Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 7/8 kr. 26-27
  • Henanom Na ‘Wɔawo Wɔn Foforo’?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henanom Na ‘Wɔawo Wɔn Foforo’?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwenem Basaayɛ no a Woyi fi Hɔ
  • Mfaso a Afoforo Nya
  • Wo A Wɔsan Wo Obi Bio—So Ɛno ne Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwagye Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Sɛ Bible Ka Sɛ Wɔasan Awo Obi Bio a, Ɛkyerɛ Sɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • ‘Awo Foforo’​—Onipa Afã ne Onyankopɔn Afã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Ɔkyerɛkyerɛ Nikodemo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 7/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

Henanom Na ‘Wɔawo Wɔn Foforo’?

NÁ Nikodemo yɛ Yudafo asennibea kɛse no muni, nyamesom mmara ho ɔbenfo, na na wanya Yesu anwonwade ahorow no ho adanse pii a ama n’ankasa gye di sɛ Yesu ne Mesia no. Nanso, na ontumi nte nea na Yesu de asɛm yi rekyerɛ no ase: “Sɛ wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Onyankopɔn ahenni no.”​—Yohane 3:1-3, 10.

Nikodemo bisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyin no, wobetumi awo no? Obetumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no?”​—Yohane 3:4.

Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ kyerɛ sɛ ‘wɔawo wɔn foforo’ na wɔka sɛ wɔte nea eyi kyerɛ no ase yiye. Awo foforo ho adwene mũ no nyinaa ma afoforo a wɔte sɛ Nikodemo no adwenem yɛ wɔn basaa. Esiane sɛ Yesu kae sɛ eyi yɛ ahwehwɛde a wɔde hyɛn Onyankopɔn ahenni mu nti, ɛho hia sɛ yɛte nea ‘wo a wɔwo obi foforo’ no kyerɛ no ase.

Wɔ Nikodemo asemmisa no ho mmuaema mu no, Yesu kɔɔ so kae sɛ: “Nokware, nokware mise wo sɛ: Sɛ wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu. Nea wofi honam mu awo no no yɛ ɔhonam; nea wofi honhom mu awo no no yɛ honhom. Mma ɛnyɛ wo nwonwa sɛ meka mekyerɛ wo sɛ: Etwa sɛ wɔwo mo foforo.”​—Yohane 3:5-7.

So ɛyɛ den sɛ wobɛte ase? Na Yesu nim sɛ honhom mu nokware ahorow a wɔbɛte ase no nyɛ mmerɛw. Enti nea ɛbɛyɛ na nneɛma mu ada hɔ no, ɔde mfatoho bi a ɛfa mframa ho dii dwuma. “Mframa bɔ nea ɛpɛ, na wote ne nka, na wunnim nea efi ba ne nea ɛrekɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no fi honhom mu no te.” (Yohane 3:8) Ná Nikodemo tumi te mframa nka na ohu nea efi mu ba no. Nanso na ɔnte ne fibea ne nea ɛrekɔ no ase. Nanso, na akyinnye biara nni wɔ a mframa wɔ hɔ no ho. Saa ara nso na ɛbɛyɛ den ama wɔn a wonni honhom mu nhumu no sɛ wɔbɛte sɛnea Yehowa nam ne honhom kronkron no so bɛma wɔawo obi foforo ne nea onii a ɔte sɛɛ no awiei bɛyɛ no ase. Nanso, ɛdenam Bible akyerɛwfo a honhom kaa wɔn no mmoa so no, yebetumi ate nsɛm a ɛte saa no ase.​—Yohane 16:13.

Adwenem Basaayɛ no a Woyi fi Hɔ

Bere a Yesu kaa “nsu ne honhom” mu a wofi wo obi no ho asɛm no, dɛn na na ɛwɔ n’adwenem? Awo kyerɛ mfiase. Awo foforo kyerɛ mfiase foforo. Wɔ Yesu asuafo no fam no, wɔn adeyɛ a edi kan a ɛde kɔ wo a wɔbɛwo wɔn foforo mu no fii ase bere a wonuu wɔn ho fii wɔn bɔne ho, wɔdan wɔn ho fii wɔn kwammɔne no so, na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nsu mu no. Efi Pentekoste afe 33 Y.B. wɔ adeyɛ a ɛte saa ho adeyɛ mu no, Yehowa maa wɔn nea Petro kaa ho asɛm sɛ “awo foforo a ɛkɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu . . . nea wɔde asie ɔsoro” no. (1 Petro 1:3, 4; 3:21) Yehowa honhom kronkron no de gyidi a ɛkyerɛ sɛ akyiri yi wɔne Yesu Kristo bɛtra ɔsoro duaa wɔn mu. Eyi ma wonyaa asetra ho adwene foforo​—mfiase foforo bi.

So na eyi yɛ nyamesom mu nkate mu osuahu bi ara kwa? Dabi. Onyankopɔn honhom kronkron yɛɛ wɔn biribi foforo koraa, “abɔde foforo.” (2 Korintofo 5:17) Bere a wodii kan woo wɔn sɛ adesamma no, na wɔyɛ Adam mma abɔnefo a wonyaa sintɔ a ɔde maa n’asefo nyinaa no bi. Afei, bere a ‘wɔwoo saa asuafo yi foforo’ no, wobenyaa gyinabea a ɛho tew wɔ Onyankopɔn anim. Ɔkwan bɛn so? Wɔde Yesu afɔre no bo a ɛsom no yɛɛ wɔn ho adwuma. Wɔ hɔ no, Onyankopɔn buu wɔn trenee bere a wɔda so yɛ adesamma a wɔtɔ sin no mpo. (Romafo 3:25, 26; 5:12-21; 1 Korintofo 6:11) Nea ɛkyɛn saa no, afei na Yehowa gye wɔn tom sɛ ne mma. Ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛnea ɛno te saa: “Na dodow a Onyankopɔn honhom ka wɔn no, wɔn na wɔyɛ Onyankopɔn mma.” (Romafo 8:14, 16) Afei de na wogye wɔn tom sɛ Onyankopɔn ɔsoro abusua no fã.

Ná pii ka ho. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo.” (Romafo 8:17) Saa Onyankopɔn honhom mu mma no wɔ hokwan afei sɛ wɔbɛfa nea na Kristo Yesu rekodi no adi​—ahenni tumi wɔ ɔsoro. Yesu daa nnipa a ɔne wɔn bedi asase so no dodow adi kyerɛɛ ɔsomafo Yohane​—144,000. (Adiyisɛm 7:4; 14:1-3) Afei ɔkɔɔ so kyerɛɛ Yohane sɛ saa asuafo a wɔadom wɔn yi “bɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.”​—Adiyisɛm 20:6.

Mfaso a Afoforo Nya

So eyi kyerɛ sɛ nea ɛbɛyɛ na wɔanya Onyankopɔn anim dom no, ɛsɛ sɛ ‘wɔwo obiara foforo’? Ɛnte saa koraa. Yesu afɔre no mu trɛw ka nea ɛboro nnipa 144,000 a wɔapaw wɔn titiriw sɛ wɔbɛka ne ho wɔ soro no. Bere a ɔsomafo Yohane kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a ‘wɔawo wɔn foforo’ ɛde rekɔ afeha a edi kan no awiei mu hɔ no, ɔka faa Yesu afɔre no ho sɛ: “Ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yohane 2:2) Ɔkwan bɛn so na eyi te saa?

Wɔ saa kwan yi so. Wɔn a ‘wɔawo wɔn foforo’ no ne Yesu Kristo bedi ade wɔ Yehowa ɔsoro ahenni no mu na wɔde mfaso horow abrɛ adesamma afoforo a wɔbɛtra asase so no. Wɔkaa eyi siei wɔ nkɔmhyɛ titiriw bi a wɔde maa Yesu nena Abraham bɛyɛ mfe 4,000 ni no mu. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 22:18) Yiw, na wɔde nhyira kɛse nam Abraham “aseni” so bɛbrɛ amanaman nyinaa!

Ná hena ne saa “aseni” no? Yesu Kristo a n’akyidifo a ‘wɔawo wɔn foforo’ ampa no ka ne ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo.” (Galatifo 3:16, 29) Nhyira horow bɛn na wɔnam Yesu Kristo ne saa asuafo a ‘wɔawo wɔn foforo’ no so de bɛbrɛ nnipa a wofi amanaman nyinaa mu no? Ɛyɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛsan de wɔn aba Onyankopɔn dom ase na wɔabenya ne paradise asase nsiesiei a wayɛ no nyinaa mu anigye no.​—Genesis 1:27, 28; Dwom 37:29; Mmebusɛm 2:21, 22; Yesaia 45:18.

Enti asuafo 144,000 a ‘wɔawo wɔn foforo’ no bɛhyɛn “Onyankopɔn [ɔsoro] ahenni no mu” na wɔadi nhyira horow a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn Ahenni no de bɛbrɛ ɔpepem pii a wonnim wɔn ano wɔ asase so ha no ho dwuma. (Mateo 6:10; Romafo 8:19-21; Adiyisɛm 21:1-5) Sɛ́ Nikodemo tee Yesu asɛm no ase ma ‘wɔwoo no foforo’ ma ɔbɛyɛɛ sodifo kuw no muni de, yennim. Nea yenim ne sɛ hokwan a wɔde benya wɔn ɔsoro nniso no mu mfaso no wɔ hɔ ma obiara a ɔpɛ sɛ obegye no. So wobɛyɛ saa?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

So ɛsɛ sɛ ‘wɔwo obiara foforo’ ansa na wanya Onyankopɔn anim dom?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena