Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 3/1 kr. 7-8
  • ‘Awo Foforo’ Trɛw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Awo Foforo’ Trɛw
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Bible Ka Sɛ Wɔasan Awo Obi Bio a, Ɛkyerɛ Sɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wo A Wɔsan Wo Obi Bio—So Ɛno ne Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwagye Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Henanom Na ‘Wɔawo Wɔn Foforo’?
    Nyan!—1988
  • ‘Awo Foforo’​—Onipa Afã ne Onyankopɔn Afã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 3/1 kr. 7-8

‘Awo Foforo’ Trɛw

“AWO FOFORO ABU SO.” Ɛno ne amanneɛbɔ bi a efi Los Angeles a epuee New York Post, May 19, 1980 mu no asɛm a edi kan. Amanneɛbɔ no kɔɔ so kyerɛe sɛ: “Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ, bɛboro Amerikafo a wɔanyinyin nyinaa fã anya Kristofo nyamesom mu ‘awo foforo’ a ɛtra hɔ kyɛ. Akontaabu no kyerɛ sɛ Amerikafo a wɔanyinyin ɔpepem 84 de wɔn ho ahyɛ Yesu Kristo nsa a wɔda so ara bu sɛ ɛho hia.”

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe ansa na eyi reba bɔɔ amanneɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ Amerika Protestantfo mmofra a wonnii mfe aduonu no fã “anya ‘awo foforo.’” Atesɛm krataa bi a wɔfrɛ no Parade, July 6, 1980 de no kae sɛ nnipa baasa a na wɔrepere United States ɔman panyin dibea no saa bere no nyinaa, Carter, Reagan ne Anderson, kae sɛ wɔyɛ Kristofo a ‘wɔawo wɔn foforo.’

Ɛtɔ mmere bi a ‘awo foforo’ Kristofo no ka sɛ wo a wɔawo wɔn foforo nti na wodi yiye wɔ wiase adwumayɛ mu. Wɔkyerɛ sɛ New York adwuma panyin biako a wadi yiye kɛse kae sɛ: “Wode wo ho ma Awurade, na Awurade boa wo. Bere bi a na ɛsɛ sɛ metɔ Bonwit Teller no, na aka dɔla ɔpepem 2.5 ansa na me sika no asõ na na minnim ɔkwan a mɛfa so anya. Ná ɛyɛ anwonwade ankasa. Asɛm koro no ara na esii bere a metɔɔ Tiffany a ná aka dɔla ɔpepem biako ansa na me sika no asõ no.” Wɔ asɛm bi a wɔtoo din “‘Awo Foforo’ Bɔɔlbɔfo Redɔɔso” mu no, amanneɛbɔ bi a efi San Francisco kaa bɔɔlbɔfo pii a wɔkyerɛ sɛ wɔawo wɔn fofofo ne bɔɔlbɔfo no mu pii a wɔkyerɛ sɛ nkonim a wodi no yɛ wo a wɔawo wɔn foforo nti no ho asɛm. Eyinom mu biako kae sɛ: “Wommisabisa me nsɛm pii, enti mepɛ sɛ mede saa hokwan yi kamfo Yesu Kristo. Ɔno na odi kan wɔ m’asetra mu.” ɔfoforo kae sɛ ɛyɛ “mmerɛw koraa wɔ bɔɔlbɔ ne asetra mu, bere a wowɔ Onyankopɔn sɛ wo hokafo.”

Bio nso, amanneɛbɔ a ɛfa yiye a “The Electric Church” dii wɔ sika fam ho no se: “Asɔrea Wɔyɛ Wɔ Radio So Abɛyɛ Adwuma Kɛse, Ɛretrɛw Wɔ U.S., Awo Foforo Kristofo Na Wotua Ho Dwumadi Ka: Jerry Falwell Yiyedi. Botae: ‘Koma ne Sika.’”​—The Wall Street Journal.

Nanso, ɛnyɛ nyamesomfo a wɔwɔ Kristoman mu nyinaa na wɔn ani gye nea ɛrekɔ so yi ho. Enti New York Times kae sɛ ‘Presbyterianfo mu paee wɔ asɛmpa a ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ no ho, ne sɛ na wɔn asɔre no resusuw ‘Awo Foforo’ kuw ahorow no nkɛntɛnso ho.’ Ebinom bu saa adeyɛ yi sɛ ɛyɛ nkate mu adeyɛ ara kwa, na asɔfo nteteebea so panyin biako kae sɛ “ná asuafo dodow no ara yɛ wɔn a wontumi nkyerɛ wɔn ade” esiane wɔn ‘awo foforo’ suban no nti. Wɔ asɔfo nteteebea biako mu no, bɛyɛ sɛ asuafo no fã kyerɛe sɛ wɔawo wɔn foforo.

Wɔ ne nyinaa mu no adwene a wokura ne sɛ, sɛ́ ‘wɔwo obi foforo’ no te sɛ “ɛbɔ a obi hyɛ” sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn ne Kristo, a ɛno ne sɛnea asɛmpakafo a wɔagye din da asɛm no adi. Eyi ma nsemmisa bi sɔre: Yesu kae sɛ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no sua na ɛso fa yɛ den, ne sɛ nnipa kakraa ‘bi na wobebu. (Mat. 7:13, 14) Ɔkae mpɛn pii nso sɛ n’akyidifo nyɛ wiase no fã. (Yoh. 15:19; 17:16) Ɔkwan bɛn so na ne nsɛm yi ne ka a wɔka sɛ bɛboro Amerikafo a wɔanyinyin no fã anya ‘awo foforo’ no betumi ahyia? Na Ɛnyɛ ne nyinaa nen. Sɛ nnipa a wɔanyinyin wɔ ɔman bi mu no fã yɛ Kristofo a ‘wɔawo wɔn foforo’ a, dɛn nti na basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, tow a wontua, amammui mu ɔporɔw, ɔbrasɛe, adedodow pɛ, ne pɛsɛmenkominya su abu so saa? So Bible no de adwuma mu yiyedi hyɛ wɔn a ‘wɔwo wɔn foforo’ bɔ? So Onyankopɔn ne Kristo bɛyɛ bɔɔlbɔfo ahokafo, a wɔboa wɔn ma wodi nkonim?

Yesu ka kyerɛɛ Yudani panyin, Nikodemo a ɔyɛ Farisini sɛ: “Nokware, nokware, mise wo: Sɛ wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ontumi nhyɛn Nyankopɔn ahenni mu. Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ misee wo sɛ: Etwa sɛ wɔwo mo foforo.” (Yoh. 3:5, 7) Na Yesu de nsɛm yi rekyerɛ dɛn? Dɛn ne Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw a enti ɔma wɔwo obi foforo? Akwan horow bɛn so na wɔnam wo obi foforo, na dɛn ne asɛyɛde ahorow a ɛda wɔn a wɔwo wɔn foforo no so? Ansa na yebetumi ama nsemmisa ahorow yi ho mmuae yiye no, ɛho hia sɛ yɛma nokwasɛm atitiriw bi da adi wɔ Yehowa Nyankopɔn nnyinasosɛm ahorow ne n’atirimpɔw ahorow a ɛfa asase ne onipa ho no mu.

[Kratafa 8 adaka]

“Menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no. Na sɛnea yɛwɔ ɔhonam akwaa bebree nipadua koro mu, na ɔhonam akwaa no nyinaa nni dwuma koro no, saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu.”​—Romafo 12:3-5.

[Kratafa 7 mfoni]

Yesu see Nikodemo sɛ: “Etwa sɛ wɔwo mo foforo”

[Kratafa 8 mfoni]

Wɔn a wohu ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no sua

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena