Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma
Ɔkyerɛkyerɛ Nikodemo
BERE a Yesu wɔ Twam afahyɛ no ase wɔ afe 30 Y.B. mu no, ɔyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse, anaa anwonwade ahorow. Eyi nti, nnipa pii gye no di. Ɛkã Nikodemo a ɔyɛ Yudafo asennibea kɛse a wɔfrɛ no Sanhedrin no muni no koma, na ɔpɛ sɛ osua nneɛma pii ka ho. Enti ɔkɔsra Yesu anadwo sum mu, a ebia osuro sɛ, sɛ Yudafo mpanyimfo afoforo hu no a, n’anim begu ase.
Ɔka sɛ: “Rabi, yenim sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” Mmuaema mu no, Yesu ka kyerɛ Nikodemo sɛ, sɛ obi betumi ahyɛn Onyankopɔn Ahenni mu a, gye sɛ “wɔwo no foforo.”
Nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi awo obi foforo? Nikodemo bisa sɛ: “Obi betumi akɔ ne na yam bio ma wɔawo no?”
Dabi, ɛnyɛ nea obi a wɔwo no foforo no kyerɛ nen. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.” Bere a wɔbɔɔ Yesu asu na honhom kronkron sian baa ne so no, na ɛkyerɛ sɛ ‘wofi nsu ne honhom mu’ awo no. Ɛdenam mpaemuka a efi soro a na ɛka ho a ese ‘Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani’ no so no, Onyankopɔn bɔɔ amanneɛ sɛ wawo honhom mu ɔba bi a ɔwɔ hokwan sɛ ɔbɛhyɛn ɔsoro Ahenni no mu.
Nanso afã a Onyankopɔn desani Ɔba titiriw no wɔ no ho hia. Yesu ka kyerɛ Nikodemo sɛ: “Sɛnea Mose maa ɔwɔ no so sare so no, saa ara na etwa sɛ wɔma onipa ba no so, na obiara a ogye no di anya daa nkwa.” Yiw, sɛnea na ɛsɛ sɛ Israelfo a awɔ a wɔwɔ bɔre kekaa wɔn no hwɛ kɔbere ɔwɔ no na wɔanya nkwa no, saa ara na ɛho hia sɛ adesamma nyinaa nya gyidi wɔ Onyankopɔn Ba no mu na wɔagye wɔn nkwa afi wɔn owu tebea no mu.
Bere a Yesu resi afã a Onyankopɔn dɔ wɔ wɔ eyi mu no so dua no, ɔka kyerɛ Nikodemo bio sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Enti, ɛha wɔ Yerusalem wɔ bere a Yesu fii ne som adwuma no ase akyi asram asia no, ɔma mu da hɔ pefee sɛ ɔno ne nea Onyankopɔn nam ne so regye adesamma nkwa. Yohane 2:23-3:21; Mateo 3:16, 17; Asomafo no Nnwuma 2:1-4; Numeri 21:9.
◆ Dɛn na ɛkaa Nikodemo ma ɔkɔsraa Yesu no, na dɛn nti na ɔkɔɔ anadwo?
◆ Sɛ́ “wɔwo obi foforo” no kyerɛ dɛn?
◆ Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ afã a ɔwɔ wɔ yɛn nkwagye mu no ho mfatoho?