛ n’akyidifo betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔn dɛn?

WIASE yi pow Yesu Kristo, ɛtan no na ɛtaa no mpo. Enti dɛn na n’akyidifo betumi ahwɛ kwan? Wiɛ, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo. Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi.”​—Yohane 15:18-20.

2. (a) Dɛn ne “wiase” a Yesu akyidifo yɛ soronko koraa wɔ ho no? (b) Sɛ́ anka ɔbɛfa Kristo asuafo no afi wiase no mu no, dɛn na Yehowa yɛ wɔn?

2 Yiw, Yesu nokware akyidifo yɛ soronko koraa wɔ wiase​—adesamma abusua bɔne a atwe ne ho afi Nyankopɔn ho​—yi ho. Eyi nti na wiase yi tan Kristo akyidifo na ɛtaa wɔn no. Nanso ɛdenam wiase no a wɔmfa wɔn ho nhyem so no, Yesu akyidifo redi ne nhwɛso a ɛsen biara no akyi, na Yehowa wɛn wɔn sɛnea Kristo mpaebɔ no kyerɛ no: “Mimmisa wo sɛ yi wɔn fi wiase, na sɛ wɛn wɔn ɔbɔnefo no nti. Wɔnnyɛ wiase no fã sɛnea me nso mennyɛ wiase no fã no. Fa nokware no so yɛ wɔn kronkron; wo asɛm ne nokware.”​—Yohane 17:15-17, NW.

3. Ɛdefa wiase yi ho no, nsemmisa bɛn na ɛsɛ wobua?

3 Sɛ́ “wɔnnyɛ wiase no fã” no kyerɛ dɛn? So ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Yesu akyidifo ne wɔn a wɔnnyɛ Kristofo nya nkitahodi biara?

Kristofo Rentumi Nyɛ Nnipa A Wɔtwe Wɔn Ho Fi Afoforo Ho

4. Adwuma bɛn na Yesu de hyɛɛ n’akyidifo nsa a ɛremma ɛnyɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wɔtwe wɔn ho fi afoforo ho?

4 Ampa, ná Yesu nhwɛ kwan sɛ n’akyidifo bɛtwe wɔn ho ma wɔn nkutoo akɔtratra wɔn nyamesom mmeae horow. Mmom no, ɔmaa wɔn wiase nyinaa adwuma bi sɛ wɔnyɛ, na ɔkae sɛ: “Sɛ honhom kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” (Asomafo no Nnwuma 1:8) Ɔde ahyɛde maa wɔn nso sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ nnipa a wofi amanaman nyinaa mu m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron no din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:19, 20, NW) Ɛwom, bere a “nnipa a wofi amanaman nyinaa mu” bɛba abɛyɛ asuafo no, ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ aman mũ nyinaa begye Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ahorow no atom.

5. Ɔkwan a Kyerɛwnsɛm ma kwan bɛn so na wɔnam sakra nkurɔfo ba Kristosom mu?

5 Nanso ebia ebinom bɛka sɛ: ‘So wɔmmaa aman mũ nyinaa nsakra mmaa Kristosom mu? Na so ɛnyɛ wɔn na wɔbom yɛ nea wɔfrɛ no Kristoman no?’ Wiɛ, sodifo ahorow binom apaw nyamesom a wɔpɛ ama wɔn man mma na wɔantwentwɛn wɔn nan ase wɔ atirimɔden ne awudi akwan a wɔnam so de eyi hyɛɛ wɔn no mu. Bio nso, ayayadeyɛ wɔ anansesɛm hellgya bi mu ho hu ayɛ ade titiriw wɔ nea enti a nkurɔfo sakra kɔ nyamesom a edin no da wɔn so ara kwa mu no mu. (Fa toto Ɔsɛnkafo 9:5, 10 ho.) Nanso hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko koraa wɔ ɔkwan koro pɛ a Kyerɛwsɛm ma ho kwan ma wɔde trɛw nokware Kristofo gyidi mu no ho! Ɛsɛ sɛ wɔde adansedi, ɔkyerɛkyerɛ ne asuafo a wɔyɛ no nnam so na ɛyɛ saa adwuma a nidi wom no. Nkokorafo a nyamesom mu gyidi horow nti wɔtwe wɔn ho fi afoforo ho ne Katolekfo mmea a wosua asɔfodi rentumi nyɛ saa adwuma no da na saa ara na wɔrentumi nni Kristo ahyɛde sɛ ‘wɔmma wɔn kanea nhyerɛn nnipa anim’ no akyi. (Mateo 5:14-16) Na “adwensakra” a ɛnam ɔhyɛ so yɛ nea ɛne adansedi, asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ a ɛboa nnipa koma pafo a wofi amanaman nyinaa mu ma wɔyɛ ahosohyira a efi koma mu a nyansa wom ma Yehowa Nyankopɔn no nni hwee yɛ.

Nea Enti A “Wɔnnyɛ Wiase No Fã”

6. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yohane 13:35 no, dɛn nti na wobetumi aka sɛ Yehowa Adansefo fata asɛm a Yesu ka faa n’akyidifo ho no?

6 Ada adi mpɛn pii sɛ edin “Kristofo” no yɛ nea wɔde daadaa nkurɔfo. Hwɛ adifudepɛ nneyɛe, akodi, nnipakum wɔ ɔko mu ne ɔmanfo a wɔhyɛ wɔn so ho asodi a wɔde to nnipa ne aman a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no so! Nanso hwɛ sɛnea Kristo nokware akyidifo yɛ soronko! Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Ampa, nnipa wɔ hɔ nnɛ a saa asɛm no fata wɔn​—Yehowa Adansefo. Ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no nkyerɛ akansi a emu yɛ den, ɛnkyerɛ hyɛ a wɔhyɛ wɔn ho abufuw, ɛnkyerɛ wɔn ho wɔn ho pɛsɛmenkominya mfaso a wɔhwehwɛ. Mmom no, ɛkyerɛ ka a wɔka asɛm koro a mpaapaemu biara nni wɔn mu a ‘wɔabom wɔ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’ (1 Korintofo 1:10; 13:4-8) Yehowa Adansefo asua Onyankopɔn ne Kristo adwene na ɛkyerɛ wɔn kwan. (Romafo 12:1, 2; 1 Korintofo 2:16) Saa adwene no fã titiriw ne sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ “wiase no fã.”​—Fa toto Yakobo 1:27 ho.

7. Ɔkwan bɛn so na Paulo asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 17:30, 31 no kyerɛ sɛ ɛyɛ nea ɛmfata sɛ Kristofo bɛyɛ wiase yi fã?

7 Ntease pa ahorow wɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ Yesu akyidifo yɛ ‘wiase yi fã.’ Wɔ mfirihyia bɛyɛ 4,000 bi mu no na adesamma fã kɛse no ara ‘nni anidaso bi, na na wonni Nyankopɔn ewi yi ase.’ (Efesofo 2:12) Nanso bere tenten a wɔde atwe wɔn ho afi Yehowa ho esiane ɔdesani bɔne nti no renkɔ so daa. Mfeha dunkron a atwam ni no ɔsomafo Paulo kae sɛ na Onyankopɔn ‘rehyɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene,’ efisɛ ‘Wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ,’ Yesu Kristo so, ‘behu wiase ntɛn trenee mu.’ Paulo de kaa ho sɛ Onyankopɔn ‘ama [Yesu] asɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.’ (Asomafo no Nnwuma, 17:30, 31) Eyi kyerɛ pefee sɛ wobebu amumɔyɛ wiase yi a Kristoman a awae no ka ho atɛn na wɔapopa wɔn afi hɔ koraa. Ɛnde hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ wɔn a wɔyɛ Kristofo bɛyɛ wiase yi fã!

8. Adwuma bɛn na ɛkyerɛ sɛ “awiei” no abɛn a enti ɛma yenya ntease bio sɛ ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ “wiase no fã”?

8 Mfirihyia bɛboro 1,900 atwam fi bere a wonyan Yesu no, na akyinnye biara nni ho sɛ ɔsoro atemmu a ɛbɛba Kristoman a awae no ne Satan wiase no fã a aka so no abɛn. (2 Petro 3:10; 1 Yohane 5:19) Ansa na ɛno bɛba no Yehowa Adansefo reka Onyankopɔn asɛm no wɔ wiase nyinaa na adesamma mu nnipa a wonu wɔn ho na wɔkyerɛ anisɔ no renya “ahodwo nna.” (Asomafo no Nnwuma 3:19-21) Nea ɛne Yesu nkɔmhyɛ asɛm ma yɛn bere yi hyia no, Yehowa Adansefo a wɔn dodow boro 2,650,000 reka “ahenni no ho asɛmpa yi” wɔ nsase 203 so mprempren. Bere a wɔayɛ saa adwuma no de “adi amanaman nyinaa adanse” kodu baabi a Onyankopɔn pɛ no, “awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Ɛnde ɛyɛ nokware sɛ, esiane sɛ nhyehyɛe bɔne yi awiei abɛn pɛɛ saa nti, ntease wom sɛ ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ “wiase no fã.”

9. (a) Esiane sɛ Satan wiase no abɛn n’awiei nti, ɛsɛ sɛ yebu Ahenni nneɛma ne nea ɛhwehwɛ no dɛn? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho afei?

9 Esiane sɛ Satan wiase no abɛn n’awiei nti, hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ yɛhwɛ sɛ yɛrehwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no kan ampa! (Mateo 6:33) Sɛnea ebia yɛn mfe, nhomanim anaa gyinabea wɔ asetra mu te biara no, “yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn asɛnni agua no anim.” (Romafo 14:10) Enti so yɛde nea Ahenni no hwehwɛ di dwuma wɔ yɛn asetra mu? Anaa so yɛda so ara rebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea wiase a ɛtan nokware Kristofo yi pɛ ankasa? So wiase no botae ne anidaso ahorow na yɛwɔ? So yɛresuasua wiase no nneɛma a aba so a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia no? Na so yɛn ani regye n’ahoni ahorow no ho? Kae sɛ “wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn.” (Yakobo 4:4) Enti, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremmɛyɛ Onyankopɔn tamfo no, ɔkwan bɛn so na yɛremma wiase no ngu yɛn ho fĩ? Nneɛma ahorow a ɛwɔ wiase no mu a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho no bi ne nea ɛwɔ he?

Nnnɔ Wiase No

10. Nneɛma abiɛsa a ɛwɔ wiase yi mu bɛn na 1 Yohane 2:15, 16 bɔ din a ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo dɔ?

10 Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yohane 2:15, 16) Yohane bɔ nneɛma atitiriw abiɛsa a ɛwɔ wiase yi mu a ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo dɔ din wɔ ha.

11. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo gyaa wɔn ho mu ma “honam akɔnnɔ”?

11 “Honam akɔnnɔ” betumi ama yɛayɛ nneɛma ahorow a epira na ɛde owu ba a abu so kɛse wɔ wiase bɔne a ɛwɔ Satan tumi ase yi mu no. Nea ɛka eyinom ho ne honam a ɛwɔ bɔne mu “nnwuma” no​—“aguamammɔ, efĩ, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa.” Yɛrentumi mmu yɛn ani ngu Paulo kɔkɔbɔ “sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni” no so wɔ animtiaabu mu. (Galatifo 5:19-21) Ampa, wɔn a wɔyɛ “ɔhonam nnwuma” a wonnu wɔn ho no yɛ wiase yi fã na wɔrennya kyɛfa biara wɔ Ahenni a wɔahyɛ ho bɔ a ɛbɛtew Yehowa din ho na ama asase adan paradise no mu. (Luka 23:43) Ɛnde, ɛda adi sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo gyaa wɔn ho mu ma “honam akɔnnɔ.”

12. (a) Dɛn ne “aniwa akɔnnɔ,” na ɔkwan bɛn so na ebetumi aka obi gyinabea honhom mu? (b) Ɛdefa “aniwa akɔnnɔ’ ho no, dɛn na yɛn nyinaa betumi abisa yɛn ho?

12 “Aniwa akɔnnɔ” yɛ su foforo a ɛwɔ wɔn a wɔyɛ wiase yi fã no mu. Bere a wɔboaboa ahonyade ne nneɛma ahorow ano no, ɛte sɛ nea ɛnyɛ nea ɛdɔɔso ma wɔn ara da. Ɛdɛn, pii a wɔyɛɛ aso maa Bible mu nokware a Yehowa Adansefo ka ho asɛm no mpo gyaa wɔn ho mu maa “aniwa akɔnnɔ” akyiri yi na enti, wɔannya honhom mu nkɔso biara. Akɔnnɔ a wɔwɔ ma ntade, ntama, kar, afie afoforo ne nneɛma ahorow a aniwa no pɛ ano bɛyɛɛ den araa ma sɛnea Yesu kae no, “ahonyade nnaadaa ne nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, emia asɛm no na ɛnsow aba.” (Marko 4:18, 19) Nea ɛyɛ awerɛhow no, Satan sɔɔ Hawa hwɛe denam ma a ɔmaa ne kɔn dɔɔ biribi a wɔabara a otumi de n’ani hu no so. Nanso, odii nkogu koraa wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛdaadaa Yesu ma wayɛ bɔne denam nneɛma a aniwa hu a ɔbɛma ne nsa aka no so. (Genesis 3:1-6; Luka 4:5-8) Na wo nso ɛ? So woredi Yesu nhwɛso a ɛkorɔn no akyi? Anaa so “aniwa akɔnnɔ” ho dwuma a wubedi agye wo bere, w’ahoɔden ne biribiara ma worebu w’ani agu Ahenni nneɛma so? Sɛ honhom mu ahiade yɛ nea wɔrepia ato nkyɛn a, yɛ ade ntɛm fa di tebea no ho dwuma!

13. Sɛnea Paulo kyerɛe ne sɛnea wɔakyerɛ wɔ mmebusɛm ahorow bi mu no, adifudepɛ “aniwa akɔnnɔ” betumi akowie dɛn mu?

13 Adifudepɛ “aniwa akɔnnɔ” betumi de atorodi, ahoɔyaw, anibere ne bɔne afoforo a ɛma obi bɛyɛ nea ɔnsɔ Onyankopɔn ani aba. Sɛnea Paulo kae no, “amimfo” ka wɔn a ‘wɔrennya Onyankopɔn ahenni’ no ho. (1 Korintofo 6:9, 10) Nea ɛfata nso no, mmebusɛm a nyansa wom bɔ kɔkɔ sɛ: “Onipa ɔnokwafo nhyira bɛdɔɔso, na nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ. Onipa oniberefo pere ahonya ho, na onhu sɛ ohia bɛba no so.” (Mmebusɛm 28:20, 22) Sɛ ohia amma nnipa binom a wɔyɛ amimfo ne aniberefo no so ntɛm mpo a, ebia wobewu a wonni Onyankopɔn dom, anaa awiei a ɛyɛ awerɛhow bɛba wɔn so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei no mu.​—Mateo 24:3; Luka 12:13-21.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na “asetra mu ahohoahoa” betumi ada adi? (b) Dɛn na ɛhyɛ “ahohoahoa,” dibea a wɔhwehwɛ a ɛte sɛɛ akyi? (d) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛko tia sɔhwɛ a ɛne nneɛma a yɛwɔ anaa nea yesusuw sɛ yɛatumi ayɛ a yɛde bɛhoahoa yɛn ho no?

14 Ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa twe wɔn ho fi “asetra mu ahohoahoa” nso ho. Hwɛ sɔhwɛ ara a ebetumi ayɛ sɛ obi de aboɔden ade a watɔ bɛhoahoa ne ho! Ɛnyɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔne afoforo bɛyɛ pɛ nko na akɔnnɔ bɔne a ɛte sɛɛ de ba mpɛn pii na mmom yere a wɔyere wɔn ho nso sɛ wɔbɛsen afoforo koraa wɔ honam fam. Nea ɛne eyi nam ne nea obi susuw sɛ watumi ayɛ a ɔde hoahoa ne ho. Esiane sɛ n’ani da so sɛ obenya gyinabea anaa dibea nti, ebia ɔbɛfa nnipa a wɔagye din nnamfo anaa ɔbɛhwehwɛ wɔn hɔ mmoa. Nanso wɔn a wɔma ho kwan ma wɔde wɔn di dwuma wɔ saa kwan yi so no nni adwene, na awiei koraa no ebia onipa oniberefo no bɛba abɛyɛ te sɛ “amumɔyɛfo” a na wɔwɔ Yuda bere so a ‘wɔn ano kaa ahupoosɛm, na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛɛ nnipa’ no. (Yuda 1:4, 16) Nea ɛhyɛ anuonyam a wɔhwehwɛ ne ahohoahoa yi nyinaa akyi ne ahantan a ɛyɛ bɔne. (Mmebusɛm 8:13; 16:18; 21:4) Ampa, ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛko tia sɔhwɛ a ɛne nneɛma a yɛwɔ ne nea yɛatumi ayɛ a yɛde bɛhoahoa yɛn ho no. Nea ɛfata wɔ ha ne abebusɛm yi: “Ɛwodi ntraso nye; na sɛ́ nkurɔfo bɛhwehwɛ wɔn ankasa anuonyam no yɛ anuonyam anaa?” (Mmebusɛm 25:27, NW) Na esiane sɛ nnipa pii nam ɔkwan a ɛtrɛw a ɛkɔ ɔsɛe mu no so nti, hwɛ sɛnea Yesu asɛm no yɛ ne bere mu de, “Nnipa nyinaa kasa mo ho yiye a, munnue!”​—Luka 6:26.

“Wiase . . . Retwam”

15. (a) Ntease titiriw nti a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ “wiase no fã” bɛn na ɔsomafo Yohane de ma? (b) Ɛsɛ sɛ mmɔden titiriw a nokware Kristofo bɔ yɛ nea ɛfa dɛn ho?

15 Yohane ma yehu nea enti titiriw a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ “wiase no fã” no, bere a ɔde ka ho sɛ: “Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa” no. (1 Yohane 2:17) “Wiase,” adesamma adebɔneyɛfo abusua no, rebɛn n’awiei wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu. (Mateo 24:21) Wɔbɛsɛe saa wiase yi amammui, aguadi ne nyamesom nhyehyɛe no afã horow biara saa bere no. Enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo anokwafo no mu bi de wɔn bere, wɔn ahoɔden ne wɔn biribiara ma nhyehyɛe horow a ɛrenkyɛ ɛbɛba awiei yi? Mmom no, nokware Kristofo bɛma mmɔden titiriw a wɔbɔ no ayɛ nea ɛfa Ahenni nneɛma ne nneɛma a ɛkyɛ, nea ɛtra hɔ daa a wɔbɛma anya nkɔso ho. Bio nso, ɛdenam nokwaredi ne gyidi a ɛte sɛɛ so no, Yehowa nkurɔfo ‘bedi’ wiase a ɛyɛ adesamma adebɔneyɛfo abusua no ‘so nkonim’ sɛnea Yesu Kristo mpo yɛe no. (Yohane 16:33) Yiw, na wobenya nkwa bere a wiase yi twam denam sɛe a Onyankopɔn sɛe no so, te sɛ nea Noa ne n’abusua nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no.​—2 Petro 2:5.

16. Nsemmisa bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

16 Esiane sɛ wiase yi retwam nti, ɛsɛ sɛ Kristofo bu ho a wɔde hyɛ n’asetra mu nsɛm mu dɛn? Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ wonya wɔ nhomasua, adwumayɛ mu nkitahodi ne anigyede ho? Nsemmisa a ɛtete sɛɛ wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye.

Dɛn na Wobɛka?

◻ Dɛn ne wiase a Yesu nokware akyidifo nyɛ ne fã no?

◻ Esiane adwuma bɛn a wɔde ama Kristofo nti na wɔrentumi nyɛ nnipa a wɔtwe wɔn ho fi afoforo ho?

◻ Ntease ahorow nti a Yehowa Adansefo ‘nyɛ wiase no fã’ no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi afotu a ɛwɔ 1 Yohane 2:15-17 no akyi no, nneɛma atitiriw abiɛsa a ɛwɔ wiase no mu bɛn na ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo dɔ?

[Kratafa 10 mfoni]

Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo nyɛ “wiase no fã” de, nanso wɔreboa nnipa a wofi amanaman nyinaa mu honhom mu

[Kratafa 12 mfoni]

Sɛ yɛnnyɛ “wiase no fã” a, yɛrennyaa yɛn ho mu mma ɔhonam ne aniwa akɔnnɔ na saa ara na yɛremfa yɛn asetra mu nneɛma nhoahoa yɛn ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena