Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 136 kr. 308-kr. 309 nky. 10
  • Galilea Mpoano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Galilea Mpoano
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔ Galilea Po Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yesu Yii Ne Ho Adi Kyerɛɛ Nkurɔfo Bi a Wɔyi Nam
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔbɔɔ Mmɔden Dii Ehu ne N’adwene a na Ehinhim So
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 136 kr. 308-kr. 309 nky. 10
Petro reba Yesu nkyɛn wɔ mpoano; asomafo a aka no te korow mu reba

TI 136

Galilea Mpoano

YOHANE 21:1-25

  • YESU YII NE HO ADI WƆ GALILEA MPOANO

  • PETRO NE ASOMAFO A AKA NO BƐMA NNWAN NO ADUANE

Anadwo a Yesu rebɛwu a ɔne asomafo no hyiae no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ wɔnyane me firi awufoɔ mu a, mɛdi mo anim kan akɔ Galilea.” (Mateo 26:32; 28:7, 10) Nea ɔkae yi nti, n’asuafo no bebree kɔɔ Galilea, nanso dɛn na na wɔrekɔyɛ?

Emu hɔ baabi na Petro ka kyerɛɛ asomafo nsia sɛ: “Merekɔyi nam.” Wɔn nyinaa kaa sɛ: “Yɛne wo bɛkɔ.” (Yohane 21:3) Wɔkɔhyɛɛ mu anadwo mũ no nyinaa nso wɔannya hwee. Anim reyɛ atete no, Yesu bɛgyinaa po no ano, nanso wɔanhu nipa ko. Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mma nkumaa, monnyaa deɛ mobɛdie, meboa?” Wɔyii ano sɛ: “Dabi!” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mongu asau no wɔ kodoɔ no nifa na mobɛnya bi.” (Yohane 21:5, 6) Wɔguu asau no, wɔnyaa mpataa bebree; na wɔntumi ntwe asau no mpo.

Yohane ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ɛyɛ Awurade!” (Yohane 21:7) Ɛhɔ ara na Petro faa n’atade nguguso hyɛe; ɔreyi nam nti na ɔyi guu hɔ. Ɔtoo ne ho too nsuo no mu dwaree bɛyɛ mita 90 kɔɔ mpoano. Wɔn a wɔkaa korow no mu no yɛɛ nkakrankakra twee asau a nnam ayɛ mu ma no baa po no ano.

Wɔbɛduu mpoano no, wɔhuu “gyabidie a wɔasɔ a ɛnam gu soɔ ne paanoo.” Yesu kaa sɛ: “Momfa mpataa a moyii no seesei yi ara no bi mmra.” Petro twee asau a emu mpataa yɛ 153 no bae. Afei Yesu kaa sɛ: “Mommra mmɛdidi.” Nanso wɔn mu biara annya akokoduru ammisa no sɛ: “Woyɛ hwan?” ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ ɛyɛ Yesu. (Yohane 21:10-12) Mprɛnsa ni a Yesu ayi ne ho adi akyerɛ asuafo pii abom.

Yesu maa wɔn nyinaa paanoo ne mpataa dii. Afei ebia ɔhwɛɛ mpataa a wɔanya no, na ɔbisaa sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom anaa?” Ná ɔpɛ sɛ ɔhu sɛ Petro pɛ mpataayi adwuma no sen adwuma a Yesu de ahyɛ ne nsa no anaa. Petro buaa sɛ: “Aane, Awurade, wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me nnwammaa aduane.”​—Yohane 21:15.

Yesu san bisaa no sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” Ɛbɛyɛ sɛ asɛm no yɛɛ Petro ahometew, enti ɔkaa sɛ: “Aane, Awurade, wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu san ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn me nnwan nkumaa.”​—Yohane 21:16.

Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ: “Simon, Yohane ba, wopɛ m’asɛm anaa?” Afei deɛ ɛbɛyɛ sɛ na Petro suro sɛ ebia Yesu nnye no nni bio. Petro ka sii so sɛ: “Awurade wonim nneɛma nyinaa; wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu san kyerɛɛ Petro nea ɔnyɛ. Ɔkaa sɛ: “Ma me nnwan nkumaa aduane.” (Yohane 21:17) Asɛm yi ma yɛhu sɛ wɔn a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Onyankopɔn nnwan no, ɛsɛ sɛ wɔsom nnwan no.

Onyankopɔn adwuma a Yesu bɛyɛe nti, wɔguu no mpokyerɛ kɔkuu no. Ɔmaa Petro huu sɛ biribi saa na ɛbɛto no. Yesu kaa sɛ: “Woyɛ aberanteɛ no, na wode adeɛ bɔ wo mu nante kɔ baabi a wopɛ. Nanso sɛ wobɔ akora a, wobɛtene wo nsa na obi de adeɛ abɔ wo mu, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ.” Afei Yesu ka kaa ho sɛ: “Kɔ so di m’akyi.”​—Yohane 21:18, 19.

Petro huu ɔsomafo Yohane, na ɔbisaa Yesu sɛ: “Awurade, oyi nso bɛyɛ dɛn?” Ná Yesu pɛ Yohane asɛm paa, na na Petro pɛ sɛ ɔhu nea ɛbɛto ɔno nso. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?” (Yohane 21:21-23) Petro deɛ, nea na ɛhia sɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔbɛdi Yesu akyi; nea ɛbɛto nkurɔfo deɛ, na ɛnsɛ sɛ ɔde haw ne ho. Nanso nea Yesu kae no, na ɔrekyerɛ sɛ Yohane bɛtena ase akyɛ asen asomafo a aka no, na sɛnea Yesu ba n’Ahenni mu a ɛbɛyɛ no, na Yohane bɛnya ho anisoadehu.

Yesu yɛɛ nneɛma foforo pii a, ɛno deɛ wɔankyerɛw. Sɛ wɔkaa sɛ wɔrekyerɛw a, anka ɛrenkɔ nwoma biara mu.

  • Dɛn na ɛma yɛhu sɛ na asomafo no nhu nea wɔnyɛ wɔ Galilea?

  • Bere a Yesu gyina Galilea Po ano no, ɛyɛɛ dɛn na asomafo no huu sɛ ɛyɛ Yesu?

  • Wɔn a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Onyankopɔn nnwan no, dɛn na Yesu kyerɛɛ sɛ wɔnyɛ?

  • Asɛm bɛn na Yesu ka de kyerɛɛ ɛkwan a Petro bɛfa so awu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena