Henanom Na Wɔwo Wɔn Foforo?
SO NNIPA pa nyinaa kɔ soro? Nnipa pii susuw saa, nanso Yesu Kristo ne wɔn anyɛ adwene. Yesu rekasa akyerɛ Yudani sodifo Nikodemo a owiawiaa ne ho kɔɔ ne nkyɛn anadwo no, ɔkae sɛ: “Na obi mforoo soro.”—Yohane 3:13.
Nanso, Yesu daa no adi kyerɛɛ Nikodemo sɛ bere bi bɛba a nnipa bi benya hokwan ahyɛn ɔsoro Ahenni no mu. Yesu kaa eyinom ho asɛm sɛ: “Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu. Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Etwa sɛ wɔwo mo foforo.” Nanso Nikodemo dwen sɛnea wobetumi awo obi foforo no ho.—Yohane 3:1-9.
Ebia wo nso wudwen nea na Yesu kyerɛ no ho. So ne nsɛm yi betumi akyerɛ adwensakra ho osuahu ahorow a nnipa pii a wɔte nka sɛ Onyankopɔn honhom kronkron ahyɛ wɔn ma kyerɛ sɛ wonya mpofirim no?
Nkate Horow ne Adwene No
Ebinom ka sɛ sɛ wobehu sɛ ebia wɔawo obi foforo a, nea ehia ne sɛ wɔbɛte honhom no tumi nka. Nanso yɛn koma ne yɛn adwene betumi adaadaa yɛn, titiriw sɛ nkate a emu yɛ den nya yɛn so nkɛntɛnso a.—Yeremia 17:9.
William Sargant a ɔyɛ tumi a nkate nya wɔ adwene no so ho nhwehwɛmufo ka sɛnea ehia sɛ “yɛhwɛ yiye wɔ gyidi horow a yenya bere a wɔkanyan yɛn nkate wɔ bere a ebia yɛn adwene redaadaa yɛn no mu ho” ho asɛm. Sɛnea Sargant kyerɛ no, nhwɛso biako ne nea efi honhonsɔrefo asɛnka ne hell-gya mu asotwe ho ahunahuna mu ba no. Hena na ɔmpɛ sɛ wɔbɛwo no foforo na wakɔ soro, sɛ ade biako pɛ a ɛwɔ hɔ ka ho ne ayayade a wɔbɛyɛ no daa a? Sargant ka sɛ wɔ saa nkate mu ɔhaw yi ase no, “wɔde nyansa to nkyɛn, wɔma sɛnea adwene kɔmputa no yɛ adwuma daa no gyae kakra, na wogye nsusuwii ne gyidi afoforo tom a wommisa ho hwee.”—The mind Possessed.
Enti, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ahu sɛ ‘wɔagye’ obi a wɔwo no foforo ho gyidi bi ‘atom a wɔammisa ho hwee’? Adeyɛ a nyansa ankasa wom ne sɛ ɔbɛma biribiara a Onyankopɔn honhom kronkron maa Bible akyerɛwfo kyerɛw too hɔ no akyerɛ no kwan. Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa ‘wɔn adwene mu tumi’ nsom Onyankopɔn, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ nea wogye di no yɛ nokware.—Romafo 12:1, 2; 1 Tesalonikafo 5:21.
Wo a wɔwo obi foforo no ma onya hokwan akɛse a ɛsen biara a wɔde ama nnipa pɛn no mu biako. Ɛfa nkɔso a ɛyɛ nwonwa ankasa a wonya wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mmamu mu no ho. Ɛwom sɛ eyinom nyinaa yɛ nokware de, nanso nsemmisa te sɛ eyinom sɔre: Henanom na wɔwo wɔn foforo? Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ eyi? Anidaso ahorow bɛn na wɔde asi saa ankorankoro no anim? Na so wɔn nkutoo na wobegye wɔn nkwa?
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Nikodemo dwen sɛnea wobetumi awo obi foforo no ho