Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Na dɛn na Yesu reka ho asɛm sɛ “eyinom” bere a obisaa ɔsomafo Petro sɛ, ‘Wodɔ me sen eyinom” no?
Na Yesu a wɔanyan no no wɔ Galilea Po so. Yɛkenkan sɛ: “Ɛnna wodidi wiei no. Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom? Osee no sɛ: Yiw, Awurade. wunim sɛ medɔ wo. Osee no sɛ: Yɛn me nguammaa!”—Yohane 21:15.
Bere a ɛtɔ bere bi a Hela dinnsiananmu asɛmfua a wɔde kyerɛ biribi su no kyerɛ dekode a ɛka ho asɛm no. edin tou’ton (eyinom) no betumi akyerɛ ɔbarima, ɔbea, anaa biribi foforo. Enti, nhomanimfo akyerɛ sɛ Yesu asemmisa no betumi akyerɛ nneɛma abiɛsa:
1. So wodɔ me sen sɛnea wodɔ saa asuafo afoforo yinom no?
2. So wodɔ me sen sɛnea saa asuafo yinom dɔ me no?
3. So wodɔ me sen saa nneɛma yi te sɛ mpataa no?
Ma yensusuw nsɛm abiɛsa yi ho na ama yɛahu nea ebetumi aba sɛ na ɔka ho asɛm.
Nea edi kan. Nokwarem no, Kristofo kakraa bi na wobetumi anya adwene sɛ Kristo bebisa sɛ, ‘Wodɔ me sen sɛnea wodɔ asuafo no?’ Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa! Ɛte sɛ nea ɛbɛyɛ nwonwa yiye sɛ wobebisa Petro asɛm a ɛte saa. Na Petro ne asuafo afoforo baasia wɔ ɔkorow no mu nanso bere a ohuu Yesu wɔ mpoano hɔ no, ogyaw asuafo no hɔ na oguare baa mpoano hɔ. Bere a Petro rekyerɛ ne ho a ɔde fam Yesu ho saa no. ɔkae sɛ na wasi ne bo sɛ ɔbɛtra Yesu nkyɛn bere a Kristo bisae sɛ ebia asomafo no bɛpɛ sɛ wɔne wɔn a n’asɛm too wɔn hintidua no bɛkɔ anaa no.—Yohane 6:66-69; 21:7, 8.
Nea ɛto so abien. Na tumi a ebetumi aba sɛ na Yesu kyerɛ sɛ ‘Petro, so wowɔ ɔdɔ ma me sen sɛnea asuafo afoforo no wɔ’ no nso ɛ? Nkyerɛkyerɛmufo pii agye adwene yi atom, efisɛ na Petro adi kan akyerɛ sɛ odi nokware ma Yesu sen afoforo a wɔaka no. (Mateo 26:33-35) Nanso, Yohane 21:15 a yɛbɛte ase wɔ ɔkwan yi so no hwehwɛ sɛ wɔde adeyɛ asɛm bi hyɛ asɛm no mu, te sɛ “Wodɔ me sen [sɛnea] eyinom [yɛ no]?” Nanso adeyɛ asɛm a ɛte saa nni Yesu asemmisa no mu na eyi ma ɔkasa ho mmara mu nsɛnnennen sɔre. Afei nso, ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ Yesu bɛka akyerɛ Petro sɛ ɔmfa a ɔdɔ a ɔwɔ no ntoto nea ebia afoforo wɔ no ho. So Yesu anteɛ asomafo no so bere a wɔde wɔn ho hyɛɛ akansi mu no?—Marko 9:33-37; 10:35-44; Luka 22:24-27.
Ɛnde so ebetumi aba sɛ nea ɛto so abiɛsa no na na Yesu rebisa. ‘So wodɔ me sen saa nneɛma yi, te sɛ mpataa no’? Eyi ne sɛnea wɔaka asemmisa no ho asɛm wɔ Hela mu no hyia, efisɛ na wɔreka akyerɛ Petro sɛ ɔmpaw nneɛma abien (Yesu ne “eyinom”) mu biako. Asemmisa a ɛte saa nso bɛyɛ nea ɛfata esiane Petro kan nneyɛe nti. Na ɔyɛ asuafo a wodi kan a wobedii Yesu akyi no mu biako. (Yohane 1:35-42) Nanso, ɛda adi sɛ Petro amfa ne bere nyinaa anni Yesu akyi. Mmom no. ɔsan koyii nam. Enti, asram bi akyi no, Yesu frɛɛ Petro sɛ onnyae saa adwuma a na sika wom no na ɔmmɛyɛ ‘nnipa yifo.’ (Mateo 4:18-20; Luka 5:1-11) Nanso, Yesu wu akyi no, Petro san kofii n’adwuma no ase bio, na ɔka kyerɛɛ asuafo no bi sɛ “Merekɔ po.”—Yohane 21:2, 3.
Enti ebetumi aba sɛ na Yesu rema Petro ate ase sɛ ɛho hia sɛ ɔpaw biribi pɔtee. Na dɛn na ɔde bedi kan wɔ n’asetra mu—sɛ ɔbɛyɛ Yesu kyidini anaa ɔbɛyɛ adwuma bi sɛnea na mpataa a esum wɔn anim no kyerɛ no? Na afa titiriw bɛn na mpataa, asawu, akorow, ne ayɔnkofa a ɛda Petro ne ne mfɛfo apofofo ntam no wɔ wɔ ne komam? So Petro begyae nneɛma a n‘ani gye ho yi hɔ na wama ɔdɔ a ɔwɔ ma Kristo ne Yesu “nguammaa” a ɔbɛhwɛ wɔn no ayɛ ade titiriw ama no?—Yohane 21:17.
Yebetumi abisa yɛn ho nsɛm a ɛte saa ara afa ‘eyinom’ a ebetumi atwetwe yɛn, te sɛ yɛn adwuma a anigye wom, nhomasua a yɛn ani gye ho, yɛn fie, anaa anigyede a yɛpɛ titiriw no ho. Yebetumi adwene ho yiye sɛ: ‘So medɔ Yesu sen saa nneɛma yi nyinaa?’ Yesu kyerɛe sɛ, sɛ yɛn mmuae yɛ yiw a, yɛbɛhwɛ “nguammaa” no de akyerɛ saa.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.