-
Awo Foforo No—Ɛho Hia Dɛn?Ɔwɛn-Aban—2009 | July 1
-
-
Hyɛ ɔkwan a Yesu faa so sii sɛnea awo foforo no ho hia so dua wɔ ɔne Nikodemo nkɔmmɔbɔ no mu no nsow. Ɔkae sɛ: “Sɛ wɔansan anwo obi bio a, ɔrentumi nhu Onyankopɔn ahenni no.” (Yohane 3:3) Nsɛmfua “wɔansan” ne “ɔrentumi” no si sɛnea awo foforo no ho hia so dua. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi ka sɛ, “Sɛ owia ammɔ a, yɛrenya hann” a, na nea ɔkyerɛ ara ne sɛ, sɛ hann bɛba a, gye sɛ owia bɔ. Saa ara na Yesu kae sɛ ehia paa sɛ wɔsan wo obi bio ansa na wahu Onyankopɔn Ahenni no.
-
-
Awo Foforo No—So Ɛyɛ Gyinae a Obi Ankasa Si?Ɔwɛn-Aban—2009 | July 1
-
-
Sɛ wotɔ wo bo ase kenkan Yesu asɛm no a, wubehu sɛ Yesu ankyerɛkyerɛ sɛ obi ankasa betumi asi gyinae sɛ wɔnwo no foforo anaa mma wɔnwo no foforo. Dɛn nti na yɛka saa? Wobetumi akyerɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wɔansan awo obi bio” no nso ase sɛ, “ɛsɛ sɛ wofi ɔsoro wo obi.”a Enti sɛnea wɔkyerɛɛ ase wɔ baabi foforo no, awo foforo no “fi soro” anaa “efi . . . Agya no nkyɛn.” (Yohane 19:11; Yakobo 1:17) Yiw, Onyankopɔn na ɔwo obi foforo.—1 Yohane 3:9.
-
-
Awo Foforo No—So Ɛyɛ Gyinae a Obi Ankasa Si?Ɔwɛn-Aban—2009 | July 1
-
-
a Saa na wɔkyerɛ Yohane 3:3 ase wɔ Bible nkyerɛase ahorow bi mu. Sɛ nhwɛso no, Bible bi kyerɛ ase sɛ: “Sɛ wɔamfi soro anwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.”—A Literal Translation of the Bible.
-