Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 4/1 kr. 10-15
  • Amansan Nhoma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amansan Nhoma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhoma a Wɔakyekyɛ Pii Sen Biara Wɔ Wiase
  • Wɔafa Ɔkwan a Ɛda Nsow so Akora So Yiye
  • Wɔde Kɔ Kasa Horow a Nnipa Da so Ka Mu
  • Ɛfata sɛ Yenya mu Ahotoso
  • Nhoma A “Ɛka” Kasa Horow
    Amansan Nhoma
  • Ɛyɛɛ Dɛn Na Nhoma No Da So Wɔ Hɔ?
    Amansan Nhoma
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • So Yehia Nea Edi Kan no Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 4/1 kr. 10-15

Amansan Nhoma

“Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—ASOMAFO NO NNWUMA 10:34, 35.

1. Bere a wobisaa ɔbenfo bi nea n’adwene yɛ no wɔ Bible ho no, dɛn na ɔkae, na dɛn na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ?

NÁ ƆBENFO no te fie Kwasida awia bi a na ɔnhwɛ kwan sɛ ɔhɔho bi bɛba abɛsra no. Nanso bere a yɛn nuabea Kristoni bi kɔɔ ne fie no, otiee no. Onuawa no kaa asase so nneɛma a wɔresɛe no ne asase daakye ho asɛm—nsɛm a na ɔbarima no ani gye ho. Nanso, bere a onuawa no kɔfaa Bible mu asɛm baa mu no, ɛyɛɛ sɛnea n’ani nnye ho no. Enti onuawa no bisaa no nea n’adwene yɛ no wɔ Bible ho.

Obuae sɛ: “Bible yɛ nhoma pa a anyansafo bi na wɔkyerɛwee, nanso ɛnyɛ ade a ɛho hia.”

Onuawa no bisae sɛ: “Na woakenkan Bible no pɛn?”

Bere a asɛm no aforo ɔbenfo no, ogye toom sɛ ɔnkenkanee da.

Afei onuawa no bisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka nhoma bi ho asɛm denneennen bere a wonkenkanee da?”

Yɛn nuabea no kaa no asɛm. Ɔbenfo no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛpɛɛpɛɛ Bible no mu asi ho gyinae.

2, 3. Dɛn nti na nnipa pii nkenkan Bible, na akwanside bɛn na eyi de brɛ yɛn?

2 Ɛnyɛ ɔbenfo no nkutoo na ɔwɔ saa tebea no mu. Nnipa pii kura adwene pɔtee bi wɔ Bible no ho ɛmfa ho mpo sɛ wɔn ankasa nkenkanee da. Ebetumi aba sɛ wɔwɔ Bible. Ebi mpo a wobegye atom sɛ ɛboa nhomasua ne abakɔsɛm. Nanso nnipa pii nkenkan Bible. Ebinom ka sɛ, ‘Minnya bere nkenkan Bible no.’ Afoforo nso bisa sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na tete nhoma a ɛte saa atumi afa m’asetra ho?’ Adwene a ɛtete saa no yɛ akwanside ankasa ma yɛn. Yehowa Adansefo gye di paa sɛ Bible no “fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ.” (2 Timoteo 3:16, 17) Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi ama afoforo agye adi sɛ ɛmfa ho wɔn honam ani hwɛbea, ɔman anaa abusua a wofi mu no, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ Bible no mu?

3 Ma yensusuw nneɛma bi a enti ɛfata sɛ yɛhwehwɛ Bible mu no ho. Nsɛm a ɛte saa a yebesusuw ho no bɛma yɛanya nea yebegyina so ne wɔn a yehyia wɔn wɔ yɛn som adwuma mu no akasa, na ebia yɛama wɔagye atom sɛ ɛsɛ sɛ wosusuw nea Bible no ka ho. Bere koro no ara nso ɛsɛ sɛ nhwehwɛmu yi hyɛ yɛn ankasa gyidi a yɛwɔ mu den sɛ sɛnea Bible di ne ho adanse no yɛ nokware—ɛyɛ “Onyankopɔn asɛm.”—Hebrifo 4:12.

Nhoma a Wɔakyekyɛ Pii Sen Biara Wɔ Wiase

4. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Bible no ne nhoma a wɔakyekyɛ no pii sen biara wɔ wiase?

4 Nea edi kan no, ɛfata sɛ yɛhwehwɛ Bible no mu efisɛ ɛno ne nhoma a dodow a wɔakyekyɛ ne kasa horow a wɔakyerɛ ase kɔ mu no dɔɔso sen biara wɔ abakɔsɛm mu. Bɛboro mfe 500 ni a wotintim nea edi kan wɔ nhoma-tintim afiri a Johannes Gutenberg yɛe no so. Efi saa bere no, wobu akontaa sɛ wɔatintim Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi mfuamfua bɛyɛ ɔpepepem anan. Ebeduu 1996 no, na wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa horow 2,167 mu.a Adesamma abusua no mu ɔha biara mu 90 ne akyiri na anyɛ yiye koraa no wɔwɔ Bible no fã bi wɔ wɔn ankasa kasa mu. Nhoma foforo biara—nyamesom de anaa foforo bi—mmɛn no koraa!

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa nsa betumi aka Bible no?

5 Ɛnyɛ akontaabu nkutoo na edi adanse sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa nsa betumi aka kyerɛwtohɔ a efi Nyankopɔn home mu. Biribiara da nkyɛn mpo a, Bible no ankasa ka kyerɛ yɛn sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Nea ɛsen nhoma foforo biara no, Bible no atra aman ahye, adi aman ne mmusua mu akwanside ahorow so. Nokwarem no, Bible no yɛ amansan nhoma!

Wɔafa Ɔkwan a Ɛda Nsow so Akora So Yiye

6, 7. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ wonhuu mfitiase Bible nkyerɛwee no biara a ɛda so wɔ hɔ, na asɛmmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?

6 Biribi foforo wɔ hɔ a enti ɛfata sɛ yɛhwehwɛ Bible mu. Atumi agyina akwanside ahorow a efi nnipa ne nea emfi nnipa ano. Kyerɛwtohɔ a ɛfa ɔkwan a wɔfaa so koraa so wɔ akwanside akɛse nyinaa akyi no da nsow ankasa wɔ tete nkyerɛwee mu.

7 Ɛda adi sɛ Bible akyerɛwfo no de adubiri na ɛkyerɛw wɔn nsɛm no wɔ mmɛw krataa (a wɔde Misraim dua bi a wɔfrɛ no papyrus na ɛyɛe) ne nhomapoee (a wɔde mmoa nhoma na ɛyɛe) so.b (Hiob 8:11) Nanso nkyerɛwee a ɛte saa no hyiaa asiane ahorow. Nhomanimfo Oscar Paret kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Fɔnwini, ntuw, ne mmoawa ahorow betumi asɛe nneɛma abien a wɔkyerɛw nsɛm wɔ so no nyinaa. Da biara da suahu akyerɛ yɛn sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ krataa anaa mmoa nhoma a ɛyɛ den mpo bɛsɛe bere a ɛda abɔnten anaa ɔdan a ntuw wom mu no.” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wonnya nhuu mfitiase nkyerɛwee no biara a ɛda so wɔ hɔ; gyama ɛyerae akyɛ. Nanso sɛ asiane ama mfitiase nkyerɛwee no asɛe a, ɛyɛɛ dɛn na Bible no atumi atra hɔ abesi nnɛ?

8. Wɔ mfehaha pii mu no, ɔkwan bɛn na wɔfaa so koraa Bible nkyerɛwee so?

8 Wɔkyerɛw mfitiase de no akyi pɛɛ na wofii ase hwɛɛ so kyerɛw foforo. Nokwarem no, Mmara no ne Kyerɛw Kronkron no afã foforo so a wɔhwɛ kyerɛw foforo no bɛyɛɛ ebinom adwuma wɔ tete Israel. Sɛ́ nhwɛso no, na ɔsɔfo Esra yɛ “ɔkyerɛwfo a wakokwaw Mose mmara . . . no mu.” (Esra 7:6, 11; fa toto Dwom 45:1 ho.) Nanso na foforo a wɔkyerɛwee no nso betumi asɛe; bere kɔɔ so no, wɔkyerɛw bi bio de sii ananmu. Nkyerɛwee a wɔhwɛ bi so kyerɛw foforo yi kɔɔ so mfehaha pii. Esiane sɛ nnipa nyɛ pɛ nti, so akyerɛwfo mfomso ahorow sesaa Bible mu nsɛm no ankasa? Adanse a abu so kyerɛ sɛ ɛnte saa!

9. Ɔkwan bɛn so na Masoretfo nhwɛso no kyerɛ sɛnea Bible akyerɛwfo no yɛɛ ahwɛyiye kɛse na wɔkyerɛw nsɛm pɛpɛɛpɛ?

9 Ɛnyɛ sɛ na akyerɛwfo no ho akokwaw kɛse nko, na mmom na wɔwɔ obu kɛse nso ma nsɛm a wɔhwɛɛ so kyerɛwee no nso. Hebri asɛmfua ma “ɔkyerɛwfo” no fa nneɛma ano a wobu ne ɛho kyerɛwtohɔ a wɔyɛ ho. Nea ɛbɛma woahu ahwɛyiye kɛse a akyerɛwfo no de yɛɛ wɔn adwuma ne sɛnea na edi mũ fa no, susuw Masoretfo, Hebri Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so asia ne afeha a ɛto so du Y.B. mu ntam, no ho. Sɛnea nhomanimfo Thomas Hartwell Horne kyerɛ no, wobuu akontaa huu “mpɛn dodow a [Hebri] nkyerɛwde no mu biara pue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu.” Susuw nea ɛno kyerɛ no ho hwɛ! Nea ɛbɛyɛ na saa akyerɛwfo a na wɔwɔ ahofama yi rennyaw kyerɛwde biako pɛ mpo wɔ mu no, ɛnyɛ nsɛmfua a wɔhwɛɛ so kyerɛwee no nko na wɔkan ne dodow, na mmom nkyerɛwde no nso. Hwɛ, sɛnea ɔbenfo bi buu akontaa no, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔkan nyaa nkyerɛwde mfuamfua 815,140 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu! Mmɔden kɛse a wɔbɔe yi maa edii mũ kɛse.

10. Adanse a emu yɛ den bɛn na ɛkyerɛ sɛ Hebri ne Hela nkyerɛwee a nnɛyi nkyerɛase ahorow gyina so no ne akyerɛwfo a wodi kan no nsɛm no hyia pɛpɛɛpɛ?

10 Nokwarem no, adanse a emu yɛ den wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Hebri ne Hela nkyerɛwee a wɔde nnɛyi nkyerɛase ahorow gyinaa so no ne akyerɛwfo a wodi kan no nsɛm no hyia pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa. Bible nsaano nkyerɛwee mpempem pii—Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa anaa n’afã bi bɛyɛ 6,000, ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no bɛyɛ 5,000—a atra hɔ abesi yɛn bere yi so na edi ho adanse. Ntotoho a kyerɛw no ho abenfo atɔ wɔn bo ase de nsaano nkyerɛwee pii a ɛwɔ hɔ no ayɛ no ama wɔatumi ahu mfomso biara a wɔn a wɔhwɛɛ bi so kyerɛw foforo no yɛe, ma wɔakyerɛ sɛnea na ɛte wɔ mfiase de no mu. Bere a nhomanimfo William H. Green reka Hebri Kyerɛwnsɛm no nkyerɛwee ho asɛm no, otumi kae sɛ: “Wobetumi aka a wonsuro sɛ tete nhoma biara nni hɔ a wɔde ama pɛpɛɛpɛ saa.” Yebetumi anya ahotoso a ɛte saa ara wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nkyerɛwee mu.

11. Sɛnea 1 Petro 1:24, 25 kyerɛ no, dɛn na ama Bible no atra hɔ abesi yɛn bere yi so?

11 Sɛ ɛnyɛ nsaano nkyerɛwee a ebesii nea edi kan a na emu nsɛm som bo no ananmu a, anka hwɛ sɛnea Bible no bɛyera ntɛm! Ade biako pɛ na ama atra hɔ abesi nnɛ—Yehowa ne N’asɛm so Korafo ne ɛho Bammɔfo. Sɛnea Bible no ankasa ka wɔ 1 Petro 1:24, 25 no: “Ɔhonam nyinaa te sɛ wura, na onipa anuonyam nyinaa te sɛ wura nhwiren. Wura hyew, na ne nhwiren po; na [Yehowa, NW] asɛm de, ɛte hɔ daa.”

Wɔde Kɔ Kasa Horow a Nnipa Da so Ka Mu

12. Mfehaha pii a wɔde hwɛɛ bi so kyerɛw foforo no akyi no, akwanside foforo bɛn na Bible no hyiae?

12 Ná sɛnea ɛbɛyɛ a Bible bɛkɔ so atra hɔ a ɛntɔ kyima, bere a wɔhwɛɛ so kyerɛw foforo wɔ mfehaha pii mu no kɛkɛ nna fam, nanso ehyiaa akwanside foforo—adesamma kasa horow a wɔka a na wɔbɛkyerɛ ase akɔ mu. Sɛ Bible bɛka asɛm ma aka nkurɔfo koma a, na ɛsɛ sɛ ɛka no wɔn kasa mu. Nanso Bible—a ekura atiri bɛboro 1,100 ne nkyekyem 31,000—no asekyerɛ nyɛ adwuma ketewa. Nanso, wɔ mfehaha pii mu no, nsɛm asekyerɛfo a wɔwɔ ahofama fi wɔn pɛ mu faa asɛyɛde no too wɔn ho so, na ɛtɔ mmere bi a, wohyia akwanside ahorow a na ɛte sɛ nea ɛboro wɔn so!

13, 14. (a) Asɛnnennen bɛn na Bible asekyerɛni Robert Moffat hyiae wɔ Afrika wɔ afeha a ɛto so 19 no mfiase? (b) Bere a wɔn a wɔka Tswana kasa no nsa kaa Luka Asɛmpa no wɔ wɔn kasa mu no, dɛn na wɔyɛe?

13 Sɛ́ nhwɛso no, susuw nea ɛyɛe a wɔkyerɛɛ Bible ase kɔɔ Afrikafo kasa horow mu no ho hwɛ. Wɔ 1800 mu no, na kasa horow bɛyɛ dumien pɛ na wotumi kyerɛw wɔ Afrika nyinaa. Ná kasa afoforo ɔhaha pii a nkurɔfo ka no nni nkyerɛwde. Eyi ne asɛnnennen a Bible asekyerɛni Robert Moffat hyiae. Wɔ 1821 mu, bere a na Moffat adi mfe 25 no, ɔtew nyamesom kuw bi wɔ Afrika anafo famfo a wɔka Tswana kasa no mu. Nea ɛbɛyɛ na watumi asua wɔn kasa a na wɔnkyerɛw no, ɔne nkurɔfo no bɔe. Moffat miaa n’ani, na bere a onni nhoma a wɔde sua akenkan ne nsɛm asekyerɛ nhoma biara no, otumi tee kasa no, yɛɛ ho nkyerɛwde, na ɔkyerɛɛ Tswanafo bi sɛnea wɔkenkan saa akyerɛw no. Wɔ 1829 mu, bere a wayɛ adwuma wɔ Tswanafo mu mfe awotwe no, ɔkyerɛɛ Luka Asɛmpa no ase wiei. Akyiri yi ɔkae sɛ: “Mahu ebinom a wɔatwa akwansin ɔhaha pii abɛpɛ Ɔhotefo Luka nhoma no bi. . . . Mihui sɛ bere a wɔn nsa kaa Ɔhotefo Luka nhoma no bi no, wɔde fam wɔn bo sui wɔ ho, na wɔde anisɔ tew nusu kosii sɛ meka kyerɛɛ wɔn mu pii sɛ, ‘Mode mo nusu bɛsɛe mo nhoma no.’” Moffat kaa Afrikani barima bi nso a ohuu nnipa dodow bi sɛ wɔrekenkan Luka Asɛmpa no, na obisaa wɔn dekode a na wokura no. Wobuae sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn asɛm.” Ɔbarima no bisae sɛ: “Etumi kasa?” Wobuae sɛ: “Yiw, etumi kasa kyerɛ koma.”

14 Nsɛm asekyerɛfo a wɔwɔ ahofama te sɛ Moffat na wɔmaa Afrikafo pii nyaa hokwan a ɛbɛma wɔatumi akyerɛw wɔn kasa nea edi kan. Nanso nsɛm asekyerɛfo no maa Afrikafo ade a ɛsom bo sen saa mpo—Bible a ɛwɔ wɔn ankasa kasa mu. Afei nso, Moffat na ɔmaa Tswanafo huu edin kronkron no, na ɔde dii dwuma wɔ ne nkyerɛase no mu baabiara.c Enti, Tswanafo frɛɛ Bible “Yehowa anom asɛm.”—Dwom 83:18.

15. Dɛn nti na Bible no te ase ankasa nnɛ?

15 Nsɛm asekyerɛfo afoforo a wɔwɔ wiase mmeaemmeae hyiaa akwanside a ɛtete saa ara. Ebinom mpo de wɔn nkwa too asiane mu de kyerɛɛ Bible no ase. Susuw eyi ho hwɛ: Sɛ Bible no kaa tete Hebri ne Hela kasa nkutoo mu a, anka “awu” dedaadaw, efisɛ eduu baabi no, na nnipa dodow no ara werɛ afi saa kasa ahorow no koraa ne sa, na na wɔnka wɔ asase so mmeae pii. Nanso Bible no te ase ankasa, efisɛ etumi “kasa” kyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase afannan nyinaa wɔ wɔn ankasa kasa mu, a nhoma foforo biara ne no nsɛ. Ne saa nti, emu nsɛm no da so ‘yɛ wɔn a wogye di mu adwuma.’ (1 Tesalonikafo 2:13) The Jerusalem Bible no ka saa nsɛm no sɛ: “Ɛda so ara yɛ tumi a ɛte ase wɔ wɔn a wogye di mu.”

Ɛfata sɛ Yenya mu Ahotoso

16, 17. (a) Sɛ Bible no bɛyɛ nea yebetumi de yɛn ho ato so a, dɛn na ɛsɛ sɛ edi ho adanse? (b) Ma nhwɛso biako a ɛkyerɛ sɛ Bible kyerɛwfo Mose kaa nokware turodoo.

16 Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘So yebetumi anya Bible no mu ahotoso ankasa? Ɛka nsɛm a ɛfa nnipa a wɔtraa ase ankasa, mmeae a na ɛwɔ hɔ paa ara, ne nsɛm a esisii ampa ho?’ Sɛ yebetumi de yɛn ho ato so a, ɛsɛ sɛ yenya adanse a ɛkyerɛ sɛ akyerɛwfo a wɔyɛ ahwɛyiye na wodi nokware, na wɔkyerɛwee. Eyi de yɛn ba ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ Bible mu no so: Adanse a emu yɛ den wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ edi mũ, na ɛyɛ nokware.

17 Ɛnyɛ nneɛma a ɛkɔɔ yiye nkutoo na Bible akyerɛwfo anokwafo bɛkyerɛw ho asɛm, na mmom nea ankɔ yiye nso, ɛnyɛ mmɔdenbɔ nkutoo na wɔkyerɛw ho asɛm, na mmom mmerɛwyɛ nso. Bible akyerɛwfo no kaa nokware turodoo a ɛhyɛ nkuran. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea Mose kaa nsɛm penpen no ho hwɛ. Nneɛma a ɔkaa ho asɛm pefee no bi ne n’ankasa ano a na ɛntewee, a na ɛma ɔte nka sɛ ɔmfata sɛ ɔbɛyɛ Israel kannifo (Exodus 4:10); mfomso a anibere wom a ɔyɛe a amma wankɔ Bɔhyɛ Asase no so (Numeri 20:9-12; 27:12-14); biribi a ɛmfa kwan mu a ne nuabarima Aaron yɛe, bere a ɔboaa Israelfo atuatewfo no ma wɔyɛɛ sika nantwi ba honi no (Exodus 32:1-6); ne nuabea Miriam atuatew ne asotwe a ɛyɛ aniwu a ɛbaa ne so (Numbers 12:1-3, 10); akyiwade a ne wɔfaasefo Nadab ne Abihu yɛe (Leviticus 10:1, 2); ne sɛnea Onyankopɔn ankasa nkurɔfo kasakasae na wonwiinwii mpɛn pii. (Exodus 14:11, 12; Numeri 14:1-10) So nokwasɛm a wɔkaa no penpen saa no nkyerɛ sɛ na wofi komam pɛ nokware? Esiane sɛ na Bible akyerɛwfo no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛka nsɛm a ɛnyɛ dɛ afa wɔn adɔfo, wɔn man, ne wɔn ankasa mpo ho nti, so ntease pa nnim sɛ yebenya wɔn nkyerɛwee no mu ahotoso?

18. Dɛn na ɛfoa Bible akyerɛwfo no nsɛm so sɛ ɛyɛ nokware?

18 Sɛnea Bible akyerɛwfo no nsɛm hyia no nso foa wɔn nkyerɛwee no so sɛ ɛyɛ nokware. Nokwarem no, ɛyɛ nwonwa sɛ mmarima 40 a wɔkyerɛw wɔn nsɛm wɔ bɛyɛ mfe 1,600 mu no nsɛm behyia, wɔ nsɛm nketenkete mpo mu. Nanso, nsɛm no nyɛ nea wɔahyɛ da ahyehyɛ ama akɔ pɛpɛɛpɛ a ɛma ɛyɛ sɛ nea kusumdi bi wɔ akyi. Mmom no, ɛda adi pefee sɛ hyia a emu nsɛm hyia no nyɛ nea wɔhyɛɛ da yɛɛ ho biribi; mpɛn pii no, ehyiae ara kwa.

19. Ɔkwan bɛn so na Asɛmpa kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa bere a wɔkyeree Yesu ho no kyerɛ sɛ nsɛm no hyia nanso ɛda adi pefee sɛ wɔanhyɛ da na wɔyɛɛ no saa?

19 Sɛ mfatoho no, susuw asɛm bi a esii anadwo a wɔkyeree Yesu no ho hwɛ. Nnipa baanan a wɔkyerɛw Nsɛm no nyinaa kyerɛwee sɛ asuafo no mu biako twee afoa twaa ɔsɔfopanyin akoa bi aso. Nanso, Luka nkutoo na ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛɛ yɛn sɛ “ɔkaa n’aso no yɛɛ no yiye.” (Luka 22:51) Nanso so ɛno nyɛ asɛm a wobɛhwɛ kwan sɛ ɔkyerɛwfo a wɔfrɛ no “oduruyɛfo dɔfo no” na ɔbɛka? (Kolosefo 4:14) Yohane kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ asuafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa mu no, Petro na na okura afoa no—asɛm a na ɛnyɛ nwonwa, esiane sɛnea na Petro pere ne ho wɔ nsɛm ho na n’ani so yɛ hyew nti. (Yohane 18:10; fa toto Mateo 16:22, 23 ne Yohane 21:7, 8 ho.) Yohane ka biribi foforo a ayɛ sɛ asɛm ketewaa bi a ɛho nhia: “Akoa no din de Malko.” Adɛn nti na Yohane nkutoo na ɔbɔ ɔbarima no din? Nkyerɛkyerɛmu no pue wɔ asɛm ketewaa bi a wɔka twaam wɔ Yohane kyerɛwtohɔ no nkutoo mu no mu—ná “ɔsɔfo panyin no nim” Yohane. Ná ɔsɔfo panyin no fiefo nso nim no; ná nkoa no nim no na ɔno nso nim wɔn.d (Yohane 18:10, 15, 16) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Yohane bɔɔ ɔbarima a wopiraa no no din bere a Nsɛmpa no akyerɛwfo a aka, a ebetumi aba sɛ na wonnim ɔbarima no, ammɔ ne din. Sɛnea nsɛm nketenkete yi nyinaa hyia no yɛ nwonwa, nanso ɛda adi pefee sɛ wɔanhyɛ da na wɔyɛɛ no saa. Nhwɛso a ɛtete saa bebree na ɛwɔ Bible no nyinaa mu.

20. Dɛn na ehia sɛ nnipa a wɔwɔ komapa hu wɔ Bible no ho?

20 Enti yebetumi de yɛn ho ato Bible no so anaa? Yebetumi de yɛn ho ato so koraa! Nokware a Bible akyerɛwfo no kae, ne sɛnea Bible no mu nsɛm hyia no ma ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ nokware. Ehia sɛ nnipa a wɔwɔ komapa hu sɛ wobetumi de wɔn ho ato Bible no so, efisɛ ɛyɛ ‘Yehowa, nokware Nyankopɔn no’ Asɛm a efi ne home mu. (Dwom 31:5) Nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ amansan nhoma sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no.

[Ase hɔ nsɛm]

a Egyina akontaabu a Bible Nkabom Fekuw ahorow no tintimii so.

b Wɔ Paulo afiasenna a ɛto so abien wɔ Roma no, ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmfa “mmurukuu no [mmra], ne titiriw no nhomapoee no.” (2 Timoteo 4:13) Gyama na Paulo pɛ sɛ ɔde Hebri Kyerɛwnsɛm no afã horow brɛ no ma osua bere a ɔda afiase no. Asɛm “ne titiriw no nhomapoee no” betumi akyerɛ sɛ na nhoma mmobɔwee no bi yɛ mmɛw nkrataa na afoforo nso yɛ nhomapoee.

c Wɔ 1838 mu no, Moffat kyerɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase wiei. Ɛdenam ne yɔnko bi mmoa so no, owiee Hebri Kyerɛwnsɛm no asekyerɛ wɔ 1857 mu.

d Nim a na Yohane nim ɔsɔfo panyin no ne ne fiefo no da adi bio akyiri yi wɔ kyerɛwtohɔ no mu. Bere a ɔsɔfopanyin no akoa foforo bɔɔ Petro sobo sɛ ɔka Yesu asuafo no ho no, Yohane kyerɛkyerɛ mu sɛ na saa akoa no yɛ “nea Petro twaa n’aso no busuani.”—Yohane 18:26.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Bible no bɛyɛ nhoma a nnipa nyinaa nsa betumi aka bi asen nhoma biara wɔ wiase?

◻ Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔakora Bible no so pɛpɛɛpɛ?

◻ Akwanside ahorow bɛn na wɔn a wɔkyerɛɛ Bible no ase no hyiae?

◻ Dɛn na ɛfoa Bible nkyerɛwee no so sɛ ɛyɛ nokware?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena