Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 7/1 kr. 9-14
  • Kristofo Adansefo a Wɔn Man wɔ Soro

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Adansefo a Wɔn Man wɔ Soro
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Awo Foforo’
  • Onyankopɔn Mma
  • “Nyankopɔn Israel”
  • Apam Foforo
  • “Yerusalem Foforo”
  • Yehowa De Mma Bebree Ba Anuonyam Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • “Seesei Moyɛ Onyankopɔn Man”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Henanom Ankasa Na Wɔanya Ɔsoro Frɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Nyankopɔn Israel” ne “Nnipakuw Kɛse” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 7/1 kr. 9-14

Kristofo Adansefo a Wɔn Man wɔ Soro

“Yɛn de, yɛn man a yebu no wɔ ɔsoro.”—FILIPIFO 3:20.

1. Atirimpɔw nwonwaso bɛn na Yehowa wɔ ma nnipa bi?

ANKORANKORO a wɔwoo wɔn sɛ nnipa bɛyɛ ahene ne asɔfo wɔ soro, na wɔadi abɔfo mpo so. (1 Korintofo 6:2, 3; Adiyisɛm 20:6) Nokwasɛm a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Nanso, Yehowa na ɔbɔɔ ne tirim saa, na ɔnam ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, so bɛma abam. Dɛn nti na yɛn Bɔfo no yɛ biribi a ɛte saa? Na ɛnnɛ ɛsɛ sɛ ɛho nimdeɛ ka Kristoni dɛn? Momma yɛnhwɛ sɛnea Bible bua nsemmisa yi.

2. Ade foforo bɛn na Yohane Suboni kae sɛ Yesu bɛyɛ, na na ade foforo yi fa dɛn ho?

2 Bere a Yohane Suboni resiesie kwan mu ama Yesu no, ɔkae sɛ Yesu bɛyɛ ade foforo bi. Kyerɛwtohɔ no se: “[Yohane] kae sɛ: Nea ne ho yɛ den sen me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekotow mesan ne mpaboa hama. Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde honhom kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.” (Marko 1:7, 8) Ɛde besi saa bere no, na wɔmfaa honhom kronkron mmɔɔ obiara asu. Ná eyi yɛ nhyehyɛe foforo a wɔde honhom kronkron dii dwuma wom, na na ɛfa Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ obesiesie nnipa ama ɔsoro adedi a afei na na ɔrebeyi no adi ho.

‘Awo Foforo’

3. Ɔsoro Ahenni no ho nsɛm foforo bɛn na Yesu kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Nikodemo?

3 Bere a Yesu ne Farisini bi a ɔwɔ dibea hyiae wɔ kokoam no, Yesu yii Onyankopɔn atirimpɔw yi ho nsɛm pii adi. Farisini no a ɔne Nikodemo baa Yesu nkyɛn anadwo, na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.” (Yohane 3:3) Sɛ Farisini no, ɛbɛyɛ sɛ na Nikodemo asua Hebri Kyerɛwnsɛm no, na na onim biribi fa Onyankopɔn Ahenni ho nokware titiriw no ho. Daniel nhoma no hyɛɛ nkɔm sɛ wɔde Ahenni no bɛma “obi a ɔte sɛ onipa ba” ne “ɔsorosoroni no akronkronfo man.” (Daniel 7:13, 14, 27) Ahenni no yɛ nea “ebebubu” ahenni a aka nyinaa “ama asã” na agyina hɔ daa. (Daniel 2:44) Gyama Nikodemo susuwii sɛ nkɔmhyɛ ahorow yi bɛbam wɔ Yuda man no so; nanso Yesu kae sɛ sɛ obi behu Ahenni no a, ɛsɛ sɛ wɔwo no foforo. Nikodemo ante ase, enti Yesu toaa so kae sɛ: “Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.”—Yohane 3:5.

4. Ɔkwan bɛn so na na wɔn a wofi honhom kronkron mu wo wɔn no ne Yehowa ntam abusuabɔ bɛsakra?

4 Ná Yohane Suboni aka honhom kronkron asubɔ ho asɛm. Afei Yesu de ka ho sɛ ɛsɛ sɛ wofi honhom kronkron mu wo obi na watumi akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Mmarima ne mmea a wɔnyɛ pɛ nam saa awo a ɛda nsow yi so ne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ soronko bi. Ɔfa wɔn sɛ ne mma. Yɛkenkan sɛ: “Dodow a wogyee [Yesu] no, wɔn a wogye ne din di no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma a emfi mogya anaa nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ mu, na mmom efi Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.”—Yohane 1:12, 13; Romafo 8:15.

Onyankopɔn Mma

5. Bere bɛn na wɔde honhom kronkron bɔɔ asuafo anokwafo no asu, na honhom kronkron dwumadi a ɛfa ho bɛn na ɛkɔɔ so bere koro no ara?

5 Bere a Yesu ne Nikodemo rekasa no, na honhom kronkron aba Yesu so dedaw abɛsra no ama tumi a obedi daakye wɔ Onyankopɔn Ahenni so no, na na Onyankopɔn aka no baguam sɛ Yesu yɛ Ne Ba. (Mateo 3:16, 17) Yehowa woo honhom mu mma pii wɔ Pentekoste 33 Y.B. Wɔde honhom kronkron bɔɔ asuafo anokwafo a na wɔahyiam wɔ abansoro dan mu wɔ Yerusalem no asu. Bere koro no ara, wofi honhom kronkron mu woo wɔn foforo sɛ Onyankopɔn honhom mu mma. (Asomafo no Nnwuma 2:2-4, 38; Romafo 8:15) Afei nso, wɔde honhom kronkron sraa wɔn, a atirimpɔw no ne sɛ daakye wobenya ɔsoro apɛgyade, na wɔde honhom kronkron sɔw wɔn ano nea edi kan, de dii adanse sɛ saa ɔsoro anidaso no renni huammɔ.—2 Korintofo 1:21, 22.

6. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw wɔ ɔsoro Ahenni no ho, na dɛn nti na ɛfata sɛ nnipa nya eyi mu kyɛfa?

6 Eyinom ne nnipa a wɔnyɛ pɛ a Onyankopɔn dii kan paw wɔn sɛ wɔnkɔ Ahenni no mu. Kyerɛ sɛ, sɛ wowu ma wonyan wɔn a, wɔbɛkɔ akɔka ɔsoro Ahenni ahyehyɛde a ebedi nnipa ne abɔfo so no ho. Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔnam Ahenni yi so bɛtew ne din kɛse no ho, na wasan ne tumidi ho ma abɔde nyinaa ahu. (Mateo 6:9, 10; Yohane 12:28) Hwɛ fata a ɛfata sɛ nnipa benya saa Ahenni no mu kyɛfa! Bere a Satan twaa Yehowa tumidi mpoa nea edi kan wɔ Eden turo mu no, nnipa na ɔde wɔn dii dwuma, na seesei Yehowa abɔ ne tirim sɛ sɛ ɔrebua saa mpoatwa no a, ɔde nnipa bedi dwuma. (Genesis 3:1-6; Yohane 8:44) Ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa ankorankoro a wɔapaw wɔn sɛ wonkodi ade wɔ saa Ahenni no mu sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu, ɛne apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu a wɔde asie ɔsoro ama mo.”—1 Petro 1:3, 4.

7. Abusuabɔ a ɛda nsow bɛn na ɛda wɔn a wɔde honhom kronkron bɔ wɔn asu ne Yesu ntam?

7 Sɛ́ nnipa a Onyankopɔn afa wɔn sɛ mma no, saa Kristofo a wɔapaw wɔn yi bɛyɛɛ Yesu Kristo nuanom. (Romafo 8:16, 17; 9:4, 26; Hebrifo 2:11) Esiane sɛ ɛdaa adi sɛ Yesu ne Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ kyerɛɛ Abraham no nti, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn yi yɛ Aseni a ɔde nhyira bɛbrɛ adesamma a wɔwɔ gyidi no ahokafo anaa n’aboafo. (Genesis 22:17, 18; Galatifo 3:16, 26, 29) Nhyira bɛn? Ɛyɛ hokwan a ɛne sɛ wobegye wɔn afi bɔne mu aka wɔne Onyankopɔn abom ma wɔasom no nnɛ akosi daa. (Mateo 4:23; 20:28; Yohane 3:16, 36; 1 Yohane 2:1, 2) Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so nam wɔn honhom fam nua Yesu Kristo ne Yehowa Nyankopɔn a wabɛyɛ wɔn Agya ho adanse a wodi so kyerɛ nnipa komapafo kwan kɔ saa nhyira yi ho.—Asomafo no Nnwuma 1:8; Hebrifo 13:15.

8. Dɛn ne Onyankopɔn mma a wofi honhom mu awo wɔn no “ahoyi”?

8 Bible no ka Onyankopɔn mma a ɔde honhom awo wɔn yi “ahoyi” ho asɛm. (Romafo 8:19) Bere a wɔkɔ Ahenni no mu sɛ Yesu mfɛfo ahene no, wonya Satan wiase no nneɛma nhyehyɛe no sɛe mu kyɛfa. Ɛno akyi no, wɔde mfirihyia apem bɛboa ma adesamma nsa aka agyede afɔre no mu mfaso horow no, na wɔnam so ama adesamma abusua no adu pɛyɛ a Adam hweree no ho. (2 Tesalonikafo 1:8-10; Adiyisɛm 2:26, 27; 20:6; 22:1, 2) Eyi nyinaa ka wɔn ahoyi no ho. Ɛyɛ biribi a adesamma a wɔwɔ gyidi de ahopere retwɛn.

9. Bible frɛ wiase nyinaa Kristofo a wɔasra wɔn kuw no dɛn?

9 Wiase nyinaa Kristofo a wɔasra wɔn kuw no ne “mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no bagua.” (Hebrifo 12:23) Wɔn na wodi kan nya Yesu agyede afɔre no mu mfaso. Afei nso wɔyɛ “Kristo nipadua,” a ɛkyerɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho ne Yesu wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. (1 Korintofo 12:27) Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛnea nipadua yɛ biako, na ɛwɔ akwaa bebree, na nipadua koro no akwaa nyinaa yɛ bebree de, nanso ɛyɛ nipadua biako no, sɛ nso Kristo te ne no. Na yɛn nyinaa nso, Yudafo oo, Helafo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔbɔɔ yɛn asu honhom koro no mu ma yɛkɔyɛɛ nipadua biako, na wɔmaa yɛn nyinaa nom honhom biako.”—1 Korintofo 12:12, 13; Romafo 12:5; Efesofo 1:22, 23; 3:6.

“Nyankopɔn Israel”

10, 11. Dɛn nti na na Israel foforo ho hia wɔ afeha a edi kan no mu, na henanom na na wɔbom yɛ ɔman foforo yi?

10 Bɛboro mfe 1,500 ansa na Yesu reba sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no, na honam fam Israel man no yɛ Yehowa nkurɔfo titiriw. Ɛmfa ho sɛ ɔbɔɔ wɔn nkae bere nyinaa no, ɔman mũ no anni nokware. Bere a Yesu yii ne ho adi no, ɔman no pow no. (Yohane 1:11) Enti, Yesu ka kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo no sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.” (Mateo 21:43) Saa “ɔman a wɔde [Ahenni no] mu aduaba bɛba” a yebehu no hia ma nkwagye.

11 Ɔman foforo no ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo a wɔde sii hɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no. Emufo a wodi kan ne Yesu asuafo a na wɔyɛ Yudafo a wogyee no toom sɛ wɔn soro Hene no. (Asomafo no Nnwuma 2:5, 32-36) Nanso, ɛnyɛ sɛ na wɔyɛ Yudafo nti na na wɔka Onyankopɔn man foforo no ho, na mmom Yesu mu gyidi a wonyae ntia. Enti, na Nyankopɔn Israel foforo yi yɛ ade soronko—honhom fam ɔman. Bere a Yudafo no fã kɛse annye Yesu antom no, wɔtrɛw nsa a wɔto frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛka ɔman foforo no ho no mu kɔɔ Samariafo ne afei Amanaman mufo so. Wɔfrɛɛ ɔman foforo no “Nyankopɔn Israel.”—Galatifo 6:16.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na ɛbɛdaa adi pefee sɛ na Israel foforo no nyɛ kuw bi kɛkɛ a efi Yudasom mu?

12 Wɔ tete Israel no, sɛ nnipa a wɔnyɛ Yudafo bɛyɛ Yudasom mufo a, na ɛsɛ sɛ wodi Mose Mmara no so, na na ɛsɛ sɛ mmarima twa twetia de yɛ eyi ho sɛnkyerɛnne. (Exodus 12:48, 49) Kristofo bi a na wɔyɛ Yudafo tee nka sɛ ɛsɛ sɛ Nyankopɔn Israel mufo a wɔnyɛ Yudafo nso yɛ saa ara. Nanso, na Yehowa wɔ biribi foforo wɔ n’adwenem. Honhom kronkron kyerɛɛ ɔsomafo Petro kwan kɔɔ Amanaman muni Kornelio fie. Bere a Kornelio ne n’abusua tiee Petro asɛnka no, wonyaa honhom kronkron—ansa na wɔrebɔ wɔn asu wɔ nsu mu mpo. Eyi daa no adi pefee sɛ na Yehowa apene saa Amanaman mufo yi so sɛ Nyankopɔn Israel no mufo a wanhwehwɛ sɛ wodi Mose Mmara no so.—Asomafo no Nnwuma 10:21-48.

13 Gyidifo dodow bi ante eyi ase, na bere tiaa bi akyi no, asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem nyinaa traa ase wɔ asɛm no ho. Wɔde adanse a ɛkyerɛ sɛnea wɔde honhom kronkron dii dwuma wɔ gyidifo a wɔnyɛ Yudafo so maa saa kuw a wɔwɔ tumi no. Bible nhwehwɛmu daa no adi sɛ na eyi yɛ nkɔmhyɛ a efi honhom mu mmamu. (Yesaia 55:5; Amos 9:11, 12) Wosii gyinae a ɛfata: Ná ɛho nhia sɛ Kristofo a wɔnyɛ Yudafo di Mose Mmara so. (Asomafo no Nnwuma 15:1, 6-29) Enti, na honhom fam Israel yɛ ɔman foforo ampa, na na ɛnyɛ kuw bi kɛkɛ a efi Yudasom mu.

14. Frɛ a Yakobo frɛɛ Kristofo asafo no “mmusuakuw dumien a wɔahwete no” kyerɛ dɛn?

14 Nea ɛne eyi hyia no, bere a osuani Yakobo rekyerɛw afeha a edi kan mu Kristofo a wɔasra wɔn no, ɔkyerɛw ne krataa no kɔmaa “mmusuakuw dumien a wɔahwete no.” (Yakobo 1:1; Adiyisɛm 7:3-8) Nokwarem no, wɔamfa Israel foforo no mufo annyina hɔ amma mmusuakuw pɔtee bi. Ná wɔnkyekyɛɛ honhom fam Israel mu nyɛɛ wɔn mmusuakuw 12 sɛnea wɔyɛɛ honam fam Israel no. Nanso, Yakobo nsɛm a efi honhom mu no da no adi sɛ Yehowa ani so no, na Nyankopɔn Israel abesi honam fam Israel mmusuakuw 12 no ananmu korakora. Sɛ obi a wɔwoo no Israelni bɛyɛ ɔman foforo no muni a, honam fam abusua a ofi mu—sɛ́ ofi Yuda anaa Lewi abusua mu no—nka hwee.—Galatifo 3:28; Filipifo 3:5, 6.

Apam Foforo

15, 16. (a) Yehowa bu Nyankopɔn Israel mufo a wɔnyɛ Yudafo no dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde Israel foforo no sii hɔ wɔ mmara kwan so?

15 Yehowa buu ɔman foforo yi mufo a wɔnyɛ Israelfo no sɛ wɔyɛ honhom fam Yudafo korakora! Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ nea ɔda adi saa na ɔyɛ Yudani, nso ɛnyɛ nea ɛda adi saa ɔhonam mu na ɛyɛ twetiatwa, na mmom Yudani ne nea ɔyɛ no ne mu, na twetiatwa ne nea wɔayɛ no komam, wɔ honhom mu, na ɛnyɛ nea wɔakyerɛw mu; ɔno na n’ayeyi mfi nnipa, na efi Nyankopɔn.” (Romafo 2:28, 29) Amanaman mufo pii gyee ɔfrɛ a ɛne sɛ wɔmmɛka Nyankopɔn Israel ho no so, na saa adeyɛ yi maa Bible nkɔmhyɛ nyaa mmamu. Sɛ nhwɛso no, odiyifo Hosea kyerɛwee sɛ: “Mehu nea wonhuu no mmɔbɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ nea ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!”—Hosea 2:23; Romafo 11:25, 26.

16 Sɛ na honhom fam Israelfo nhyɛ Mose Mmara no ase a, ɛnde na wɔnam dɛn so na ɛyɛ ɔman foforo no mufo? Yehowa nam Yesu so ne honhom fam ɔman yi yɛɛ apam foforo. (Hebrifo 9:15) Bere a Yesu de ne wu ho Nkaedi no sii hɔ Nisan 14, 33 Y.B. mu no, ɔde abodoo ne bobesa memaa n’asomafo anokwafo 11 no kae sɛ bobesa no gyina hɔ ma “mogya a ɛyɛ apam ade.” (Mateo 26:28; Yeremia 31:31-34) Sɛnea wɔbɔ amanneɛ wɔ Luka kyerɛwtohɔ no mu no, Yesu kae sɛ na bobesa a ɛwɔ kuruwa mu no gyina hɔ ma “apam foforo” no. (Luka 22:20) Bere a wohwiee honhom kronkron guu nkurɔfo so Pentekoste na wɔwoo Nyankopɔn Israel no, wogyee Ahenni no fii honam fam Israel nsam de maa honhom fam ɔman foforo no maa Yesu nsɛm no nyaa mmamu. Afei ɔman foforo yi besii honam fam Israel ananmu sɛ Yehowa somfo a n’adansefo na wɔwom.—Yesaia 43:10, 11.

“Yerusalem Foforo”

17, 18. Nkyerɛkyerɛmu bɛn na wɔde ma wɔ Adiyisɛm nhoma no mu a ɛfa anuonyam a ɛretwɛn Kristofo a wɔasra wɔn no ho?

17 Anuonyam bɛn na ɛretwɛn wɔn a wɔwɔ hokwan sɛ wonya ɔsoro frɛ no mu kyɛfa sɛɛ yi! Na hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ wobehu anwonwade a ɛretwɛn wɔn no! Adiyisɛm nhoma no ma yehu wɔn soro apɛgyade no ho biribi a ɛyɛ anigye. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Adiyisɛm 4:4 sɛ: “Nhengua aduonu anan atwa [Yehowa] ahengua no ho asi, na mihuu mpanyimfo aduonu anan sɛ wɔtete nhengua no so hyehyɛ ntade fitaa na sika abotiri bobɔ wɔn ti.” Saa mpanyimfo 24 yi yɛ Kristofo a wɔasra wɔn, a wɔanyan wɔn a seesei wɔanya ɔsoro dibea a Yehowa de hyɛɛ wɔn bɔ no. Wɔn abotiri ne wɔn nhengua no ma yɛkae wɔn adehyedi no. Susuw hokwan a ɛkorɔn kɛse a wonya sɛ wɔbɛsom wɔ Yehowa ahengua no nkyɛn no nso ho hwɛ!

18 Yehu wɔn ho asɛm bio wɔ Adiyisɛm 14:1: “Mihui, na hwɛ, oguammaa no gyina Sion bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’agya din wɔn moma so no ka ne ho.” Ɛha yi no, yehu wɔn a wɔasra wɔn yi dodow a esua no—144,000. Nea ɛma wɔn adehyedi da adi ne sɛ wogyinagyina Yehowa Hene a ɔde no asi ahengua so, “Oguammaa,” Yesu nkyɛn. Na wɔwɔ ɔsoro Sion Bepɔw so. Asase so Sion Bepɔw so na na Yerusalem, Israel ahenkurow no wɔ. Ɔsoro Sion Bepɔw gyina hɔ ma dibea a ɛkorɔn a Yesu ne ne mfɛfo adedifo a wɔka bom yɛ ɔsoro Yerusalem, wɔ no.—2 Beresosɛm 5:2; Dwom 2:6.

19, 20. (a) Ɔsoro ahyehyɛde bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no bɛyɛ emufo? (b) Yehowa de bere tenten bɛn na ɛpaw wɔn a wɔn man wɔ soro no?

19 Nea ɛne eyi hyia no, wɔka wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ wɔn soro anuonyam mu no ho asɛm bio sɛ “Yerusalem foforo.” (Adiyisɛm 21:2) Ná asase so Yerusalem yɛ “ɔhenkɛse kurow” ne baabi a asɔrefi no nso wɔ. (Mateo 5:35) Ɔsoro Yerusalem Foforo no ne Ahenni adehyedi ahyehyɛde a seesei Otumfoɔ kɛse, Yehowa, ne ne Hene a wapaw no, Yesu, nam so di ade, na ɛhɔ na asɔfodi adwuma kɔ so bere a nhyira pii tene fi Yehowa ahengua so bɛsa adesamma yare no. (Adiyisɛm 21:10, 11; 22:1-5) Yohane hui wɔ anisoadehu foforo mu sɛ wɔfrɛ Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn sɛ ‘Oguammaa no yere.’ Hwɛ sɛnea eyi yɛ abusuabɔ a ɛbɛda wɔne Yesu ntam, ne wɔn pɛ mu a wofi brɛ wɔn ho ase ma no no ho mfonini fɛfɛ! Fa w’adwene bu anigye a ɛbɛba ɔsoro bere a awiei koraa wɔn mu nea otwa to nsa ka ne soro akatua no. Saa bere no, “Oguammaa no ayeforohyia” no betumi aba so afei! Ebedu saa bere no na ɔsoro nniso ahyehyɛde no di mũ.—Adiyisɛm 19:6-8.

20 Yiw, nhyira nwonwaso na ɛretwɛn wɔn a ɔsomafo Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Yɛn de, yɛn man a yebu no wɔ ɔsoro” no. (Filipifo 3:20) Bɛyɛ mfe mpem abien ni a Yehowa akɔ so ayiyi ne honhom mu mma no asiesie wɔn ama ɔsoro apɛgyade bi. Sɛnea adanse no nyinaa kyerɛ no, saa adwuma a wɔyɛ de paw nnipa siesie wɔn no aba awiei koraa ne sa. Nanso na nneɛma pii bedi akyi aba, sɛnea woyi kyerɛɛ Yohane wɔ n’anisoadehu a wɔakyerɛw no Adiyisɛm ti 7 mu no. Enti seesei, ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene kɔ Kristofo kuw foforo so, na yebesusuw saa kuw yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wokae?

◻ Akwan horow bɛn so na honhom no dii dwuma wɔ wɔn a wɔwɔ ɔsoro apɛgyade no so?

◻ Abusuabɔ a emu yɛ den bɛn na ɛda wɔn a wɔasra wɔn no ne Yehowa ntam? Yesu ntam?

◻ Bible ka Kristofo a wɔasra wɔn asafo no ho asɛm bɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔde Nyankopɔn Israel sii hɔ wɔ mmara kwan so?

◻ Ɔsoro hokwan ahorow bɛn na ɛretwɛn Kristofo a wɔasra wɔn?

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Yehowa de bɛyɛ mfe mpem abien na ɛpaw wɔn a wobedi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena